Yakobo Nhoma No 4:1-17

  • Nyɛ wiase adamfo (1-12)

    • Munsiw Ɔbonsam kwan (7)

    • Mommɛn Onyankopɔn (8)

  • Ahohoahoa ho kɔkɔbɔ (13-17)

    • “Sɛ Yehowa pɛ a” (15)

4  Aperepere ne ntɔkwaw a ɛrekɔ so wɔ mo ntam no, ɛhe na efi? Ɛnyɛ mo honam akɔnnɔ a ɛhyɛ mo so* no mu na efi?+  Nea mo kɔn dɔ no, munnya. Mudi awu na mo ani bere ade, nanso mo nsa nka nea mopɛ. Mudi apere na mokõ ntɔkwaw.+ Mo nsa nka nea mopɛ efisɛ mummisa.  Sɛ mubisa nso a, mo nsa nka, efisɛ ɛnyɛ adwempa na mode bisa; mopɛ sɛ mode di mo honam akɔnnɔ akyi.  Awaresɛefo,* munnim sɛ obi yɛ wiase adamfo a, ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn tamfo? Enti obiara a ɔpɛ sɛ ɔfa wiase adamfo no, na ɔreyɛ ne ho Onyankopɔn tamfo.+  Anaa mususuw sɛ kyerɛwsɛm no kaa no kwa sɛ: “Anibere honhom a ɛte yɛn mu no, akɔnnɔ ahyɛ no ma”?+  Nanso adom a ɔma yɛn nsa ka no kyɛn saa honhom no. Enti kyerɛwsɛm no ka sɛ: “Onyankopɔn siw ahantanfo kwan,+ na ahobrɛasefo de, ɔdom wɔn.”+  Ne saa nti mommrɛ mo ho ase nhyɛ Onyankopɔn ase;+ munsiw Ɔbonsam kwan,+ na obeguan afi mo ho.+  Mommɛn Onyankopɔn na ɔbɛbɛn mo.+ Mo abɔnefo, monhohoro mo nsa;+ mo a mo adwene nsi mo pi, montew mo komam.*+  Munni abooboo ne awerɛhow na munsu.+ Momma mo serew nnan awerɛhow na mo anigye nnan apinisi. 10  Mommrɛ mo ho ase wɔ Yehowa* anim,+ na ɔbɛma mo so.+ 11  Anuanom, monnkasa nntia mo yɔnko bio.+ Obiara a ɔkasa tia ne nua anaa obu ne nua atɛn no kasa tia mmara, na obu mmara atɛn. Na sɛ wubu mmara atɛn a, ɛnde na wonyɛ obi a odi mmara so; mmom woyɛ ɔtemmufo. 12  Mmarahyɛfo ne Ɔtemmufo baako pɛ na yɛwɔ;+ ɔno na otumi gye nkwa na otumi kum.+ Wo de, wone hena a wubu wo yɔnko atɛn?+ 13  Afei muntie, mo a moka sɛ: “Ɛnnɛ anaa ɔkyena yebetu kwan akɔ kurow yi so akodi afe wɔ hɔ, na yebedi gua anya mfaso,”+ 14  nanso munnim nea ɛbɛto mo ɔkyena.+ Moyɛ suwusiw; epue bere tiaa bi a na ayera.+ 15  Mmom no, nea ɛsɛ sɛ moka ne sɛ: “Sɛ Yehowa* pɛ a,+ yebenya nkwa na yɛayɛ sɛɛ anaa sɛɛ.” 16  Nanso seesei nea ɛyɛ mo fɛ ne sɛ mobɛkeka nsɛm akɛse de ahoahoa mo ho. Ahohoahoa a ɛte saa nyinaa yɛ bɔne. 17  Enti sɛ obi nim adepa na wanyɛ a, ɛyɛ bɔne ma no.+

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “ɛwɔ mo akwaa mu.”
Anaa “Mo a munni nokware.”
Anaa “munnwira mo koma ho.”