Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMABUN BISA SƐ

Mɛyɛ Dɛn Ahyehyɛ Me Bere Yiye?

Mɛyɛ Dɛn Ahyehyɛ Me Bere Yiye?

 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wohyehyɛ wo bere yiye?

  •   Yebetumi de bere atoto sika ho. Sɛ wosɛe no a, ɛbɛma wo ho akyere wo efisɛ da a wubehia no, worennya bi. Saa ara nso na sɛ wototo wo bere yiye a, wubenya bere pii de agyigye w’ani.

     Bible mu afotusɛm: “Ɔkwadwofo kɔn dɔ, nanso ne kra nnya hwee. Na nsiyɛfo kra de, ɛbɛdɔ srade.”​—Mmebusɛm 13:4.

     Nea yɛreka akosi: Sɛ wohyehyɛ wo bere yiye a, wo ho renkyere wo, mmom wubenya bere pii.

  •   Bere a woyɛ aberantewa anaa ababaa yi, sɛ wusua sɛ wobɛhyehyɛ wo bere yiye a, wunyin a ɛbɛboa wo pa ara. Ebetumi mpo aboa wo na wunya adwuma daakye a, amfi wo nsa. Sɛ woyɛ adwumawura a, anka wobɛpɛ sɛ wo ne obi a ɔmma adwuma ntɛm bɛyɛ adwuma anaa?

     Bible mu afotusɛm: “Onipa a odi ade ketewa mu nokware no di pii mu nokware nso.”​—Luka 16:10.

     Nea yɛreka akosi: Sɛnea wohyehyɛ wo bere no kyerɛ onipa kõ a woyɛ.

 Momma yɛnka, ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobɛhyehyɛ wo bere yiye. Ma yɛnhwɛ nneɛma mmiɛnsa bi a etumi ma ɛyɛ den sɛ obi bɛyɛ saa.

 Nea ɛma ɛyɛ den #1: Nnamfo

 “Ɛkame ayɛ sɛ da biara a me nnamfo bɛka sɛ me ne wɔn mpue no, minni bere mpo a, ɛyɛ a me ne wɔn kɔ. Ɛyɛ a misusuw sɛ, ‘Meba fie a, metumi ayɛ nea ɛsɛ sɛ meyɛ biara ntɛm.’ Nanso, ɛnyɛ da biara na ɛkɔ yiye. Ɛtɔ da a, nneɛma tumi gye nsam koraa.”​—Cynthia.

 Nea ɛma ɛyɛ den #2: Nneɛma a ɛtwetwe adwene

 “Sini ne dwumadi ahorow bi a woyi wɔ TV so no tumi kyere obi tena ho araa ma ogye ne ho a, enye.”​—Ivy.

 “Mitumi sɛe nnɔnhwerew pii wɔ me tablɛt ho, gye sɛ me batere awu ansa na matumi asɔre. Ɛba saa a, na m’ani awu.”​—Marie.

 Nea ɛma ɛyɛ den #3: Mmɔtohɔ

 “Yɛma me sukuu dwumadi anaa biribi foforo a ɛsɛ sɛ meyɛ a, ɛyɛ a meyɛ mmɔtohɔ. Mesɛe bere de yɛ nneɛma a ɛho nhia, enti m’ani bɛba me ho so no na bere atia me. Dwumadi yi nso, yɛ ara na ɛsɛ sɛ meyɛ. Wei nyɛ suban pa koraa.”​—Beth.

Sɛ wohyehyɛ wo bere yiye a, wo ho renkyere wo, mmom wubenya bere pii

 Nea wubetumi ayɛ

  1.   Kyerɛw nnwuma a ɛsɛ sɛ woyɛ no. Ebi ne nnwuma a ɛsɛ sɛ woyɛ wɔ fie ne sukuu dwumadi ahorow. Afei, kyerɛw bere dodow a wubehia de ayɛ emu biara wɔ nnawɔtwe biara mu no to hɔ.

     Bible mu afotusɛm: ‘Mompɛɛpɛɛ mu nhu nneɛma a ehia koraa no.’​—Filipifo 1:10.

  2.   Kyerɛw nneɛma a woyɛ bere a woregye w’ahome no. Saa nneɛma no mu bi ne sohyial nɛtwɛk a wukyinkyin so ne TV a wohwɛ. Ɛno nso, kyerɛw nnɔnhwerew dodow a wode yɛ emu biara wɔ nnawɔtwe biara mu no to hɔ.

     Bible mu afotusɛm: “Monkɔ so nnantew nyansam . . . , na montɔ bere a mubenya biara.”​—Kolosefo 4:5.

  3.   Yɛ nhyehyɛe pa. Hwɛ nneɛma mmienu a woakyerɛw no. Bisa wo ho sɛ, ‘Bere a makyerɛw sɛ mede bɛyɛ nnwuma a ɛho hia no, ɛbɛsõ anaa? Bere a makyerɛw sɛ mede bɛyɛ nneɛma a mede gye m’ahome no, ɛsɛ sɛ metew so anaa?’

     Nyansahyɛ: Kyerɛw nneɛma a wopɛ sɛ woyɛ no da biara no. Wuwie emu biara a, kyerɛw biribi hyɛ ho fa kyerɛ sɛ woawie.

     Bible mu afotusɛm: “Nsiyɛfo nhyehyɛe de mfaso ba.”​—Mmebusɛm 21:5.

  4.   Yɛ nea wɔakyerɛw no ho adwuma. Ɛtɔ da a, sɛ obi ka sɛ wo ne no mpue a, ɛsɛ sɛ wutumi ka kyerɛ no sɛ wunni adagyew sɛnea ɛbɛyɛ a wubenya bere de ayɛ nneɛma a ɛho hia. Woyɛ saa a, awiei koraa no, wubehu sɛ woanya bere pii a wode begye w’ahome, na w’ani begye pa ara.

     Bible mu afotusɛm: “Monnyɛ mo adwuma anihaw so.”​—Romafo 12:11.

  5.   Yɛ wo nnwuma nyinaa wie ansa na woagye w’ani.

     Ababaawa bi a ne din de Tara ka sɛ, “Ɛtɔ da a, nea makyerɛw sɛ mɛyɛ no, sɛ miwie emu mmienu a, mitumi ka kyerɛ me ho sɛ, ‘Mayɛ bi. Ma menhwɛ TV simma 15 bi ansa na matoa so.’ Mehu ara ne sɛ simma 15 no adan simma 30. M’ani bɛba me ho so no, na masɛe nnɔnhwerew mmienu de ahwɛ TV!”

     Dɛn na ɛbɛboa? Da biara, hwɛ hu sɛ woawie nnwuma a ɛsɛ sɛ woyɛ no nyinaa ansa na woagye w’ani.

      Bible mu afotusɛm: “Onipa wɔ hɔ yi, biribi pa bi nni hɔ mma no sɛ . . . ne kra behu adepa, ne brɛ mu.”​—Ɔsɛnkafo 2:24.