Mmebusɛm 17:1-28

  • Mfa bɔne ntua papa so ka (13)

  • Akasakasa nnya mfii ase no, twa so kɔ (14)

  • Adamfo pa kyerɛ ne dɔ bere nyinaa (17)

  • “Anigye koma yɛ aduru papa” (22)

  • Onipa a ɔwɔ nhumu hwɛ ne nsɛm yiye (27)

17  Eye sɛ wubedi paanoo wosee wɔ baabi a asomdwoe*+Sen sɛ wubedi aduan sɔkyee* wɔ ofi a akasakasa wom mu.+   Akoa a ɔwɔ nhumu no, obedi ɔba a ɔyɛ aniwude so,Na ɔno nso benya agyapade te sɛ owura no ba no.   Kuku a wɔnan ade wom wɔ hɔ ma dwetɛ, ɛnna fononoo wɔ hɔ ma sika kɔkɔɔ,+Na nea ɔhwehwɛ komam ne Yehowa.+   Onipabɔnefo yɛ aso tie asɛm a ɛyɛ yaw,Na ɔdaadaafo tie tɛkrɛma a etwa nkontompo.+   Obiara a odi ohiani ho fɛw no, ɔyeyaw ne Bɔfo,+Na obiara a odi ne yɔnko amanehunu ho ahurusi no, ɔremfa ne ho nni.+   Nkwakoraa ne mmerewa ahenkyɛw ne mmanana,*Na mma mmarima* anuonyam ne wɔn agyanom.*   Sɛnea ɔkasa a ɛteɛ* mfata ɔkwasea no,+ Saa ara na nkontompo kasa mfata ɔhene* koraa!+   Akyɛde te sɛ aboɔdenbo* ma ne wura;+Baabiara a ɔbɛfa biara, ɛma esi no yiye.+   Obiara a ɔde bɔne kyɛ* no hwehwɛ ɔdɔ,+Na nea ɔkɔ so tĩ asɛm mu de, ɔtetew nnamfo a wɔbɔ kosua taforo ntam.+ 10  Nea ɔwɔ ntease no, animka boa no paa+Sen sɛ wobetwa ɔkwasea mmaa ɔha.+ 11  Onipabɔnefo de, atuatew nko ara na ɔhwehwɛ,Na wɔbɛsoma otirimɔdenfo ama wakɔtwe n’aso.+ 12  Sɛ wuhyia osisi a wɔakyere ne mma a,Eye sen sɛ wubehyia ɔkwasea a ɔte ne nkwaseasɛm mu.+ 13  Sɛ obi de bɔne tua papa so ka a,Bɔne rempa ne fi.+ 14  Sɛ wohyɛ ntɔkwaw ase a, ɛte sɛ nea woretue ɔtare mu nsu;*Akasakasa* nnya mfii ase no, twa so kɔ.+ 15  Obiara a obu ɔbɔnefo bem ne obiara a obu ɔtreneeni fɔ no,+Wɔn nyinaa yɛ Yehowa akyiwade. 16  Mfaso bɛn na ɛwɔ so sɛ ɔkwasea wɔ nea obetumi de anya nyansaBere a onni ti* a ɔde besua nyansa?*+ 17  Ɔyɔnko berɛbo de, ɔkyerɛ ne dɔ bere nyinaa,+Na ɔyɛ onua a wɔwoo no maa amanehunu bere.*+ 18  Onipa a onnim nyansa* kyia obi nsam, na ɔpene so sɛ,Obedi agyinam* wɔ ne yɔnko anim.+ 19  Nea ɔpɛ ntɔkwaw no, ɔpɛ mmarato.+ Obiara a ɔma ne pon ano kwan kɔ soro no frɛfrɛ ahwease.+ 20  Koma mu nkontompofo de, ɛrensi wɔn yiye,+Na nea ɔka nnaadaasɛm no bɛsɛe. 21  Ɔbarima a ɔwo ɔba kwasea bedi ne ho awerɛhow;Na abofra a onnim nyansa no, ne papa nni anigye.+ 22  Anigye koma yɛ aduru papa;*+Na honhom a abotow de, ɛma ahoɔden so tew.*+ 23  Ɔbɔnefo gye adanmude* wɔ kokoam*Sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛkyea atemmu.+ 24  Nea ɔwɔ nhumu no, nyansa wɔ n’anim pɛɛ,Na ɔkwasea ani de, ɛdeda asaase ano akyirikyiri.+ 25  Ɔba kwasea ma ne papa di awerɛhow,Na ɔhyɛ nea ɔwoo no no ahometew.+ 26  Ɛnyɛ papa sɛ wɔbɛtwe ɔtreneeni aso,Na ɛmfata sɛ wɔbɛbɔ onuonyamfo mmaa. 27  Onipa a ɔwɔ nimdeɛ hwɛ ne nsɛm yiye,+Na nea ɔwɔ nhumu tɔ ne bo ase.*+ 28  Ɔkwasea mpo, sɛ omua n’ano a, wobu no onyansafo,Na nea ɔka n’ano tom no, wobu no sɛ ɔwɔ nhumu.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “kommyɛ.”
Nt., “afɔre.”
Anaa “mmanana a wɔyɛ mmarima.”
Anaa “mma.”
Anaa “awofo.”
Anaa “kasa pa.”
Anaa “onuonyamfo.”
Anaa “ɔbo a ɛde anuonyam ba.”
Nt., “ɔkata bɔne so.”
Anaa “Ɔham.”
Nt., “nsu ano tue.”
Nt., “onni koma.”
Anaa “Bere a onnim nyansa?”
Anaa “da hiada.”
Nt., “ne koma nni hɔ.”
Anaa “akagyinam.”
Anaa “sa yare.”
Anaa “nnompe mu yow.”
Anaa “braeb.”
Nt., “Ɔbɔnefo begye adanmude afi obi kokom.”
Nt., “honhom dwo.”