Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMABUN BISA SƐ

Mɛyɛ Dɛn Ne Me Kyerɛkyerɛfo Ntam Ayɛ Kama?

Mɛyɛ Dɛn Ne Me Kyerɛkyerɛfo Ntam Ayɛ Kama?

 Ɔkyerɛkyerɛfo ateetee

 Ɛrekame ayɛ sɛ, sukuuni biara wɔ ɔkyerɛkyerɛfo a ɛyɛ no sɛ ɔne no nni no yiye, ɔhyɛ no so dodo, anaa ɔbɔ no atirimɔden.

  •   Luis a wadi mfe 21 ka sɛ: “Ná mewɔ ɔkyerɛkyerɛfo bi a ɔka kasafi daa, na na ommu sukuufo a ɔkyerɛ wɔn ade no koraa. Ná ɔrebɛkɔ pɛnhyen, enti na ɛyɛ no sɛ, sɛ ɔyɛ saa mpo a obiara rentumi nyi no adi.”

  •   Melanie a wadi mfe 25 kae sɛ ne kyerɛkyerɛfo bi tuu n’ani sii ɔno nko ara so. Melanie kaa sɛ: “Nea enti na ɔne me redi no yaayaayaw ne sɛ, asɔre a nnipa dodow no ara gye tom no, ɛnyɛ ɛno bi na mekɔ. Ɔka kyerɛɛ me sɛ ɔreteetee me ama akokwaw me, na sɛ daakye nkurɔfo teetee me a, anyɛ me ade foforo.”

 Sɛ wo kyerɛkyerɛfo bi asɛm yɛ den a, nneɛma bi wɔ hɔ a wubetumi ayɛ a ɛremma wunni awerɛhow afe mũ no nyinaa wɔ sukuu mu. Fa nyansahyɛ a edidi so yi yɛ adwuma hwɛ.

 Nea ɛbɛma wo ne ne ntam ayɛ kama

  •   Sua sɛnea wo ne no bɛtena. Ɔkyerɛkyerɛfo biara wɔ nea ɔpɛ sɛ sukuufo a ɔkyerɛ wɔn ade yɛ. Fa w’ani to fam hwɛ sɛ wubehu nea wo kyerɛkyerɛfo pɛ sɛ woyɛ, na yere wo ho yɛ.

     Bible nnyinasosɛm: “Onyansafo tie, na osua nneɛma pii.”—Mmebusɛm 1:5.

     “Mihui sɛ ɛsɛ sɛ meyɛ m’ade sɛnea me kyerɛkyerɛfo no pɛ, enti nea na ɔpɛ no, saa pɛpɛɛpɛ na meyɛe. Wei maa me ne ne ntam bɛyɛɛ kama.”—Christopher.

  •   Bu w’akyerɛkyerɛfo. Bɔ mmɔden sɛ wo ne wɔn bɛkasa yiye. Sɛ wɔka asɛm bi na anyɛ wo dɛ na ɛyɛ wo sɛ ka bi kyerɛ wɔn mpo a, nyɛ saa da. Mma wo werɛ mmfi sɛ, wɔn ani so no, woyɛ sukuuni na wommu wo sɛ wo tipɛn ne wɔn.

     Bible nnyinasosɛm: “Momma mo anom kasa nyɛ dɛ bere nyinaa na nkyene mmra mu, na moahu sɛnea mubebua obiara.”—Kolosefo 4:6.

     “Ɛnyɛ bere nyinaa na sukuufo de obu a ɛfata ma wɔn akyerɛkyerɛfo. Enti sɛ wobɔ mmɔden di wo akyerɛkyerɛfo ni a, ɛbɛboa paa ma wɔne wo adi no yiye.”—Ciara.

  •   Te wo akyerɛkyerɛfo ase. Akyerɛkyerɛfo nso yɛ nnipa. Wei kyerɛ sɛ dadwen a ɛda nkurɔfo so ne ateetee a nnipa nyinaa refa mu no, wɔn nso wɔ wɔn de. Enti mpere wo ho nka sɛ, ‘Me kyerɛkyerɛfo yi tirim yɛ den’ anaa ‘Me kyerɛkyerɛfo yi mpɛ m’asɛm.’

     Bible nnyinasosɛm: “Yɛn nyinaa di mfomso.”—Yakobo 3:2.

     “Akyerɛkyerɛfo adwuma yɛ den paa. Mihu sɛ ɛbɛyɛ den paa sɛ wobɛma saa mmofra bebrebe yi nyinaa ayɛ komm na woakyerɛ wɔn ade. Bere nyinaa na mem’adwene sɛ merenyɛ biribi a ɛbɛma me kyerɛkyerɛfo no haw adɔɔso.”—Alexis.

  •    Ka ho asɛm kyerɛ w’awofo. Nea w’awofo pɛ ne sɛ wɔbɛboa wo ama nneɛma akɔ yiye ama wo wɔ sukuu. Afotu a wɔde bɛma wo no betumi ama woahu nea wobɛyɛ na ama wo ne wo kyerɛkyerɛfo a ɔne wo nni no yiye no ntam ayɛ kama.

     Bible nnyinasosɛm: “Sɛ adwentoatoa nni hɔ a, nhyehyɛe nyɛ yiye.”—Mmebusɛm 15:22.

     “Awofo nim sɛnea wosiesie nsɛm sen mmabun. Enti sɛ wotu wo fo a tie. Ɛbɛboa wo ma nneɛma akɔ yiye ama wo.”—Olivia.

 Sɛnea wo ne wo kyerɛkyerɛfo bɛkasa

 Ɛtɔ da a, ɛho behia sɛ wo ne wo kyerɛkyerɛfo ka wontwiwontwi a ɛrekɔ so wɔ mo ntam no ho asɛm. Sɛ wusuro sɛ wo ne no beyiyi nsɛm ano a, ka wo koma to wo yam. Ɛnyɛ sɛ wo ne no rekogye akyinnye. Ɛyɛ nkɔmmɔ na morekɔbɔ, na wubehu sɛ ɛrenyɛ den koraa, na biribi pa befi mu aba.

 Bible nnyinasosɛm: “Nneɛma a ɛde asomdwoe ba . . . no, momma yenni ɛno akyi.”—Romafo 14:19.

 “Sɛ wuhu sɛ wo nko ara na ɔkyerɛkyerɛfo no ne wo nni no yiye a, bisa no sɛ ebia woayɛ biribi ama ahaw no anaa? Mmuae a ɔde bɛma wo no betumi aboa wo ama woahu sɛnea wobɛyɛ w’ade.”—Juliana.

 “Ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛtɔ wo bo ase ne ɔkyerɛkyerɛfo no nko ara akasa ansa na wafi ase akyerɛ ade anaa bere a wakyerɛ ade awie no. Ebia a ɔbɛte wo ase na n’ani bɛsɔ ɔkwan a wofaa so ne no kasae no.”—Benjamin.

 ASƐM A ESII ANKASA

 Ná mintumi ntwa me nsɔhwɛ, na na me kyerɛkyerɛfo no nso mmoa me koraa. Ná ɔmma m’ani nka sukuu mu, enti na mepɛ sɛ migyae.

 “Mekɔɔ ɔkyerɛkyerɛfo foforo nkyɛn kogyee afotu. Ɔka kyerɛɛ me sɛ: ‘Onnim wo yiye, na saa ara na wo nso wunnim no yiye. Ɛsɛ sɛ woka kyerɛ no sɛ nneɛma nkɔ yiye mma wo. Sɛ wo ne no kasa a, sukuufo foforo a wosuro paa sɛ wɔne no bɛkasa no, ɛbɛboa wɔn nso.’

 “Na m’ani nnye ho koraa sɛ me ne me kyerɛkyerɛfo no bɛkasa! Nanso midwinnwen nea ɔkyerɛkyerɛfo foforo no ka kyerɛɛ me no ho, na mihui sɛ nea ɔreka no yɛ nokware. Sɛ mepɛ sɛ nneɛma kɔ yiye ma me a, na ehia sɛ meyɛ ho biribi.

 “Enti ade kyee no, mekɔɔ me kyerɛkyerɛfo no nkyɛn, na metɔɔ me bo ase ka kyerɛɛ no sɛ m’ani gye n’adekyerɛ ho na mepɛ misua nneɛma pii fi ne hɔ. Nanso mente nneɛma ase na minhu nea menyɛ nso. Ɔmaa me nyansahyɛ ahorow na ɔkae mpo sɛ, sɛ ɔkyerɛ ade wie a ɔbɛboa me anaasɛ ɔde nneɛma bi bɛfa email so abrɛ me.

 “Ɛyɛɛ me nwonwa paa! Saa nkɔmmɔ a me ne me kyerɛkyerɛfo no bɔe no maa yɛn ntam bɛyɛɛ kama, na ɛmaa m’ani begyei wɔ sukuu mu paa.”—Maria

 Nyansahyɛ: Sɛ wontwiwontwi bi rekɔ so wɔ wo ne wo kyerɛkyerɛfo bi ntam a, fa no sɛ ɛyɛ ntetee a ɛbɛboa wo daakye. Katie a wadi 22 ka sɛ: “Sɛ wuwie sukuu mpo a, wubetumi ahyia nkurɔfo bi a wɔwɔ dibea a ɛtɔ da a wɔne wo renni no yiye. Seesei sɛ wobɔ mmɔden sɛ wo ne ɔkyerɛkyerɛfo a ɔne wo nni no yiye ntam bɛyɛ kama a, sɛ daakye wuhyia nkurɔfo a wɔne wo nni no yiye a, ɛrenyɛ den sɛ wo ne wɔn bɛbɔ.”