Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMABUN BISA SƐ

Adɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Meboa Afoforɔ?

Adɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Meboa Afoforɔ?

Nneɛma mmienu bi a nnipa pii nnim

 Nea ɛdi kan: Sɛ woboa nkurɔfoɔ a, nkurɔfoɔ nso boa wo!

Sɛ woboa nkurɔfoɔ a, obiara bɛhunu. Enti wo nso, nkurɔfoɔ bɛboa wo. Bible ka sɛ:

  • “Monkɔ so mma na nkurɔfoɔ ama mo. . . . Susukoraa a mode susu ma nkurɔfoɔ no, ɛno ara na wɔde bɛsusu ama mo.”​—Luka 6:​38.

  • “Deɛ wode yɛ nkurɔfoɔ no, ɛno ara na nkurɔfoɔ de bɛyɛ wo.”​—Luka 6:​38, Contemporary English Version.

Nea ɛtɔ so mmienu: Sɛ woboa nkurɔfoɔ a, woboa wo ho!

Sɛ woyɛ nneɛma pa ma nkurɔfoɔ a, ɛma wonya ahotɔsoɔ na w’akoma tɔ wo yam. Bible ka sɛ:

  • “Ɔma mu wɔ anigyeɛ pii sene ɔgyeɛ.”​—Asomafoɔ Nnwuma 20:35.

  • “Sɛ woto pono a, to nsa frɛ ahiafoɔ, mmubuafoɔ, mpakye, ne anifirafoɔ; na wobɛnya anigyeɛ, ɛfiri sɛ wɔn deɛ wɔnni biribiara a wɔde bɛtua wo so ka.”​—Luka 14:13, 14.

Mmabunu a wɔdwene nnipa ho

 Mmabunu pii wɔ hɔ a wɔdwene nnipa ho. Nea ebinom yɛ na ɛdidi soɔ yi:

“Ɛtɔ da a mepɛ sɛ metena ase dwodwo me ho na mehwɛ TV. Nanso, ɛyɛ a medwene ho sɛ, me maame ne me papa bɛfiri adwumam abɛdu fie no, na wɔabrɛ. Enti mentenatena ase kɛkɛ. Mmom, mehohoro nkukuo mu, prapra, pepa nneɛma ho. Afei, menim sɛ m’awofoɔ pɛ kɔfe paa. Enti meyɛ bi si wɔn hɔ. Sɛ me maame ba fie a, ɔka sɛ, ‘Ɛha ayɛ fɛ paa! Ɛha ayɛ hwam sɛ! Medaase paa, me dɔba.’ Berɛ biara a mɛyɛ biribi pa saa ama me maame ne me papa no, ɛma m’ani gye paa.”​—Casey.

“M’awofoɔ ayɛ bi ama me paa. Enti afe a ɛtwaam no berɛ a wɔn kar sɛeeɛ no, meyii me sika a mede asie no mu fã kɛseɛ no ara maa wɔn sɛ wɔmfa nyɛ no yie. Ahyɛaseɛ no, wɔampɛ sɛ wɔbɛgye. Nanso, meyɛɛ araa ma wɔgyeeɛ. Nea m’awofoɔ ayɛ ama me no, sɛ mede sika a mede maa wɔn no toto ho a, mehu sɛ me sika no nnuru ho baabiara. Berɛ a meyii me yam kyɛɛ wɔn adeɛ no, ɛmaa m’ani gyee paa.”​—Holly.

Wonim? Yehowa Adansefoɔ mmabunu pii de Bible kyerɛkyerɛ nkurɔfoɔ. Ɛno ma wɔn ani gye ɛfiri sɛ nea wɔyɛ no boa nkurɔfoɔ. Mmabunu no bi mpo atu akɔtena amannɔne, baabi a nnipa pii no ara nnim Bible ho hwee.

“Metu fii United States kɔɔ Mexico sɛnea ɛbɛyɛ a mɛtumi aboa nkurɔfoɔ ma wɔate Bible ase. Menni bi, enti sɛ mepɛ sɛ mekyɛ obi sika anaa biribi foforɔ mpo a, ɛtɔ da a na ayɛ den. Nanso, mabɛhunu sɛ, sɛ mede me berɛ ne m’ahoɔden yɛ asɛnka adwuma no a, nkurɔfoɔ ani gye ho sen sɛ mɛma wɔn sika ne nneɛma bi a ɛtete saa.”​—Evan.

Mɛyɛ dɛn aboa nkurɔfoɔ?

 Wɔn a wɔboa nkurɔfoɔ no, wɔn ani gye. Wo nso wopɛ sɛ wonya saa anigyeɛ no bi? Nea wobɛtumi ayɛ nie:

Sɛ wopɛ sɛ woboa w’abusuafoɔ a, ɛnneɛ:

  • Prapra, hohoro nkukuo mu; wobɛtumi nso asiesie dan mu. Mma obi nnka nnkyerɛ wo ansa na woayɛ

  • Yɛ aduane si wɔn hɔ

  • Twerɛ nsɛm gu krataa anaa kad so fa da w’awofoɔ ase

  • Boa wo nua ma ɔnyɛ ne sukuu dwumadie

Sɛ wopɛ sɛ woboa wɔn a wɔnyɛ w’abusuafoɔ a, ɛnneɛ:

  • Sɛ obi yare a, twerɛ krataa kɔma no, anaa fa kad mane no

  • Sɛ obi a wanyini te bɛn mo fie a, dodɔ ne mfikyire na siesie hɔ ma no

  • Sɛ wonim obi a yareɛ nti waka dan mu a, kɔsra no

  • Tɔ adeɛ kɔkyɛ obi a wayɛ basaa

Yɛ wei hwɛ: Dwene ho hwɛ sɛ biribi foforɔ bi wɔ hɔ a wobɛtumi ayɛ aka deɛ yɛaka yi ho anaa. Afei, bɔ mmɔden sɛ nnawɔtwe yi wobɛboa obi. W’ani gye a ɛbɛgye deɛ, yɛnka!

“Sɛ woboa nkurɔfoɔ a, ɛma w’ani gye. Ɛma wohunu sɛ woayɛ adepa, na sɛ wohunu sɛdeɛ nkurɔfoɔ ani sɔ deɛ woayɛ ama wɔn no a, w’ani gye. Sɛ woreboa obi a, ebia worenhwɛ kwan sɛ w’ani bɛgye. Nanso, ɛntɔ ara sɛ wobɛwie no, na w’ani agye. Mfasoɔ a wobɛnya afiri mu nti, worente nka sɛ wode biribi mpo abɔ afɔreɛ.”​—Alana.