Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMABUN BISA SƐ

Dɛn Na Metumi Ayɛ Na M’awofo Agye Me Adi?

Dɛn Na Metumi Ayɛ Na M’awofo Agye Me Adi?

 Nea ɛsɛ sɛ wuhu

 Sɛ́ obi begye wo adi anaa onnye wo nni no, egyina wo nokwaredi so. Wutie w’awofo a, ɛte sɛ nea woretua ɛka bi a wode. Wode w’awofo ka bi. Ɛka no ne sɛ wubetie wɔn. Sɛ wobɔ mmɔden ‘tua saa ka no’ a, w’awofo nso bɛma wo ‘bosea’ anaa ahofadi pii. Nanso sɛ woanni nokware a, wubehu sɛ ‘bosea’ anaa ahofadi a wɔde bɛma wo no bɛyɛ kakraa bi.

 Egye bere na obi agye wo adi. Ɛsɛ sɛ woma w’awofo hu sɛ womfa nneɛma nni agoru. Ɛno bɛma wɔama wo ahofadi pii.

 ASƐM A ESII ANKASA: “Sɛ́ aberante no, na minim nea m’awofo pɛ sɛ meyɛ pa ara. Enti nnipa ani so de, na meyɛ nea m’awofo pɛ, nanso na meyɛ nea mepɛ wɔ sum ase. Ɛno maa ɛyɛɛ den sɛ m’awofo begye me adi. Eduu bere bi no, mibehui sɛ sɛ menya ahofadi pii a, ɔkwan baako pɛ na metumi afa so. Ɛne sɛ medi nokware. Ɛsɛ sɛ wudi nokware na afoforo agye wo adi.”​—Craig.

 Nea wubetumi ayɛ

 Sɛ w’anim begu ase mpo a, ka nokware. Obiara di mfomso, nanso wudi atoro kata so (anaa wode nsɛm no bi sie sɛnea ɛbɛyɛ a wonhu nokwasɛm a ɛwom) a, gyidi biara a w’awofo wɔ wɔ wo mu no bɛyera. Nanso, sɛ woma obiara hu sɛ woka nokware pa ara a, w’awofo behu sɛ wonyɛ abofra bio, efisɛ wutumi gye wo mfomso tom. Nipa saa na nkurɔfo tumi gye no di.

 “Sɛ wudi mfomso a, ɛno nkyerɛ sɛ nkurɔfo nnye wo nni, nanso bere biara a wode mfomso besie no, gyidi a nkurɔfo wɔ wɔ wo mu no so bɛte.”​—Anna.

 Bible ka sɛ: “Yɛpɛ sɛ yɛde nokwaredi bɔ yɛn bra wɔ biribiara mu.”​—Hebrifo 13:18.

  •   Dwen wei ho: Sɛ w’awofo bisa wo baabi a worekɔ ne nea worekɔyɛ a, ɛyɛ a woka emu nokware nyinaa kyerɛ wɔn? Anaasɛ w’awofo bisa wo baabi a wokɔe ne nea wokɔyɛe a, nea wɔpɛ sɛ wɔte no, woka bi gyaw bi anaa?

 Kyerɛ sɛ wunim w’asɛde. Mmara biara a ɛwɔ fie no, di so. Yɛ nnwuma a wɔde ahyɛ wo nsa wɔ fie no ntɛm. Sɛ wo ne obi yɛ nhyehyɛe a, di bere so. W’ankasa hwɛ sɛ wobɛyɛ wo homework. Sɛ wupue a, bere a w’awofo de ama wo sɛ bra fie no, mma ɛmpa ho.

 “Sɛ w’awofo ma wo kwan sɛ wo ne wo nnamfo mpue, na wɔka sɛ bra bɛyɛ anwummere 9:00 a, ɛnkohyem mma ɛmmɔ 10:30. Woyɛ saa a, ɛnde nhwɛ kwan sɛ bere foforo wɔbɛma kwan ama wo ne wo nnamfo apue!”​—Ryan.

 Bible ka sɛ: “Obiara bɛsoa n’ankasa adesoa.”​—Galatifo 6:5.

  •   Dwen wei ho: Woyɛ obi a wudi wo bere so, na woyɛ fie nnwuma a wɔde ahyɛ wo nsa anaa? Afei, yenim wo sɛ obi a wudi mmara so a nea wompɛ mpo ka ho anaa?

     Nya abotare. Sɛ woayɛ biribi ama w’awofo nnye wo nni bio a, ɛnde ebegye bere ansa na wɔasan agye wo adi. Enti nya abotare na twɛn.

 “Bere a minyinii duu baabi no, me bo fuwii sɛ m’awofo mfa nneɛma pii nhyehyɛ me nsa. Ná minnim sɛ, ɛsono sɛ obi renyin, ɛnna ɛsono sɛ obi ho akokwaw. Ɛno nti, mibisaa m’awofo nea metumi ayɛ na ama wɔagye me adi bio. Egyee bere de, nanso ɛboae. Mibehui sɛ, ɛnyɛ mfe a obi adi na ɛma afoforo gye no di, mmom ne nneyɛe na ɛkyerɛ.”​—Rachel.

 Bible ka sɛ: “Monkɔ so mpɛɛpɛɛ mo mu nhwɛ.”​—2 Korintofo 13:5.

  •   Dwen wei ho: Wopɛ sɛ w’awofo gye wo di, anaa wonya wo mu ahotoso bio anaa? Ɛnde nneɛma bɛn na wubetumi ayɛ de ‘apɛɛpɛɛ wo mu ahwɛ’ anaa wode bɛkyerɛ sɛ wofata sɛ wogye wo di?

 NYANSAHYƐ: Fa botae bi si w’ani so. Ebi ne sɛ wubedi wo bere so, wobɛyɛ wo nnwuma a ɛsɛ sɛ woyɛ wɔ fie, anaa bere a wɔde ama wo sɛ wupue a bra fie no, wubedi so. Ebetumi ayɛ biribi foforo biara a wopɛ sɛ wode si w’ani so. Ma w’awofo nhu nea woasi wo bo sɛ wobɛyɛ no. Bisa wɔn nea wɔpɛ sɛ woyɛ na wɔagye wo adi. Afei, yere wo ho na fa afotu a Bible de ama yi yɛ adwuma. Ɛka sɛ: “Munyi nipasu dedaw a ɛne mo kan abrabɔ no hyia . . . no ngu.” (Efesofo 4:22) Bere rekɔ so no, w’awofo behu wo nkɔso.