Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI ADUONU ABIƐSA

Osuaa Bɔne Fafiri Fii Ne Wura Hɔ

Osuaa Bɔne Fafiri Fii Ne Wura Hɔ

1. Ɛbɛyɛ sɛ ɛda bɛn na ɛyɛɛ da bɔne paa maa Petro wɔ n’asetena mu?

PETRO werɛ remfi ɛda a Yesu ani kɔtɔɔ n’anim no da. So ohuu biribi wɔ Yesu anim a ɛkyerɛ sɛ wadi no huammɔ? Yɛrentumi nkyerɛ ankasa; nea Kyerɛwnsɛm no ka ara ne sɛ “Awurade dan ne ho hwɛɛ Petro.” (Luka 22:61) Nanso, sɛnea Yesu hwɛɛ Petro anim no maa n’ankasa hui sɛ wadi Yesu huammɔ. Petro hui sɛ ade a na Yesu aka sɛ ɔno Petro bɛyɛ a ɔkaa no denneennen sɛ ɔrenyɛ da no na na wayɛ no—ná wapa ne Wura a ɔdɔ no no. Petro werɛ how yiye, na ebetumi aba sɛ ne werɛ remfi saa da bɔne no da.

2. Dɛn na na ehia sɛ Petro sua, na yɛbɛyɛ dɛn atumi anya n’asɛm no so mfaso?

2 Nanso, na n’anidaso nsae. Esiane sɛ na Petro gyidi yɛ den nti, na ɔda so ara wɔ hokwan a ɔde bɛteɛ n’akwan na wasua biribi afi nneɛma atitiriw a Yesu kyerɛkyerɛe no biako mu. Ɛno ne bɔne fafiri. Ehia sɛ yɛn mu biara sua bɔne fafiri. Enti, momma yɛnhwɛ nea ɛboaa Petro ma otumi suaa saa su yi.

Ɔbarima a na Ehia sɛ Osua Nneɛma Pii

3, 4. (a) Asɛm bɛn na Petro bisaa Yesu, na ɛbɛyɛ sɛ adwene bɛn na na Petro wɔ? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛe sɛ na Petro resuasua su a na nnipa dodow no ara da no adi saa bere no?

3 Asram asia ansa na asɛm yi resi a na Yesu wɔ Petro kurom Kapernaum no, okobisaa Yesu sɛ: “Awurade, mpɛn ahe na sɛ me nua yɛ me bɔne a, ɛsɛ sɛ mede firi no? Enkosi mpɛn ason anaa?” Ɛbɛyɛ sɛ na Petro susuw sɛ sɛ ɔde bɔne firi mpɛn ason a, na wayɛ ade paa. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, saa bere no, na nyamesom akannifo no kyerɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ obi de ne yɔnko bɔne firi no mprɛnsa pɛ! Yesu buae sɛ: “Ɛnyɛ mpɛn ason, na mmom enkosi mpɛn aduɔson ason.”—Mat. 18:21, 22.

4 So na Yesu repɛ akyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ Petro kan mfomso biara a afoforo bɛyɛ atia no no? Dabi; mmom, bere a Yesu danee 7 a Petro kae no yɛɛ no 77 no, na nea ɔrekyerɛ ne sɛ sɛ yɛwɔ ɔdɔ a, yɛrenkan mpɛn dodow a ɛsɛ sɛ yɛde afoforo bɔne firi wɔn. (1 Kor. 13:4, 5) Yesu ma ɛdaa adi sɛ na Petro resuasua nnipa pii a na wɔwɔ ne bere so a na wɔn tirim yɛ den na wɔmfa bɔne mfiri no. Wɔn de, sɛ na obi yɛ wɔn bɔne na wɔde firi no a, na wɔmmma wɔn werɛ mmfi. Nanso, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wosuasua Onyankopɔn no fi wɔn pɛ mu de bɔne firi mpɛn pii.Monkenkan  1 Yohane 1:7-9.

5. Bere bɛn na yebetumi ate bɔne fafiri ase yiye paa?

5 Petro annye Yesu kyim. Nanso, so asɛm a Yesu kae no kaa ne koma ankasa? Ɛtɔ mmere bi na sɛ yehu sɛnea yɛn ankasa hia bɔne fafiri paa no a, ɛma yɛte ase yiye. Enti, momma yɛnsan nsusuw nsɛm a esisii ansa na Yesu rewu no ho. Saa bere a na nneɛma mu ayɛ den ama Yesu no, Petro dii mfomso pii a na ɛsɛ sɛ ne Wura no de firi no.

Yesu De Petro Bɔne Firii no Mpɛn Pii

6. Bere a Yesu bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyerɛ n’asomafo no ahobrɛase ho ade no, dɛn na Petro yɛe, nanso Yesu ne no dii no dɛn?

6 Ná ɛyɛ anadwo titiriw—anadwo a etwa to wɔ Yesu asetena mu wɔ asase so. Ná Yesu da so ara wɔ nneɛma pii a ɛsɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛ n’asomafo no, na ebi ne ahobrɛase. Yesu hohoroo wɔn nan ho, adwuma a na akoa a ɔba fam paa na na ɔyɛ, na ɔyɛɛ saa de yɛɛ ahobrɛase ho nhwɛso maa wɔn. Mfiase no, Petro bisaa nea na Yesu rebɛyɛ no ho asɛm. Afei ɔkae sɛ ɔremma Yesu nhohoro ne nan ho. Akyiri yi, ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ, ɛnyɛ ne nan ho nko na ɛsɛ sɛ ɔhohoro, na mmom ɔnhohoro ne nsa ho ne ne tirim nso nka ho! Yesu bo amfuw no, na mmom ɔtɔɔ ne bo ase kyerɛkyerɛɛ mfaso a ɛwɔ nea na ɔreyɛ no so ne nea enti a na ɔreyɛ saa no mu kyerɛɛ wɔn.—Yoh. 13:1-17.

7, 8. (a) Nneɛma bɛn na Petro san yɛe de sɔɔ Yesu boasetɔ hwɛe? (b) Dɛn na Yesu kɔɔ so yɛe de daa ayamye ne fafiri adi?

7 Ɛno akyi bere tiaa bi no, Petro san sɔɔ Yesu boasetɔ hwɛe. Asomafo no gyee nea ɔyɛ kɛse wɔ wɔn mu no ho kyim, na akyinnye biara nni ho sɛ, na Petro ka wɔn a wɔyɛɛ saa aniwude no ho. Ne nyinaa mu no, Yesu tɔɔ ne bo ase teɛɛ wɔn adwene, na mpo ɔkamfoo wɔn wɔ adepa a na wɔayɛ no ho; ná wɔakɔ so abata wɔn Wura no ho. Nanso, ɔka too hɔ sɛ wɔn nyinaa beguan agyaw no. Petro kae sɛ ɔbɛbata Yesu ho akosi owu mu mpo. Nanso, Yesu hyɛɛ nkɔm sɛ, ansa na akokɔ bɛbɔn mprenu saa anadwo no, na Petro apa ne Wura no mprɛnsa. Petro ne Yesu anyiyi nsɛm ano kɛkɛ, na mmom ɔhoahoaa ne ho kae sɛ obedi nokware asen asomafo a wɔaka no nyinaa!—Mat. 26:31-35; Mar. 14:27-31; Luka 22:24-28; Yoh. 13:36-38.

8 So anka Yesu bo reyɛ afuw Petro anaa? Nokwasɛm ne sɛ, bere a na nneɛma mu ayɛ den ama Yesu nyinaa mu no, ɔkɔɔ so de n’adwene sii nneɛma pa a na ɛwɔ n’asomafo a wɔtɔ sin ho no so. Ná Yesu nim sɛ Petro bedi no huammɔ, nanso ɔkae sɛ: “Masrɛ ama mo na mo gyidi ansa; na wo, sɛ wosan ba a, hyɛ wo nuanom den.” (Luka 22:32) Yesu nam saa asɛm a ɔkae no so kyerɛe sɛ na ɔwɔ ahotoso sɛ Petro bɛsakra n’akwan na wakɔ so asom Onyankopɔn nokware mu. Hwɛ sɛnea Yesu daa ayamye ne fafiri adi!

9, 10. (a) Nteɛso bɛn na ɛho behiae sɛ Yesu de ma Petro wɔ Getsemane turo no mu? (b) Dɛn na nea Petro yɛe no ma yehu?

9 Akyiri yi, bere a na wɔwɔ Getsemane turo no mu no, ɛho behiae sɛ na Yesu teɛ Petro so mpɛn pii. Bere a na Yesu rebɔ mpae no, ɔka kyerɛɛ Petro ne Yakobo ne Yohane sɛ wɔnkɔ so nwɛn. Ná Yesu ho yeraw no, na na ohia nkuranhyɛ, nanso Petro ne asomafo a na wɔka no ho no dae mpɛn pii. Yesu kaa asɛm a edi so yi de kyerɛe sɛ ɔwɔ tema, na ɔde bɔne firi. Ɔkae sɛ: “Nokwarem no, honhom no de, ɛpɛ, nanso ɔhonam no yɛ mmerɛw.”—Mar. 14:32-41.

10 Ankyɛ na basabasayɛfo a wokurakura agyatɛn, nkrante, ne mporibaa baa hɔ. Saa bere yi na na ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani da hɔ na wɔyɛ wɔn ade anifere so. Nanso, Petro peree ne ho twee nkrante de faa ɔsɔfo panyin no akoa Malko ti ho de twaa n’aso biako fii hɔ. Yesu fi odwo mu teɛɛ Petro so, na ɔde Malko aso no san tuaa hɔ. Afei ɔkyerɛkyerɛɛ nea enti a ɛnsɛ sɛ n’akyidifo de wɔn ho hyɛ basabasayɛ mu no mu, na wɔadi saa akwankyerɛ no so de abesi nnɛ. (Mat. 26:47-55; Luka 22:47-51; Yoh. 18:10, 11) Ná Petro adi kan adi mfomso pii a na ɛhwehwɛ sɛ ne Wura no de firi no. Nea ɔyɛe no ma yehu sɛ yɛn nyinaa di mfomso mpɛn pii. (Monkenkan Yakobo 3:2.) Yɛn mu hena na onhia Onyankopɔn fafiri da biara da? Nanso, na Petro bɛkɔ so adi mfomso akɛse saa anadwo no.

Mfomso a Ɛsen Biara a Petro Dii

11, 12. (a) Bere a wɔkyeree Yesu no, dɛn na Petro yɛe a na ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ akokoduru? (b) Dɛn na Petro kae sɛ ɔbɛyɛ a wantumi anyɛ?

11 Yesu ka kyerɛɛ basabasayɛfo no sɛ, sɛ ɔno na wɔrehwehwɛ no a, ɛnde wɔmma n’asomafo no nkɔ. Bere a basabasayɛfo no kyekyeree Yesu no, Petro antumi anyɛ ho hwee. Afei, Petro ne asomafo a wɔaka no guanee.

12 Ebetumi aba sɛ bere a Petro ne Yohane reguan no, wokogyinaa baabi a ɛbɛn Ɔsɔfo Panyin Anas fie, baabi a wodii kan kobisabisaa Yesu nsɛm no. Bere a wɔde Yesu fi fie hɔ rekɔ no, Petro ne Yohane dii wɔn akyi, nanso na ‘wɔwɔ akyiri.’ (Mat. 26:58; Yoh. 18:12, 13) Ná Petro nyɛ ohufo. Anyɛ yiye koraa no, na egye akokoduru na ama watumi adi wɔn akyi. Ná basabasayɛfo no kurakura akode, na na Petro apira wɔn mu biako dedaw. Nanso, yenhu biribi a Petro yɛe saa bere no de kyerɛe sɛ na ɔwɔ ɔdɔ kann a na ɔno ankasa aka sɛ, sɛ ɛho behia sɛ ɔne ne Wura no wu mpo a, ɔne no bewu no.—Mar. 14:31.

13. Dɛn ne ɔkwan biako pɛ a yɛbɛfa so adi Kristo akyi yiye?

13 Ɛnnɛ, nnipa pii di Kristo akyi “wɔ akyiri” te sɛ Petro, sɛnea ɛbɛyɛ a obiara ani remma wɔn so. Nanso, sɛnea akyiri yi Petro ankasa kyerɛwee no, ɔkwan biako pɛ a yebetumi afa so adi Kristo akyi yiye ne sɛ yɛbɛbɔ mmɔden abata no ho sɛnea yebetumi biara, na yɛadi ne nhwɛso akyi wɔ biribiara mu, ɛmfa ho nea ebesi biara.—Monkenkan 1 Petro 2:21.

14. Bere a na wɔredi Yesu asɛm anadwo no, dɛn na na Petro reyɛ?

14 Petro dii basabasayɛfo no akyi nkakrankakra kosii sɛ okoduu afie akɛse paa a ɛwɔ Yerusalem no mu biako aboboano. Ná ɛyɛ Kaiafa, ɔsɔfo panyin a na ɔwɔ tumi na ɔyɛ ɔdefo no fie. Ná afie a ɛte saa no taa yɛ fihyiae a ɔpon da ano. Petro kɔɔ pon no ano, nanso wɔamma no anhyɛn mu. Yohane a na onim ɔsɔfo panyin no a na wadi kan wɔ fie hɔ no ne ɔpon ano hwɛfo no bɛkasae, na ɔmaa Petro kwan ma ɔkɔɔ mu. Ɛbɛyɛ sɛ Petro ankogyina Yohane nkyɛn; na saa ara nso na wammɔ mmɔden sɛ ɔbɛkɔ fie no mu akogyina ne Wura nkyɛn. Ogyinaa adiwo hɔ wɔ baabi a na asomfo ne nkoa no reto gya wɔ anadwo dasum a na awɔw wom no, na na ɔrehwɛ sɛnea ebinom a wɔredi adansekurum atia Yesu no redi ofie hɔ akɔneaba bere a na wɔredi Yesu asɛm no.—Mar. 14:54-57; Yoh. 18:15, 16, 18.

15, 16. Kyerɛkyerɛ sɛnea nkɔm a Yesu hyɛe sɛ Petro bɛpa no mprɛnsa no nyaa mmamu no mu.

15 Bere a ogya a wɔreto no hann tɔɔ Petro so no, abeawa a obuee pon maa no no tumi huu no yiye. Abeawa no hui sɛ onim no. Enti ɔkae sɛ: “Wo nso na woka Galileani Yesu no ho!” Esiane sɛ Petro ho dwiriw no nti, ɔkae sɛ onnim Yesu—anaa mpo ɔnte nea abeawa no reka no ase. Ɔtwee ne ho kogyinaa baabi a ɛbɛn ɔpon no ano bɔɔ mmɔden sɛ ɔde ne ho behintaw, nanso abeawa foforo huu no, na ɔkaa asɛm koro no ara sɛ: ‘Ná saa ɔbarima yi ka Nasareni Yesu ho.’ Petro kaa ntam sɛ: “Minnim onipa no!” (Mat. 26:69-72; Mar. 14:66-68) Ɛbɛyɛ sɛ bere a Petro paa Yesu mprenu yi na ɔtee sɛ akokɔ rebɔn, nanso na ne ho akyere no araa ma enti wankae nkɔm a na Yesu ahyɛ nnɔnhwerew kakra a na atwam no.

16 Eyi akyi bere tiaa bi no, na Petro da so ara rebɔ mmɔden sɛ ɔde ne ho behintaw. Nanso, nkurɔfo bi a na wogyinagyina adiwo hɔ no baa ne nkyɛn. Ná wɔn mu biako yɛ Malko a ɔyɛ akoa a Petro piraa no no busuani. Ɔka kyerɛɛ Petro sɛ: “Mihui sɛ woka ne ho wɔ turom hɔ, ɛnte saa?” Petro tee nka sɛ ɛsɛ sɛ ɔma wohu sɛ nea wɔreka no nyɛ nokware. Enti ɔkaa ntam, a nea ɛkyerɛ ne sɛ sɛ atoro na ɔredi a, nnome mmara no so. Ná ɛno ne ne mprɛnsa so a wapa Yesu. N’ano ansi koraa na akokɔ bɔnee, na ɛno ne nea ɛto so abien a Petro tee saa anadwo no.—Yoh. 18:26, 27; Mar. 14:71, 72.

“Awurade dan ne ho hwɛɛ Petro”

17, 18. (a) Bere a Petro hui sɛ wadi ne Wura huammɔ kɛse no, dɛn na ɔyɛe? (b) Ɛbɛyɛ sɛ adwene bɛn na Petro nyae?

17 Ná wɔde Yesu abegyina abrannaa a anim hwɛ adiwo hɔ no so. Ɛyɛ saa bere no—bere a yɛadi kan aka ho asɛm wɔ saa ti yi mfiase no—na n’ani kɔtɔɔ Petro anim. Ɛhɔ na Petro hui sɛ wadi ne Wura no huammɔ kɛse, na asɛm no tɔɔ no so. Petro fii adiwo hɔ kɔe a na n’ahonim abu no fɔ paa. Ɔtew sii kurow no kwantempɔn so, na ɔsram a na ɛrekɔtɔ no hann ma ohuu kwan. Nusu taataa no. Ná nea asi no gyinagyina n’ani so. Na awerɛhow ma osui pii.—Mar. 14:72; Luka 22:61, 62.

18 Sɛ obi di mfomso a ɛte saa na n’ani ba ne ho so a, ɛnyɛ den sɛ obenya adwene sɛ ne bɔne a wayɛ no sõ dodo sɛ wɔde befiri no. Ɛbɛyɛ sɛ Petro nyaa adwene a ɛte saa. So na wobetumi de Petro bɔne afiri no?

So na Wɔrentumi Mfa Petro Bɔne no Mfiri No?

19. Ɛbɛyɛ sɛ Petro tee nka dɛn wɔ mfomso a odii no ho, nanso yɛyɛ dɛn hu sɛ wamma n’abam ammu?

19 Ɛyɛ den paa sɛ yebetumi ahu sɛnea Petro dii yaw bere a ade kyee na ohuu nea wɔde yɛɛ Yesu no. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ obuu ne ho fɔ bere a wɔyɛɛ Yesu ayayade nnɔnhwerew pii na owui saa da no awia no! Ɛbɛyɛ sɛ Petro yam hyehyee no bere biara a na ebesi ne tirim sɛ wama ne Wura no adi yaw kɛse wɔ ɛda a etwa to a ɔde tenaa ase sɛ onipa no. Ɛwom sɛ Petro dii awerɛhow kɛse paa de, nanso wamma n’abam ammu. Yenim sɛ saa na ɔyɛe, efisɛ kyerɛwtohɔ no ka sɛ ɛno akyi pɛɛ no, ɔkɔɔ ne nuanom nkyɛn bio. (Luka 24:33) Akyinnye biara nni ho sɛ, asomafo no nyinaa dii yaw wɔ nea wɔyɛe saa anadwo no ho de, nanso wɔkyekyee wɔn ho wɔn ho werɛ.

20. Dɛn na yebetumi asua afi nea Petro yɛe wɔ gyinae pa a osisii no biako mu?

20 Yetumi hu gyinae pa a Petro sisii no mu biako wɔ ha. Sɛ Onyankopɔn somfo bi hwe ase a, nea ehia titiriw ne ahoɔden a obenya de abɔ mmɔden asɔre agyina ne nan so bio na wasiesie n’akwan, na ɛnyɛ sɛnea bɔne a ɔyɛe no kɛse te. (Monkenkan Mmebusɛm 24:16.) Ɛmfa ho sɛ na Petro abotow no, ɔne ne nuanom boom hyiae de kyerɛe sɛ ɔwɔ gyidi ankasa. Sɛ awerɛhow anaa yawdi hyɛ obi so a, ɛbɛyɛ no sɛ ɔntew ne ho, nanso asiane wom sɛ ɔbɛyɛ saa. (Mmeb. 18:1) Nea ɛfata sɛ ɔyɛ ne sɛ ɔne ne mfɛfo gyidifo bɛbɔ denneennen na wasan anya ahoɔden de akɔ so asom Onyankopɔn.—Heb. 10:24, 25.

21. Esiane sɛ na Petro ne ne honhom fam nuanom ahyiam nti, amanneɛbɔ bɛn na ɔtee bi?

21 Esiane sɛ na Petro ne ne honhom fam nuanom ahyiam nti, bere a wɔde amanneɛbɔ a ɛyɛ ahodwiriw bae sɛ Yesu amu no nna ɔboda no mu no, ɔno nso tee bi. Petro ne Yohane de mmirika kɔɔ ɔboda a na wɔde Yesu amu no atom na wɔakata ano no ho. Yohane a ɛbɛyɛ sɛ na ɔyɛ aberante no na odii kan duu hɔ. Bere a ohui sɛ ɔboda no ano da hɔ no, wankɔ mu. Petro de, wanyɛ saa. Ɛwom sɛ na watu mmirika abrɛ de, nanso oduu hɔ ara na ɔkɔɔ ɔboda no mu. Ná amu no nni hɔ!—Yoh. 20:3-9.

22. Dɛn na ɛmaa awerɛhow a na Petro redi ne sɛnea na n’adwenem yɛ no nãã no tu yerae?

22 So Petro gye dii sɛ wɔanyan Yesu afi awufo mu? Ɛmfa ho mpo sɛ na mmea anokwafo bi abɛka sɛ ɔbɔfo bi ayi ne ho adi akyerɛ wɔn sɛ wɔanyan Yesu afi awufo mu no, Petro annye anni amonom hɔ ara. (Luka 23:55–24:11) Nanso, ansa na ade resa saa da no, na awerɛhow a Petro redi ne n’adwenem a ayɛ no nãã no nyinaa atu ayera. Ná wɔanyan Yesu sɛ honhom mu abɔde a ɔwɔ tumi! Oyii ne ho adi kyerɛɛ n’asomafo no nyinaa. Nanso, ansa na ɔreyɛ saa no, odii kan yɛɛ biribi kokoam. Saa da no, asomafo no kae sɛ: “Ampa, wɔanyan Awurade na oyii ne ho adi kyerɛɛ Simon!” (Luka 24:34) Akyiri yi, ɔsomafo Paulo nso kyerɛw asɛm a esii saa da titiriw no ho asɛm sɛ, Yesu ‘yii ne ho adi kyerɛɛ Kefa, ne afei dumien no.’ (1 Kor. 15:5) Kefa ne Simon yɛ din foforo a wɔde frɛ Petro. Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ Petro saa da no—ɛda adi sɛ Petro nkutoo na na ɔwɔ hɔ.

Petro dii mfomso pii a na ɛsɛ sɛ ne Wura de firi no, na yɛn mu hena na onhia bɔne fafiri da biara da?

23. Dɛn nti na sɛ Kristoni bi yɛ bɔne nnɛ a, ɛsɛ sɛ ɔkae Petro asɛm no?

23 Bible no nka nea ɛkɔɔ so wɔ nhyiam a ɛka koma a Yesu ne Petro san yɛe no ho asɛm. Wɔn baanu nkutoo na wonim nea ɛkɔɔ so. Yɛn adwene nkutoo na yebetumi de abu sɛnea Petro ani gyei bere a ohui sɛ wɔanyan ne Wura a ɔdɔ no no afi awufo mu, ne hokwan a wanya sɛ ɔbɛka sɛnea ne werɛ howee ne ahonu a na wanya no ho asɛm akyerɛ no no. Ade a na ehia Petro sen biara saa bere no ne ne bɔne a na wɔde befiri no. Yebetumi anya awerɛhyem paa sɛ, Yesu de Petro bɔne firii no koraa. Sɛ Kristoni bi yɛ bɔne nnɛ a, ɛsɛ sɛ ɔkae Petro asɛm no. Ɛnsɛ sɛ yenya adwene da sɛ yɛn bɔne sõ araa ma enti Onyankopɔn ntumi mfa mfiri yɛn. Yesu te sɛ n’Agya pɛpɛɛpɛ; ‘ɔde bɔne befiri ma aboro so.’—Yes. 55:7.

Adanse Foforo a Ɛkyerɛ sɛ Wɔde Petro Bɔne Firii No

24, 25. (a) Ka mpataa a Petro koyii wɔ Galilea Po so anadwo no ho asɛm. (b) Petro yɛɛ n’ade dɛn wɔ anwonwade a Yesu yɛe ahemadakye no ho?

24 Yesu ka kyerɛɛ n’asomafo no sɛ wɔnkɔ Galilea, baabi a na ɔbɛsan ne wɔn ahyiam no. Bere a woduu hɔ no, Petro kɔe sɛ ɔrekoyi nam wɔ Galilea Po no mu. Asomafo no bi ne no kɔe. Afei de, na Petro asan kɔ ɔtare a na ɔyɛ adwuma wɔ so ansa na ɔrebɛyɛ ɔsomafo no so bio. Ɛda adi sɛ na dede a ɔkorow no reyɛ, asorɔkye a na ɛrebɔ gu ho, ne asau a na ɔretwetwe no nyɛ no ade foforo, na na ɛnhaw no nso. Wɔanyi nam biara anadwo mũ no nyinaa.—Mat. 26:32; Yoh. 21:1-3.

Petro huruw fii ɔkorow no mu guare baa mpoano

25 Nanso, eduu ahemadakye no, obi a na ogyina mpoano hɔ ka kyerɛɛ wɔn sɛ wongu asau no wɔ ɔkorow no fã foforo. Wɔyɛɛ saa, na woyii mpataa a ne dodow yɛ 153! Petro huu onii ko no. Ohuruw fii ɔkorow no mu guare baa mpoano. Bere a Yesu nnamfo anokwafo no beduu mpoano hɔ no, ɔmaa wɔn mpataa a watoto wɔ gyabiriw so. Petro titiriw na ɔkasa kyerɛɛ no saa bere no.—Yoh. 21:4-14.

26, 27. (a) Hokwan bɛn na Yesu de maa Petro mprɛnsa? (b) Dɛn na Yesu yɛe de kyerɛe sɛ ɔde Petro bɔne afiri no koraa?

26 Yesu bisaa Petro sɛ ɔdɔ ne Wura “sen eyinom anaa”—ɛda adi sɛ ɔde ne nsa kyerɛɛ mpataa pii a na wɔayi agu hɔ no so. So na Petro bɛma mpataayi adwuma no ho ahia no paa asen ɔdɔ a ɔwɔ ma Yesu no? Sɛnea na Petro apa ne Wura mprɛnsa no, saa ara na Yesu san ma onyaa hokwan mprɛnsa wɔ ne mfɛfo no nyinaa anim de daa no adi sɛ ɔdɔ no. Bere a Petro yɛɛ saa no, Yesu kyerɛɛ no ɔkwan a ɔbɛfa so ada ɔdɔ a ɛte saa adi: sɛ́ ɔbɛma Onyankopɔn som ho ahia no asen biribiara, na wama Kristo akyidifo anokwafo a wɔyɛ ne nguan no aduan, wahyɛ wɔn den, na wahwɛ wɔn so.—Luka 22:32; Yoh. 21:15-17.

27 Yesu nam saa a ɔyɛe no so sii so dua sɛ na Petro ho da so ara hia ɔne n’Agya. Ná Kristo de akwankyerɛ bɛma Petro ma wadi dwuma titiriw wɔ asafo no mu. Hwɛ adanse a edi mũ a na ɛkyerɛ sɛ Yesu de Petro bɔne afiri no koraa! Akyinnye biara nni ho sɛ, Petro ani sɔɔ mmɔborɔhunu a Yesu daa no adi no, na osuaa biribi fii mu.

28. Ɔkwan bɛn so na Petro yɛɛ n’ade ma ɛne ne din hyiae?

28 Petro de nokwaredi kɔɔ so yɛɛ n’adwuma no mfe pii. Ɔhyɛɛ ne nuanom den sɛnea bere a ade rebɛkye ma Yesu awu no ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Petro fi ayamye mu de ntoboase maa Kristo akyidifo no aduan na ɔhwɛɛ wɔn so. Ɔbarima a na wɔfrɛ no Simon yi bɔɔ ne bra ma ɛne edin a Yesu de maa no—Petro anaa Ɔbotan—no hyiae. Ɔbɛyɛɛ den, ná onhinhim, na na afoforo tumi de wɔn ho to no so wɔ asafo no mu. Yetumi hu adanse pii a ɛfoa saa asɛm yi so wɔ nkrataa abien a Petro ankasa fi ɔdɔ mu kyerɛwee a ɛbɛyɛɛ Bible no fã no mu. Saa nkrataa no san ma yehu sɛ Petro werɛ amfi fafiri ho asuade a onya fii Yesu hɔ no da.—Monkenkan 1 Petro 3:8, 9; 4:8.

29. Yɛbɛyɛ dɛn atumi asuasua Petro gyidi ne mmɔborɔhunu a ne Wura daa no adi no bi?

29 Momma yɛn nso yensua biribi mfi mu. So yɛsrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmfa bɔne pii a yɛyɛ no da biara da no mfiri yɛn? So yegye saa fafiri no tom, na yegye di sɛ ebetumi atew yɛn ho? Na yɛde wɔn a wɔbɛn yɛn no nso mfomso firi wɔn saa ara? Sɛ yɛyɛ saa a, na yɛresuasua Petro gyidi ne mmɔborɔhunu a ne Wura daa no adi no bi.