Marko Asɛmpa 6:1-56

  • Yesu kuromfo poo no (1-6)

  • Ɔde asɛnka ho akwankyerɛ maa Dumien no (7-13)

  • Osuboni Yohane wui (14-29)

  • Yesu maa nnipa 5,000 aduan (30-44)

  • Yesu nantew nsu so (45-52)

  • Ɔsaa yare wɔ Genesaret (53-56)

6  Na ofii hɔ baa ne kurom,+ na n’asuafo no dii n’akyi.  Bere a eduu Homeda no, ofii ase kyerɛkyerɛe wɔ hyiadan mu. Wɔn a na wɔretie no no mu dodow no ara ho dwiriw wɔn, na wɔkae sɛ: “Ɛhe na onipa yi suaa nneɛma yi fii?+ Adɛn nti na wɔama no nyansa a ɛte sɛɛ, na wɔnam ne nsa so reyɛ anwonwade saa?+  Ɛnyɛ oyi ne kapenta no?+ Ɛnyɛ ɔno ne Maria ba+ a ne nuanom ne Yakobo+ ne Yosef ne Yuda ne Simon no?+ Na ɛnyɛ ne nua mmea na yɛne wɔn wɔ ha yi?” Enti ɔbɛyɛɛ hintidua maa wɔn.  Nanso Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wodi odiyifo ni baabiara, gye ne kurom ne n’abusuafo mu ne ɔno ara ne fi.”+  Enti wantumi anyɛ anwonwade biara wɔ hɔ. Nea ɔyɛe ara ne sɛ ɔde ne nsa guu ayarefo kakraa bi so saa wɔn yare.  Nokwarem no, ɛyɛɛ no nwonwa sɛ wonni gyidi. Na okyin nkuraa a ɛwowɔ hɔ no ase hyiae, na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn.+  Afei ɔfrɛɛ Dumien no, na ofii ase somaa wɔn baanu baanu,+ na ɔmaa wɔn ahonhom fĩ so tumi.+  Afei nso, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmmfa hwee nntu kwan no, gye poma nko ara; wɔmmfa paanoo, wɔmmfa aduan kotoku, na wɔmmfa sika* nnhyɛ wɔn abɔso mu;+  na mmom wɔnhyɛ mpaboa, nanso wɔnnhyɛ ntaade abien.* 10  Bio nso, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Baabiara a mobɛkɔ no, sɛ mokɔ ofi bi mu a, montena hɔ nkosi sɛ mubefi hɔ akɔ.+ 11  Na baabiara a ɛhɔfo annye mo anaa wɔantie mo no, sɛ morefi hɔ akɔ a, momporoporow mo nan ase mfuturu mfa nyɛ adanse mma wɔn.”+ 12  Enti wosiim kɔe, na wɔkɔka kyerɛɛ nkurɔfo sɛ wɔnsakra wɔn adwene.+ 13  Na wotuu ahonhommɔne bebree,+ na wɔde ngo sraa ayarefo pii, na wɔsaa wɔn yare. 14  Na Ɔhene Herode tee, efisɛ Yesu din trɛwee, na na nkurɔfo rekeka sɛ: “Wɔanyan Osuboni Yohane afi awufo mu, na ɛno nti na otumi yɛ anwonwade ahorow no.”+ 15  Ná afoforo nso rekeka sɛ: “Ɛyɛ Elia.” Ɛnna ebinom nso rekeka sɛ: “Ɔyɛ odiyifo te sɛ tete adiyifo no mu baako.”+ 16  Bere a Herode tee no, ɔkae sɛ: “Yohane a mitwaa ne ti no, ɔno na wɔanyan no yi.” 17  Ná Herode aware ne nua Filipo yere Herodia. Ɔbea no nti, na Herode asoma ama wɔakɔkyere Yohane de nkɔnsɔnkɔnsɔn agu no de no ato afiase.+ 18  Efisɛ na Yohane ka kyerɛ Herode daa sɛ: “Mmara mma kwan sɛ wobɛware wo nua yere.”+ 19  Ɛno nti, Herodia nyaa ne ho menasepɔw, na na ɔpɛ sɛ okum no, nanso wantumi. 20  Ná Herode suro Yohane, efisɛ na onim sɛ ɔyɛ ɔtreneeni, na ɔyɛ onipa kronkron,+ na na ɔrebɔ Yohane ho ban. Bere biara a obetie Yohane nsɛm no, ɛyɛ a onhu nea ɔnyɛ koraa;* nso ɔkɔɔ so de anigye tiee no. 21  Da bi, ɔkwan bi bue maa Herodia. Saa bere no, na Herode redi n’awoda,+ enti ɔtow pon anwummere maa n’atitiriw ne n’asahene ne Galilea mpanyimfo.+ 22  Na Herodia babea bɛsawee, na ɛyɛɛ Herode ne wɔn a wɔne no redidi no fɛ. Na ɔhene no ka kyerɛɛ abeawa no sɛ: “Bisa me nea wopɛ biara, na mede bɛma wo.” 23  Yiw, ɔkaa ntam kyerɛɛ no sɛ: “Biribiara a wubebisa me no, mede bɛma wo. Sɛ ɛyɛ m’ahenni fã mpo a, mede bɛma wo.” 24  Enti ɔkɔe kobisaa ne maame sɛ: “Dɛn na mimmisa?” Ɔkae sɛ: “Osuboni Yohane ti.” 25  Ɛhɔ ara na ɔde mmirika kɔɔ ɔhene no nkyɛn, na ɔde n’adesrɛ too n’anim sɛ: “Mepɛ sɛ wode Yohane Suboni ti to apampaa so ma me seesei ara.”+ 26  Asɛm no haw ɔhene no paa, nanso esiane ntam a waka ne n’ahɔho* no nti, wampɛ sɛ obu n’ani gu abeawa no adesrɛ no so. 27  Enti ɛhɔ ara na ɔhene no somaa ɔwɛmfo,* na ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmfa Yohane ti mmra. Na ɔkɔe kotwaa ne ti wɔ afiase hɔ, 28  na ɔde ne ti no too apampaa so bae. Na ɔde maa abeawa no, na abeawa no nso de kɔmaa ne maame. 29  Bere a Yohane asuafo no tee no, wɔba bɛfaa ne funu no kosiei wɔ ɔda mu. 30  Na asomafo no boaboaa wɔn ho ano baa Yesu nkyɛn, na wɔkaa nea wɔyɛe ne nea wɔkyerɛkyerɛe nyinaa kyerɛɛ no.+ 31  Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommra, mommɛsen nkɔhyɛ baabi a atew ne ho, na monhome kakra.”+ Efisɛ na nnipa pii redi hɔ akɔneaba, enti wɔannya bere mpo annidi. 32  Enti wɔfaa ɔkorow, na wɔde wɔn ani kyerɛɛ baabi a atew ne ho sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi akɔhyɛ hɔ komm.+ 33  Nanso nkurɔfo hui sɛ wɔrekɔ, na nnipa bebree nso tee, na wɔde mmirika fii nkurow no nyinaa mu faa fam koduu hɔ gyaa wɔn. 34  Na bere a osii fam no, ohuu nnipadɔm kɛse bi, na wɔyɛɛ no mmɔbɔ,+ efisɛ na wɔte sɛ nguan a wonni hwɛfo.+ Na ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma pii.+ 35  Saa bere yi, na ade resa, na n’asuafo no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛha atew ne ho, na ade nso resa.+ 36  Gya wɔn kwan ma wɔnkɔ, sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi akɔ nkuraa ne mfuw a atwa ahyia yi mu akɔtɔ biribi adi.”+ 37  Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo ara momma wɔn biribi nni.” Ɛnna wobisaa no sɛ: “Yɛnkɔtɔ paanoo denare* 200 mfa mmrɛ nnipa no nni anaa?”+ 38  Obisaa wɔn sɛ: “Paanoo ahe na mowɔ? Monkɔ nkɔhwɛ!” Na bere a wɔkɔhwɛe no, wɔkae sɛ: “Anum ne mpataa abien.”+ 39  Na ɔka kyerɛɛ nkurɔfo no nyinaa sɛ wɔntenatena sare mono no so akuwakuw.+ 40  Na wɔtenatenaa ase akuwakuw; ná ebi yɛ 100, ɛnna ebi yɛ 50. 41  Ɛnna ɔfaa paanoo anum ne mpataa abien no, na ɔhwɛɛ soro hyiraa so.+ Afei obubuu paanoo no mu, na ofii ase de maa asuafo no sɛ wɔmfa mma nkurɔfo no; na obubuu mpataa abien no mu maa wɔn nyinaa. 42  Enti wɔn nyinaa didi mee. 43  Na bere a wɔsesaw nea ɛkaa ase no, ɛyɛɛ nkɛntɛn 12 mama; ná mpataa no nka ho.+ 44  Wɔn a wodii paanoo no dodow yɛ mmarima 5,000. 45  Ntɛm ara, ɔmaa n’asuafo no tenaa ɔkorow no mu sɛ wonni kan ntwa nkɔ Betsaida mpoano wɔ asuogya, na ɔno de, ogyaa nnipadɔm no kwan ma wɔkɔe.+ 46  Bere a ɔne wɔn dii nkra wiei no, ɔkɔɔ bepɔw bi so kɔbɔɔ mpae.+ 47  Na eduu anwummere no, na ɔkorow no wɔ ɛpo no mfinimfini, na na aka ɔno nko ara wɔ asaase so.+ 48  Na ohui sɛ mframa a ɛrebɔ hyia n’asuafo no nti, ayɛ den ama wɔn sɛ wɔbɛhare ɔkorow no. Enti ɔnantew po no so baa wɔn nkyɛn bɛyɛ ahemanakye* mu hɔ; na ɔyɛɛ sɛ nea ɔresian wɔn ho no. 49  Bere a wohuu no sɛ ɔnam po no so no, adwene a ɛbaa wɔn tirim ne sɛ: “Ɛyɛ dae anaa?” Na wɔteɛteɛɛm. 50  Na wɔn nyinaa huu no no, wɔn koma tui. Na ntɛm ara na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma mo bo ntɔ mo yam! Ɛyɛ me; munnsuro.”+ 51  Na ɔforo kɔɔ wɔn nkyɛn wɔ ɔkorow no mu, na mframa no gyaee, na ɛmaa wɔn ho dwiriw wɔn pii, 52  efisɛ na wɔntee paanoo ho asɛm no ase, na na wɔn koma nnyaa ntease. 53  Bere a wobeduu asaase so no, wɔbaa Genesaret, na wɔtoo ɔkorow no sɛkyɛ* wɔ hɔ baabi.+ 54  Na bere a wosi fii ɔkorow no mu ara pɛ na nkurɔfo huu no. 55  Na wɔde mmirika kyinkyin nkurow no nyinaa mu, na wofii ase de wɔn a wɔyare guu kɛtɛ so de wɔn kɔɔ baabiara a wɔbɛte sɛ ɔwɔ. 56  Na nkurow anaa nkuraa biara a ɔbɛkɔ ase no, nkurɔfo de wɔn a wɔyare no begu gua so, na wɔsrɛ no sɛ ɔmma wɔmfa wɔn nsa nka n’ataade nguguso ano kɛkɛ.+ Na wɔn a wɔde wɔn nsa kae no nyinaa ho tɔɔ wɔn.

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “kɔbere.”
Anaa “wɔmmfa ntaade abien.”
Anaa “ne ho yeraw no pii.”
Anaa “wɔn a wɔtete adidipon ho.”
Anaa “ɔbrafo.”
Kyerɛ sɛ, ahemanakye nnɔn 3 kosi bɛyɛ anɔpa nnɔn 6.
Ɛtaa yɛ dade bi a emu yɛ duru a ɛwɔ po so hyɛn mu a nkɔnsɔnkɔnsɔn sa so; wogyaa mu to nsu mu ma hyɛn no gyina faako.