Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMABUN BISA SƐ

Mebɔ Asu Wie a, Dɛn Bio Na Ɛsɛ Sɛ Meyɛ?—Ɔfã 1: Kɔ So Yɛ Nneɛma a Woyɛ No Daa De Som Yehowa No

Mebɔ Asu Wie a, Dɛn Bio Na Ɛsɛ Sɛ Meyɛ?—Ɔfã 1: Kɔ So Yɛ Nneɛma a Woyɛ No Daa De Som Yehowa No

 Sɛ obi wɔ agyapade a ɛsom bo te sɛ efie anaa kar a, ehia sɛ ɔma n’ani kɔ ho na ɔhwɛ so yiye paa. Saa ara na yɛne Onyankopɔn ntam ayɔnkofa nso te; ehia sɛ yɛhwɛ so yiye na biribiara ansɛe no. Ɛnde w’asubɔ akyi no, dɛn na wubetumi ayɛ de ahyɛ wo ne Onyankopɔn ayɔnkofa no mu den?

Nea yɛrebɛka ho asɛm

 Kɔ so sua Onyankopɔn Asɛm

 Kyerɛwnsɛm titiriw: ‘Kɔ so sow aba wɔ adwuma pa biara mu, na woanya Onyankopɔn ho nokware nimdeɛ pii.’—Kolosefo 1:10.

 Nea ɛkyerɛ: Sɛ wobɔ asu wie a, ehia sɛ wokɔ so kenkan Bible na wudwinnwen asuade a ɛwom no ho.—Dwom 25:4; 119:97.

 Nea wubetumi ahwɛ kwan: Ɛtɔ da a Bible akenkan bɛyɛ wo anihaw. Ebia ɛbɛyɛ wo sɛ, “Me de, adesua de memmɔ ho mmɔden.”

 Nea wubetumi ayɛ: Bible mu nsɛm a w’ani gye ho no, dɔ mu asukɔ, na yɛ mu nhwehwɛmu. Yɛ nhyehyɛe a wode besua ade. Ma nhyehyɛe no nyɛ nea wubetumi adi so. Wo botae ne sɛ ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa ne n’Asɛm Bible no bɛyɛ kɛse. Sɛ wode saa botae no si w’ani so a, ɛbɛma w’ani agye adesua ho. Afei nso, wubenya so mfaso.—Dwom 16:11.

 Biribi a ebetumi aboa wo: Sɛ wopɛ sɛ wunya w’adesua so mfaso paa a, bɔ mmɔden sɛ wubesua ade wɔ baabi a ɛhɔ yɛ komm a biribiara rentwetwe w’adwene.

 Wuhia nsɛm pii aka ho anaa?

 Kɔ so bɔ Yehowa mpae

 Kyerɛwnsɛm titiriw: “Mommma dadwen nnhyɛ mo so wɔ biribiara mu. Mmom ade nyinaa mu no, momfa mpaebɔ ne nkotosrɛ ne aseda nkɔ Onyankopɔn anim mfa mo adesrɛ nto n’anim.”—Filipifo 4:6.

 Nea ɛkyerɛ: Yetumi ne Onyankopɔn kasa, na ɔno nso ne yɛn kasa: Sɛ wokenkan n’Asɛm no a, ɛkyerɛ sɛ woretie no; wobɔ no mpae a ɛkyerɛ sɛ wo ne no rekasa. Sɛ wobɔ mpae a, wubetumi asrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmmoa wo. Afei nso, nhyira a ɔde ama wo no wubetumi ada no ase wɔ ho.

 Nea wubetumi ahwɛ kwan: Woanhwɛ yiye a, da biara nsɛm koro no ara na wobɛka wɔ mpaebɔ mu. Wubetumi mpo anya adwene sɛ, gyama Yehowa ntie wo mpaebɔ anaa ɔmpɛ sɛ wo ne no bɛkasa.—Dwom 10:1.

 Nea wubetumi ayɛ: Da biara, efi anɔpa kosi anwummere, dwinnwen nneɛma a wubetumi abɔ ho mpae. Sɛ baabi a wowɔ anaa nea woreyɛ nti, woantumi ammɔ mpae tenten mpo a, fa hyɛ w’adwene mu sɛ ɛntɔ ara sɛ ɛda no bɛkɔ n’awiei no, na woabɔ nneɛma a wudwinnwen ho no ho mpae. Nneɛma a ehia wo no, ɛyɛ a bɔ ho mpae. Afei nso, ɛyɛ a bɔ mpae ma afoforo.—Filipifo 2:4.

 Biribi a ebetumi aboa wo: Sɛ wuhu sɛ mpae a wobɔ no, da biara nsɛm koro no ara na woka a, ka ho asɛm kyerɛ Yehowa. Ɔpɛ sɛ woka wo haw nyinaa kyerɛ no; nea ɛfa wo mpaebɔ ho mpo ka ho.—1 Yohane 5:14.

 Wuhia nsɛm pii aka ho anaa?

 Kɔ so ka wo gyidi ho asɛm kyerɛ afoforo

 Kyerɛwnsɛm titiriw: “Hwɛ wo ho so yiye bere nyinaa, na ma w’ani nku wo nkyerɛkyerɛ ho daa. . . . Sɛ woyɛ saa a, wubegye wo ho ne wɔn a wotie wo no nkwa.”—1 Timoteo 4:16.

 Nea ɛkyerɛ: Nneɛma a wugye di no, sɛ woka ho asɛm kyerɛ afoforo a, ɛhyɛ wo ara wo gyidi nso den. Sɛ woyɛ saa a, wubetumi agye wo ho ne wɔn a wɔtie wo no nkwa.

 Nea wubetumi ahwɛ kwan: Ɛtɔ da a, biribiara rempusuw wo sɛ ka wo gyidi ho asɛm kyerɛ afoforo. Ebi mpo a, na wusuro sɛ wobɛyɛ saa, ɛnkanka sukuu mu.

 Nea wubetumi ayɛ: Biribiara a wopɛ sɛ woyɛ no, si wo bo sɛ woremma ehu nkyekyere wo. Ɔsomafo Paul kaa sɛ: “Sɛ mede amemenemfe [ka asɛmpa no] mpo a, . . . wɔde ofiehwɛ adwuma bi ahyɛ me nsa.”—1 Korintofo 9:16, 17.

 Biribi a ebetumi aboa wo: Sɛ w’awofo bɛpene so a, hwehwɛ onua anaa onuawa bi a ɔbɔ ne ho mmɔden wɔ asɛnka adwuma no mu a wubetumi asuasua no na waboa wo.—Mmebusɛm 27:17.

 Wuhia nsɛm pii aka ho anaa?

 Kɔ Kristofo nhyiam daa

 Kyerɛwnsɛm titiriw: “Momma obiara nnwen ne yɔnko ho, sɛnea ɛbɛyɛ a obiara bɛkanyan ne yɔnko ama wada ɔdɔ adi na wayɛ nnwuma pa, na mommma yennnyae sɛ yɛne yɛn ho behyiam.”—Hebrifo 10:24, 25.

 Nea ɛkyerɛ: Nea enti paa a yɛkɔ adesua ne sɛ yɛkɔsom Yehowa. Nanso sɛ yɛkɔ adesua a, mfaso mmienu bi wɔ hɔ a yɛsan nya ka ho. Nea edi kan, wo nuanom Kristofo hyɛ wo nkuran. Nea ɛtɔ so mmienu, sɛ wokɔ adesua na woyɛ dwumadi anaa woma mmuae a, wohyɛ wɔn nkuran.—Romafo 1:11, 12.

 Nea wubetumi ahwɛ kwan: Ɛtɔ da a adesua no rekɔ so no, wobɛhwɛ na w’adwene rekyinkyin. Ɛba saa a nsɛm a anka ebetumi aboa wo no mpo, ebia worente. Ebi wɔ hɔ nso a, nneɛma bi te sɛ sukuu dwumadi ahorow nti, wobɛhwɛ na woretoto adesua mu anaa wonkɔ adesua koraa.

 Nea wubetumi ayɛ: Nea yɛreka yi nkyerɛ sɛ toto sukuu ase, nanso fa si w’ani so sɛ adesua de, woremma ɛmpa wo ti so da. Afei nso, fa si w’ani so sɛ wokɔ adesua a wubetie no yiye sɛnea ɛbɛyɛ a wubenya adesua no so mfaso. Fa wo ho hyɛ adesua no mu; ma mmuae. Sɛ yɛpɔn adesua a, kamfo obi a ɔmaa mmuae anaa ɔyɛɛ dwumadi.

 Biribi a ebetumi aboa wo: Nea mubesua wɔ adesua ase no, di kan sua ansa na wakɔ adesua. Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea yebesua wɔ adesua ase nnawɔtwe biara a, twe JW Library® app no bi, na hwɛ “Meetings” afã hɔ.

 Wuhia nsɛm pii aka ho anaa?

  •   Kenkan:

     Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Mekɔ Kristofo Nhyiam?