Marko Asɛmpa 1:1-45

  • Osuboni Yohane kaa asɛm (1-8)

  • Yesu asubɔ (9-11)

  • Satan sɔɔ Yesu hwɛe (12, 13)

  • Yesu fii asɛnka ase wɔ Galilea (14, 15)

  • Ɔfrɛɛ asuafo a wodi kan no (16-20)

  • Otuu honhom fĩ (21-28)

  • Yesu saa nnipa pii yare wɔ Kapernaum (29-34)

  • Ɔkɔbɔɔ mpae wɔ baabi a atew ne ho (35-39)

  • Ɔsaa ɔkwatani bi yare (40-45)

1  Onyankopɔn Ba Yesu Kristo ho asɛmpa no mfiase:  Sɛnea wɔakyerɛw wɔ odiyifo Yesaia nhoma mu no: “(Hwɛ! meresoma me somafo adi w’anim, na ɔno na obesiesie kwan mu.)*+  Obi reteɛm wɔ sare so sɛ: ‘Munsiesie Yehowa* kwan! Momma akwan a ɛda n’anim no nyɛ tee.’”+  Ná Osuboni Yohane wɔ sare so reka kyerɛ nkurɔfo sɛ, wɔmmɔ asu mfa nkyerɛ sɛ wɔasakra wɔn adwene wɔ wɔn bɔne ho, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde wɔn bɔne bɛkyɛ wɔn.+  Na Yudea mpɔtam hɔfo nyinaa ne wɔn a wɔtete Yerusalem nyinaa kɔɔ ne nkyɛn, na wɔpaee mu kaa wɔn bɔne, na ɔbɔɔ wɔn asu wɔ Asubɔnten Yordan mu.*+  Ná Yohane hyɛ ataade a wɔde yoma nwi ayɛ, na na ɔde aboa nhoma abɔso abɔ n’asen.+ Aduan a na odi yɛ mmebɛw ne ɛwo.*+  Asɛm a na ɔreka ne sɛ: “Obi di m’akyi reba a ɔwɔ tumi sen me, na ne mpaboa hama mpo, memfata sɛ mɛkotow asan.+  Mede nsu na ɛbɔɔ mo asu, na ɔno de, honhom kronkron na ɔde bɛbɔ mo asu.”+  Saa nna no mu no, Yesu fi Nasaret a ɛwɔ Galilea bae, na Yohane bɔɔ no asu wɔ Yordan mu.+ 10  Bere a opue fii nsu no mu ara pɛ na ohui sɛ ɔsoro abue, na honhom no resian ba no so te sɛ aburuburuw.+ 11  Na nne bi fi soro bae sɛ: “Woyɛ me Ba a medɔ wo; magye wo atom.”+ 12  Ɛhɔ ara na honhom no hyɛɛ no ma ɔkɔɔ sare so. 13  Enti ɔtenaa sare so nnafua 40, na Satan sɔɔ no hwɛe.+ Ná ɔne wuram mmoa na ɛwɔ hɔ, na na abɔfo resom no.+ 14  Afei bere a wɔkyeree Yohane no, Yesu kɔɔ Galilea+ kɔkaa asɛmpa a efi Onyankopɔn hɔ,+ 15  na ɔkae sɛ: “Bere a wɔahyɛ no adu, na Onyankopɔn Ahenni abɛn. Monsakra mo adwene,+ na munnye asɛmpa no nni.” 16  Bere a ɔnam Galilea Po* no ho no, ohuu Simon ne ne nua Andrea+ sɛ wɔregu wɔn asau wɔ po no mu,+ efisɛ na wɔyɛ mpataayifo.+ 17  Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mummedi m’akyi, na mɛma moayɛ nnipa yifo.”+ 18  Ntɛm ara na wogyaw wɔn asau no hɔ kodii n’akyi.+ 19  Bere a ɔkɔɔ n’anim kakra no, ohuu Sebedeo ba Yakobo ne ne nua Yohane. Ná wɔwɔ wɔn korow mu resiesie wɔn asau,+ 20  na ntɛm ara na ɔfrɛɛ wɔn. Enti wogyaw wɔn papa Sebedeo ne apaafo no wɔ ɔkorow no mu kodii n’akyi. 21  Na wɔkɔɔ Kapernaum. Homeda dui ara pɛ na ɔkɔɔ hyiadan mu, na ofii ase kyerɛkyerɛe.+ 22  Na ɔkwan a ɔfaa so kyerɛkyerɛe no yɛɛ wɔn nwonwa, efisɛ ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ obi a ɔwɔ tumi, na ɛnyɛ sɛ akyerɛwfo no.+ 23  Saa bere no ara nso, na ɔbarima bi wɔ wɔn hyiadan no mu a honhom fĩ wɔ no so, na ɔteɛɛm sɛ: 24  “Nasaretni Yesu,+ dɛn na yɛne wo wɔ yɛ? Wobae sɛ worebɛsɛe yɛn anaa? Minim nipa ko a woyɛ. Wone Ɔkronkronni a ofi Onyankopɔn hɔ no!”+ 25  Ɛnna Yesu kaa n’anim sɛ: “Yɛ komm, na fi ne mu kɔ!” 26  Na honhom fĩ no maa ɔbarima no sinsenee, na ɔteɛɛm denneennen. Afei ofii ne mu kɔe. 27  Na ɛyɛɛ nkurɔfo no nwonwa paa. Na wofii ase kekae sɛ: “Dɛn ni? Eyi yɛ nkyerɛkyerɛ foforo! Ɔde tumi kasa kyerɛ ahonhom fĩ mpo ma wotie no.” 28  Na ntɛm ara ne ho asɛm trɛw kɔɔ Galilea mantam nyinaa mu. 29  Ɛnna Yesu ne Yakobo ne Yohane ne Simon ne Andrea fii hyiadan no mu, na wɔkɔɔ Simon ne Andrea fi.+ 30  Saa bere no, na Simon asebea+ da hɔ a ɔyare atiridii, na ntɛm ara na wɔkaa ne ho asɛm kyerɛɛ Yesu. 31  Na ɔkɔɔ ne nkyɛn kosoo ne nsa maa no so, na atiridii no gyaee. Na ofii ase som wɔn. 32  Bere a eduu anwummere a owia kɔtɔe no, nkurɔfo fii ase de wɔn a wɔyare ne wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne nyinaa brɛɛ no;+ 33  kurow no mufo nyinaa beguu ɔpon no ano. 34  Enti ɔsaa nnipa pii a wɔwɔ nyarewa ahorow yare,+ na otuu ahonhommɔne pii, na wamma ahonhommɔne no ankasa, efisɛ na wonim sɛ ɔno ne Kristo no.* 35  Na anɔpatutuutu a anim ntetewee no, ɔsɔree, na opue kɔɔ baabi a atew ne ho, na ofii ase bɔɔ mpae+ wɔ hɔ. 36  Na Simon ne wɔn a wɔka ne ho no kyin hwehwɛɛ no, 37  na wohuu no no, wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Obiara rehwehwɛ wo.” 38  Nanso ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma yɛnkɔ baabi foforo, nkurow a ɛbemmɛn ha no mu, na menkɔka asɛm no wɔ hɔ nso, efisɛ eyi nti na mebae.”+ 39  Na ɔkɔkaa asɛm no wɔ wɔn hyia adan mu wɔ Galilea nyinaa, na otuu ahonhommɔne.+ 40  Ɔkwatani bi nso baa ne nkyɛn bebuu nkotodwe paa no kyɛw sɛ: “Sɛ wopɛ a, wubetumi asa me yare.”*+ 41  Na ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔteɛɛ ne nsa kaa no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mepɛ! Wo ho ntɔ wo.”*+ 42  Na amonom hɔ ara kwata no tu yerae, na ne ho tɔɔ no.* 43  Afei ogyaa no kwan ntɛm ara, na ɔbaraa no kae sɛ: 44  “Hwɛ na woanka ho asɛm ankyerɛ obiara, na mmom kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfo no. Na esiane sɛ wo ho atɔ wo nti,* fa afɔrebɔde a Mose kyerɛe no+ ma asɔfo no, na ayɛ adanse ama wɔn.”+ 45  Nanso bere a ɔbarima no fii hɔ no, ofii ase keka kyerɛɛ nkurɔfo, na ɔtrɛw asɛm no mu kɔɔ baabiara. Eyi nti, Yesu antumi anyi n’anim ankɔ kurow biara mu, na mmom mmeae a atew ne ho wɔ nkurow no akyi na ɔtenae. Nanso nkurɔfo fi mmeaemmeae baa ne nkyɛn.+

Ase Hɔ Nsɛm

Hwɛ Malaki 3:1; ɛhɔ na asɛm a ɛwɔ nkahyemde “()” mu no fi.
Anaa “ɔde wɔn nuu Asubɔnten Yordan mu; ɔde wɔn wuraa Asubɔnten Yordan mu.”
Kyerɛ sɛ, wuram wo.
Hwɛ Mt 4:18 ase hɔ asɛm no.
Ebetumi nso akyerɛ, “na wonim onii kõ a ɔyɛ.”
Anaa “wubetumi ama me ho afi.”
Anaa “Wo ho mfi.”
Anaa “na ne ho fii.”
Anaa “esiane sɛ wo ho afi nti.”