Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adɛn Nti Na M’awofo Mma Kwan Mma Minnye M’ani Koraa?

Adɛn Nti Na M’awofo Mma Kwan Mma Minnye M’ani Koraa?

Twa nsɛm a edidi so yi ho mfoni:

Anka wopɛ sɛ wokɔ apontow bi ase, nanso wuntumi nhu sɛ w’awofo bɛma woakɔ anaa wɔremma wonkɔ. Nsɛm yi mu nea ɛwɔ he na wobɛpaw?

  1.  NKƆSRƐ KWAN NA KƆ

  2.  NKƆSRƐ KWAN NA TENA WO BAABI

  3.  BISA WƆN HWƐ SƐ WƆBƐMA WO KWAN ANAA

 1. NKƆSRƐ KWAN NA KƆ

Nea enti a ebia wobɛpaw wei: Ebia wopɛ sɛ wosɔ wo nnamfo ani na woma wɔte nka sɛ wonhyɛ obi ase. Anaa ebia wote nka sɛ wunim pii sen w’awofo anaa wonhyɛ da mmu wɔn gyinaesi papa.​—Mmebusɛm 14:18.

Nea ebefi mu aba: Ebia wo nnamfo ani begye wo ho nanso wobehu sɛ woyɛ ɔdaadaafo. Wobehu sɛ, sɛ woatumi adaadaa w’awofo de a, ɛnde wubetumi nso adaadaa wɔn. Sɛ w’awofo hu sɛ woadaadaa wɔn a, wɔbɛte nka sɛ woadi wɔn huammɔ na ɛbɛyɛ wɔn yaw, enti wɔn nso bɛtew ahofadi a wɔde ama wo no so!​—Mmebusɛm 12:15.

 2. NKƆSRƐ KWAN NA TENA WO BAABI

Nea enti a ebia wobɛpaw: Wususuw apontow no ho yiye na wuhu sɛ nea ɛbɛkɔ so wɔ hɔ no ne wo gyidi nhyia, anaa nnipa a wɔbɛba ase no nni suban pa. (1 Korintofo 15:33; Filipifo 4:8) Ebi nso a na wopɛ sɛ wokɔ nanso wunni akokoduru a wode bɛka ho asɛm akyerɛ w’awofo.

Nea ebefi mu aba: Sɛ nim a wunim sɛ worennya adepa biara mfi apontow no mu nti na worenkɔ a, ɛbɛma woanya ahotoso de akyerɛ mu akyerɛ wo nnamfo no. Nanso sɛ woankɔ apontow no esiane sɛ woannya akokoduru ammisa w’awofo a, ebewie ase no, na wote fie redi awerɛhow rekeka sɛ wo de, yɛmma wo kwan mma wunnye w’ani.

 3. BISA WƆN HWƐ SƐ WƆBƐMA WO KWAN ANAA

Nea enti a ebia wobɛpaw wei: Wugye tom sɛ w’awofo wɔ wo so tumi na wubu wɔn gyinaesi biara. (Kolosefo 3:20) Wodɔ w’awofo na wunim sɛ, sɛ wofa wɔn akyi yɛ biribi a wobedi awerɛhow. (Mmebusɛm 10:1) Afei nso, wubetumi anya kwan akyerɛkyerɛ nsɛm mu akyerɛ w’awofo.

Nea ebefi mu aba: W’awofo bɛte nka sɛ wodɔ wɔn, na wubu wɔn nso. Na sɛ wohu sɛ w’adesrɛde no tɔ asom a, wɔbɛpene so.

Nea Ɛbɛma Awofo Aka Dabi

W’awofo ayɛ sɛ bammɔfo a wɔbɔ asuguarefo ho ban; osuahu a wɔanya wɔ abrabɔ mu nti, wotumi hu nneɛma a ebetumi ayɛ asiane ama wo

Yebetumi de mfatoho yi akyerɛkyerɛ mu: Sɛ yɛma wo kwan sɛ paw baabi a wubeguare nsu a, sɛ́ anka wobɛpaw baabi a wɔhwɛ bɔ nkurɔfo a wɔreguare no ho ban? Adɛn ntia? Efisɛ sɛ woregye w’ani wɔ nsu mu a, ɛbɛyɛ den sɛ wubehu baabi a asiane wɔ. Nanso wɔn a wɔbɔ nnipa a wɔreguare nsu mu ho ban no de, baabi a wɔwɔ no, ɛma wohu asiane ntɛm. Saa ara nso na esiane sɛ w’awofo wɔ nimdeɛ ne suahu pii nti, wotumi hu asiane ahorow bi a worenhu. W’awofo te sɛ wɔn a wɔbɔ nnipa a wɔreguare nsu mu ho ban, ɛnyɛ nea esi wɔn ani so ne sɛ wɔbɛsɛe w’anigye, mmom wɔpɛ sɛ wɔboa wo ma wokwati asiane ahorow a ebetumi apira wo.

Ade foforo nso ni: Nea w’awofo pɛ pa ara ne sɛ wɔbɛbɔ wo ho ban. W’awofo dɔ wo enti sɛ wohu sɛ biribi bɛboa wo a, wɔbɛpene so ama woayɛ nanso sɛ wohu sɛ ɛremmoa wo a, wɔrempene so. Sɛ wosrɛ kwan fi w’awofo nkyɛn a, wɔn nso bɔ ho nkɔmmɔ hwɛ sɛ wɔbɛpene so anaa. Wei ma wotumi gye nea ebefi mu aba biara tom. Sɛ w’awofo behu sɛ nea worebisa no renkɔfa asiane biara mmrɛ wo a, ɛnde wɔbɛma wo kwan ama woakɔ.

Nea Woyɛ a Ɛbɛma W’awofo Ayɛ W’abisade Ama Wo

Nea wubetumi ayɛ

Ka nokware: Bisa wo ho sɛ: ‘Adɛn nti koraa na mepɛ sɛ mekɔ? M’ani na egye nea ɛbɛkɔ so no ho nti, anaa mepɛ sɛ mesɔ me nnamfo ani kɛkɛ? Ebia wɔn a wɔbɛba no, m’ani gye obi ho wɔ mu nti na mepɛ sɛ mekɔ anaa?’ Afei, ka mu nokware kyerɛ w’awofo. Wɔayɛ sɛ wo pɛn, enti wonim wo yiye. Sɛnea ɛte biara wobehu nea enti a wopɛ sɛ wokɔ. Wɔn ani begye sɛ wokaa nokware, na wo nso wubenya wɔn nyansa so mfaso. (Mmebusɛm 7:1, 2) Ɔkwan foforo so no, sɛ woanka nokware ankyerɛ wɔn a, wɔrennye wo nni bio na ɛbɛyɛ den sɛ bere foforo wɔbɛpene biribi so ama wo.

Pɛ bere a ɛfata: Sɛ wuhu sɛ w’awofo fi adwuma aba anaasɛ wɔn adwene wɔ nneɛma foforo so a, ɛnyɛ saa bere no na ɛsɛ sɛ wode w’abisade koguan wɔn ho. Kɔ wɔn nkyɛn bere a nneɛma pii ngu wɔn so. Nanso ntenatena hɔ mma nneɛma nka akyi ansa na awiei koraa no wode w’abisade akɔto wɔn anim. W’awofo ani rennye ho sɛ wɔbɛpere wɔn ho asi gyinae. Enti worepɛ biribi a, ɛyɛ a bisa no ntɛm, na wonnya bere pii mfa nsusuw ho.

W’abisade no: Ma wo nsɛm mu nna hɔ. Kyerɛkyerɛ dekode pɔtee a wopɛ sɛ wɔyɛ ma wo no mu. Ɛyɛ a awofo ani nnye mmuae bi a ɛtete sei ho: “Minnim,” titiriw bere a wɔabisa wo sɛ: “Henanom na wɔbɛba bi?” “Enti ɔpanyin bi a biribi nkɔ yiye a, obetumi ateɛ no bɛba bi?” anaa “Bere bɛn na wobɛba fie?”

Adwene a ɛsɛ sɛ wunya: Nnya adwene sɛ w’awofo tan wo. Mmom hu wɔn sɛ wo ne wɔn nyinaa yɛ kuw baako mufo​—efisɛ yɛbɛka pa ara, saa na ɛte. Sɛ wubu w’awofo sɛ wo nnamfo a, wo ne wɔn remfa nsi ani, na saa ara nso na wɔn nso ne wo bedi no yiye.

Gye w’awofo gyinaesi tom na ma wonhu sɛ wubu wɔn. Woyɛ saa a ɛbɛkyerɛ sɛ wo ho akokwaw. Wei bɛma wɔn nso de obu ama wo. Sɛ ɛba saa na bere foforo woresrɛ kwan akɔ baabi a, ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛpene so.