Ɔsɛnkafo 4:1-16

  • Owu ye sen nhyɛso (1-3)

  • Adwuma ho adwene a ɛfata (4-6)

  • Adamfo so mfaso (7-12)

    • Baanu ye sen ɔbaako (9)

  • Ɔhene asetena betumi ayɛ ahuhude (13-16)

4  Mesan hwɛɛ nneɛma a nkurɔfo yɛ de hyɛ nnipa so wɔ wiase nyinaa no. Mihuu wɔn a wɔhyɛ wɔn so no nisu, na na obiara nni hɔ a ɔbɛkyekye wɔn werɛ.+ Ná wɔn a wɔhyɛ nkurɔfo so no wɔ tumi, na na obiara nni hɔ a ɔbɛkyekye wɔn a wɔhyɛ wɔn so no werɛ.  Enti mekamfoo nnipa* a wɔawuwu dedaw no sen nnipa* a wɔda so te ase no.+  Na nea ne de ye sen wɔn nyinaa ne nea wonnya nwoo no,+ nea onhuu awurukasɛm a wodi* wɔ wiase no.+  Na mahu sɛnea nnipa ntam akansi nti, nkurɔfo yere wɔn ho yɛ adwuma ma wɔben adwumayɛ mu.+ Eyi nso yɛ ahuhude, na ɛyɛ ɔbrɛgu.*  Ɔkwasea bobɔw ne nsa, na ɔfɔn.*+  Sɛ obi gye n’ahome kakra a, eye sen sɛ ɔbɛyɛ adwumaden bebree; ɛyɛ ɔbrɛgu.*+  Mesan hwɛɛ ade foforo bi nso a ɛyɛ ahuhude wɔ wiase:  Ɔbarima bi wɔ hɔ. Ɔno nko ara na ɔwɔ hɔ, na obiara nka ne ho. Onni ba anaa nua biara, nanso ɔyɛ adwumaden a onnyae. Ahonyade biara nsɔ n’ani.+ Nanso ommisaa ne ho sɛ, ‘Hena koraa na merebrɛ ama no, a ne nti mede nneɛma pa rekame me ho* yi’?+ Eyi nso yɛ ahuhude ne adwumahunu.+  Baanu ye sen ɔbaako,+ efisɛ wonya wɔn adwumaden so akatua pa.* 10  Na sɛ ɔbaako hwe ase a, nea ɔka ne ho no betumi ama no so. Na ɔbaakofo a ɔhwe ase a obi nka ne ho a ɔbɛma no so no, ebewie no dɛn? 11  Bio nso, sɛ baanu da a, wɔn ho bɛyɛ wɔn hyew, na ɔbaakofo de, ɛbɛyɛ dɛn na ne ho ayɛ no hyew? 12  Obi betumi adi ɔbaakofo so, nanso baanu de, wobetumi ne no de asi ani. Na hama a ɛbɔ ho abiɛsa no, emu rentew ntɛm.* 13  Abofra hiani a onim nyansa ye sen ɔhene akwakoraa gyimifo+ a ontie kɔkɔbɔ bio.+ 14  Afiase na ofi* bedii hene;+ nso wɔwoo no ohiani wɔ ɔbaako no ahenni mu.+ 15  Mahu wɔn a wɔte ase a wɔnenam wiase nyinaa ne sɛnea ewie abofra a obedii ɔbaako no ade no. 16  Ɛwom, n’akyitaafo rensa da, nanso wɔn a wobedi n’akyi aba no ani rennye ne ho.+ Eyi nso yɛ ahuhude, na ɛyɛ ɔbrɛgu.*

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “awufo.”
Anaa “ateasefo.”
Anaa “nneɛma bɔne a wɔyɛ.”
Anaa “ɛte sɛ nea obi pɛ sɛ ɔkyere mframa.”
Nt., “ɔwe ɔno ara ne honam.”
Anaa “ɛte sɛ nea obi pɛ sɛ ɔkyere mframa.”
Anaa “me kra.”
Anaa “mfaso pii.”
Anaa “ɛyɛ den sɛ emu bɛtew.”
Ebetumi aba sɛ abofra nyansafo no ho asɛm na wɔreka.
Anaa “ɛte sɛ nea obi pɛ sɛ ɔkyere mframa.”