Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMABUN BISA SƐ

Sɛn Na Bible No Betumi Aboa Me?​—Ɔfã 2: Mɛyɛ Dɛn Ama Me Bible Akenkan Ayɛ Anigye?

Sɛn Na Bible No Betumi Aboa Me?​—Ɔfã 2: Mɛyɛ Dɛn Ama Me Bible Akenkan Ayɛ Anigye?

 Ɔbabun bi a ne din de Will kaa sɛ, “Sɛ wunnim ɔkwampa a yɛfa so kenkan Bible a, ebetumi ayɛ wo sɛ ne kan yɛ anihaw.”

 Wopɛ sɛ wuhu sɛnea wobɛkenkan Bible ama w’ani agye? Nea yɛrebɛka ho asɛm wɔ ha yi bɛboa wo.

 Kenkan Kyerɛwnsɛm no te sɛ nea na wowɔ hɔ na asɛm no sii

 Fa w’adwene ne wo koma nyinaa di akenkan no akyi. Wubetumi de nyansahyɛ a edidi so yi ayɛ adwuma:

  1.   Paw Bible mu asɛm bi a wopɛ sɛ wusua. Wubetumi apaw Bible mu asɛm bi anaa asɛm bi wɔ Nsɛmpa nnan no fã bi. Wopɛ nso a, Bible akenkan a wɔayɛ no sɛ drama a ɛwɔ jw.org. no, wubetumi apaw bi na woabɔ atie.

  2.   Kenkan asɛm no. Wopɛ a, wo nko ara wubetumi akenkan. Wubetumi nso ne wo nnamfo anaa w’abusuafo abom akenkan no den. Onipa baako betumi afi ase akan, na sɛ odu baabi na ɛyɛ obi anom asɛm a, na nipa foforo nso akan.

  3.   Nyansahyɛ a edidi so yi, sɔ emu baako anaa nea ɛboro saa hwɛ:

    •   Asɛm a worekenkan no, drɔdrɔ ho mfoni. Wopɛ nso a, sɛnea nsɛm bi sisii nnidiso nnidiso no, wubetumi adrɔdrɔ ho mfoni ahorow. Wodrɔ mfoni biara wie a, kyerɛw asɛm bi wɔ ho fa kyerɛkyerɛ nea ɛrekɔ so no mu.

    •   Nea wubetumi ayɛ nso ne sɛ, bere a worekenkan obi a ɔbɔɔ ne bra yiye ho ade no, wubetumi akyerɛw ne suban ne nnwuma pa a ɔyɛe na woakyerɛw nhyira a onya fii emu biara mu no ahyehyɛ ho.

    •   Nea worekenkan no, ma ɛnyɛ te sɛ asɛm bi a asi a woreka ho asɛm. Wubetumi aka no wɔ akwan horow so. Nnipa a asɛm no fa wɔn ho ne wɔn a wɔyɛ asɛm no ho adansefo no, wubetumi “abisabisa wɔn nsɛm.”

    •   Nnipa a worekenkan wɔn ho ade no, sɛ wɔn mu bi sii gyinae a nyansa nnim a, susuw ho hwɛ sɛ, wosii gyinae pa a anka ebewie wɔn sɛn. Sɛ nhwɛso no, sɛnea Petro kaa sɛ onnim Yesu no, susuw ho hwɛ. (Marko 14:66-72) Bere a Petro ho kyeree no no, ɔkwampa bɛn na na anka obetumi afa so ayɛ n’ade?

    •   Sɛ wote nka sɛ wutumi twa nsɛm ho mfoni wɔ w’adwene mu pa ara a, ɛnde wubetumi agyina Bible mu asɛm bi so ahyehyɛ nsɛm bi de ayɛ drama. Fa asuade a yebetumi anya wɔ asɛm no mu ka ho.​—Romafo 15:4.

      Bible mu nsɛm no, wubetumi ama ayɛ te sɛ nea na wowɔ bi hɔ na esisii!

 Yɛ nhwehwɛmu!

 Sɛ wususuw nsɛm ho kɔ akyiri a, wubetumi akopue akorade a ahintaw so. Nokwasɛm ne sɛ, ɛtɔ da a, asɛmfua baako anaa mmienu bi pɛ betumi ama woate Bible mu asɛm bi ase yiye.

 Sɛ nhwɛso no, fa Mateo 28:7 toto Marko 16:7 ho.

  •    Adɛn nti na Marko de kaa ho sɛ ɛnkyɛ na Yesu ayi ne ho adi akyerɛ n’asuafo no “ne Petro”?

  •  Nea ɛbɛma woahu mmuae no: Nsɛm a esisii no, Marko amfa n’ani anhu bi. Ɛda adi sɛ, ne nsɛm a ɔkyerɛwee no, Petro na ɔka kyerɛɛ no.

  •  Akorade a ahintaw no: Wohwɛ a, adɛn nti na ɛbɛyɛ sɛ Petro koma tɔɔ ne yam bere a ɔtee sɛ Yesu pɛ sɛ ohu no bio no? (Marko 14:66-​72) Dɛn na Yesu yɛe de kyerɛe sɛ ɛnyɛ n’ano kɛkɛ na na ɔde dɔ Petro? Dɛn na wobɛyɛ de asuasua Yesu de akyerɛ sɛ ɛnyɛ w’ano kɛkɛ na wode dɔ afoforo?

 Sɛ wokenkan Kyerɛwnsɛm no te sɛ nea wowɔ hɔ bi na nsɛm no sisii, na wususuw nsɛm no ho kɔ akyiri a, wo Bible akenkan bɛyɛ anigye pa ara!