Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMABUN BISA SƐ

Mɛyɛ Dɛn Anya Bere De Ada?

Mɛyɛ Dɛn Anya Bere De Ada?

 Sɛ woyɛ sɔhwɛ na wowe a, ebia nea wobɛka ara ne sɛ ɛsɛ sɛ woyere wo ho sua ade. Sɛ wunim sɛnea wodi agorɔ bi na wuhu sɛ seesei wo mmɔdenbɔ so atew a, ebia wobɛka sɛ ɛsɛ sɛ woyere wo ho sua no yiye. Nanso nokwasɛm ne sɛ, sɛ ɛyɛ sɔhwɛ oo, sɛ ɛyɛ agodi oo, ebia nea ɛbɛboa wo ara ne sɛ wubegye bere de ada. Adɛn ntia?

 Adɛn nti na nna ho hia?

 Abenfo ka sɛ ehia sɛ mmabun dodow no ara tumi de nnɔnhwerew nwɔtwe kosi du da anadwo biara. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wugye bere da?

  •   Nna boa ma wutumi dwen yiye. Wɔtaa ka sɛ nna yɛ “adwene no aduan.” Ebetumi aboa ama wo sukuu adesua akɔ yiye, woabɔ mmɔden wɔ agodi mu, na woatumi asusuw nsɛm a ɛkyere adwene ho yiye.

  •   Nna boa ma wo suban ne w’anim yɛ fɛ. Wɔn a wonnya bere nna no, wotumi yɛ basaa, wɔn werɛ tumi how, wotumi nya adwenemhaw, na ɛyɛ a wɔne afoforo nsen so.

  •   Nna boa ma wokwati kar akwanhyia. Wɔyɛɛ nhwehwɛmu bi wɔ United States faa ahyɛnkafo a anikum nti wonya akwanhyia no ho. Wɔde ahyɛnkafo a wɔadi mfe 16 kosi 24 totoo wɔn a wɔadi mfe 40 kosi 59 ho. Ɛbɛdaa adi sɛ wɔn a wɔadi mfe 16 kosi 24 no pa ara na anikum nti wɔtaa nya kar akwanhyia.

  •   Nna boa ma wunya apɔwmuden. Nna boa ma wo nipadua no tumi siesie nkwammoaa ne ntini a mogya fa mu no. Sɛ woda yiye a, ebetumi aboa wo na woanyɛ kɛse pii. Ebetumi nso aboa wo na woannya asikreyare, na wo fã annwudwo.

Sɛ mobal fon betumi akɔ so ayɛ adwuma a, ɛwom ara a ɛsɛ sɛ wode si charge. Saa ara nso na sɛ wubetumi ayɛ wo biribiara yiye a, ɛsɛ sɛ wunya bere de da

 Dɛn na ɛmma wonna?

 Ɛde besi ha yi, yɛahu sɛ nna so wɔ mfaso pa ara. Nanso mmabun pii nnya bere mfa nna sɛnea ɛsɛ. Sɛ nhwɛso no, Elaine a wadi mfe 16 ka sɛ:

 “Bere bi yɛn kyerɛkyerɛfo bisaa yɛn sɛ, ‘Bere bɛn na ɛyɛ a moda?’ Dodow no ara kaa sɛ wɔda bɛyɛ ahemadakye 2:00. Afoforo kaa sɛ wɔda bɛyɛ anɔpa 5:00. Sukuuni baako pɛ na ɔkaa sɛ ɔda anwummere 9:30.”

 Nneɛma bɛn na ebetumi ama ayɛ den sɛ wubenya bere de ada?

 Fekubɔ. “Ade sa a, mentaa nna ntɛm. Mede nkokwaasa saa ara, mɛhwɛ na bere kɔ, titiriw sɛ me ne me nnamfo pue a.”—Pamela.

 Asɛde ahorow. “Mepɛ nna pa ara, nanso nnwuma a egu me so nti, ɛyɛ den sɛ menya bere de ada.”—Ana.

 Abɛɛfo mfiri. “Ade titiriw a ɛmma minnya bere mfa nna ne me fon. Sɛ meda hɔ a, ɛyɛ den sɛ megyaw ato hɔ.”—Anisa.

 Wobɛyɛ dɛn anya bere de ada?

  •   Bisa wo ho sɛ, ‘Dɛn nti na ɛsɛ sɛ meda yiye?’ Bible ka sɛ: “Ɔhome nsa mã ye sen ɔbrɛ ne adehunu nsa mã abien akyidi.” (Ɔsɛnkafo 4:6) Nna ho hia pa ara; ɛnyɛ biribi a yɛde di agorɔ. Sɛ woanna yiye a, worentumi nyɛ w’adwuma yiye, na agorɔ a wopɛ mpo renyɛ wo dɛ!

  •   Bisa wo ho sɛ, ‘Ɔhaw bɛn pa ara nti na minnya bere mfa nna?’ Sɛ nhwɛso no, ɛyɛ a wo ne wo nnamfo pue kohyem kyɛ anaa? Ɛyɛ a wote nka sɛ sukuu dwumadi ne fie nnwuma pii gu wo so? Ɛyɛ a wo mobal fon nti, wonna ntɛm anaa? Bere a woada no, ɛyɛ a biribi ba wo fon so ma enyan wo anaa?

 Biribi a ɛsɛ sɛ wususuw ho: Ade titiriw a ɛmma wunnya bere mfa nna no, ɛsɛ sɛ woyere wo ho tu ase. Woyɛ saa a, ɛbɛboa wo pa ara. Mmebusɛm 21:5 ka sɛ, “Nsiyɛfo nhyehyɛe de mfaso ba.”

 Ɛwom, ebia nea ɛbɛboa obi ama wada yiye no remmoa ɔfoforo. Sɛ nhwɛso no, ebinom ka sɛ wɔda kakra awiabere a, ɛboa wɔn ma wɔda yiye anadwo. Nanso afoforo ka sɛ wɔda awiabere a, wontumi nna anadwo. Enti ɛsɛ sɛ wo ara wohwɛ nea ɛbɛboa wo. Nyansahyɛ a edidi so yi betumi aboa wo:

  •   Gye bere home. Ansa na wobɛda anwummere no, gyae biribiara a woreyɛ na home. Woyɛ saa a, ebetumi aboa ama wotɔɔ kɛtɛ so ara, wo na worekɔ no.

     “Sɛ wutumi yɛ wo fie nnwuma ne nnwuma a egu wo so wie ntɛm a, eye pa ara. Ɛba saa na wokɔda a, ɛremma wunnwinnwen.”—Maria.

  •   Toto wo nneɛma yiye. Mma nneɛma mmobɔ wo so, mmom yɛ wo bere nhyehyɛe yiye na woatumi anya bere de ada.

     “Anyɛ yiye koraa, ɛsɛ sɛ mitumi de nnɔnhwerew nwɔtwe da anadwo biara. Enti sɛ biribi nti, ɛho behia sɛ mesɔre ntɛm a, mehwɛ sɛ mɛda ntɛm na matumi anya nea mɛhwere no ahyem.”—Vincent.

  •   Bere a wode da ne bere a wode sɔre no, hwɛ sɛ worensesa no. Abenfo kyerɛ sɛ, sɛ wowɔ bere pɔtee a wode da ne bere pɔtee a wode sɔre a, eye pa ara. Sɛ wobɔ mmɔden yɛ saa a, ebedu baabi no, wo nipadua no ankasa behu bere a ɛsɛ sɛ woda ne bere a ɛsɛ sɛ wosɔre. Sɔ saa nyansahyɛ no hwɛ bosome baako, na ɛbɛboa wo pa ara.

     “Sɛ wowɔ bere pɔtee a wode da anadwo biara a, ade bɛkye no na wo ho asisi wo ho so. Ɛbɛboa wo ama biribiara a wobɛyɛ no, woatumi ayɛ no yiye.”—Jared.

  •   Nsɛe bere pii wɔ fekubɔ ho. Bible ka sɛ, ɛsɛ sɛ ‘yɛkari pɛ wɔ yɛn nneyɛe mu.’ Nneɛma a yɛyɛ bere a yɛregye yɛn ahome no nso, ɛsɛ sɛ yɛkari pɛ wom.—1 Timoteo 3:2, 11.

     “Masua sɛ mɛtew nneɛma a meyɛ de gyigye m’ani anwummere biara no so. Sɛ mantew so a, bere a mede da ho bɛba asɛm.”—Rebecca.

  •   Ma wo fon no nso “nna”! Anyɛ yiye koraa no, aka dɔnhwerew baako ama woakɔ kɛtɛ so no, si wo bo sɛ worenkyinkyin intanɛt so anaa worensɛnde text message mma wo nnamfo. Nokwasɛm ne sɛ, abenfo bi kyerɛ sɛ kanea a ɛwɔ fon, TV, anaa tablɛt so no betumi ama ayɛ den pa ara sɛ wobɛda.

     “Ebinom de, daa wɔhwɛ kwan sɛ wobenya wo ne wo adi nkitaho bere biara a wɔpɛ. Nanso sɛ wubetumi ada yiye a, ɛsɛ sɛ wode fon no to baabi.”—Julissa.