Luka Asɛmpa 3:1-38

  • Bere a Yohane hyɛɛ n’adwuma ase (1, 2)

  • Yohane kaa asubɔ ho asɛm (3-20)

  • Yesu asubɔ (21, 22)

  • Yesu Kristo abusuasanten (23-38)

3  Tiberio Kaesare ahenni afe a ɛto so 15 mu no, na Pontio Pilato yɛ Yudea amrado. Ná Herode*+ di Galilea mantam so,* ɛnna ne nua Filipo nso di Iturea ne Trakoniti amantam so. Ná Lisania di Abilene mantam so,  ɛnna Anas ne Kaiafa+ nso yɛ asɔfo mpanyin. Saa bere no, Onyankopɔn asɛm baa Sakaria ba Yohane+ nkyɛn wɔ sare so.+  Enti ɔkɔɔ nkurow a atwa Yordan ho ahyia nyinaa mu kɔka kyerɛɛ nkurɔfo sɛ, wɔmmɔ asu mfa nkyerɛ sɛ wɔasakra wɔn adwene wɔ wɔn bɔne ho, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde wɔn bɔne bɛkyɛ wɔn,+  sɛnea wɔakyerɛw no odiyifo Yesaia nhoma mu sɛ: “Obi reteɛm wɔ sare so sɛ, ‘Munsiesie Yehowa* kwan! Momma akwan a ɛda n’anim no nyɛ tee.+  Momma abon nyinaa nyɛ ma, na munnwiriw mmepɔw ne nkoko nyinaa ngu fam; akwan a akyea no, momma ɛnyɛ tee, na momma akwan a ɛyɛ mmonkyemmɔnka nyɛ toromtorom;  na ɔhonam nyinaa* behu Onyankopɔn nkwagye.’”*+  Ɛnna ɔka kyerɛɛ nnipadɔm a wɔreba sɛ ɔmmɔ wɔn asu no sɛ: “Nhurutoa* mma, hena na ɔka kyerɛɛ mo sɛ munguan abufuw a ɛreba no?+  Ɛnde monsow aba a ɛkyerɛ sɛ moasakra mo adwene. Ɛnsɛ sɛ mufi ase keka kyerɛ mo ho sɛ, ‘Yɛn agya ne Abraham.’ Na mereka akyerɛ mo sɛ, Onyankopɔn betumi ama Abraham anya mma afi abo yi mu.  Nokwarem no, abonnua no da nnua no ntini ho dedaw. Enti dua biara a ɛnsow aba pa no, wobetwa de agu ogya mu.”+ 10  Na nnipadɔm no bisaa no sɛ: “Ɛnde, dɛn na yɛnyɛ?” 11  Na obuaa wɔn sɛ: “Nea ɔwɔ ntaade abien no mma nea onni bi no bi, na nea ɔwɔ biribi di no, ɔno nso nyɛ saa ara.”+ 12  Wɔn a wogyigye tow mpo bae sɛ ɔmmɔ wɔn asu,+ na wobisaa no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, dɛn na yɛnyɛ?” 13  Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛtow a wɔatwa ato hɔ no, munnnye mmmoro so.”+ 14  Asraafo nso bisaa no sɛ: “Dɛn na yɛnyɛ?” Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monnteetee obiara,* na mommfa asɛm nnto obiara so.+ Mmom momma mo ani nsɔ nea mowɔ.”* 15  Saa bere no, na nnipa no rehwɛ Kristo no kwan. Ɛno nti, na wɔn nyinaa resusuw Yohane ho wɔ wɔn koma mu sɛ: “Gyama ɔno ne Kristo no anaa?”+ 16  Yohane buaa wɔn nyinaa sɛ: “Me de, mede nsu na ɛbɔ mo asu, nanso nea ɔwɔ tumi sen me reba; ne mpaboa hama mpo memfata sɛ mesan.+ Ɔno na ɔde honhom kronkron ne ogya bɛbɔ mo asu.+ 17  Ne sofi a ɔde huw hwiit so kura ne nsam, na ɔbɛpra n’awiporowbea hɔ fitafita, na waboaboa ne hwiit ano agu n’adekoradan mu, na ntɛtɛwa no de, ɔde ogya a ennum da bɛhyew.” 18  Yohane san de afotu bebree maa nkurɔfo no, na ɔkɔɔ so kaa asɛmpa kyerɛɛ wɔn. 19  Esiane ɔmantam sodifo Herode ne ne nua yere Herodia asɛm no, ne nneɛma bɔne pii a Herode yɛe nti, Yohane kaa n’anim. 20  Ɛno nti nea Herode san yɛ kaa ne bɔne ho ne sɛ, ɔkyeree Yohane too afiase.+ 21  Bere a Yohane bɔɔ nnipa no nyinaa asu no, ɔbɔɔ Yesu nso asu.+ Na bere a Yesu rebɔ mpae no, ɔsoro buei,+ 22  na honhom kronkron sian baa no so te sɛ aburuburuw, na nne bi fi soro bae sɛ: “Woyɛ me Ba a medɔ wo; magye wo atom.”+ 23  Bere a Yesu+ hyɛɛ n’adwuma ase no, na wadi bɛyɛ mfe 30,+ na na nkurɔfo bu no sɛ,Yosef+ ba,Heli ba, 24  Matat ba,Lewi ba,Melki ba,Yanai ba,Yosef ba, 25  Matatia ba,Amos ba,Nahum ba,Esli ba,Nagai ba, 26  Mahat ba,Matatia ba,Semein ba,Yosek ba,Yoda ba, 27  Yoanan ba,Resa ba,Serubabel+ ba,Sealtiel+ ba,Neri ba, 28  Melki ba,Adi ba,Kosam ba,Elmadam ba,Er ba, 29  Yesu ba,Elieser ba,Yorim ba,Matat ba,Lewi ba, 30  Simeon ba,Yuda ba,Yosef ba,Yonam ba,Eliakim ba, 31  Melea ba,Mena ba,Matata ba,Natan+ ba,Dawid+ ba, 32  Yese+ ba,Obed+ ba,Boas+ ba,Salmon+ ba,Naason+ ba, 33  Aminadab ba,Arni ba,Hesron ba,Peres+ ba,Yuda+ ba, 34  Yakob+ ba,Isak+ ba,Abraham+ ba,Tera+ ba,Nahor+ ba, 35  Serug+ ba,Reu+ ba,Peleg+ ba,Eber+ ba,Sela+ ba, 36  Kainan ba,Arfaksad+ ba,Sem+ ba,Noa+ ba,Lamek+ ba, 37  Metusala+ ba,Enok ba,Yared+ ba,Mahalaleel+ ba,Kainan+ ba, 38  Enos+ ba,Set+ ba,Adam+ ba,Onyankopɔn ba.

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “Roma ahemman no fã bi so hene; ná ɔyɛ Roma ɔhempɔn no nanmusini.”
Kyerɛ sɛ, Herode Antipa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “nnipa nyinaa.”
Anaa “nea Onyankopɔn nam so gye nkwa.”
Wɔyɛ awɔ bi a wɔn ano wɔ bɔre paa.
Anaa “Mommmɔ obiara apoo.”
Anaa “mo akatua.”