Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMABUN BISA SƐ

Video Game​—Ɛho Nokwasɛm Pa Ara Ne Sɛn?

Video Game​—Ɛho Nokwasɛm Pa Ara Ne Sɛn?

 Video game ho sɔhwɛ

 Sɛ wokɔ Amerika a, wɔn a wɔyɛ video game no nya sika dɔla ɔpepepem pii. Wohwɛ a . . .

  1.   Wɔn a wɔbɔ video game no adi bɛyɛ mfe ahe?

    1.   18

    2.   30

  2.   Nnipa a wɔbɔ video game no, mmarima yɛ ahe, na mmea nso yɛ ahe?

    1.   Emu 100 biara mu 55 yɛ mmarima, ɛnna 45 yɛ mmea

    2.   Emu 100 biara mu 15 yɛ mmarima, ɛnna 85 yɛ mmea

  3.   Nnipa a wɔbɔ video game no, emu fã kɛse no ara

    1.   Mmea a wɔadi mfe 18 ne nea ɛboro saa

    2.   Mmarima a wɔadi mfe 17 ne wɔn a wonnya nnii saa

 Mmuae (efi nhwehwɛmu a wɔyɛɛ no 2013 mu):

  1.   B. 30.

  2.   A. Emu 100 biara mu 45 yɛ mmea; sɛ yɛfa wɔn a wɔbɔ video game no nyinaa a, mmea reyɛ ayɛ emu fã.

  3.   A. Nnipa a wɔbɔ video game no, sɛ yɛfa wɔn mu 100 biara a, 31 yɛ mmea a wɔadi mfe 18 anaa nea ɛboro saa; emu 19 yɛ mmarima a wɔadi mfe 17 anaa wonnya nnii saa.

 Saa nhwehwɛmu no ma yehu nnipa ko a wɔbɔ video game. Nanso, nsunsuanso pa anaa nsunsuanso bɔne a video game betumi anya wɔ wo so no de ɛnka ho asɛm.

 Nea eye wɔ ho

 Ebinom aka biribi afa video game ho. Wɔn nsɛm yi mu nea ɛwɔ he na wugye tom?

  •  “Ɛma wo ne w’abusua ne wo nnamfo ani gye na mudi agorɔ bom.”​—Irene.

  •  “Ɛma wutumi yi w’adwene fi wo haw so.”​—Annette.

  •  “Ɛkyerɛ wo sɛnea yɛyɛ ade ntɛmntɛm.”​—Christopher.

  •  “Ɛma wuhu sɛnea wubedi ɔhaw ho dwuma.”​—Amy.

  •  “Ɛma wudwen; ɛkyerɛ wo sɛnea yesusuw nneɛma ho.”​—Anthony.

  •  “Video game no bi boa wo ma wusua sɛnea yɛne afoforo yɛ nneɛma bom.”​—Thomas.

  •  “Video game no bi boa wo ma wotenetene w’apɔw mu.”​—Jael.

 Wugye nsɛm yi bi tom anaa wugye ne nyinaa mpo tom? Sɛ obi bɔ video game a, etumi boa n’adwene ne ne nipadua wɔ ɔkwan bi so. Sɛnea Annette kae no, video game no bi ma “w’adwene fi wo haw so;” sɛ ɛba saa a, ɛnyɛ bɔne.

 ● Bible ka sɛ “ade biara wɔ ne bere ɔsoro ase.” Sɛnea wugye w’ani nso ka ho bi.​—Ɔsɛnkafo 3:​1-4.

 Nea enye wɔ ho

 Ɛyɛ a video game gye wo bere nyinaa?

 “Sɛ miso mu sɛ merebɔ a, mintumi nnyae. Meka kyerɛ me ho sɛ, ‘Ma memmɔ baako pɛ nka ho!’ Mɛhwɛ na matena ho nnɔnhwerew mmienu!”​—Annette.

 “Video game gye bere pa ara. Sɛ wotena ho saa ara a, ɛyɛ wo sɛ woabɔ adi nkonim mpɛn nnum nti woayɛ biribi pa bi. Nanso wonyɛɛ hwee.”​—Serena.

 Nea yɛreka akosi: Sɛ wo sika yera a, wubetumi anya bi ahyɛ mu. Nanso bere de, sɛ ɛpa ho a, woyɛ no hwee a ɛrenyɛ yiye. Ɔkwan bi so no, yebetumi aka sɛ bere ho hia sen sika. Enti, hwɛ wo bere so yiye!

 ● Bible ka sɛ: “Monkɔ so nnantew nyansam . . . , na montɔ bere a mubenya biara.”​—Kolosefo 4:5.

 Sɛnea kan no na wubu nneɛma bi no, video game ama w’adwene asesa wɔ ho anaa?

 “Bɔne bi wɔ hɔ a, woyɛ na wɔkyere wo a, wobɛda afiase anaa wobebu wo atɛn akum wo. Nanso, wutumi yɛ ade koro no ara wɔ video game mu a wunnwen ho mpo.”​—Seth.

 “Video game dodow no ara, sɛ wubedi nkonim a, ɛsɛ sɛ wudi w’atamfo so. Wubedi w’atamfo so nso a, ɛsɛ sɛ wofa ɔkwan a ɛyɛ asefem so kunkum wɔn.”​—Annette.

 “Ɛtɔ da na sɛ wo ne wo nnamfo rebɔ video game a, wubehu ara ne sɛ worekeka nsɛm bi te sɛ, ‘Makum wo!’ anaa ‘Mereba abekum wo!’”​—Nathan.

 Nea yɛreka akosi: Sɛ video game bi wɔ hɔ, na sɛ awudi, aguamammɔ, ne ahonhonsɛmdi (te sɛ nkonyaa anaa magyik) wom a, twe wo ho fi ho koraa efisɛ Onyankopɔn kyi saa nneɛma no.​—Galatifo 5:​19-​21; Efesofo 5:​10; 1 Yohane 2:​15, 16.

 ● Bible ma yehu sɛ, ɛnyɛ obi a odi awu nko ara na Yehowa kyi no. Mmom no, okyi “obiara a n’ani gye awudisɛm ho” nso. (Dwom 11:5) Ebia video game a wobɔ no renkyerɛ yɛn onipa ko a wubenyin abɛyɛ. Nanso, ɛma yehu suban a wukura seesei.

 Dwen ho hwɛ: Nhoma bi (Getting to Calm) ka sɛ, video game a wodi awu wom no tumi sɛe mmofra suban sen TV. Ɛkyerɛ nea ɛma ɛba saa no mu sɛ, TV de mmofra hwɛ a, wohu nkurɔfo a wodi awu wɔ so. Nanso, video game nte saa. Ɛno de mmofra no mmom na wodi awu. Ɛtoa so ka sɛ, video game nso, sɛ wobɔ a, ɛte sɛ nea tikyani rekyerɛ wo ade wɔ sukuu. Enti sɛ wobɔ video game a awudisɛm wom a, ɛbɛkyerɛ wo sɛnea wodi awu.​—Fa toto Yesaia 2:4 ho.

 Wɔn ani asan aba wɔn ho so

 Mmabun pii ahu sɛnea wɔbɛbɔ video game wɔ ɔkwampa so. Hwɛ nea wɔn mu mmienu kae.

 “Kan no, na mitumi bɔ video game saa ara kosi anadwo dasum. Merebɔ nyinaa, na mereka kyerɛ me ho sɛ: ‘Sɛ meda nnɔnhwerew nnum pɛ a, sɛ́ ɛnyɛ hwee? Ma memmɔ baako pɛ nka ho.’ Seesei de mahu sɛ ɛnyɛ papa sɛ mɛsɛe me bere nyinaa de abɔ video game. Mabehu sɛ, ne papa mu no, video game de ɛwom ara a, na wabɔ de agye w’ani. Nanso, ɛnsɛ sɛ ɛtra so.”​—Joseph.

 “Matew bere a mede bɔ video game no so koraa. Enti minya bere pii yɛ nneɛma foforo. Seesei sɛ mekɔ asɛnka a, mitumi di adanse yiye sen kan no. Asafo a mewɔ mu no nso, matu me ho ama sɛ mɛyɛ pii de aboa emufo. Masan mpo anya bere de asua sɛnea wɔbɔ piano! Nneɛma pii wɔ hɔ a wubetumi ayɛ sen sɛ wobɛtena video game ho saa ara.”​—David.

 ● Bible ka sɛ mmarima ne mmea a wɔn ho akokwaw ‘kari pɛ wɔ nneyɛe mu.’ (1 Timoteo 3:​2, 11) Wotumi di agorɔ ma wɔn ani gye, nanso wɔhyɛ wɔn ho so. Enti sɛ wodi agorɔ kakra a, wogyae yɛ nneɛma foforo.​—Efesofo 5:​10.

 Nea yɛreka akosi: Sɛ wobɔ video game de gye w’ani, na wonsɛe bere pii wɔ ho a, bɔne biara nni ho. Nanso hwɛ yiye na video game annye wo bere nyinaa. Nneɛma a ɛho hia wɔ asetena mu no, ɛnsɛ sɛ video game ma wupia to nkyɛn. Wo de dwen ho hwɛ: Sɛ anka wode video game mu botae bi besi w’ani so, na woayere wo ho sɛ wubedu ho no, wunhu sɛ, sɛ wode asetena mu botae ankasa si w’ani so, na wode bere a wode bɔ video game no yɛ ho adwuma mmom a ɛbɛboa wo?