Ɔde Kɔmaa Romafo 12:1-21

  • Momfa mo nipadua mmɔ afɔre a ɛte ase (1, 2)

  • Akyɛde no dɔɔso, nanso nipadua no yɛ baako (3-8)

  • Sɛnea ɛsɛ sɛ Kristofo bɔ wɔn bra (9-21)

12  Enti anuanom, menam Onyankopɔn mmɔborɔhunu so srɛ mo sɛ momfa mo nipadua+ mmɔ afɔre a ɛte ase, a ɛyɛ kronkron,+ na ɛsɔ Onyankopɔn ani. Na bere a mode ɔsom kronn rema no no, momfa mo adwene nyɛ adwuma nsusuw nneɛma ho.+  Na munnyae sɛ moma wiase yi* kyerɛ mo kwan; mmom monsesa mo adwene mfa nyɛ mo ho foforo,+ sɛnea ɛbɛyɛ a mubehu+ nea Onyankopɔn pɛ, a eye, na ɛsɔ ani, na edi mu no.  Menam adom a wɔde adom me no so ka kyerɛ mo mu biara sɛ, ɛnsɛ sɛ obu ne ho tra nea ɛsɛ.+ Mmom onnwen na onnya adwene a emu da hɔ, sɛnea gyidi a Onyankopɔn asusuw ama no no te.+  Efisɛ nipadua wɔ akwaa bebree,+ nanso akwaa no nyinaa nyɛ adwuma baako.  Saa ara na yɛn nso, ɛwom sɛ yɛdɔɔso de, nanso yɛyɛ nipadua baako wɔ Kristo mu, na yɛn mu biara yɛ ne yɔnko akwaa.+  Esiane adom a wɔde adom yɛn no nti, obiara ne akyɛde a ɔwɔ.+ Ɛno nti, sɛ ɛyɛ nkɔmhyɛ a, momma yɛnhyɛ nkɔm sɛnea yɛn gyidi te;  sɛ ɛyɛ ɔsom a, momma yɛnkɔ so nsom; nea ɔkyerɛkyerɛ no, ɔnkɔ so nkyerɛkyerɛ;+  nea ɔhyɛ nkurɔfo nkuran* no, ɔnkɔ so nhyɛ nkuran;*+ nea ɔkyɛ ade no, onyi ne yam nyɛ;+ nea odi biribi anim no, ɔnyere ne ho nyɛ;+ nea ohu mmɔbɔ no, ɔmfa anigye nyɛ.+  Mommma nyaatwom mmma mo dɔ mu.+ Munkyi bɔne;+ mommata papa ho. 10  Munnya onuadɔ mma mo ho, na obiara mpɛ ne yɔnko asɛm paa. Obiara nni kan* mfa nidi mma ne yɔnko.+ 11  Monyere mo ho* nyɛ adwuma, na monnyɛ anihaw.*+ Monyɛ hyew honhom mu.+ Monyɛ adwuma mma Yehowa* sɛ nkoa.+ 12  Munni ahurusi wɔ anidaso no mu. Mummia mo ani nnyina amanehunu mu.+ Mommɔ mpae daa.+ 13  Momma akronkronfo nea wohia.+ Momma mo ani nnye ahɔhoyɛ ho.+ 14  Monkɔ so nhyira wɔn a wɔtan mo ani no;+ munhyira, na ɛnsɛ sɛ modome.+ 15  Mo ne wɔn a wodi ahurusi nni ahurusi; mo ne wɔn a wosu nsu. 16  Adwene a mowɔ wɔ mo ho no, munnya saa adwene no ara bi wɔ afoforo ho; munnnwinnwen nneɛma akɛse ho, na mmom munni nneɛma a ɛba fam akyi.+ Monnyɛ mo ani so anyansafo.+ 17  Mommfa bɔne nntua obiara bɔne so ka.+ Nneɛma a nnipa nyinaa hu sɛ eye no, momma ɛho nhia mo. 18  Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, mo fam de, monyɛ nea mubetumi biara ne nnipa nyinaa ntena asomdwoe mu.+ 19  Adɔfo, munntua bɔne so ka, na mmom munnyaw mma abufuw no;*+ efisɛ wɔakyerɛw sɛ: “ ‘Me na mitua bɔne so ka; me ara metua ka,’ Yehowa* na waka.”+ 20  Mmom “sɛ ɔkɔm de wo tamfo a, ma no biribi nni; sɛ osukɔm de no a, ma no biribi nnom. Woyɛ saa a, wobɛboaboa nnyansramma ano agu n’apampam.”*+ 21  Mma bɔne nnni wo so nkonim, na mmom kɔ so fa papa di bɔne so nkonim.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “bere yi.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “ntu fo.”
Anaa “otu fo.”
Anaa “Obiara nni kan ntu anammɔn.”
Anaa “monnyɛ mo adwuma anihaw so.”
Anaa “Momfa nsi; Momfa ahokeka.”
Kyerɛ sɛ, Onyankopɔn abufuw.
Kyerɛ sɛ, wobɛma onipa no abufuw no anan akɔ, na ne koma aba fam.