Mmebusɛm 15:1-33

  • Mmuae bɔkɔɔ ma abufuw twa (1)

  • Yehowa ani wɔ baabiara (3)

  • Onyankopɔn ani gye atreneefo mpaebɔ ho (8)

  • Sɛ adwentoatoa nni hɔ a, nhyehyɛe nyɛ yiye (22)

  • Dwen ansa na woama mmuae (28)

15  Mmuae bɔkɔɔ ma abufuw twa,+Na asɛm a ɛyɛ yaw de,ɛhyɛ abufuw.+   Anyansafo tɛkrɛma de nimdeɛ yɛ adepa,+Na nkwaseafo ano de, ɛkeka nkwaseasɛm.   Yehowa ani wɔ baabiara;Ɛhwɛ abɔnefo ne apapafo nyinaa.+   Tɛkrɛma a edwo* yɛ nkwa dua,+Na asɛm a wɔka kyinkyim no de, ebu abam.*   Ɔkwasea bu ne papa nteɛso animtiaa,+Na onyansafo de, ogye ɔkasakyerɛ tom.*+   Nneɛma a ɛsom bo bebree wɔ ɔtreneeni fi,Na ɔbɔnefo nnɔbae* de, ɛde ɔhaw brɛ no.+   Anyansafo ano pete nimdeɛ,+Na nkwaseafo koma de, ɛnte saa.+   Abɔnefo afɔrebɔ yɛ Yehowa akyiwade,+Na atreneefo mpaebɔ de, N’ani gye ho.+   Yehowa kyi abɔnefo kwan,+Na wɔn a wɔyɛ adetrenee de, ɔdɔ wɔn.+ 10  Nea wagyaw ɔkwan no, obu nteɛso sɛ ɛnyɛ adepa,*+Na obiara a ɔtan ɔkasakyerɛ no, obewu.+ 11  Ɔdamoa* ne ɔsɛe amoa* mpo Yehowa ani tua,+ Na nnipa koma mu na ɔrenhu anaa?+ 12  Ɔfɛwdifo nnɔ nea ɔteɛ no.*+ Ɔrenkɔ anyansafo nkyɛn.+ 13  Anigye koma ma onipa anim tew,Na koma mu yaw de, ɛma honhom botow.+ 14  Ntease koma hwehwɛ nimdeɛ,+Na nkwaseafo de, wɔn ano aduan ne nkwaseasɛm.*+ 15  Mmɔborɔwa de, da biara nye mma no,+Na nea ɔwɔ anigye koma* de, daa ɔwɔ apontow mu.+ 16  Sɛ obi suro Yehowa na ɔwɔ ade ketewaa bi a,+Eye sen sɛ obenya ahonyade pii a adwinnwen bata ho.+ 17  Nhabamma* a wodi wɔ baabi a ɔdɔ wɔ no,+Eye sen nantwi a wadɔ srade* a wɔwe wɔ baabi a ɔtan wɔ.+ 18  Obi a ne bo fuw ntɛmntɛm hwanyan ntɔkwaw mu,+Na nea ne bo mfuw ntɛm de, ɔma akasakasa brɛ ase.+ 19  Ɔkwadwofo kwan te sɛ nsɔe a wɔde agye ban,+Na atreneefo kwan de, ɛte sɛ ɔkwantempɔn a ɛda so.+ 20  Ɔba nyansafo ma ne papa ani gye,+Na ɔkwasea de, ɔmfa ne maame nyɛ hwee.+ 21  Nea onnim nyansa* no ani gye nkwaseasɛm ho,+Na onipa a ɔwɔ nhumu de, ɔnantew kɔ n’anim tẽẽ.+ 22  Sɛ adwentoatoa* nni hɔ a, nhyehyɛe* nyɛ yiye,Na afotufo* dodow ma nhyehyɛe yɛ yiye.+ 23  Onipa ma mmuae pa* a, odi ahurusi,+Na asɛm a wɔka wɔ bere a ɛfata mu de, eye paa!+ 24  Obi a ɔwɔ nhumu no, ɔnam nkwa kwan a ɛkorɔn so,+Na ɛdan no fi Ɔdamoa* a ɛwɔ fam no ho.+ 25  Yehowa bedwiriw ahantanfo fi agu,+Na okunafo ahye de, ɔbɛbɔ ho ban.+ 26  Yehowa kyi abɔnefo pɔw bɔne,+Na nsɛm a ɛyɛ dɛ de, ɛho tew ma No.+ 27  Nea ɔpɛ mfaso bɔne no de ɔhaw* ba ɔno ara ne fifo so,+Na nea ɔtan adanmude* no de, obenyin akyɛ.+ 28  Ɔtreneeni koma dwen ansa na ama mmuae,*+Na ɔbɔnefo ano de, ɛkeka nsɛmmɔne. 29  Yehowa ne abɔnefo ntam kwan ware,Na atreneefo de, otie wɔn mpaebɔ.+ 30  Ani a ɛhyerɛn* ma koma di ahurusi;Amanneɛbɔ pa ma nnompe nya ahoɔden.*+ 31  Nea otie ɔkasakyerɛ a ɛma nkwa no,Ɔne anyansafo na ɛte.+ 32  Nea onnye nteɛso ntom no, ɔmfa ne nkwa* nyɛ hwee,+Na obiara a otie ɔkasakyerɛ no, onya ntease.*+ 33  Yehowa suro yɛ ntetee a ɛma nyansa,+Na ahobrɛase ba ansa na anuonyam aba.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Tɛkrɛma a ɛsa yare.”
Nt., “ebubu honhom.”
Anaa “ɔma kwan ma wɔteɛteɛ no.”
Anaa “nea ɔbɔnefo nya.”
Anaa “obu nteɛso sɛ emu yɛ den.”
Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “ne Abadon.”
Anaa “ɔkasa kyerɛ no.”
Anaa “ano di nkwaseasɛm akyi.”
Anaa “koma pa.”
Nt., “nantwi a wɔma no aduan wɔ buw mu.”
Anaa “Atosode.”
Nt., “Nea ne koma nni hɔ.”
Anaa “atirimsɛm.”
Anaa “agyinatufo.”
Anaa “tirimbɔ.”
Nt., “n’anom mmuae.”
Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “animguase.”
Anaa “braeb.”
Anaa “tɔ ne bo ase susuw sɛnea ɛbɛma mmuae ho; dwen ansa na akasa.”
Nt., “ma nnompe yɛ akɛse.”
Anaa “Anim a ɛyɛ serewserew.”
Anaa “kra.”
Nt., “koma.”