Nnwom 10:1-18

  • Yehowa di boa mmɔborɔwa

    • Ɔdebɔneyɛfo ka sɛ: “Onyankopɔn biara nni hɔ” (4)

    • Mmɔborɔwa de n’ani to Yehowa so (14)

    • “Yehowa yɛ Ɔhene daa daa” (16)

ל [Lamed] 10  O Yehowa, adɛn nti na wugyina akyirikyiri? Adɛn nti na edu ahohia bere a, wode wo ho hintaw?+   Ɔdebɔneyɛfo yɛ ahantan, enti ɔtaataa mmɔborɔwa;+Nanso nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, ɔno ara na ebesum no afiri ayi no.+   Ɔdebɔneyɛfo de n’ankasa* akɔnnɔ bɔne hoahoa ne ho,+Na ohyira odifudepɛfo;*נ [Nun]Obu Yehowa animtiaa.   Ɔdebɔneyɛfo ahomaso nti, ɔnhwehwɛ Onyankopɔn;Ne tirim adwene nyinaa ne sɛ: “Onyankopɔn biara nni hɔ.”+   N’akwan si no yiye daa.+Nanso w’atemmusɛm boro ne ntease so;+Wɔn a wɔtan no nyinaa ho yɛ no serew.   Ɔka wɔ ne komam sɛ: “Merenhinhim da;Awo ntoatoaso kɔ ma awo ntoatoaso ba mpo a,Mmusu remma me so da.”+ פ [Pe]   Nnome, nkontompo ne ahunahuna ahyɛ n’anom ma.+Mmusu ne bɔne ayɛ ne tɛkrɛma so ma.+   Nkuraa-nkuraa na ɔtetɛw;Ɔkɔhyɛ sum ase kum nea ne ho nni asɛm.+ ע [Ayin] N’ani sa obi a ɔmpɛ ne ho asɛm.+   Ohintaw te sɛ gyata a ɔtɛw ne hintabea.*+ Ɔretwɛn atow ahyɛ mmɔborɔwa so akyere no. Ɔtwetwe n’atena de kyere mmɔborɔwa kɔ.+ 10  Ɔma nea ɔmpɛ ne ho asɛm hwe ase;Ɔmoa* nea ne ho nni asɛm. 11  Ɔka wɔ ne komam sɛ: “Onyankopɔn werɛ afi.+ Wayi n’ani ato nkyɛn. Onhu nea ɛrekɔ so.”+ ק [Qoph] 12  O Yehowa, sɔre.+ Onyankopɔn, ma wo nsa so ɛ.+ Mma wo werɛ mmfi mmɔborɔwa.+ 13  Adɛn nti na ɔdebɔneyɛfo bu Onyankopɔn animtiaa? Ɔka wɔ ne komam sɛ: “Woremmu me atɛn.” ר [Resh] 14  Nanso w’ani tua ɔhaw ne ateetee. Wuhu, na woyɛ ho biribi.+ Wo na mmɔborɔwa ani da wo so.+Agyanka boafo ne wo.+ ש [Shin] 15  Bubu ɔdebɔneyɛfo ne omumɔyɛfo basa,+Sɛnea ɛbɛyɛ a, wohwehwɛ n’amumɔyɛ a,Worenhu bio. 16  Yehowa yɛ Ɔhene daa daa.+ Amanaman no ayera afi asaase so.+ ת [Taw] 17  O Yehowa, ahobrɛasefo sufrɛ de, wubetie.+ Wubesiesie wɔn koma,+ na woayɛ aso ama wɔn.+ 18  Wubedi agyanka ne ɔwerɛhoni asɛm ama wɔn,+Na onipa dasani* anhunahuna wɔn bio.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “ne kra.”
Ebetumi nso akyerɛ, “Na nea ɔpɛ mfaso bɔne no hyira ne ho.”
Anaa “ɔtɛw dɔtɔ mu.”
Anaa “Ɔde nsa a emu yɛ den moa.”
Nt., “onipa dasani a ofi asaase mu.”