Yohane Kyerɛwtohɔ 6:1-71

  • Yesu maa nnipa 5,000 aduan (1-15)

  • Yesu nantew nsu so (16-21)

  • Yesu ne “nkwa paanoo no” (22-59)

  • Yesu nsɛm too nnipa pii hintidua (60-71)

6  Eyinom akyi no, Yesu siim kɔɔ Galilea Po* anaa Tiberia Po no agya.+  Na nnipadɔm kɛse bi kɔɔ so dii n’akyi,+ efisɛ wohuu anwonwade a ɔyɛe de saa ayarefo yare no.+  Enti Yesu foro kɔɔ bepɔw bi so, na ɔne n’asuafo no kɔtenaa hɔ.  Saa bere no, na Yudafo afahyɛ a wɔfrɛ no Twam+ no abɛn.  Bere a Yesu maa n’ani so hui sɛ nnipadɔm kɛse bi reba ne nkyɛn no, obisaa Filipo sɛ: “Ɛhe na yɛbɛtɔ paanoo ama nnipa yi adi?”+  Nanso ɔkaa eyi de sɔɔ no hwɛe, efisɛ na onim nea ɔrebɛyɛ.  Filipo buaa no sɛ: “Paanoo denare* 200 renso wɔn sɛ wɔn mu biara benya ketewaa bi mpo.”  N’asuafo no baako, Simon Petro nua Andrea ka kyerɛɛ no sɛ:  “Abarimaa bi wɔ ha a ɔwɔ baali* paanoo anum ne mpataa nketewa abien. Nanso nnipa bebrebe yi, eyi bɛyɛ wɔn dɛn?”+ 10  Yesu kae sɛ: “Momma nkurɔfo no ntenatena ase.” Ná sare pii wɔ hɔ, enti nnipa no tenatenaa ase. Ná wɔn dodow bɛyɛ 5,000.+ 11  Ɛnna Yesu faa paanoo no, na bere a ɔdaa ase no, ɔkyekyɛ maa wɔn a wɔtete hɔ no. Saa ara nso na ɔyɛɛ mpataa nketewa no, na dodow a wɔpɛ biara, wonyae. 12  Afei bere a wodidi mee no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Mommoaboa nea aka ase no ano, na biribiara ansɛe kwa.” 13  Enti wɔboaboaa ano. Na baali paanoo anum a nkurɔfo no dii no, nea ɛkaa ase no yɛɛ nkɛntɛn 12 mama. 14  Bere a nnipa no huu sɛnkyerɛnne a ɔyɛe no, wofii ase kae sɛ: “Ampa, oyi ne Odiyifo a ɔreba wiase no.”+ 15  Ɛnna Yesu hui sɛ wɔpɛ sɛ wɔkyere no yɛ no ɔhene. Enti ɔtwee ne ho,+ na ɔno nko ara+ kɔhyɛɛ bepɔw no so bio. 16  Eduu anwummere no, n’asuafo no kɔɔ* ɛpo no ano,+ 17  na wɔforo tenaa ɔkorow bi mu sɛ wɔretwa po no akɔ Kapernaum. Saa bere no, na esum aba, nanso na Yesu mmaa wɔn nkyɛn.+ 18  Afei nso, na mframa rebɔ denneennen, enti na ɛpo no rebu fa so.+ 19  Afei bere a wɔharee ɔkorow no bɛyɛ akwansin abiɛsa anaa anan* no, wohui sɛ Yesu nam po no so a ɔrebɛn ɔkorow no, na ehu kaa wɔn. 20  Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛyɛ me; munnsuro!”+ 21  Afei wɔde anigye ma ɔbɛtenaa ɔkorow no mu, na ankyɛ koraa na ɔkorow no duu asaase a wɔrekɔ so no so.+ 22  Ade kyee no, nnipadɔm a wɔkaa ɛpo no agya no hui sɛ ɔkorow biara nni hɔ. Na anka ɔkorow ketewa bi na ɛwɔ hɔ, nanso Yesu anka n’asuafo no ho antena saa ɔkorow no mu, efisɛ na n’asuafo no nko ara kɔ. 23  Na akorow fi Tiberia baa baabi a Awurade daa ase ma wodii paanoo no nkyɛn hɔ baabi. 24  Enti bere a nnipadɔm no hui sɛ Yesu ne n’asuafo no mu biara nni hɔ no, wɔkɔtenatenaa wɔn akorow mu, na wɔbaa Kapernaum bɛhwehwɛɛ Yesu. 25  Na bere a wohuu no wɔ ɛpo no agya no, wobisaa no sɛ: “Rabi,+ bere bɛn na wobaa ha?” 26  Yesu buaa wɔn sɛ: “Nokware, nokware, mereka akyerɛ mo sɛ, ɛnyɛ nsɛnkyerɛnne a muhui nti na morehwehwɛ me, na mmom paanoo a mudi mee+ no ntia. 27  Monnyɛ aduan a ɛsɛe ho adwuma. Mmom aduan a ɛnsɛe a ɛma daa nkwa+ a onipa Ba no de bɛma mo no, ɛno na monyɛ ho adwuma. Efisɛ ɔno na Agya no, Onyankopɔn ankasa, de n’ahyɛnsode atim ne so de akyerɛ sɛ wagye no atom.”+ 28  Enti wobisaa no sɛ: “Dɛn na yɛnyɛ na yɛayɛ Onyankopɔn nnwuma?” 29  Yesu buaa wɔn sɛ: “Onyankopɔn adwuma ne sɛ mubegye nea ɔsomaa no no adi.”+ 30  Ɛnna wobisaa no sɛ: “Sɛnkyerɛnne bɛn na wobɛyɛ+ na ama yɛahu na yɛagye wo adi? Ɛdɛn na wobɛyɛ? 31  Yɛn agyanom dii mana wɔ sare so+ sɛnea wɔakyerɛw sɛ: ‘Ɔmaa wɔn paanoo a efi soro ma wodii.’”+ 32  Enti Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nokware, nokware, mereka akyerɛ mo sɛ, Mose amma mo paanoo a efi soro; m’Agya mmom na ɔma mo nokware paanoo a efi soro no. 33  Na Onyankopɔn paanoo ne nea osian fi soro a ɔma wiase nkwa no.” 34  Enti wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, ma yɛn saa paanoo yi bi daa.” 35  Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mene nkwa paanoo no. Obiara a ɔba me nkyɛn no, ɔkɔm renne no da, na obiara a ogye me di no, osukɔm renne no da.+ 36  Na sɛnea maka akyerɛ mo no, moahu me, nanso munnye nni.+ 37  Wɔn a Agya no de wɔn ama me nyinaa bɛba me nkyɛn, na nea ɔba me nkyɛn no, merempam no da;+ 38  efisɛ misian fii soro bae+ sɛ merebɛyɛ nea ɔsomaa me no apɛde, na ɛnyɛ me ara m’apɛde.+ 39  Nea ɔsomaa me no apɛde ne sɛ, mɛhwɛ na wɔn a ɔde wɔn ama me no, obiara anyera, na ɛda a edi akyiri no, manyan wɔn.+ 40  Na m’Agya apɛde ne sɛ, obiara a ogye Ɔba no tom, na ogye no di no benya daa nkwa,+ na ɛda a edi akyiri no, menyan no.”+ 41  Afei Yudafo no fii ase kasakasae sɛ Yesu aka sɛ: “Mene paanoo a esian fii soro no.”+ 42  Na wofii ase kae sɛ: “Ɛnyɛ Yesu, Yosef ba a yenim ne papa ne ne maame no ni?+ Ɛyɛɛ dɛn na seesei ɔreka sɛ, ‘Misian fii soro na ɛbae’ yi?” 43  Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munnyae akasakasa no. 44  Obiara rentumi mma me nkyɛn gye sɛ Agya a ɔsomaa me no twe no,+ na menyan no ɛda a edi akyiri no.+ 45  Wɔakyerɛw wɔ Adiyifo no mu sɛ: ‘Yehowa* bɛkyerɛkyerɛ wɔn nyinaa.’+ Obiara a watie Agya no, na wagye ne nkyerɛkyerɛ atom no ba me nkyɛn. 46  Ɛnyɛ sɛ onipa bi ahu Agya no;+ nea ofi Onyankopɔn hɔ no, ɔno nko ara na wahu Agya no.+ 47  Nokware, nokware, mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ogye di no wɔ daa nkwa.+ 48  “Mene nkwa paanoo no.+ 49  Mo agyanom dii mana wɔ sare so, nanso wowuwui.+ 50  Eyi ne paanoo a esian fii soro no, sɛ́ obiara nni bi, na wanwu. 51  Mene paanoo a ɛte ase a esian fii soro bae no. Sɛ obi di saa paanoo yi bi a, ɔbɛtena ase daa. Na nokwasɛm ne sɛ, paanoo a mede bɛma no, ɛno ne me honam a wiase nkwagye nti mede bɛma.”+ 52  Ɛnna Yudafo no fii ase gyee akyinnye wɔ wɔn mu sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na onipa yi atumi de ne honam ama yɛn ama yɛadi?” 53  Enti Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nokware, nokware, mereka akyerɛ mo sɛ, sɛ moanni onipa Ba no honam, na moannom ne mogya a, munni nkwa wɔ mo mu.+ 54  Obiara a odi me honam, na ɔnom me mogya no wɔ daa nkwa, na menyan no+ ɛda a edi akyiri no; 55  efisɛ me honam yɛ aduan ankasa, na me mogya nso yɛ anonne ankasa. 56  Obiara a odi me honam na ɔnom me mogya no, ɔne me yɛ baako daa, na me nso me ne no yɛ baako.+ 57  Sɛnea Agya a ɔte ase no somaa me, ná Agya no nti na mete ase no, saa ara na nea odi me honam no, me nti, ɔno nso bɛtena ase.+ 58  Eyi ne paanoo a esian fii soro bae no. Ɛnte sɛ nea mo agyanom dii nanso wowuwui no. Obiara a odi saa paanoo yi bi no, ɔbɛtena ase daa.”+ 59  Ɔkaa eyinom bere a na ɔrekyerɛkyerɛ wɔ hyiadan bi mu* wɔ Kapernaum no. 60  Bere a n’asuafo no mu pii tee eyi no, wɔkae sɛ: “Asɛm yi ano yɛ hyew; hena na obetumi atie?” 61  Nanso Yesu hui wɔ ne mu sɛ n’asuafo no rekasakasa wɔ eyi ho, enti obisaa wɔn sɛ: “Eyi to mo hintidua anaa? 62  Na sɛ muhu onipa Ba no sɛ ɔreforo akɔ baabi a na ɔwɔ kan no+ nso ɛ? 63  Honhom no na ɛma nkwa;+ ɔhonam de, ɛnka hwee koraa. Nsɛm a maka akyerɛ mo no yɛ honhom, na ɛyɛ nkwa.+ 64  Nanso mo mu bi nnye nni.” Asɛm no ne sɛ, efi mfiase no, na Yesu nim wɔn a wonnye nni ne nea na obeyi no ama.+ 65  Ɔtoaa so kae sɛ: “Eyi nti na maka akyerɛ mo sɛ, obiara rentumi mma me nkyɛn gye sɛ Agya no ama no kwan.”+ 66  Eyi nti, n’asuafo no bebree san kɔɔ nneɛma a ɛwɔ akyi no ho,+ na wɔne no annantew bio. 67  Enti Yesu bisaa Dumien no sɛ: “Mo nso mopɛ sɛ mokɔ anaa?” 68  Simon Petro buaa no sɛ: “Awurade, hena nkyɛn na yɛnkɔ?+ Wo na wowɔ daa nkwa nsɛm.+ 69  Yɛagye adi, na yɛabehu sɛ wone Ɔkronkronni a ofi Onyankopɔn hɔ no.”+ 70  Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnyɛ me na mepaw mo nnipa dumien yi?+ Nanso mo mu baako yɛ dinsɛefo.”*+ 71  Nea na ɔreka ne ho asɛm ankasa ne Yuda, Simon Iskariot ba no. Ɛwom sɛ na ɔyɛ Dumien no mu baako+ de, nanso na ɔrebeyi no ama.

Ase Hɔ Nsɛm

Hwɛ Mt 4:18 ase hɔ asɛm no.
Ɛyɛ afifide bi a ɛte sɛ ɛmo.
Anaa “n’asuafo no sian kɔɔ.”
Bɛyɛ km. anum anaa asia. Nt., “bɛyɛ agoprama 25 anaa 30.” Hwɛ Nkh. B14.
Ebetumi nso akyerɛ, “wɔ bagua bi ase.”
Anaa “ɔbonsam.”