Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMABUN BISA SƐ

Sɛn Na Bible No Betumi Aboa Me?​—Ɔfã 1: Kenkan Wo Bible Na Hu Nea Ɛwom

Sɛn Na Bible No Betumi Aboa Me?​—Ɔfã 1: Kenkan Wo Bible Na Hu Nea Ɛwom

 “Mabɔ mmɔden ara sɛ mɛkenkan Bible, nanso mehwɛ sɛnea ɛso no a, ehunahuna me!”​—Briana, 15.

 Saa na wote nka? Asɛm yi betumi aboa wo!

 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mekenkan Bible?

 Yɛbɔɔ Bible akenkan so ara na w’anim asesa anaa? Sɛ saa a, ntease wom. Ebia wote nka sɛ Bible no sõ dodo, mfoni biara nnim, na ɛnyɛ anika te sɛ TV anaa video.

 Wo de hwɛ o: Fa no sɛ woakɔto tete adaka kɛse bi a agude gu mu, anka wo ho rempere wo sɛ wubehu nea ɛwom?

 Bible no te sɛ saa adaka no. Nyansasɛm bebree wom a ɛbɛboa wo ama

  •   Woasi gyinae pa

  •   Wo ne w’awofo ntam ayɛ kama

  •   Woanya nnamfo papa

  •   Sɛ nneɛma rehyɛ wo so a woatumi agyina ano

 Tete nhoma a akyɛ sei de, ɛbɛyɛ dɛn na atumi aboa yɛn nnɛ? Ebetumi aboa yɛn efisɛ “Kyerɛwnsɛm no nyinaa fi Onyankopɔn honhom mu.” (2 Timoteo 3:16) Wei kyerɛ sɛ, Onii a Bible no mu afotu fi ne hɔ no, obiara nni hɔ a ɔne no sɛ.

Bible no te sɛ adaka bi a agude a ɛsom bo ahyɛ no ma. Nsɛm a ɛbɛma yɛahu nyansa ahyɛ mu ma

 Ɔkwan bɛn na mɛfa so akan Bible?

 Ɔkwan baako ne sɛ wobɛkan Bible no afi ti akosi ti. Woyɛ saa a, ɛno bɛma woahu asɛm a Bible no ka no ani so yiye. Akwan a wubetumi afa so akenkan Bible no dɔɔso. Susuw emu mmienu yi ho hwɛ:

  •    Wubetumi akenkan Bible nhoma 66 no nnidiso nnidiso; efi Genesis kosi Adiyisɛm.

  •    Wubetumi akenkan sɛnea nsɛm sisii wɔ Bible no mu no nnidiso nnidiso.

 Nyansahyɛ: Appendix A7 a ɛwɔ New World Translation anaa nhomawa a wɔato din Fa Sua Onyankopɔn Asɛm, Ɔfã 4 no ka Yesu asase so asetena ho nsɛm nnidiso nnidiso.

 Ɔkwan a ɛto so mmienu ne sɛ wobɛpaw Bible mu asɛm bi a ɛfa ɔhaw bi a worehyia ho na woakenkan. Ɛho nhwɛso ni:

  •   Wopɛ sɛ wunya nnamfo pa anaa? Kenkan Yonatan ne Dawid adamfofa no ho asɛm. (1 Samuel, ti 18-​20) Afei hwɛ dwumadi krataa a wɔato din “How to Find Loyal Friends,” na nya asuade pii fi saa asɛm no mu.

  •   Wopɛ sɛ wunya ahoɔden de gyina sɔhwɛ ahorow ano? Kenkan sɛnea Yosef ko tiaa sɔhwɛ no ho nsɛm. (Genesis, ti 39) Afei hwɛ dwumadi krataa a wɔato din “How to Resist Temptation . . . Joseph​—Part 1” ne “Falsely Accused! Joseph​—Part 2,” na nya asuade pii fi saa asɛm no mu.

  •   Wopɛ sɛ wuhu sɛnea mpaebɔ betumi aboa wo anaa? Kenkan Nehemia suahu no ho asɛm. (Nehemia, ti 2) Afei hwɛ dwumadi krataa a wɔato din “God Answered His Prayer,” na nya asuade pii fi saa asɛm no mu.

 Nyansahyɛ: Sɛ worekenkan Bible a, hwɛ hu sɛ baabi a wowɔ no yɛ dinn na ama woatumi de w’adwene asi nea worekenkan no so.

 Ɔkwan a ɛto so mmiɛnsa ne sɛ, paw Bible mu asɛm bi anaa Nnwom nhoma a ɛwɔ Bible mu no fã bi na kenkan. Afei hwɛ sɛnea asɛm no fa wo ho. Wokenkan wie a, bisa wo ho sɛ:

  •    Adɛn nti na Yehowa ma wɔkyerɛw asɛm yi wɔ Bible mu?

  •    Dɛn na asɛm yi ma yehu fa Yehowa su anaa sɛnea ɔyɛ n’ade ho?

  •    Mɛyɛ dɛn de saa asɛm yi ayɛ adwuma wɔ m’asetena mu?

 Nyansahyɛ: Wohwɛ New World Translation (Study Edition) mu a, wubenya video, map, ne nneɛma foforo a ɛbɛboa wo ama woanya Bible akenkan so mfaso pa ara.