Luka Asɛmpa 12:1-59

  • Farisifo mmɔkaw (1-3)

  • Suro Onyankopɔn, na ɛnyɛ nnipa (4-7)

  • Obiara a ɔbɔ Kristo din wɔ nnipa anim no (8-12)

  • Osikani kwasea ho mfatoho no (13-21)

  • Munnyae sɛ mudwinnwen (22-34)

    • Nguankuw ketewa (32)

  • Monwɛn (35-40)

  • Ofiehwɛfo nokwafo ne ofiehwɛfo a onni nokware (41-48)

  • Ɛnyɛ asomdwoe na mede bae, na mmom mpaapaemu (49-53)

  • Ehia sɛ yɛhwɛ bere a yɛwom yi hu nea ɛreba (54-56)

  • Sɛnea yebesiesie yɛne obi ntam asɛm (57-59)

12  Saa bere no ara, na nnipa mpempem pii, ɛdɔm kɛse bi, aboaboa wɔn ho ano, na na wonnya baabi mpo ntu wɔn nan nsi. Bere a ɔrefi ase akasa no, odii kan ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Monhwɛ yiye wɔ Farisifo mmɔkaw,* kyerɛ sɛ, wɔn nyaatwom no ho.+  Na biribiara nni hɔ a wɔde asie fee a ɛrenna adi, na ahintasɛm biara nni hɔ a ɛrempue.+  Enti biribiara a moka wɔ sum mu no, wɔbɛte wɔ hann mu, na nea moka gu nkurɔfo asom wɔ pia mu no, wɔbɛpae mu aka no adan atifi.  Bio nso, me nnamfonom,+ mereka akyerɛ mo sɛ, munnsuro wɔn a wokum nipadua, a ɛno akyi no wontumi nyɛ hwee bio no.+  Na mmom mɛkyerɛ mo nea munsuro no: Munsuro Nea okum wie a, ɔwɔ tumi sɛ ɔbɛtow ato Gehenna.*+ Yiw, mereka akyerɛ mo sɛ, Oyi na munsuro no.+  Wɔtɔn nkasanoma anum gye nkaprɛ abien,* ɛnte saa? Nanso wɔn mu baako mpo nni hɔ a Onyankopɔn werɛ fi no.*+  Na mo ti nwi mpo, wakan ne nyinaa.+ Munnsuro; mo ho hia sen nkasanoma bebree.+  “Mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔbɔ me din wɔ nnipa anim no,+ onipa Ba no nso bɛbɔ ne din wɔ Onyankopɔn abɔfo anim.+  Na obiara a ɔpo me wɔ nnipa anim no, mɛpo no wɔ Onyankopɔn abɔfo anim.+ 10  Obiara a ɔbɛka asɛm bi atia onipa Ba no, wɔde bɛkyɛ no, na nea ɔbɛka abususɛm atia honhom kronkron no de, wɔremfa nkyɛ no.+ 11  Na sɛ wɔde mo kɔ baguafo* ne aban mpanyimfo ne atumfo anim a, munnnwinnwen sɛnea mubeyi mo ano anaa nea mobɛka ho,+ 12  na saa bere no ara, honhom kronkron bɛkyerɛ mo nea ɛsɛ sɛ moka.”+ 13  Ɛnna obi fi nnipadɔm no mu ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, ka kyerɛ me nua na ɔne me nkyɛ agyapade* no.” 14  Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Damfo, hena na oyii me sɛ menyɛ mo temmufo anaa obi a obesiesie mo ntam?” 15  Afei ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma mo ani nna hɔ na monhwɛ yiye wɔ adifudepɛ* biara ho,+ efisɛ sɛ onipa nya agyapade ma ebu so mpo a, ɛnyɛ nneɛma a ɔwɔ no na ɛbɛma wanya nkwa.”+ 16  Ɛno nti, ɔkaa mfatoho bi kyerɛɛ wɔn sɛ: “Osikani bi asaase sow aba pii. 17  Enti osusuw wɔ ne koma mu sɛ, ‘Dɛn na menyɛ? Seesei minni baabiara a mɛboaboa me nnɔbae ano agu.’ 18  Na ɔkae sɛ, ‘Nea mɛyɛ ni:+ Medwiriw m’adekoradan na masisi akɛse, na ɛhɔ na mɛboaboa me hwiit* ne me nneɛma pa nyinaa ano agu, 19  na mɛka akyerɛ me ho* sɛ: “Wowɔ* nneɛma pa pii a ɛbɛso wo mfe pii; dwudwo wo ho, didi, nom, gye w’ani.”’ 20  Nanso Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Ɔkwasea, anadwo yi wɔregye wo nkwa* afi wo nsam. Afei, hena na nneɛma a wode asie no bɛyɛ ne dea?’+ 21  Saa ara na onipa a ɔhyehyɛ agyapade ma ne ho, na ɔnyɛ ɔdefo wɔ Onyankopɔn fam no te.”+ 22  Afei ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Eyi nti, mereka akyerɛ mo sɛ, munnyae sɛ mudwinnwen mo nkwa* ho sɛ dɛn na mubedi anaa mo nipadua ho sɛ dɛn na mobɛhyɛ.+ 23  Efisɛ nkwa* som bo sen aduan, na nipadua sen ataade. 24  Monhwɛ nkwaakwaadabi: Wongu aba, na wontwa nnɔbae; wonni adekoradan anaa baabi a wɔde aduan gu, nanso Onyankopɔn ma wɔn aduan.+ Mo ho nhia pii nsen nnomaa anaa?+ 25  Mo mu hena na sɛ odwinnwen a obetumi de basafa* baako aka ne nkwa nna ho? 26  Enti sɛ muntumi nyɛ ade ketewa sɛɛ a, ɛnde adɛn nti na mudwinnwen nneɛma a aka no ho?+ 27  Monhwɛ sɛnea nhwiren* nyin: Ɛnyɛ adwuma, na ɛnnwene ntama; nanso mereka akyerɛ mo sɛ, Solomon mpo, n’anuonyam nyinaa akyi no, wansiesie ne ho sɛ nhwiren yi mu baako.+ 28  Sɛ Onyankopɔn hyɛ wuram afifide a ɛwɔ hɔ nnɛ na ɔkyena wɔde agu ogya mu no ataade a, hwɛ sɛnea ɔbɛhyɛ mo ataade aboro so, mo a mo gyidi sua! 29  Enti munnyae sɛ mohwehwɛ* nea mubedi ne nea mobɛnom, na munnyae sɛ mudwinnwen ma mo ani yɛ mo totɔtotɔ;+ 30  efisɛ eyinom nyinaa ne nneɛma a aman a ɛwɔ wiase no di akyi denneennen, na mo Agya nim sɛ muhia saa nneɛma yi.+ 31  Mmom, monkɔ so nhwehwɛ n’Ahenni, na wɔde saa nneɛma yi bɛka ho ama mo.+ 32  “Nguankuw ketewa,+ munnsuro, efisɛ mo Agya no apene so sɛ ɔde Ahenni no bɛma mo.+ 33  Montɔn nneɛma a mowɔ na monyɛ adɔe.*+ Monyɛ sika nkotoku a ɛnsɛe, kyerɛ sɛ, agyapade a ɛnsa da wɔ soro,+ baabi a ɔkorɔmfo biara rentumi mmɛn hɔ na nwewemmoa biara nsɛe no. 34  Efisɛ baabi a mo agyapade wɔ no, ɛhɔ na mo koma nso wɔ. 35  “Momfa mo adwuma ataade nhyɛ,* na monyɛ krado,+ na momma mo kanea nnɛw,+ 36  na monyɛ sɛ mmarima a wɔretwɛn wɔn wura+ a ɔrekɔware,+ na sɛ obedu na ɔbom a, wɔabue no ntɛm ara. 37  Anigye ne nkoa a wɔn wura no bɛba abehu sɛ wɔrewɛn! Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, owura no bɛhyɛ adwuma ataade,* na wama ne nkoa no atenatena adidipon ho, na waba abɛsom wɔn. 38  Sɛ owura no ba bedu anadwo,* anaasɛ ɔdasum* mpo, na ɔba behu sɛ wɔayɛ krado a, wɔn ani begye! 39  Na munhu eyi: Sɛ ofiwura nim bere pɔtee a ɔkorɔmfo bɛba a, anka ɔbɛwɛn na ɔkorɔmfo no ammebu ne fi amma mu.+ 40  Mo nso, monyɛ krado, efisɛ bere a mo ani nna no, saa bere no na onipa Ba no bɛba.”+ 41  Ɛnna Petro bisaa no sɛ: “Awurade, wode mfatoho yi rema yɛn nko ara, anaa obiara nso ka ho?” 42  Na Awurade kae sɛ: “Hena koraa ne ofiehwɛfo nokwafo no, ɔbadwemma* a ne wura de no besi n’asomfo* so sɛ ɔnkɔ so mma wɔn aduan a wohia wɔ bere a ɛsɛ mu no?+ 43  Anigye ne akoa a ne wura bɛba abehu no sɛ ɔreyɛ saa! 44  Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, ɔde no besi nea ɔwɔ nyinaa so. 45  Nanso sɛ saa akoa no ka wɔ ne koma mu sɛ, ‘Me wura akyɛ,’ na ofi ase hwe nkoa* no, na odidi, na ɔnom nsã na ɔbow a,+ 46  saa akoa no wura bɛba ɛda a ɔnhwɛ no kwan ne bere a onnim, na ɔbɛtwe n’aso denneennen, na ɔde no aka wɔn a wonni nokware no ho. 47  Enti akoa a onim nea ne wura pɛ, nanso wanyɛ krado anaa wanyɛ no sɛnea ne wura pɛ no, wobetwa no mmaa pii.+ 48  Na nea onnim a ɔyɛɛ nneɛma a ɛsɛ sɛ wɔhwe no no, wɔbɛhwe no kakraa bi. Nokwasɛm ne sɛ, obiara a wɔama no pii no, wobebisa pii afi ne hɔ, na nea wɔde pii ahyɛ ne nsa no, wɔbɛhwehwɛ nea ɛboro so afi ne nkyɛn.+ 49  “Meba bɛsɔɔ ogya wɔ asaase so, na sɛ asɔ dedaw a, dɛn bio na merepɛ? 50  Nea ɛwom ne sɛ, asubɔ bi da hɔ retwɛn me, na me ho yeraw me paa kosi sɛ wɔbɛbɔ me saa asu no awie!+ 51  Ɛyɛ mo sɛ asomdwoe na mede baa asaase so anaa? Daabi. Mereka nokware akyerɛ mo, mpaapaemu mmom na mede bae.+ 52  Na efi saa bere yi rekɔ no, mpaapaemu bɛba nnipa baanum ntam wɔ ofi baako mu; baasa bɛsɔre atia baanu, na baanu asɔre atia baasa. 53  Wɔn mu bɛpaapae: Papa bɛsɔre atia ne babarima, na ɔbabarima asɔre atia ne papa, maame bɛsɔre atia ne babea, na ɔbabea asɔre atia ne maame, asebea bɛsɔre atia n’ase, na asew asɔre atia n’asebea.”+ 54  Afei ɔka kyerɛɛ nnipadɔm no nso sɛ: “Sɛ muhu sɛ omununkum apue wɔ atɔe fam a, moka ntɛm ara sɛ, ‘Osu kɛse bi rebɛtɔ,’ na ɛba saa nso. 55  Na sɛ muhu sɛ anaafo fam mframa rebɔ a, moka sɛ, ‘Ahohuru bɛba,’ na ɛba mu saa. 56  Nyaatwomfo, mutumi hwɛ wim ne asaase so hu nea ebesi. Ɛnde adɛn nti na muntumi nhwɛ bere a yɛwom yi nhu nea ɛreba?+ 57  Adɛn nti na muntumi nhu nea ɛfata sɛ moyɛ? 58  Fa no sɛ wo ne obi wɔ asɛm, ɛnna morekɔ otumfo bi anim akodi asɛm no. Bere a monam kwan so rekɔ no, yere wo ho na siesie wo ne no ntam, na wantwe wo ankɔ ɔtemmufo anim, na ɔtemmufo no amfa wo anhyɛ asɛnnibea krakye no nsa, na asɛnnibea krakye no nso amfa wo ankɔto afiase.+ 59  Meka kyerɛ wo sɛ, woremfi hɔ kosi sɛ wubetua ɛka a wode no nyinaa; ɛrenka wo kaprɛ ba* mpo.”

Ase Hɔ Nsɛm

Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma ɛkaw.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “assarion.” Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “Onyankopɔn bu n’ani gu no so.”
Ebetumi nso akyerɛ, “hyiadan mu.”
Anaa “awunnyade.”
Anaa “anibere.”
Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Anaa “me kra.”
Anaa “Ɔkra, wowɔ.”
Anaa “kra.”
Anaa “kra.”
Anaa “ɔkra.”
Anaa “wuram sukooko.”
Anaa “munnyae sɛ mobɛhwehwɛ.”
Anaa “monkyɛ ahiafo ade.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “Momfa ade mmɔ mo asen.”
Anaa “owura no de ade bɛbɔ ne mu.”
Efi bɛyɛ anadwo nnɔn 9 kosi anadwo 12.
Efi anadwo 12 kosi ahemanakye nnɔn 3.
Anaa “onyansafo.”
Anaa “n’asomfo kuw.”
Kyerɛ sɛ, mmea ne mmarima a wɔsom wɔ hɔ.
Nt., “lepton a etwa to.” Hwɛ Nkh. B14.