Nnwom 139:1-24

  • Onyankopɔn nim n’asomfo yiye

    • Obi rentumi nguan mfi Onyankopɔn honhom anim (7)

    • ‘Sɛnea woyɛɛ me no yɛ nwonwa’ (14)

    • ‘Meyɛ mogyatɔw no, wuhuu me’ (16)

    • “Fa me si mmeresanten kwan so” (24)

Wɔde ma dwom kyerɛfo. Dawid dwom. Ayeyi dwom. 139  O Yehowa, woahwehwɛ me mu, na wunim me.+   Sɛ metena ase a wunim, na mesɔre nso a, wunim.+ Woahu m’adwene fi akyirikyiri.+   Mitu kwan oo, meda oo, w’ani tua;*Wunim m’akwan nyinaa.+   O Yehowa, ansa na me tɛkrɛma bɛka asɛm bi no,Na wunim ne nyinaa dedaw.+   M’anim ne m’akyi nyinaa, wobɔ me ho ban hyia;Wode wo nsa so me mu.   Saa nimdeɛ yi boro me ntease so.* Ɛwɔ soro ma me dodo sɛ medu hɔ.*+   Ɛhe na metumi afi wo honhom anim akɔ?Na ɛhe na metumi aguan afi w’anim akɔ?+   Sɛ meforo kɔ soro a, wuni;Na sɛ mesɛw me kɛtɛ wɔ Ɔdamoa* mu a, ɛhɔ nso wowɔ hɔ.+   Sɛ mede adekyee ntaban tuKɔtena ɛpo akyi noho a, 10  Ɛhɔ mpo, wo nsa na ɛbɛkyerɛ me kwan,Na wo nsa nifa beso me mu.+ 11  Sɛ meka sɛ: “Esum ara na ɛbɛkata me so!” a, Ɛnde esum a atwa me ho ahyia no bɛdan hann. 12  Esum mpo renyɛ sum kabii mma wo,Mmom anadwo bɛhyerɛn sɛ adekyee,+Na esum ayɛ hann ama wo.+ 13  Wo na woyɛɛ m’asaabo;Wode me siee* me maame yam.+ 14  Meyi wo ayɛ efisɛ sɛnea woyɛɛ me no yɛ hu na ɛyɛ nwonwa.+ Wo nnwuma yɛ nwonwa,+Na minim* eyi paa. 15  Me nnompe anhintaw woBere a woyɛɛ me ahintawee mu;Bere a wonwenee me asaase yam tɔnn no.+ 16  Meyɛ mogyatɔw mpo no, w’aniwa huu me;Bere a wɔnwenee m’akwaa nyinaa no, wɔkyerɛw ho asɛmWɔ wo nhoma muAnsa na emu biara mpo reba. 17  Ɛno nti, wo nsusuwii som bo ma me paa.+ O Onyankopɔn, ne dodow nni ano!+ 18  Sɛ mise merekan a, ɛbɛdɔɔso asen anwea.+ Sɛ meda sɔre a, mɛkɔ so ara akan.*+ 19  O Onyankopɔn, sɛ wukum ɔdebɔneyɛfo a,+ Anka awudifo* befi me ho akɔ, 20  Wɔn na wɔde adwemmɔne keka wo ho nsɛm;*Wɔyɛ w’atamfo a wɔde wo din di agoru.+ 21  O Yehowa, metan wɔn a wokyi wo no,+Na wɔn a wɔtew wo so atua no, wɔn ho nyɛ me abofono anaa?+ 22  Ɔtan fitaa na metan wɔn;+Wɔyɛ m’atamfo ankasa. 23  O Onyankopɔn, pɛɛpɛɛ me mu, na hu nea ɛwɔ me koma mu.+ Hwehwɛ me mu, na hu me mu dadwen.+ 24  Hwɛ sɛ adwene a ɛmfata bi wɔ me mu anaa,+Na fa me si mmeresanten kwan so.+

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “wubu ho akontaa.”
Anaa “Ɛwɔ soro ma me, na abunkam me ntease so.”
Anaa “nimdeɛ yi yɛ me nwonwa dodo.”
Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Ebetumi nso akyerɛ, “Wonwenee me wɔ.”
Anaa “me kra nim.”
Ebetumi nso akyerɛ, “meda so ara wɔ w’anim.”
Anaa “wɔn a wodi mogya ho fɔ.”
Anaa “wɔkeka wo ho nsɛm sɛnea wɔn adwene kyerɛ wɔn.”