Nnwom 65:1-13

  • Onyankopɔn ma asaase nya nea ehia

    • “Mpaebɔ Tiefo” (2)

    • “Anigye ne onipa a wopaw no” (4)

    • Onyankopɔn papayɛ dɔɔso (11)

Wɔde ma dwom kyerɛfo. Dawid dwom. Ayeyi dwom. 65  O Onyankopɔn, ayeyi retwɛn wo wɔ Sion;+Yɛahyɛ wo bɔ, na yebedi so.+   O mpaebɔ Tiefo, wo nkyɛn na nnipa a wofi mmaa* nyinaa bɛba.+   Me mfomso aboro me so,+Nanso wokata yɛn mmarato so.+   Anigye ne onipa a wopaw no na woma ɔba wo nkyɛnBɛtena wo fi adiwo.+ Wo fi nneɛma pa bɛmee yɛn+Wɔ w’asɔrefi kronkron* no mu.+   O yɛn nkwagye Nyankopɔn,Wobɛyɛ trenee nnwuma akɛse+ de abua yɛn adesrɛ;Wɔn a wɔtete asaase ano+Ne wɔn a wɔwɔ po so akyirikyiri nyinaa, wone wɔn Ahotoso.   Wode w’ahoɔden* maa mmepɔw timii;Woahyɛ* tumi sɛ ataade.+   Woma* ɛpo a ɛrehuru yɛ dinn,+Na asorɔkye a ɛrebu fa so ne amanaman gyegyeegye nso brɛ ase.+   Wo nsɛnkyerɛnne bɛma wɔn a wɔtete akyirikyiri ho adwiriw wɔn;+Wobɛma wɔn a wɔtete apuei ne atɔe abɔ ose.   Woma asaase nya nea ehia;Ɛsow aba pii ma ɛyɛ frɔmfrɔm.+ Asuten a efi Onyankopɔn hɔ mu nsu dɔɔso.Woma nnipa nya aduan;+Saa na woayɛ asaase no. 10  Woma nsu yeyɛ n’aka ma, na asaase a wɔafuntum nso, woma ɛda so kama;Woma osu tɔ gu so ma ɛyɛ mmerɛw; wuhyira n’afifide so ma enyin.+ 11  Wode wo papayɛ bɔ afe no abotiri;Baabi a wobɛfa biara, nneɛma pa nko ara na edi w’akyi.*+ 12  Nneɛma pa abu so* wɔ mmoa adidibea a ɛwɔ sare so,+Na nkoko ahyɛ ahurusidi sɛ ataade.+ 13  Nguan ayɛ ma wɔ wɔn adidibea,Abon nyinaa, hwiit* ayɛ mu ma.*+ Asaase no nyinaa bɔ ose, ɛto dwom.+

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “wo nkyɛn na ɔhonam.”
Anaa “wo tenabea kronkron.”
Nt., “Wahyɛ.”
Nt., “Ɔde n’ahoɔden.”
Nt., “Ɔma.”
Nt., “srade sosɔ wɔ w’akyi.”
Nt., “sosɔ.”
Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Anaa “Asaasetraa nyinaa, nnɔbae ayɛ so ma.”