Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nneɛma a Etumi Hyɛ Yɛn So

Mmerante ne mmabaa bebree wɔ hɔ a, wɔn werɛ tumi how, wɔtumi yɛ ankonam, adwinnwen tumi hyɛ wɔn so, na wɔtumi nso brɛ boro so. Sua sɛnea woremma saa nneɛma yi mu biara nhyɛ wo so.

Awerɛhow, Abufuw, Ne Adwinnwen

Mɛyɛ Dɛn Anya Nneɛma Ho Adwempa?

Sɛ wode nea yɛaka ho asɛm yi yɛ adwuma a, ɛbɛboa wo ama woanya adwempa.

Wo Werɛ How a, Dɛn Na Ɛbɛma W’ani Agye?

Sɛ awerɛhow kyekyere wo a, dɛn na wubetumi ayɛ?

Sɛnea Wobɛdi Ankonamyɛ So

Wotaa yɛ ankonam a ɛbɛtumi adi wo awu. Ɛte sɛ obi a ɔnom sigaret mmaako mmaako 15 da biara. Wobɛyɛ dɛn adi ankonamyɛ so na woannya adwene sɛ obiara mpɛ w’asɛm?

Sɛnea Wobɛdi W’abufuo So

Akwan nnum a wobɛfa so adi w’abufuo so.

Ɔhaw a Wubetumi Ahyia

Sɛ Nneɛma Sesa a, Dɛn na Wobɛyɛ?

Nsakrae deɛ, ɛyɛ dɛn ara a, ɛbɛba. Hwɛ nea ebinom atumi ayɛ de agyina nsakrae ano.

Meyɛ Obi a Memma Ɔhaw Mmu Mfa Me So Anaa?

Ɛyɛ dɛn ara a yebehyia ɔhaw. Ɔhaw biara a yebehyia no, ketewa oo, kɛse oo, ɛsɛ sɛ yesua sɛ yɛremma emmu mfa yɛn so.

Bere a Obi Maame Anaa ne Papa Awu

Sɛ obi maame anaa ne papa wu a, ɛyɛ ahometew paa. Dɛn na ɛbɛboa mmofra ama wɔatumi agyina yaw a wɔbɛfa mu no ano?

Sɛ Nkurɔfo Sisi Me a, Menyɛ Dɛn?

Nnipa pii wɔ hɔ a, obi sisi wɔn pɛ na wɔayɛ basaa. Nea yɛaka ho asɛm wɔ ha yi bɛma woahu nea wubetumi ayɛ de adi ɔhaw no ho dwuma.

Sɛ Obi Sisi Me a, Dɛn Na Metumi Ayɛ?

Nea ɔresisi wo no de, ebia worentumi nsesa no, nanso nneɛma bi a wobɛyɛ no betumi aboa wo ama woagyina asisisɛm no ano.

Di Osisifo So Nkonim a Wontow Twɛre

Hwɛ video yi, na wubehu nea enti a ebinom sisi nkurɔfo. Afei wubehu nea wobɛyɛ de agyina ano.

Dɛn Na Mɛyɛ Na Mammrɛ Dodo?

Dɛn na ɛde ɔbrɛ dodow ba? Wobrɛ dodo anaa? Sɛ saa a, ɛnde dɛn na wubetumi ayɛ?