Ɔde Kɔmaa Kolosefo 4:1-18

  • Afotu a ɛkɔ ma awuranom (1)

  • “Mommɔ mpae daa” (2-4)

  • Momfa nyansa mmɔ bra wɔ wɔn a wonnye nni mu (5, 6)

  • Nsɛm a etwa to (7-18)

4  Mo awuranom, mo ne mo nkoa nni no yiye, kyerɛ sɛ, ɔkwan a ɛteɛ na ɛfata so; munhu sɛ mo nso mowɔ Owura bi wɔ soro.+  Mommɔ mpae daa,+ munkura mu denneennen mfa nwɛn, na monna ase.+  Afei nso, mommɔ mpae mma yɛn+ na Onyankopɔn mmue ɔpon mma yɛn, na yɛatumi aka Kristo ho ahintasɛm kronkron no; ɛno ho na wɔagu me nkɔnsɔnkɔnsɔn wɔ afiase yi.+  Mommɔ mpae mma me nso, na matumi aka no yiye sɛnea ɛsɛ sɛ meka no.  Wɔn a wɔnka mo ho no, monkɔ so mfa nyansa mmɔ mo bra wɔ wɔn mu, na momfa mo bere nyɛ nneɛma a ɛho hia.*+  Momma mo anom kasa nyɛ dɛ bere nyinaa na nkyene mmra mu,+ na moahu sɛnea mubebua obiara.+  Me nua Tikiko+ a medɔ no no yɛ ɔsomfo nokwafo ne me yɔnko akoa wɔ Awurade mu; ɔbɛba abɛka me ho nsɛm nyinaa akyerɛ mo.  Meresoma no aba mo nkyɛn sɛnea ɛbɛyɛ a mobɛte yɛn ho asɛm na wakyekye mo werɛ.  Ɔne me nua Onesimo+ a medɔ no no na ɛreba; ɔyɛ ɔnokwafo a ofi mo mu. Wɔbɛma moate ha nsɛm nyinaa. 10  Aristarko+ a me ne no da afiase no kyia mo, na Barnaba busuani Marko+ nso kyia mo (ɔno na munyaa nkra sɛ, sɛ ɔba mo nkyɛn a, munnye no+ no); 11  ɔne Yesu a wɔfrɛ no Yusto no; wɔn nyinaa yɛ Yudafo.* Eyinom nkutoo na wɔne me bom yɛ Onyankopɔn Ahenni no ho adwuma, na wɔakyekye me werɛ paa.* 12  Kristo Yesu akoa Epafra+ a ofi mo mu no kyia mo; daa ɔyere ne ho bɔ mpae ma mo, sɛnea ɛbɛyɛ a mobɛkɔ so agyina pintinn, na moanya ahotoso kɛse wɔ Onyankopɔn apɛde nyinaa mu. 13  Midi ne ho adanse sɛ ɔyɛ adwumaden pii de boa mo ne wɔn a wɔwɔ Laodikea ne wɔn a wɔwɔ Hierapoli no. 14  Yɛn dɔfo duruyɛfo Luka+ ne Dema+ kyia mo. 15  Munkyia anuanom a wɔwɔ Laodikea no mma me, na munkyia onuawa Nimfa ne asafo a ɛwɔ ne fi+ no nso. 16  Sɛ mokenkan krataa yi wɔ mo hɔ wie a, monyɛ nhyehyɛe mma wɔnkenkan+ wɔ Laodikea asafo no nso mu, na mo nso monkenkan Laodikea de no. 17  Afei nso, monka nkyerɛ Arkipo+ sɛ: “Ɔsom adwuma a wugyee no Awurade mu no, ma w’ani nkũ ho na yɛ no yiye.” 18  Me Paul, me nkyia a mede m’ankasa me nsa akyerɛw ni.+ Monkɔ so nkae sɛ wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn agu me.+ Adom nka mo.

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “montɔ bere a mubenya biara.”
Nt., “wofi wɔn a wɔatwa wɔn dua mu.”
Anaa “wɔabɛyɛ aboafo a wɔhyɛ me den.”