Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɛho Hia sɛ Wode Wo Ho Hyɛ Ɔsom Pɔtee Bi Mu Anaa?

Ɛho Hia sɛ Wode Wo Ho Hyɛ Ɔsom Pɔtee Bi Mu Anaa?

Nea Bible ka

 Aane, efisɛ Onyankopɔn pɛ sɛ nkurɔfo hyiam som no. Bible ka sɛ: “Momma yensusuw yɛn ho yɛn ho ho, nkanyan yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu, na mommma yɛnnkwati sɛ yɛne yɛn ho behyiam.”​—Hebrifo 10:24, 25.

 Yesu kyerɛe sɛ n’asuafo bɛbom ayɛ ɔsom kuw baako. Ɔkaa sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo ampa.” (Yohane 13:35) Ade titiriw a Kristo asuafo bɛyɛ de akyerɛ sɛ wɔdɔ wɔn ho ne sɛ wɔne wɔn mfɛfo agyidifo behyiam. Wɔbɛhyehyɛ wɔn sɛ asafo na wɔahyiam bere nyinaa asom Onyankopɔn. (1 Korintofo 16:19) Wɔbɛka abom sɛ anuanom a wɔwɔ wiase nyinaa.​—1 Petro 2:17.

Ɛnyɛ ɛno ara ne sɛ wobɛdɔm ɔsom bi kɛkɛ

 Ɛyɛ nokware, Bible kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ nkurɔfo hyiam som Onyankopɔn. Nanso ɛnkyerɛkyerɛ sɛ, sɛ obi dɔm ɔsom bi pɛ a na Onyankopɔn agye no atom. Sɛ Onyankopɔn begye onipa no atom a, gye sɛ ɔde nea osua no bɔ ne bra. Ɛho nhwɛso ne sɛ, Bible ka sɛ: “Ɔsom a ɛho tew na efĩ biara nni ho yɛn Nyankopɔn ne Agya no ani so ne eyi: sɛ obi bɛhwɛ nnyanka ne akunafo wɔn ahohia mu, na watwe ne ho afi wiase nkekae ho.”​—Yakobo 1:27.