Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Apɔwmuden

Wopɛ sɛ wunya apɔwmuden? Anaa yare bi reteetee wo na wopɛ sɛ wuhu sɛnea wo ne yare no bɛtena? Sɛnea ɛte biara, Bible wɔ afotusɛm a ɛbɛboa wo.

Ɔhaw a Wubetumi Ahyia

Sɛ Yare Bi Reteetee Me a, Menyɛ Dɛn?​—Ɔfã 1

Mmabun nnan bi ka nea ɛreboa wɔn ama wɔatumi agyina yare bi a ɛreteetee wɔn ano ne nea ɛreboa wɔn ma wɔanya adwempa.

Nneɛma a Ɛhaw Yɛn Apɔwmuden

Dɛn Na Mɛyɛ Na Mammrɛ Dodo?

Dɛn na ɛde ɔbrɛ dodow ba? Wobrɛ dodo anaa? Sɛ saa a, ɛnde dɛn na wubetumi ayɛ?

Wobɛnom Nsa a Dwen Ho Yiye

Nnipa pii nom nsa a, wɔka nsɛm bi anaa wɔyɛ nneɛma bi nu wɔn ho akyiri yi. Wobɛyɛ dɛn akwati ɔhaw ahorow a asanom bebrebe de ba no?

Nneɛma a Ɛboa Apɔwmuden

Mɛyɛ Dɛn Anya Bere De Ada?

Nneɛma nson a wubetumi ayɛ na ama woanya bere de ada.

Sɛ Biribiara Nkanyan Me Sɛ Menteɛteɛ M’apɔw Mu a, Menyɛ Dɛn?

Sɛ woyɛ nhyehyɛe pa de teɛteɛ w’apɔw mu a, wubenya apɔwmuden. Ɛno da nkyɛn a, mfaso foforo bɛn na apɔwmuteɛteɛ betumi ama woanya?

Mɛyɛ Dɛn Adi Aduan Pa?

Sɛ obi sua na onni nnuan pa a, sɛ onyin a, anhwɛ a ɔbɛkɔ so ara adi nnuan a ɛnyɛ papa. Enti eye sɛ wubefi ase adi nnuan pa seesei.

Dɛn Na Meyɛ a Ɛbɛma Me So Atew?

Sɛ wopɛ sɛ wo so tew a, ntuatua wo ho nnuan biara. Mmom nneɛma a woyɛ wɔ w’asetena mu a ɛbɛma wo ahoɔden no, ɛno na ɛsɛ sɛ woyɛ.

Di Wo Ho Ni

Sɛ woma wo ho tew na wototo wo nneɛma yiye a, ɛboa wo ankasa. Afei nso ɛkyerɛ sɛ wudwen afoforo ho. Ɛbɛma woanya apɔwmuden, na atew w’adwinnwen so.