Marko Asɛmpa 12:1-44

  • Akuafo awudifo ho mfatoho no (1-12)

  • Onyankopɔn ne Kaesare (13-17)

  • Owusɔre ho asɛmmisa (18-27)

  • Ahyɛde abien a ɛho hia paa (28-34)

  • Kristo no yɛ Dawid ba anaa? (35-37a)

  • Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnhwɛ yiye wɔ akyerɛwfo no ho (37b-40)

  • Okunafo hiani no nkaprɛ mma abien (41-44)

12  Na ofii ase ne wɔn kasae, na ɔyɛɛ mfatoho yi sɛ: “Ɔbarima bi yɛɛ bobefuw*+ gyee ho ban, na otuu amoa a wokyĩ nsã wom wɔ afuw no mu, na ɔtoo abantenten.+ Afei ɔde gyaw akuafo bi, na otuu kwan.+  Na bere* dui no, ɔsomaa akoa bi kɔɔ akuafo no nkyɛn sɛ onkogye bobefuw no mu aba no bi mfi akuafo no nkyɛn.  Nanso wɔkyeree no hwee no, na wɔpam no a wɔamma no hwee.  Na ɔsan somaa akoa foforo kɔɔ wɔn nkyɛn, na ɔno nso, wɔde ade bɔɔ ne tirim, na woguu n’anim ase.+  Na ɔsomaa ɔfoforo, na ɔno de wokum no. Ɔsomaa afoforo pii nso, na wɔn nso, wɔhwee wɔn mu binom, na wokunkum ebinom.  Ná aka onipa baako, ne ba a ɔdɔ no.+ Ɔno ne nea otwa to a ɔsomaa no kɔɔ wɔn nkyɛn, na ɔkae sɛ, ‘Wɔbɛfɛre me ba no.’  Nanso akuafo no keka kyerɛɛ wɔn ho sɛ, ‘Oyi na obedi ade no.+ Mommra mma yenkum no, na agyapade no bɛba abedi yɛn nsam.’  Ɛnna wɔkyeree no kum no, na wɔtwee no kɔtoo bobefuw no akyi.+  Dɛn na bobefuw wura no bɛyɛ? Ɔbɛba abekunkum akuafo no, na ɔde bobefuw no ama nnipa foforo.+ 10  Monkenkan kyerɛwsɛm yi da sɛ, ‘Ɔbo a adansifo poe no, ɛno na abɛyɛ ntwea so bo titiriw?’*+ 11  Na monkenkanee sɛ, ‘Yehowa* hɔ na eyi fi, na ɛyɛ nwonwa wɔ yɛn ani so’?”+ 12  Ɛno nti, na wɔpɛ sɛ wɔkyere no, efisɛ wohui sɛ wɔn nti na ɔyɛɛ mfatoho no. Nanso, na wosuro nnipadɔm no. Enti wogyaw no hɔ kɔe.+ 13  Afei wɔsomaa Farisifo no bi ne Herode akyidifo no bi kɔɔ ne nkyɛn, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛka asɛm bi ama wɔanya no.+ 14  Bere a wokodui no, wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, yenim sɛ woka nokware, na wonhwehwɛ obiara anim anuonyam, efisɛ wonhwɛ nnipa anim, na nea wokyerɛkyerɛ fa Onyankopɔn ho no yɛ nokware. Mmara ma kwan* sɛ wotua tow ma Kaesare anaasɛ ɛmma kwan?* 15  Yentua anaasɛ yenntua?” Bere a ohuu wɔn nyaatwom no, obisaa wɔn sɛ: “Adɛn nti na moresɔ me ahwɛ? Momfa denare* no bi mmrɛ me mma menhwɛ.” 16  Wɔde baako bae, na obisaa wɔn sɛ: “Hena mfoni ne ne nkyerɛwee ni?” Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Kaesare dea.” 17  Ɛnna Yesu kae sɛ: “Muntua Kaesare de mma Kaesare,+ na muntua Onyankopɔn de mma Onyankopɔn.”+ Na ne ho yɛɛ wɔn nwonwa. 18  Afei Sadukifo a wɔka sɛ owusɔre nni hɔ+ no baa ne nkyɛn, na wobisaa no sɛ:+ 19  “Ɔkyerɛkyerɛfo, Mose kyerɛw maa yɛn sɛ, sɛ obi nuabarima wu gyaw ne yere na sɛ onni ba a, ɛsɛ sɛ ɔware ne nua a wawu no yere no, na ɔne no wo ma ne nua no.+ 20  Ná anuanom baason* bi wɔ hɔ. Nea odi kan no waree, nanso bere a owui no, wannyaw ɔba biara wɔ akyi. 21  Na nea ɔto so abien no waree ɔbea no, na owui a wannyaw ɔba wɔ akyi, na nea ɔto so abiɛsa no nso saa ara. 22  Na nnipa baason no biara annyaw ɔba wɔ akyi. Awiei koraa no, ɔbea no nso wui. 23  Owusɔre mu no, wɔn mu hena na ɔbea no bɛyɛ ne yere? Efisɛ nnipa baason no nyinaa waree no bi.” 24  Yesu buaa wɔn sɛ: “Moredi mfomso, efisɛ munnim Kyerɛwnsɛm no anaa Onyankopɔn tumi.+ 25  Sɛ awufo sɔre a, mmarima renware na wɔremfa mmea nso mma aware, na mmom wɔbɛyɛ sɛ abɔfo a wɔwɔ soro.+ 26  Na ɛdefa awufo a wobenyan wɔn ho no, monkenkanee Mose nhoma no mu asɛm a ɛfa nwura* ho no? Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ: ‘Mene Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn.’+ 27  Ɔnyɛ awufo Nyankopɔn, na mmom ateasefo de. Mudi mfomso pii.”+ 28  Ɛnna akyerɛwfo no mu baako baa hɔ bɛtee sɛ wɔregye akyinnye, na ohui sɛ Yesu abua wɔn nsɛm no yiye. Enti obisaa Yesu sɛ: “Mmara no mu nea ɛwɔ he na edi kan?”*+ 29  Yesu buae sɛ: “Nea edi kan ne sɛ, ‘O Israel, tie, Yehowa* yɛn Nyankopɔn yɛ Yehowa* baako, 30  na fa wo koma nyinaa ne wo kra* nyinaa ne w’adwene nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa dɔ Yehowa* wo Nyankopɔn.’+ 31  Nea ɛto so abien ne sɛ, ‘Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’+ Mmara biara nni hɔ a ɛyɛ kɛse sen eyinom.” 32  Ɔkyerɛwfo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, nea woaka no yɛ nokware turodoo, ‘Ɔyɛ Baako, na obiara nni hɔ sɛ ɔno’;+ 33  na sɛ obi de ne koma nyinaa ne n’adwene nyinaa ne n’ahoɔden nyinaa dɔ no, na ɔdɔ ne yɔnko sɛ ne ho a, ɛsom bo koraa sen ɔhyew afɔre ne afɔrebɔ nyinaa.”+ 34  Na Yesu hui sɛ wabua no nyansa mu, enti ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Wo ne Onyankopɔn Ahenni ntam kwan nware.” Na obiara annya akokoduru ammisa no asɛm biara bio.+ 35  Na Yesu toaa so kyerɛkyerɛe wɔ asɔrefi hɔ, na obisae sɛ: “Adɛn nti na akyerɛwfo no ka sɛ Kristo no yɛ Dawid ba?+ 36  Honhom kronkron+ maa Dawid ankasa kae sɛ, ‘Yehowa* ka kyerɛɛ me Wura sɛ: “Tena me nsa nifa kosi sɛ mede w’atamfo begu wo nan ase.”’+ 37  Dawid ankasa frɛɛ no Owura, enti ɛbɛyɛ dɛn na wayɛ ne ba?”+ Saa bere no, ná nnipadɔm kɛse no de anigye retie no. 38  Bere a ogu so rekyerɛkyerɛ no, ɔkae sɛ: “Monhwɛ yiye wɔ akyerɛwfo no ho. Nea wɔpɛ ne sɛ wɔbɛhyɛ ntaade atenten de akyinkyin, na wɔagye nkyia wɔ gua so.+ 39  Wɔpɛ nkongua a ɛwɔ anim* wɔ hyiadan mu ne mpanyimfo tenabea wɔ apontow* ase.+ 40  Wɔn na wogye* akunafo afi,* na wɔbɔ mpae atenten sɛnea nnipa behu wɔn.* Saa nkurɔfo yi benya atemmu a emu yɛ den.”* 41  Ɔtenaa ase, na na n’ani tua sika nnaka*+ no. Na ofii ase hwɛɛ sɛnea na nnipadɔm no de sika regu nnaka no mu. Ná asikafo bebree de sika pii regu mu.+ 42  Ɛnna ɔbea kunafo hiani bi bae, na ɔde nkaprɛ mma abien* a ɛnsom bo ahe biara beguu mu.+ 43  Enti ɔfrɛɛ n’asuafo no baa ne nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, nea saa ɔbea kunafo hiani yi de agu mu no, ɛdɔɔso sen nea wɔn a aka no nyinaa de beguu mu no.+ 44  Efisɛ wɔn nyinaa de nea wɔanya ama aboro so no bi na abegu mu. Na ɔbea yi de, ofi ne hia mu de nea ɔwɔ nyinaa, nea ɔde bɛhwɛ ne ho nyinaa, na abegu mu.”+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “bobeturo.”
Kyerɛ sɛ, bere a wɔde twa bobe.
Nt., “tweatibo?”
Anaa “Ɛfata.”
Anaa “ɛmfata?”
Kyerɛ sɛ, mmarima baason.
Anaa “nkyɛkyerɛ.”
Anaa “ehia paa?”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “nkongua pa.”
Anaa “anwummere aduan.”
Anaa “wɔmemene.”
Anaa “agyapade.”
Anaa “nyaatwom nti, wɔbɔ mpae atenten.”
Anaa “emu yɛ duru.”
Anaa “nnaka a wɔde sika gu mu.”
Nt., “lepton abien anaa kwadran baako.” Hwɛ Nkh. B14.