Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMABUN BISA SƐ

Adɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wokɔ Asafo Nhyiam Wɔ Ahenni Asa So?

Adɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wokɔ Asafo Nhyiam Wɔ Ahenni Asa So?

 Nnawɔtwe biara, Yehowa Adansefo hyiam mprenu som Onyankopɔn wɔ baabi a yɛfrɛ hɔ Ahenni Asa. Ɛdɛn na yɛyɛ wɔ hɔ, na wokɔ hɔ a, ɛbɛboa wo sɛn?

 Ɛdɛn na yɛyɛ wɔ Ahenni Asa so?

 Ahenni Asa so na yehyiam sua Bible nya so mfaso. Nhyiam a yɛyɛ wɔ hɔ no bɛboa wo ama:

  •   woasua Onyankopɔn ho nokwasɛm.

  •   nea ɛrekɔ so wɔ wiase nnɛ no, woahu nea ɛkyerɛ.

  •   woayɛ nipa pa.

  •    woanya nnamfo pa.

 Wunim biribi? Baabi a Yehowa Adansefo hyiam som no, yɛfrɛ hɔ Ahenni Asa, efisɛ yɛtaa ka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm wɔ hɔ.​—Mateo 6:​9, 10; 24:14; Luka 4:​43.

 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wokɔ hɔ?

 Nea yesua wɔ hɔ no bɛboa wo. Bible mu afotusɛm a yesua wɔ Yehowa Adansefo nhyiam ahorow ase no bɛboa wo ama ‘woahu nyansa.’ (Mmebusɛm 4:5) Wei kyerɛ sɛ Bible no betumi aboa wo pa ara ama woasisi gyinae pa wɔ asetenam. Ebetumi nso aboa wo ama woanya nsɛmmisa a ɛho hia pa ara no ho mmuae. Ebi ne sɛ:

 Sɛ yɛkɔ asafo nhyiam Memeneda anaa Kwasida a, ɔkasa ahorow a yɛma no, emu kakraa bi asɛmti na edidi so yi:

  •   Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Woma Bible Kyerɛ Wo Kwan?

  •   Ɛhe Na Wubetumi Anya Mmoa Wɔ Ahohia Bere Mu?

  •   Nea Onyankopɔn Ahenni Reyɛ Ama Yɛn Nnɛ.

 “Me sukuuni bi baa nhyiam no baako. Ɔne yɛn abusua no tenaa faako, na yɛma ɔhwɛɛ yɛn nhoma no mu bi. Bere a yɛpɔn nhyiam no, ɔka kyerɛɛ me sɛ, adesua no fã a atiefo nso tumi kasa no, n’ani gyee mmuae a nkurɔfo mae no ho pa ara. Ɔtoaa so sɛ, wɔn asɔre hɔ de, wonni nhoma a wɔde sua ade te sɛ yɛn.”​—Brenda.

 Wunim biribi? Nkongua a ɛwɔ Ahenni Asa so no, yentua sika ansa na yɛatena so, na wokɔ hɔ nso a, wonnyigye kɔlɛhyen.

 Fekubɔ no bɛhyɛ wo den. Bible ka sɛ ade baako nti a Kristofo hyiam ne sɛ ‘wɔbɛhyehyɛ wɔn ho nkuran.’ (Hebrifo 10:24, 25) Wiase yi mu nnipa dodow no ara nnwen afoforo ho. Enti nnipa a wɔde Onyankopɔn som ne afoforo ahiade di kan no, sɛ wunya wɔn ne wɔn bɔ a, hwɛ sɛnea ɛbɛma wo koma atɔ wo yam!

 “Nea mefa mu wɔ sukuu nti, sɛ mepɔn a mitumi te nka sɛ me werɛ ahow na mabrɛ yiye, nanso nkurɔfo a ɛwɔ Ahenni Asa so no ma me koma tɔ me yam. Sɛ yɛpɔn nhyiam na merekɔ fie a, mete nka sɛ m’ani agye, na manya ahoɔden foforo a mede bɛkɔ sukuu ɔkyena.”​—Elisa.

 Wunim biribi? Yehowa Adansefo asafo ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa boro 120,000, na faako a wohyiam nso boro 60,000. Sɛ wɔkyekyɛm pɛpɛɛpɛ a, afe biara yesisi Ahenni Asa bɛyɛ 1,500 na aboa ama nnipa pii a wɔreba asafo no mu no anya baabi ahyiam. a

a Sɛ worepɛ baabi a yehyiam a, kɔ yɛn wɛbsaet hɔ na hwehwɛ “Yehowa Adansefo Asafo Nhyiam,” afei klik “Hwehwɛ Baabi a Ɛbɛn Wo.”