Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMABUN BISA SƐ

Dɛn Na Mɛyɛ Na Mammrɛ Dodo?

Dɛn Na Mɛyɛ Na Mammrɛ Dodo?

 Ɛyɛ a wobrɛ dodo anaa? Sɛ saa a, ɛnde asɛm yi betumi aboa wo!

 Nea ɛde ba

  •   Nhyɛso. Ababaa bi a ne din de Julie kaa sɛ, “biribiara a wobɛyɛ wɔ asetenam no, nea nkurɔfo taa ka ara ne sɛ yere wo ho, pere kɔ w’anim, fa botae akɛse sisi w’ani so na ama woatumi akɔ w’anim. Ɛyɛ den sɛ wubegyina nhyɛso wei nyinaa ano!”

  •   Abɛɛfo mfiri. Ɛnnɛ fon, tablɛt, ne mfiri afoforo a aba so nti bere biara yɛwɔ biribi yɛ. Wei betumi ama yɛabrɛ na bere rekɔ so no, ɛbɛma yɛayɛ hahaaha.

  •   Bere a yennya nna. Nea ababaa bi a ne din de Miranda nso kae ni: “Sukuu, adwuma ne anigyede nti, mmabun pii sɔre ntɛm nanso wɔnna ntɛm. Wei ma wɔbrɛ nanso wontumi nyɛ ho hwee.” Sɛ ɛtoa so saa a, etumi ma obi yɛ hahaaha.

 Nea enti a ɛho hia

 Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ adwumaden. (Mmebusɛm 6:6-8; Romafo 12:11) Nanso ɛnka sɛ, ɛsɛ sɛ yɛyɛ adwuma ara kɔpem sɛ yɛrennya bere mfa nyɛ biribi foforo biara, na ɛbɔ yɛn yare mpo.

 “Da bi, m’ani baa me ho so no, na da mũ no nyinaa aduan ntɔɔ me yam esiane nnwuma pii a na magye agu me ho so nti. Mibehui sɛ, ɛnyɛ suban pa sɛ mede ahopere begye adwuma biara ato me ho so bere mpo a m’ahoɔden ntumi.”​—Ashley.

 Bible kae a ɛmmoa sɛ: “Ɔkraman a ɔte ase ye sen gyata a wawu.” (Ɔsɛnkafo 9:4) Sɛ wugyigye nnwuma pii gu wo ho so yɛ a, seesei de, wubetumi ate nka sɛ wo ho yɛ den te sɛ gyata. Nanso kae sɛ, sɛ wobrɛ dodo a, ebetumi de wo nkwa mpo ato asiane mu.

 Nea wubetumi ayɛ

  •   Sua sɛnea yɛka dabi. Bible ka sɛ: “Ahobrɛasefo na nyansa ne wɔn te.” (Mmebusɛm 11:2) Wɔn a wɔbrɛ wɔn ho ase no nim nea wobetumi ayɛ, na wɔnyɛ nnwuma a ɛboro wɔn ahoɔden so.

     “Sɛ obi nnim dabi ka a, ɛnyɛ den koraa sɛ ɔbɛbrɛ dodo. Saa onipa no, adwuma biara a, na wagye ato ne ho so. Wei nkyerɛ ahobrɛase. Onipa a ɔte saa no, ɛnkyɛ koraa na wayɛ hahaaha.”​—Jordan.

  •   Nya bere home. Bible ka sɛ: “Ɔhome nsa mã ye sen ɔbrɛ ne adehunu nsa mã abien akyidi.” (Ɔsɛnkafo 4:6) Wɔka sɛ nna yɛ “adwene no aduan,” nanso nnɔnhwerew nwɔtwe anaa edu a ɛsɛ sɛ mmabun de da no, wɔn mu pii nna saa.

     “Bere a na nneɛma pii gu me so no, na minnya bere pii mfa nna. Nanso ɛtɔ da a, saa dɔnhwerew baako pɛ a mede bɛda aka ho no, ade bɛkye no na m’ani agye, na ɛma mitumi nya ahoɔden de yɛ adwuma yiye.”​—Brooklyn.

  •   Toto nneɛma yiye. Bible ka sɛ: “Nsiyɛfo nhyehyɛe de mfaso ba.” (Mmebusɛm 21:5) Sɛ wusua sɛnea wode wo bere bedi dwuma na wototo wo nneɛma yiye a, ɛbɛboa wo wɔ w’asetena nyinaa mu.

     “Ɔbrɛ pii a yɛsesa gu yɛn ho so no, sɛ yɛtoto yɛn nneɛma yiye a, ɛso bɛtew. Nneɛma a wopɛ sɛ woyɛ no, sɛ woyɛ ho nhyehyɛe to hɔ a, ɛbɛma woahu faako a ɛsɛ sɛ woyɛ nsakrae na woammrɛ dodo.”​—Vanessa.