Nea Edi Kan a Ɔde Kɔmaa Korintofo 11:1-34

  • “Munsuasua me” (1)

  • Obiara wɔ ne ti; eti nkataso (2-16)

  • Awurade Anwummere Aduan no (17-34)

11  Munsuasua me sɛnea me nso misuasua Kristo no.+  Mekamfo mo, efisɛ mokae me ade nyinaa mu, na nea mo nsa kae no, mukura mu pɛpɛɛpɛ sɛnea mede gyaw mo no ara.  Nanso mepɛ sɛ muhu sɛ ɔbarima biara ti ne Kristo;+ ɔbea nso ti ne ɔbarima;+ Kristo nso ti ne Onyankopɔn.+  Ɔbarima biara a ɔbɔ mpae anaa ɔhyɛ nkɔm a biribi kata ne ti no, ɔhyɛ ne ti aniwu;  na ɔbea biara a ɔbɔ mpae anaa ɔhyɛ nkɔm+ na ɔnkata ne ti no, ɔhyɛ ne ti aniwu, na ɔte sɛ ɔbea a wayi ne ti nwi nyinaa.*  Sɛ ɔbea ankata ne ti a, ɛnde ɛsɛ sɛ otwitwa ne ti nwi nyinaa gu. Na sɛ ɛyɛ aniwu sɛ ɔbea betwitwa ne ti nwi agu anaa obeyi ne ti nwi nyinaa a, ɛnde ɛsɛ sɛ ɔkata ne ti.  Na ɛnsɛ sɛ ɔbarima kata ne ti, efisɛ ɔyɛ Onyankopɔn suban+ ne n’anuonyam, na ɔbea de, ɔyɛ ɔbarima anuonyam.  Na ɔbarima mfi ɔbea mu; ɔbea mmom na ofi ɔbarima mu.+  Bio nso, ɛnyɛ ɔbea nti na wɔbɔɔ ɔbarima, na mmom ɔbarima nti na wɔbɔɔ ɔbea.+ 10  Ɛno nti na ɛsɛ sɛ ɔbea nya biribi wɔ ne ti so de kyerɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase hyɛ tumi ase, abɔfo no nti.+ 11  Nea ɛka ho bio no, Awurade mu no, ɔbea nni hɔ a, ɔbarima nni hɔ, na ɔbarima nso nni hɔ a, ɔbea nni hɔ. 12  Na sɛnea ɔbea fi ɔbarima mu+ no, saa ara na ɔbarima nso nam ɔbea so bae; nanso nneɛma nyinaa fi Onyankopɔn.+ 13  Mo ara mummu atɛn: Ɛfata sɛ ɔbea bɔ Onyankopɔn mpae bere a ɔnkataa ne ti anaa? 14  Mohwɛ sɛnea wɔbɔɔ nnipa a, mo ara munhu sɛ, sɛ ɔbarima gyaw ne ti nwi kusuu a, ɛnyɛ nidi mma no? 15  Na munnim sɛ ɔbea de, sɛ ne ti nwi dɔɔso a, ɛhyɛ no anuonyam anaa? Efisɛ wɔde ne ti nwi ama no sɛ nkataso. 16  Nanso sɛ obi pɛ sɛ ɔpo amanne yi* na ogye foforo tom a, yɛn de, yenni foforo biara; Onyankopɔn asafo horow no nso saa ara. 17  Nanso, bere a merema mo akwankyerɛ yi, merenkamfo mo, efisɛ sɛ muhyiam a, ɛnyɛ adepa na moyɛ, na mmom adebɔne. 18  Nea edi kan no, mate sɛ muhyiam sɛ asafo a, mpaapaemu wɔ mo mu; na ɔkwan bi so no, migye di. 19  Na nea ɛte biara, matew-me-ho kuw ahorow nso bɛwɔ mo mu,+ na ama wɔahu mo a mofata no. 20  Sɛ muhyiam faako a, ɛnyɛ Awurade Anwummere Aduan+ a morebedi ntia. 21  Efisɛ bere so sɛ morebedi a, obiara di kan di n’ankasa anwummere aduan ansa. Enti bere a ɔkɔm de obi no, na ɔfoforo nso abow. 22  Munni afi a mudidi na monom wom anaa? Anaasɛ mubu Onyankopɔn asafo animtiaa, na mopɛ sɛ mohyɛ wɔn a wonni hwee no aniwu? Dɛn na menka nkyerɛ mo? Menkamfo mo anaa? Eyi mu de, merenkamfo mo. 23  Nea minya fii Awurade hɔ no ara na me nso mede maa mo. Ɛne sɛ, anadwo+ a wɔrebeyi Awurade Yesu ama no, ɔfaa paanoo, 24  na bere a ɔdaa ase wiei no, obubuu mu, na ɔkae sɛ: “Eyi gyina hɔ ma me nipadua+ a wɔde bɛma mo. Monkɔ so nyɛ eyi mfa nkae me.”+ 25  Saa ara na ɔyɛɛ kuruwa no+ nso bere a owiee anwummere aduan no, na ɔkae sɛ: “Kuruwa yi gyina hɔ ma apam foforo+ a ɛnam me mogya+ so no. Bere biara a mobɛnom kuruwa yi ano no, monkɔ so nyɛ eyi mfa nkae me.”+ 26  Na bere biara a mubedi paanoo yi na moanom kuruwa yi ano no, na morepae mu aka Awurade wu no akosi sɛ ɔbɛba. 27  Ɛno nti, obiara a odi paanoo no anaa ɔnom Awurade kuruwa no ano wɔ kwan a ɛmfata so no, obedi Awurade nipadua ne ne mogya ho fɔ. 28  Ma onipa nni kan nhwehwɛ ne mu nhwɛ sɛ ɔfata+ ansa na wadi paanoo no na wanom kuruwa no ano. 29  Na nea odi na ɔnom a onnim nea nipadua no kyerɛ no, odi nom de atemmu ba ɔno ara ne so. 30  Ɛno nti na mo mu bebree ayɛ mmerɛw na wɔyareyare, na pii nso awuwu*+ no. 31  Na sɛ yɛhwehwɛ yɛn mu hu nipa ko a yɛyɛ a, ɛnde wɔremmu yɛn atɛn. 32  Nanso sɛ wobu yɛn atɛn a, Yehowa* de teɛ yɛn so,+ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔremmu yɛn fɔ nka wiase no ho.+ 33  Ne saa nti me nuanom, sɛ muhyiam sɛ morebedi a, montwɛn mma obiara mmra. 34  Sɛ ɔkɔm de obi a, ma onnidi wɔ fie, na moammehyiam ammenya atemmu.+ Na nsɛm a aka no de, sɛ meba hɔ a, mɛtoto no yiye.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “ɔbea a wabɔ tikwaw.”
Anaa “Nanso obi pɛ sɛ ogye eyi ho akyinnye.”
Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ honhom fam owu.