Mmebusɛm 20:1-30

  • Nsã yɛ ɔfɛwdifo (1)

  • Ɔkwadwofo mfuntum asaase awɔwbere (4)

  • Onipa komam nsusuwii te sɛ nsu a emu dɔ (5)

  • Hwɛ yiye na woampere wo ho anka ntam (25)

  • Mmerante anuonyam ne wɔn ahoɔden (29)

20  Nsã* yɛ ɔfɛwdifo,+ nsã a ano yɛ den yɛ basabasa;+Obiara a odi akyi fom kwan no, onnim nyansa.+   Ɔhene ho hu te sɛ gyata* mmobom;+Obiara a ɔhyɛ no abufuw no, ɔde ɔno ara ne nkwa di agoru.+   Ɛyɛ anuonyam ma onipa sɛ ɔbɛtwe ne ho afi akasakasa ho,+Na obiara a ɔyɛ ɔkwasea de, ɔde ne ho gye mu.+   Ɔkwadwofo mfuntum asaase awɔwbere,*Enti sɛ edu twabere a onni hwee a, ɔbɛsrɛsrɛ ade.*+   Onipa komam nsusuwii* te sɛ nsu a emu dɔ,Nanso onipa a ɔwɔ nhumu bɛsaw.   Nnipa pii bɔ wɔn dɔ a enni huammɔ ho dawuru,Nanso onipa a ɔyɛ nokwafo de, ne ho yɛ na!   Ɔtreneeni abrabɔ di mu.+ Ne mma* a wɔbɛba wɔ n’akyi no ani begye.+   Sɛ ɔhene tena ahengua so sɛ ɔrebu atɛn a,+Ɔde n’ani huhuw asɛm so yiyi bɔne nyinaa gu.+   Hena na obetumi aka sɛ: “Matew me komam;+Me ho atew afi me bɔne ho”?+ 10  Nsisi nkaribo ne nsisi susude;*Ne nyinaa yɛ Yehowa akyiwade.+ 11  Abofra mpo, wɔde ne nneyɛe na ehu no;Ɛno na wɔde hu sɛ ne suban ho tew, na eye.+ 12  Aso a ɛte asɛm ne ani a ehu ade;Yehowa na ɔyɛɛ abien no nyinaa.+ 13  Mma nna nnyɛ wo dɛ, anyɛ saa a, wubedi hia.+ Bue w’ani, na aduan bɛmee wo.+ 14  Nea ɔretɔ ade ka sɛ: “Enye, enye!”Afei ofi hɔ kɔ, na ɔhoahoa ne ho.+ 15  Sika kɔkɔɔ wɔ hɔ, na ɛpo mu abohene* pii nso wɔ hɔ,Nanso ano a ɛma nimdeɛ yɛ ade a ɛsom bo.+ 16  Sɛ ɔbarima di agyinam ma ɔhɔho a, gye ne ntama;+Sɛ odii agyinam maa ɔbea hɔho* a, ɛnde gye ade a ɔde sii awowa no fi ne nsam.+ 17  Aduan a wɔnam nnaadaa so nya no, ɛyɛ onipa dɛ,Nanso akyiri yi, mmosea bɛyɛ n’anom ma.+ 18  Adwentoatoa* na ɛma nhyehyɛe gyina;+Fa akwankyerɛ pa kɔ wo ko.+ 19  Nea ɔsɛe nkurɔfo din no, ɔnenam na ɔreyi kokoam nsɛm* adi;+Wo ne obi a ɔpɛ nseku* mmmɔ. 20  Obiara a ɔdome ne papa ne ne maame no,Sɛ esum ba a, ne kanea bedum.+ 21  Agyapade a wɔde adifudepɛ nyae mfiase no,N’awiei renyɛ nhyira.+ 22  Nka sɛ: “Metua bɔne so ka!”+ Fa w’ani to Yehowa so,+ na obegye wo.+ 23  Nsisi nkaribo* yɛ Yehowa akyiwade,Na nkontompo nsenia* nye. 24  Yehowa na ɔkyerɛ sɛnea onipa betutu n’anammɔn;+Onipa de, ɛbɛyɛ dɛn na wate ɔno ara ne kwan ase?* 25  Ɛyɛ afiri ma onipa sɛ ɔbɛpere ne ho aka sɛ, “Ɛyɛ ade kronkron!”+ Ansa na akyiri yi wasusuw ne bɔhyɛ no ho.+ 26  Ɔhene nyansafo huhuw so yi abɔnefo gu,+Na ɔde afiri a wɔde porow hwiit fa wɔn so.+ 27  Onipa ahome te sɛ Yehowa kanea,Ɛhwehwɛ nea ahintaw biara wɔ onipa mu. 28  Ɔdɔ a enni huammɔ ne nokware bɔ ɔhene ho ban;+Ɔdɔ a enni huammɔ na ɛma n’ahengua tim.+ 29  Mmerante anuonyam ne wɔn ahoɔden,+Na nkwakoraa anuonyam ne wɔn ti so dwen.+ 30  Akuru ne opira yi bɔne;*+Na ɔhwe hohoro onipa mu tɔnn.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Bobesa.”
Anaa “gyatanini a ne ho yɛ den.”
Anaa “nnɔw awɔwbere.”
Ebetumi nso akyerɛ, “Edu twabere a wɔbɛhwehwɛ, nanso wɔrennya hwee.”
Anaa “adwene.” Nt., “agyinatu.”
Nt., “mma mmarima.”
Anaa “Nkaribo ahorow abien ne efa susude ahorow abien.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “ɔhɔho.”
Anaa “Agyinatu.”
Anaa “ahintasɛm.”
Anaa “obi a ɔpɛ nkɔnkɔnsa; obi a ɔde n’ano dɛfɛdɛfɛ nkurɔfo.”
Anaa “Nkaribo ahorow abien.”
Ade a wɔde susuw biribi mu duru.
Anaa “wahu ɔkwan a ɛsɛ sɛ ɔfa so?”
Anaa “twiw bɔne ho.”