Mmebusɛm 24:1-34

  • Mma w’ani mmmere abɔnefo (1)

  • Nyansa na wɔde si fie (3)

  • Ɔtreneeni bɛhwe ase, nanso ɔbɛsɔre (16)

  • Mfa bɔne ntua bɔne ka (29)

  • Nkotɔ ne ohia na ɛnam (33, 34)

24  Mma w’ani mmmere abɔnefo,Na mma wo kɔn nnnɔ sɛ wo ne wɔn bɛbɔ.+   Efisɛ wɔn koma dwen awudisɛm ho,Na wɔn ano keka mmusu.   Nyansa na wɔde si ofi,*+Na nhumu na ɛma egyina.   Nimdeɛ na wɔde nya nneɛma hyɛ emu adan ma,Nneɛma a ɛsom bo ne afɛfɛde nyinaa bi.+   Onyansafo ho yɛ den,+Na nimdeɛ ma onipa ahoɔden dɔɔso.   Akwankyerɛ pa na wode bɛkɔ wo ko,+Na afotufo* dodow mu na nkonimdi wɔ.*+   Ɔkwasea de, ne nsa ntumi nka nyansa;*+Onni hwee ka wɔ kurow pon ano.   Obiara a ɔbɔ pɔw bɔne no,Wɔbɛfrɛ no adwemmɔnefo hene.+   Nkwaseadwene yɛ bɔne,Na nkurɔfo kyi ɔfɛwdifo.+ 10  Sɛ w’aba mu bu amanehunu da* mu a,W’ahoɔden bɛyɛ ketewaa bi. 11  Gye wɔn a wɔde wɔn rekɔ owu mu,Na gye wɔn a wɔrehinhim wɔ okum kwan so no.+ 12  Sɛ woka sɛ: “O, na yennim” a, Nea Ɔhwehwɛ koma mu* no renhu anaa?+ Yiw, Nea n’ani hwɛ wo* no behu,Na obetua onipa biara ka sɛnea ne nnwuma te.+ 13  Me ba, di ɛwo, efisɛ eye;Ɛwo a efi ɛwokyɛm mu yɛ dɛ paa. 14  Saa ara na nyansa te; hu sɛ eye ma wo.*+ Sɛ wunya bi a, ebesi wo yiye daakye,Na wɔrentwa w’anidaso nkyene.+ 15  Nyɛ wo ho sɛ ɔbɔnefo nkɔtɛw baabi a ɛbɛn ɔtreneeni fi;Nsɛe baabi a ogye n’ahome. 16  Sɛ ɔtreneeni hwe ase mpɛn ason mpo a, ɔbɛsan asɔre;+Na abɔnefo de, mmusu bɛma wɔahwe ase.+ 17  Sɛ wo tamfo hwe ase a, nni ahurusi,Na sɛ biribi to no hintidua a, mma wo koma ani nnnye.+ 18  Anyɛ saa a, Yehowa behu, na n’ani rennye ho,Na Ɔbɛdan n’abufuw afi no* so.+ 19  Mma wo bo mmfuw* esiane abɔnefo nti,Na mma w’ani mmmere nnipa bɔnefo. 20  Efisɛ anidaso biara nni hɔ mma ɔbɔnefo biara;+Na wobedum abɔnefo kanea.+ 21  Me ba, suro Yehowa ne ɔhene,+ Na wo ne atuatewfo* mmmɔ,+ 22  Efisɛ wɔn amanehunu bɛba prɛko pɛ.+ Hena na onim ɔsɛe a wɔn baanu* de bɛba wɔn so?+ 23  Saa nsɛm yi nso yɛ anyansafo dea: Atemmu mu animhwɛ de, enye.+ 24  Obiara a ɔka kyerɛ ɔbɔnefo sɛ: “Woyɛ ɔtreneeni” no,+ Aman bɛdome no, na amanaman bebu no obusuyɛfo. 25  Na wɔn a wɔkasa kyerɛ no de, ebesi wɔn yiye;+Wɔde nneɛma pa behyira wɔn.+ 26  Nea ɔma mmuae a ɛyɛ nokware no, nkurɔfo befew n’ano.*+ 27  Yɛ w’abɔnten adwuma wie, na toto biribiara kama wɔ w’afuw mu;Wuwie a, na woasi wo fi.* 28  Nni adanse ntia wo yɔnko bere a wunni nnyinaso biara.+ Mfa w’ano nnaadaa nkurɔfo.+ 29  Nka sɛ: “Nea wayɛ me no, saa ara na me nso mɛyɛ no;Nea ɔyɛɛ me no, mɛyɛ no bi atua ka.”+ 30  Mitwaam wɔ ɔkwadwofo afuw ho,+Na mekɔfaa ɔbarima a wagyimi* bobefuw* ho. 31  Mihui sɛ nwura agye afa;Nsasono afa ase nyinaa,Na abo a wɔde agye ho ban no abubu.+ 32  Mehwɛe, na midwen ho wɔ me komam;Mihui, na nea misuae ni:* 33  Mereda kakra, meretɔ nko kakra,Merebobɔw me nsa ahome kakra; 34  Wode saa ara na wo hia aba sɛ ɔkorɔmfo,Na w’ahokyere aba sɛ ɔkorɔmfo-werɛmfo.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “wɔde kyekyere abusua.”
Anaa “agyinatufo.”
Anaa “nkwagye wɔ; nneɛma kɔ yiye.”
Anaa “nokware nyansa.”
Anaa “ɔhaw bere.”
Anaa “Ɔhwehwɛ adwene a onipa de yɛ biribi mu.”
Anaa “wo kra.”
Anaa “ɛyɛ dɛ ma wo kra.”
Kyerɛ sɛ, ɔtamfo no.
Anaa “Mma wo bo mmfuw denneennen.”
Anaa “wɔn a wɔpere hwehwɛ nsakrae.”
Kyerɛ sɛ, Yehowa ne ɔhene.
Ebetumi nso akyerɛ, “Mmuae tẽẽ te sɛ mfewano.”
Anaa “woakyekye w’abusua.”
Nt., “ne koma nni hɔ.”
Anaa “bobeturo.”
Nt., “mefaa mu adwene.”