Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMABUN BISA SƐ

Ɛsɛ Sɛ Mebɔ Asu Anaa?—Ɔfã 3: Ɛdɛn Na Asiw Me Kwan?

Ɛsɛ Sɛ Mebɔ Asu Anaa?—Ɔfã 3: Ɛdɛn Na Asiw Me Kwan?

 Woredwen ho sɛ wubehyira wo ho so ama Yehowa na woabɔ asu anaa? Ɛyɛ a wei ma wobɔ hu? Sɛ saa a, nea yɛrebɛka ho asɛm yi bɛboa wo ama woayi ehu no afi wo mu.

Nea yɛrebɛka ho asɛm

 Sɛ mebɔ asu wie, na meyɛ bɔne bi a emu yɛ duru nso ɛ?

 Nea akɔfa adwinnwen no aba: Ebia wunim obi a ɔyɛɛ bɔne a emu yɛ duru nti woyii no fii asafo no mu. (1 Korintofo 5:11-13) Ebia wusuro sɛ wo nso, ebi bɛto wo.

 “Bere a edi kan a ɛbaa me tirim sɛ mɛbɔ asu no, na misuro sɛ anhwɛ a na makɔyɛ bɔne bi. Anka animguase a ɛde bɛbrɛ m’awofo deɛ, yɛnka.”—Rebekah.

 Kyerɛwnsɛm titiriw: “Ma ɔbɔnefo nnyaw ne kwan, . . . Ma ɔnsan mmra Yehowa nkyɛn, na obehu no mmɔbɔ, ɔmmra yɛn Nyankopɔn nkyɛn, na ɔde bɛkyɛ no aboro so.”—Yesaia 55:7.

 Dwen wei ho: Wɔn a wɔyɛ bɔne a emu yɛ duru a wonnu wɔn ho no, woyi wɔn fi asafo no mu. Nanso wɔn a wɔyɛ bɔne a wofi ahobrɛase mu nu wɔn ho na wɔyɛ nsakrae no, Yehowa de kyɛ wɔn.—Dwom 103:13, 14; 2 Korintofo 7:11.

 Nea yɛaka yi da nkyɛn a, nokwasɛm ne sɛ: Bɔne wɔ wo ho deɛ, nanso sɛ biribi sɔ wo hwɛ sɛ yɛ bɔne a, Onyankopɔn bɛboa wo ama woatumi ayɛ nea eye. (1 Korintofo 10:13) Ade yi, wobɛyɛ bɔne oo, wobɛyɛ papa oo, egyina wo so, ɛnyɛ obi na ɔbɛhyɛ wo. Ɛnte saa?

 “Na misuro sɛ mebɔ asu wie a, anhwɛ a na makɔyɛ bɔne kɛse bi. Nanso mihui sɛ, sɛ mema adwene a ɛte saa si m’asubɔ kwan a, na meredi mfomso. Afei nso, mihui sɛ ɛnsɛ sɛ mede ɔkyena asɛm haw me ho na migyae biribi a ɛsɛ sɛ meyɛ no nnɛ.”—Karen.

 Nea yɛreka akosi: Bɔne a emu yɛ duru deɛ, wopɛ a wubetumi atwe wo ho afi ho sɛnea Yehowa asomfo dodow no ara twe wɔn ho fi ho no.—Filipifo 2:12.

 Worepɛ biribi foforo a ɛbɛboa wo? Hwɛ “Mɛyɛ Dɛn Ako Atia Sɔhwɛ?

 Na sɛ misuro sɛ mebɔ asu a, ɛde adwuma bɛba abɛto me so nso ɛ?

 Nea akɔfa adwinnwen no aba: Ebia wunim mmerante ne mmabaawa bi a wɔatu afi baabi a wɔn abusuafo ne wɔn nnamfonom wɔ akɔtena akyirikyiri baabi reyɛ Yehowa som adwuma no pii. Na ɛyɛ wo sɛ wo nso, nkurɔfo bɛka sɛ yɛ bi.

 “Kristoni a wabɔ asu wɔ akwannya a ɔde bɛyɛ pii wɔ Yehowa som mu, nanso ebinom wɔ hɔ a, wɔnyɛɛ krado sɛ wɔbɛyɛ saa. Ebinom nso wɔ hɔ a, biribi na asiw wɔn kwan.”—Marie.

 Kyerɛwnsɛm titiriw: “Mmom ma obiara nhwɛ sɛnea n’ankasa nnwuma te. Ɛno na obenya biribi agyina so adi ahurusi wɔ nea ɔno ara ayɛ ho, na ɛnyɛ sɛ ɔde ne ho bɛtoto obi ho.”—Galatifo 6:4.

 Dwen wei ho: Sɛ anka wode wo ho bɛtoto afoforo ho no, fa w’adwene si asɛm a ɛwɔ Marko 12:30 no so. Ɛka sɛ: “Fa wo koma nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.”

 Hyɛ no nsow sɛ, wo na ɛsɛ sɛ wode wo koma nyinaa som Yehowa, na ɛnyɛ obi foforo koma na wode bɛsom. Sɛ wodɔ Yehowa ampa a, wobɛpɛ akwan bi a wobɛfa so ayɛ nea wubetumi biara de asom no.

 “Ɛwom sɛ asubɔ yɛ biribi a yɛfa no aniberesɛm, nanso ɛnyɛ ade a ɛma yɛn ho kyere yɛn. Sɛ wofa nnamfo pa a, wɔbɛboa wo. Nkakrankakra, bere a woregye asafo nnwuma no bi yɛ no, ɛbɛma w’anigye ayɛ kɛse. Sɛ woyɛ sɛ woremmɔ asu a, na woreyɛ wo ara wo ho.”—Julia.

 Nea yɛreka akosi: Kɔ so kyerɛ ɔdɔ a Yehowa ada no adi akyerɛ wo no ho anisɔ. Woyɛ saa a, ɛbɛhyɛ wo den ama wo nso woayɛ nea wubetumi nyinaa ama no.—1 Yohane 4:19.

 Worepɛ biribi foforo a ɛbɛboa wo? Hwɛ “How Responsible Am I?

 Na sɛ mete nka sɛ memfata sɛ mesom Yehowa nso ɛ?

 Nea akɔfa adwinnwen no aba: Yehowa na ɔwɔ tumi paa wɔ amansan yi mu, na sɛ wode nnipa toto ne ho a, nnipa nsɛ hwee koraa! Anhwɛ a ɛbɛyɛ wo sɛ Yehowa nnim sɛ wote ase mpo.

 “Esiane sɛ m’awofo yɛ Yehowa Adansefo nti, na ɛyɛ me sɛ me ara deɛ, menyɛ Yehowa adamfo, na mmom m’awofo yɛ Yehowa nnamfo nti na me nso meyɛ n’adamfo, na ɛnyɛ sɛ Yehowa na atwe me aba ne nkyɛn.”—Natalie.

 Kyerɛwnsɛm titiriw: “Obiara rentumi mma me nkyɛn gye sɛ Agya a ɔsomaa me no twe no.”—Yohane 6:44.

 Dwen wei ho: Nokwasɛm ne sɛ, asubɔ a woredwen ho no mpo kyerɛ sɛ Yehowa retwe wo aba ne nkyɛn, na wo ne n’adamfofa no mu reyɛ den. Wunhu sɛ ɛyɛ sɛ wobɛma Yehowa atwe wo?

 Afei nso kae sɛ, nea Yehowa begyina so atwe obi aba ne nkyɛn no, ɛyɛ ɔno na ɔkyerɛ; ɛnyɛ wo anaa obi foforo biara. Na n’Asɛm no ma wo awerɛhyem sɛ, ‘wobɛn Onyankopɔn a, ɔbɛbɛn wo.’—Yakobo 4:8.

 “Yehowa a woabehu no na watwe wo aba ne nkyɛn no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ ɔdɔ wo. Enti sɛ ɛyɛ wo sɛ womfata sɛ wosom Yehowa a, kae sɛ ɔno deɛ, ɔne wo nyɛ adwene. Yehowa nso deɛ, nea ɔyɛ biara yɛ papa.”—Selina.

 Nea yɛreka akosi: Nea Bible ka sɛ ɛsɛ sɛ obi yɛ ansa na wabɔ asu no, sɛ wutumi yɛ a, ɛnde na wofata sɛ wosom Yehowa. Kae sɛ, ɔno na ɔfata sɛ wosom no.—Adiyisɛm 4:11.

 Worepɛ biribi foforo a ɛbɛboa wo? Hwɛ “Adɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Mebɔ Mpae?