Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMABUN BISA SƐ

Sɛ Biribiara Nkanyan Me Sɛ Menteɛteɛ M’apɔw Mu a, Menyɛ Dɛn?

Sɛ Biribiara Nkanyan Me Sɛ Menteɛteɛ M’apɔw Mu a, Menyɛ Dɛn?

 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ meteɛteɛ m’apɔw mu?

 Aman bi so no, sɛnea anka mmabun de bere pii teɛteɛ wɔn apɔw mu no, seesei de, ɛso tew ara na ɛretew. Wei ama wonni apɔwmuden papa. Ɛnyɛ nwonwa sɛ Bible ka sɛ “apɔwmuteɛteɛ so wɔ mfaso.” (1 Timoteo 4:8) Mfaso a ɛwɔ apɔwmuteɛteɛ so no bi na edidi so yi:

  •   Apɔwmuteɛteɛ tumi boa ma wo ho tɔ wo. Sɛ woteɛteɛ w’apɔw mu a, ɛma ahoɔdennuru bi a ɛwɔ w’adwene mu yɛ adwuma ma wo ho tɔ wo fɔmm, na ɛma w’ani gye. Ebinom ka sɛ apɔwmuteɛteɛ boa ma obi adwinnwen so tew.

     “Sɛ mesɔre anɔpa kotu mmirika kakra a, da mũ no nyinaa mitumi yɛ m’adwuma yiye, na m’ani nso gye. Mmirikatu ma me ho bae me pa ara.”—Regina.

  •   Apɔwmuteɛteɛ boa ma wo ho yɛ fɛ. Sɛ woteɛteɛ w’apɔw mu sɛnea ɛsɛ a, ɛboa ma wo ho yɛ den, ɛma wusi pi si ta, na ɛmma wonyɛ moamoa.

     “Afe a etwaam no, na m’apɔwmuteɛteɛ nkɔ yiye koraa, nanso seesei sɛ miso mu sɛ mereteɛteɛ m’apɔw mu a, ɛsɛ w’ani. Nea ɛma m’ani gye koraa ne sɛ minim sɛ merehwɛ me nipadua so yiye.”—Olivia.

  •   Apɔwmuteɛteɛ ma wutumi nyin kyɛ. Sɛ woteɛteɛ w’apɔw mu a, ɛboa ma mogya di aforosian yiye wɔ wo nipadua mu, na ɛma wutumi home yiye. Yare a ekunkum nnipa pa ara baako ne komayare. Nanso, apɔwmuteɛteɛ a ɛma wohome hahyeehahyee betumi aboa wo na woannya komayare.

     “Sɛ yɛyɛ nhyehyɛe pa de teɛteɛ yɛn apɔw mu a, ɛma yɛn Bɔfo no hu sɛ yɛn ani sɔ nipadua a ɔde ama yɛn no.”—Jessica.

 Nea yɛreka akosi: Sɛ woteɛteɛ w’apɔw mu a, ɛma wo koma tɔ wo yam, na bere a worenyin nso, ɛma wunya ahoɔden. Ababaa bi a ne din de Tonya ka sɛ: “Sɛ obi kɔteɛteɛ n’apɔw mu wie a, minnye nni sɛ ɔbɛka sɛ wanu ne ho sɛ ɔyɛɛ saa. Bere biara a memia m’ani akɔteɛteɛ m’apɔw mu no, ɛboa me pa ara.”

Sɛ obi anhwɛ ne kar so yiye a, ebetumi akogyaw no asi kwan so; saa ara nso na sɛ woanteɛteɛ w’apɔw mu a, w’apɔwmuden ho bɛba asɛm

 Adɛn nti na mintumi nteɛteɛ m’apɔw mu?

 Nea ebetumi ama ayɛ den sɛ wobɛteɛteɛ w’apɔw mu no bi na edidi so yi:

  •   Biribiara nkanyan me. “Sɛ obi yɛ ɔbabun a, ɛyɛ a osusuw sɛ osi pi si ta. Ɔnna nnwen ho koraa sɛ ebedu baabi no, yare befi ase ateetee no. N’adwene ara ne sɛ yare de, ɛwɔ hɔ ma wɔn a wɔn mfe akɔ anim.”—Sophia.

  •   Minni bere. “Nnwuma a egu me so nyɛ agorɔ, enti ɛyɛ a, mebɔ mmɔden pa ara sɛ menya bere de adidi yiye, na manya bere ada. Nanso bere nyinaa, ɛyɛ den ma me sɛ menya bere de ateɛteɛ m’apɔw mu.”—Clarissa.

  •   Merentumi nkotua sika. “Ehia sɛ wutua sika kɛse na woanya apɔwmuden. Sɛ wopɛ sɛ wokɔ baabi a nkurɔfo kɔteɛteɛ wɔn apɔw mu a, gye sɛ wutua!”—Gina.

 Biribi a ɛsɛ sɛ wususuw ho:

 Dɛn pa ara na esiw wo kwan a enti wuntumi nteɛteɛ w’apɔw mu? Ebia gye sɛ woyere wo ho na woatumi adi wo haw no so, nanso sɛ wutumi di so a, wubenya so mfaso pii.

 Dɛn na ɛbɛboa me ama mateɛteɛ m’apɔw mu?

 Nyansahyɛ kakra bi ni:

  •   Wubenya apɔwmuden a, egyina wo ara wo so.—Galatifo 6:5.

  •   Mfa nsɛm nyiyi wo ho ano. (Ɔsɛnkafo 11:4) Sɛ nhwɛso no, ɛho nhia sɛ wukotua sika ansa na woatumi ateɛteɛ w’apɔw mu. Ɛno ara ne sɛ wobɛhwehwɛ biribi a w’ani gye ho a wobɛkɔ so ayɛ de ateɛteɛ w’apɔw mu.

  •   Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea wobɛyɛ de ateɛteɛ w’apɔw mu a, bisa wɔn a ɛyɛ a wɔteɛteɛ wɔn apɔw mu no.—Mmebusɛm 20:18.

  •   Yɛ nhyehyɛe pɔtee bi a wubedi so. Fa botae bi sisi w’ani so, na wudu ebiara ho a, kyerɛw to hɔ. Woyɛ saa a, ɛbɛhyɛ wo nkuran.—Mmebusɛm 21:5.

  •   Hwehwɛ obi a wo ne no bɛbom ateɛteɛ mo apɔw mu. Adamfo a ɔte saa bɛboa wo na wahyɛ wo nkuran ama woadi wo nhyehyɛe no so.—Ɔsɛnkafo 4:9, 10.

  •   Hu sɛ, ɛtɔ da a ɛrenkɔ yiye. Nanso sɛ ɛba saa a, mma w’abam mmu.—Mmebusɛm 24:10.

 Ɛsɛ sɛ wokari pɛ

 Bible ka sɛ, ɛsɛ sɛ mmarima ne mmea nyinaa ‘kari pɛ.’ (1 Timoteo 3:2, 11) Enti nya apɔwmuteɛteɛ ho adwene a ɛfata. Wɔn a wɔteɛteɛ wɔn apɔw mu boro so no, mpɛn pii no nkurɔfo hu wɔn sɛ gyama wonni hwee yɛ. Ababaa bi a ne din de Julia ka sɛ: “Sɛ aberante bi mmati ayeyere nanso ontwa tau a, ɛyɛ a minhu n’ahoɔfɛ.”

 Afei nso, hwɛ yiye wɔ nsɛm bi a nkurɔfo taa ka fa apɔwmuteɛteɛ ho no. Nea wɔka no bi ne sɛ, “Sɛ woabrɛ sɛ dɛn koraa a, nnyae; yɛ bi ka ho.” Nsɛm a ɛte saa betumi ama woapira wo ho, na ama woayi w’adwene afi ‘nneɛma a ehia pa ara no’ so.—Filipifo 1:10.

 Bio nso, nsɛm a afoforo ka sɛ wɔde rehyɛ wo nkuran no, ebetumi abu w’abam. Ababaa bi a ne din de Vera ka sɛ: “Sɛ mmabaa pii hu mmea a wɔn nipadua yɛ wɔn fɛ a, wɔde saafo no mfoni sie baabi, na sɛ wɔrepɛ biribi a ɛbɛkanyan wɔn ama wɔateɛteɛ wɔn apɔw mu a, na wɔakɔhwɛ. Nanso wobɛhwɛ no, na wɔde wɔn ho retoto saafo yi ho, na ɛno tumi ma wɔn abam bu. Enti ne papa mu no, sɛ woreteɛteɛ w’apɔw mu a, mfa w’adwene nsi sɛnea wopɛ sɛ wo nipadua yɛ nko ara so, na mmom fa yɛ wo botae sɛ wubenya apɔwmuden nso.”