Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMABUN BISA SƐ

Mɛyɛ Dɛn Ayɛ Me Homework Nyinaa Awie?

Mɛyɛ Dɛn Ayɛ Me Homework Nyinaa Awie?

 “Wo de hwɛ sɛ abɔ anadwo 1:00 na woda so ara si wo ‘homework’ ho. Wo yam a anka woakɔtɔ wo mpa so ada.”—David.

 “Ná mitumi tena nhoma ho ara ma ɛbɔ ahemanakye 4:30, na ɛbɔ anɔpa 6:00 a masɔre akɔ sukuu. Ná minhu nea menyɛ me ho mpo!”—Theresa.

 Homework remene wo anaa? Sɛ saa a, ɛnde nea yɛrebɛka ho asɛm yi betumi aboa wo ama wo ho ahan wo.

 Adɛn nti na tikyafo ma homework?

 Homework so mfaso dɔɔso. Ebi ne sɛ . . .

  •   ɛma wo nimdeɛ dɔɔso

  •   ɛma wuhu sɛnea wobɛtoto wo nneɛma

  •   ɛkyerɛ wo sɛnea wobɛhyehyɛ wo bere yiye

  •   ɛboa wo ma wote nea wɔkyerɛɛ wo wɔ sukuu no ase yiye a

 “Nea enti a tikyafo ma sukuufo ‘homework’ ne sɛ, ɛma sukuufo no san fa nea wɔkyerɛɛ wɔn no so bio. Anyɛ saa a, nea tikya no kyerɛe no bewura wɔn aso baako mu, na apue afa foforo mu.”—Marie.

 Sɛ yɛfa maths ne science sei a, ɛboa wo ma wusua sɛnea wubedi nsɛm a ɛkyere adwene ho dwuma. Abenfo nso de ka ho sɛ, ɛma adwene no tumi yɛ adwuma yiye. Sɛnea obi teɛteɛ n’apɔw mu a ɛma onya ahoɔden no, saa ara na homework nso boa ma w’adwenem bue!

 Sɛ wuhu homework so mfaso oo, sɛ wunhu oo, woda so ara wɔ sukuu yi de, woyɛ dɛn ara a wɔbɛma wo homework. Nanso yɛwɔ asɛmpa bi ma wo: Ɛne sɛ, ɛwom, worentumi nkyerɛ homework dodow a wɔmfa mma wo, nanso bere tenten a wode tena wo homework ho no de, ɛso betumi atew ama wo. Wobɛyɛ no sɛn?

 Homework ho afotusɛm

 homework ayɛ adesoa ama wo a, ebia nea ɛbɛboa wo ne sɛ wode plan bɛto ho, na ɛnyɛ sɛ wubekum wo ho ada ho. Sɔ nea edidi so yi hwɛ.

  •   Afotusɛm 1: Yɛ ho nhyehyɛe to hɔ. Bible ka sɛ: “Nsiyɛfo nhyehyɛe de mfaso ba.” (Mmebusɛm 21:5) Ma nneɛma a wode bɛyɛ wo homework no nyinaa mmɛn wo sɛnea ɛbɛyɛ a wufi ase a worensɔresɔre.

     Afei nso, pɛ baabi a nneɛma rentwetwe w’adwene tena. Ebinom ahu sɛ wonya dan bi a emu yɛ dinn wɔ fie na ɛhɔ kanea no yɛ papa a, ɛboa wɔn paa. Ebinom nso fi fie kɔyɛ wɔn homework wɔ baabi foforo te sɛ library.

     “Wubetumi apɛ nhoma anaa kalenda bi a wobɛkyerɛw ‘homework’ a wɔde ama wo ne bere a wode bɛyɛ wɔ so. Ɛno betumi aboa wo ama wode wo bere ayɛ adwuma yiye. Sɛ da biara wuhu adwuma a ɛda w’anim ne bere a ɛsɛ sɛ wuwie a, ɛremma nneɛma mmobɔ wo so.”—Richard.

  •   Afotusɛm 2: Toto biribiara yiye. Bible ka sɛ: “Momma biribiara nkɔ so fɛfɛɛfɛ a nhyehyɛe da ho.” (1 Korintofo 14:40) Enti homework a wɔde bɛma wo no, hyehyɛ ne nyinaa, na woahu sɛ wufi wei so a, na worekɔ wei so.

     Ebinom de nea ɛyɛ den no na efi ase. Ebinom nso de, ɛyɛ a wɔpɛ sɛ wɔde nea ɛyɛ mmerɛw no fi ase na ahyɛ wɔn nkuran. Wo nso hwɛ nea ɛbɛboa wo.

     “Sɛ wudi kan kyerɛkyerɛw ‘homework’ a wowɔ nyinaa to hɔ a, ɛboa wo ma wuhu nea ehia sɛ wode fi ase ne nea wode bedidi so. Woyɛ no saa a, wubehu sɛ ɛrenyɛ w’ani so hwanyann.”—Heidi.

  •   Afotusɛm 3: Fa hyehyɛ so. Bible se: “Monnyɛ mo adwuma anihaw so.” (Romafo 12:11) Nneɛma bi wɔ hɔ a, sɛ woma kwan a, ebetumi agye bere a anka ɛsɛ sɛ wode yɛ wo homework no, nanso bɔ mmɔden sɛ woremma ɛmma saa.

     Obi a ɔyɛ mmɔtohɔ no, ne nneɛma taa ka akyi na wɔma no homework nso a, ɔtenatena ho ara, ebewie ase no, na ɔde retutu mmirika. Onipa a ɔte saa no, n’adesua ne ne homework ntaa nkɔ yiye. Sɛ wufi ase yɛ wo homework ntɛm a, ɛremma wo ho nkyere wo mma adwinnwen mmɛda wo so.

     “Sɛ mede ‘homework’ anaa sukuu dwumadi foforo ba fie na sɛ meyɛ no ntɛm anaa mifi ase ntɛm a, ɛmmɛyɛ me so adesoa akyiri yi, na ennidi nkɔ nneɛma foforo nso mu.”—Serina.

     WEI BETUMI ABOA WO: Bere a wode yɛ wo homework no, nsesasesa no. Ɛno bɛboa wo ama sɛ wode biribi si w’ani so a, woatumi ayɛ. Afei nso ɛbɛma woasua sɛnea wubedi nhyehyɛe so.

  •   Afotusɛm 4: Mma biribiara ntwetwe w’adwene. Bible ka sɛ: “Gyen w’ani hwɛ w’anim tẽẽ.” (Mmebusɛm 4:25) Enti sɛ woresua ade a, fa saa afotu no yɛ adwuma na hwɛ sɛ woremma biribiara ntwetwe w’adwene, ɛnkanka fon ne nneɛma a ɛtete saa.

     Sɛ wukokyinkyin Intanɛt so anaa wode text message kɔmoma nkurɔfo a, sɛ dɔnhwerew baako na anka wode bewie wo homework no a, anhwɛ a wode nnɔnhwerew mmienu na ebewie. Nanso sɛ woamma nneɛma antwetwe w’adwene a, ɛremma wo ho nyeraw wo, na wubenya bere de ayɛ nneɛma foforo.

     “Ɛnnɛ a fon, kɔmputa, video game, ne TV abu so yi, ɛyɛ den sɛ wode w’adwene besi ade baako so ayɛ. Nea meyɛ a ɛboa me ne sɛ, midum me fon ne biribi foforo biara a ɛbɛn me a ebetumi atwetwe m’adwene.”—Joel.

  •   Afotusɛm 5: Mfa wo ti nsi nhoma mu saa ara. Bible ka sɛ: “Momma nnipa nyinaa nhu mo ntease.” (Filipifo 4:5) Sɛ woreyɛ homework na wobrɛ a, home kakra. Woyɛ saa a, ɛremma wommrɛ mmoro so. Wubetumi akɔnantenantew, woaka sakre, anaa woatu mmirika.

     Woyɛ wei nyinaa na sɛ woda so ara te nka sɛ homework no dɔɔso dodo a, wo ne wo tikyafo nka ho asɛm. Sɛ tikyafo no hu sɛ ampa woreyɛ nea wubetumi nyinaa a, ebia wɔbɛyɛ ho biribi.

     “Mma kwan mma ‘homework’ nsɛe w’anigye. Yɛ nea wubetumi. Nneɛma bi wɔ hɔ a ɛho nhia sɛ wode wo kɔn hyɛ mu ara ma wo ti bom; ‘homework’ ka saa nneɛma no ho.”—Julia.

 Nsɛm bi a ɛsɛ sɛ wubisa wo ho:

  •   Nneɛma bɛn na mehia de ayɛ me homework?

  •   Bere bɛn na meyɛ me homework a, ɛbɛboa me?

  •   Ɛhe na mekɔtena sua ade a, biribiara rentwetwe m’adwene?

  •   Dɛn na ɛbɛboa me na manyɛ mmɔtohɔ?

  •   Sɛ mereyɛ homework a, nneɛma bɛn na ebetumi atwe me asan?

  •   Fon ne nneɛma foforo a ebetumi atwetwe m’adwene no, dɛn na metumi ayɛ wɔ ho?

  •   Mɛyɛ dɛn na mamma homework annye m’adwene nyinaa?

 ASƐNHIA: Hwɛ hu sɛ homework a wɔde ama wo no, wote biribiara ase. Sɛ biribi mu nna hɔ mma wo a, bisa wo tikya ansa na woafi sukuu mu.

a Yɛfaa nsɛm no bi fii nhoma a wɔato din School Power no mu. Jeanne Schumm na ɔkyerɛwee.