Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMABUN BISA SƐ

Ɛsɛ Sɛ Yɛtetew Mu Anaa? (Ɔfã 1)

Ɛsɛ Sɛ Yɛtetew Mu Anaa? (Ɔfã 1)

 Ɛtɔ da a, ntetewmu so wɔ mfaso. Hwɛ Jill asɛm yi, ɔka sɛ: “Mfiase no de, na ɛyɛ me sɛ aberante a me ne no ayɛ aware nhyehyɛe no dwen me ho pa ara. Bere biara, na ɔpɛ sɛ ohu baabi a mewɔ, nea mereyɛ, ne onii a me ne no nam. Nanso eduu baabi no, na ɔmpɛ sɛ me ne obiara bɔ, gye sɛ ɔno nko ara. Ohu sɛ me ne m’abusuafo wɔ hɔ mpo a, na ɛyɛ no yaw. Sɛ ɛyɛ me papa mpo de a, na asɛm no asɛe koraa. Nanso bere a yɛtetew mu no, na ɛte sɛ nea wɔayi adesoa bi afi me so!”

 Asɛm koro yi ara bi too Sarah. Na ɔne aberante bi a ne din de John renantew ahwɛ sɛ wobetumi aware anaa. Akyiri yi, obehui sɛ John nnim kasa, ɔhyɛ nipa so, na onni suban nso. Sarah ka sɛ: “Bere bi, na ɛsɛ sɛ me ne John kɔ baabi. Nnɔnhwerew mmiɛnsa paa ho ansa na ɔreba! Obedui a me maame buee pon no maa no no, anka ɔnka biribi mpo nkyerɛ no ɛ! Nea John kae ara ne sɛ: ‘Ma yɛnkɔ na yɛakyɛ.’ Ɛnyɛ sɛ ‘ɔno na wakyɛ,’ na mmom ‘yɛakyɛ.’ Sɛ́ anka ɔbɛkyerɛ obu na wapa kyɛw no, wanyɛ saa. Wanhaw ne ho mpo sɛ ɔbɛka nea enti a wamma ntɛm!”

 Sɛ ɛwom ara a, mo mu baako bedi mfomso. Ɛno nkyerɛ sɛ morentumi nware. (Dwom 130:3) Nanso, Sarah behui sɛ na ɛnyɛ da koro bi kɛkɛ na biribi saa asi na mmom ɛyɛ John suban. Enti ɔne John tetew mu.

 Sɛnea esii wɔ Jill ne Sarah asɛm no mu no, wo nso, sɛ wuhu sɛ onipa a wo ne no renantew ahwɛ sɛ mubetumi aware no nyɛ obi a wubetumi ne no abɔ bra nso ɛ? Sɛ ɛba saa a, nnaadaa wo ho nka sɛ ɛbɛyɛ yiye! Wei betumi ayɛ den, nanso ebia ntetewmu ara na ɛbɛboa mo. Mmebusɛm 22:3 ka sɛ: “Onitefo ne nea ohu mmusu na ɔde ne ho hintaw.”

 Nokwasɛm ne sɛ, ntetewmu nna fam. Nanso kae sɛ, aware wɔ hɔ yi, yɛnkɔ nsan. Ɛyɛ papa sɛ mobɛtetew mu na woadi yaw bere tiaa bi, sen sɛ mobɛware na woadi yaw wo nkwa nna nyinaa!