Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI DUNSIA

Onyaa Akokoduru ne Nyansa na Odwenee Ne Nkurɔfo Ho

Onyaa Akokoduru ne Nyansa na Odwenee Ne Nkurɔfo Ho

1-3. (a) Ná kɔ a Ester bɛkɔ ne kunu anim wɔ ahemfie hɔ no te dɛn? (b) Ɔhene no yɛɛ n’ade dɛn wɔ n’anim a Ester bae no ho?

ESTER yɛɛ bɔkɔɔ wuraa ahemfie hɔ. Ɔrekɔ nyinaa na ne koma rebɔ paripari. Ná Persia ahemfie kɛse a ɛwɔ Susan hɔ ayɛ dinn araa ma sɛ na paane mpo tɔ fam a, wobɛte. Fa w’adwene bu sɛ ahemfie hɔ atɛm dinn na Ester te ɔno ara ne nan ase ne dede a n’atade reyɛ no. Wohwɛ sɛnea wɔasiesie ahemfie hɔ, de nkyeneduru a efi Lebanon nohoa ayɛ ɔdan no nsɛmso no a, na ahemfie hɔ yɛ fɛ yiye, nanso ɛnyɛ ɛhɔ mpo na na Ester adwene da. Ɔde n’adwene nyinaa sii ɔbarima a ɔte ahengua so a na ne nkwa wɔ ne nsam no so.

2 Bere a Ester rebɛn ahengua no nyinaa na ɔhene no agyen n’ani rehwɛ no, na ɔteɛɛ ne sika poma no kyerɛɛ no so. Sɛ wohwɛ a, wobɛka sɛ nea ɔhene no yɛe no yɛ ade ketewaa bi, nanso ɛno na egyee Ester nkwa. Nea ɛte ne sɛ, na ɛyɛ bɔne sɛ obi bɛkɔ ɔhene anim bere a ɔmfrɛɛ no. Enti ne poma no a ɔde kyerɛɛ Ester so no kyerɛ sɛ na ɔde ne bɔne akyɛ no. Bere a Ester duu ahengua no anim no, ɔteɛɛ ne nsa kaa poma no ti de kyerɛɛ anisɔ.—Ester 5:1, 2.

Ester de ahobrɛase kyerɛe sɛ n’ani asɔ mmɔborɔhunu a ɔhene no ada no adi akyerɛ no no

3 Ná Ɔhene Ahasweros ho biribiara kyerɛ sɛ ɔwɔ sika ne tumi kɛse. Animdefo bi ka sɛ saa bere no, na Persia ahemfo ntade bo yɛ den paa ma wɔde ba dɔla mu a, ɛbɛyɛ ɔpepem pii. Nanso, Ester hui wɔ ne kunu no anim sɛ ɛnsɛ sɛ osuro; ɔhene no maa Ester hui sɛ ɔdɔ no paa. Ɔkae sɛ: “Dɛn asɛm, Ɔhemmaa Ester? Dɛn na wuhia? Sɛ m’ahenni no mu fã mpo a, mede bɛma wo!”—Ester 5:3.

4. Nsɛnnennen bɛn na na ɛda Ester anim?

4 Ná Ester ada no adi dedaw sɛ ɔwɔ gyidi ne akokoduru kɛse; ná waba ɔhene no anim rebɛkasa ama ne nkurɔfo wɔ pɔw bɔne a na nnipa bi abɔ sɛ wɔbɛtɔre wɔn ase no ho. Ebesi saa bere yi de, na nneɛma akɔ yiye ama no, nanso na nsɛnnennen pii da n’anim. Ná ɛsɛ sɛ otumi ma ɔhenkɛse no gye tom sɛ ne fotufo a ogye no di paa no yɛ onipa bɔne, na wadaadaa no ma wahyɛ mmara sɛ wonkunkum Ester manfo nyinaa. Dɛn na na ɔbɛka ama ɔhene no agye no adi, na dɛn na yebetumi asua afi ne gyidi no mu?

Ɔpaw ‘Bere a Ɔde Bɛkasa’ no Nyansa Mu

5, 6. (a) Ɔkwan bɛn so na Ester de nnyinasosɛm a ɛwɔ Ɔsɛnkafo 3:1, 7 no dii dwuma? (b) Ɔkwan bɛn so na Ester daa nyansa adi bere a ɔne ne kunu kɔkasae no?

5 So na ɛsɛ sɛ Ester ka asɛm no nyinaa kyerɛ ɔhene no wɔ baguafo no anim? Sɛ ɔyɛɛ saa a, anka ɛbɛma ɔhene no anim agu ase na ne fotufo Haman nso benya kwan ayi ne ho ano. Enti dɛn na Ester yɛe? Mfe pii ansa na asɛm yi resi no, Onyankopɔn honhom kaa Ɔhene Solomon nyansafo no ma ɔkyerɛwee sɛ: “Biribiara wɔ ne bere a wɔahyɛ ato hɔ, . . . kommyɛ wɔ ne bere, na ɔkasa nso wɔ ne bere.” (Ɔsɛnk. 3:1, 7) Ɛbɛyɛ sɛ ɔnokwafo Mordekai a ɔtetee Ester no kyerɛɛ no saa nokwasɛm yi bere a na ɔyɛ abofra no. Yebetumi aka sɛ na Ester nim mfaso a ɛwɔ so sɛ obehu ‘bere a ɔde bɛkasa.’

6 Ester kae sɛ: “Sɛ ɔhene bɛpene so a, anka ɔhene ne Haman mmra pon a meretow ama no nnɛ no ase.” (Ester 5:4) Ɔhene no penee so na ɔma wɔkɔfrɛɛ Haman. Wuhu sɛnea Ester kaa n’asɛm nyansa mu no? Odii ne kunu ni, na ɔhwehwɛɛ bere a ɛfata paa a ɔde bɛka n’asɛnhia no akyerɛ no.—Monkenkan Mmebusɛm 10:19.

7, 8. Ná pon a Ester dii kan towee no te dɛn, nanso dɛn nti na wanka n’asɛm ankyerɛ ɔhene no ntɛm?

7 Yebetumi aka sɛ Ester tɔɔ ne bo ase popoo ne nsa ano, na ɔtoo pon no yɛɛ ɛho biribiara sɛnea ne kunu ani begye ho. Ɔde nsã pa nso baa apontow no ase sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn ani begye. (Dw. 104:15) Ahasweros ani gyei araa ma ɔsan ka kyerɛɛ Ester sɛ ɔnka n’abisade. So na bere aso sɛ Ester kasa anaa?

8 Ester anhu no saa. Mmom no, ɔsan too nsa frɛɛ ɔhene no ne Haman sɛ wɔmmra apontow foforo ase wɔ da a edi hɔ no. (Ester 5:7, 8) Dɛn nti na wanka asɛm no ntɛm? Momma yɛnkae sɛ na wɔahyɛ mmara wɔ ɔhene no din mu sɛ wonkunkum Ester manfo nyinaa. Esiane sɛ na ɛyɛ asɛnkɛse nti, na ɛsɛ sɛ Ester hwɛ hu sɛ bere a ɔbɛka asɛm no yɛ bere pa. Enti ɔtwɛnee, na ɔsan hwehwɛɛ hokwan foforo a ɔde bɛma ne kunu no ahu sɛ obu no paa.

9. Mfaso bɛn na ɛwɔ ntoboase so, na yɛbɛyɛ dɛn atumi asuasua nea Ester yɛe no?

9 Ntoboase yɛ su pa, nanso ɛho yɛ na. Ɛwom sɛ na asɛm no haw Ester na na ɔrepɛ kwan aka n’asɛm de, nanso ɔtɔɔ ne bo ase hwehwɛɛ bere pa a ɔde bɛyɛ saa. Yebetumi asua pii afi nea ɔyɛe no mu, efisɛ ɛtɔ mmere bi a, yɛn nyinaa hu nneɛma a ɛnkɔ yiye a ɛsɛ sɛ wɔyɛ ho biribi. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛka ɔhaw bi ho asɛm kyerɛ obi a ɔwɔ tumi ma odi ho dwuma a, yebetumi asuasua Ester na yɛatɔ yɛn bo ase. Mmebusɛm 25:15 ka sɛ: “Ntoboase na wɔde dan ɔsahene ti, na odwo tɛkrɛma tumi bu dompe mu.” Sɛ yɛtɔ yɛn bo ase na yefi odwo mu ka yɛn asɛm wɔ bere pa mu sɛnea Ester yɛe no a, yebetumi abubu ɔsɔretia a ɛyɛ den te sɛ dompe mpo mu. So Ester Nyankopɔn, Yehowa, hyiraa ntoboase ne nyansa a ɔdaa no adi no so?

Ntoboase a Onyae Nti Ɔhene Buu Atɛntrenee Maa No

10, 11. Bere a Haman fii apontow a edi kan no ase no, dɛn na ɛmaa ne bo fuwii, na afotu bɛn na ne yere ne ne nnamfo de maa no?

10 Ntoboase a Ester nyae no maa anwonwasɛm pii sisii. Bere a Haman refi apontow a edi kan no ase no, na “n’ani agye ma ne koma atɔ ne yam” sɛ ɔhene ne ɔhemmaa no ahyɛ no anuonyam saa. Nanso, bere a Haman refi abankɛse no mu akɔ no, ohuu Mordekai, Yudani a na ɔmpɛ sɛ ɔbɔ ne mu ase kotow no no. Sɛnea yehui wɔ Ti 15 no mu no, na ɛnyɛ sɛ Mordekai mmu ade, na mmom na ɔmpɛ sɛ ɔyɛ biribi a etia n’ahonim na ɔsɛe ɔne Yehowa Nyankopɔn ntam. Nanso, Haman “bo fuwii.”—Ester 5:9.

11 Bere a Haman kaa aniammɔho a Mordekai ayɛ no kyerɛɛ ne yere ne ne nnamfo no, wotuu no fo sɛ ɔmma wɔnyɛ dua a ne tenten boro mita 22, na afei ɔnsrɛ ɔhene na wɔnsɛn Mordekai wɔ so. Haman ani gyee asɛm a wɔkae no ho, na ɔyɛɛ ntɛm kodii ho dwuma.—Ester 5:12-14.

12. Dɛn nti na ɔhene no ma wɔkenkan Ɔman no ho nsɛm kyerɛɛ no, na dɛn na ohui?

12 Saa anadwo no, nneɛma ankɔ yiye amma ɔhene no. Bible ka sɛ: “Ɔhene antumi anka n’ani angu so,” enti ɔma wɔkenkanee Ɔman no ho nsɛm a wɔakyerɛw ato hɔ no kyerɛɛ no. Ná emu nsɛm no bi fa pɔw bɔne bi a nkurɔfo bi bɔe bere bi sɛ wobekum Ahasweros no ho. Ɔkaee saa asɛm no sɛ wɔkyeree saa nkurɔfo a na wɔpɛ sɛ wodi awu no kum wɔn. Na Mordekai a ɔbɛkaa asɛm no kyerɛɛ ɔhene no nso ɛ? Ɛhɔ ara na ɔhene ani baa ne ho so, na obisaa nea wɔayɛ ama Mordekai. Mmuae bɛn na wɔde maa no? Wobuae sɛ, wɔnyɛɛ hwee mmaa no.—Monkenkan Ester 6:1-3.

13, 14. (a) Ɛyɛɛ dɛn na nneɛma fii ase kɔɔ bɔne maa Haman? (b) Asɛm bɛn na Haman yere ne ne nnamfo no ka kyerɛɛ no?

13 Asɛm no yɛɛ ɔhene no ahometew ma obisae sɛ, ahemfie mpanyimfo bɛn na wɔwɔ hɔ a wobetumi aboa no ma wadi asɛm yi ho dwuma. Wɔanhu obiara wɔ ahemfie hɔ sɛ Haman. Ebia nea enti a Haman baa hɔ anɔpatutuutu saa ne sɛ na ɔrebegye tumi de akokum Mordekai. Nanso, Haman anka n’asɛm no mpo na ɔhene no bisaa no nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ ma obi a ɔhene pɛ sɛ ɔhyɛ no anuonyam no. Haman adwene yɛɛ no sɛ ɛyɛ ɔno na ɔhene reka ne ho asɛm. Enti Haman kaa nneɛma akɛse a wɔnyɛ mma onii no. Ɔkae sɛ, wɔnhyɛ saa onipa no ahentade mfa no ntena ɔhene pɔnkɔ so, na wɔmma ahemfie panyin bi nni n’anim mfa Susan mmɔnten so, na onyi no ayɛ mma obiara nte. Worenya Haman anim ahwɛ bere a ɔtee sɛ Mordekai na ɔhene no reka ne ho asɛm no! Hena nso na ɔhene no kae sɛ onni Mordekai anim nyi no ayɛ? Haman koro yi ara!—Ester 6:4-10.

14 Haman de amemenemfe kɔyɛɛ adwuma a ɔhene no de hyɛɛ ne nsa a na ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛyɛ no. Owiei no, ɔde awerɛhow yɛɛ ntɛm kɔɔ fie. Haman yere ne ne nnamfo no ka kyerɛɛ no sɛ, sɛnea nneɛma rekɔ no kyerɛ sɛ ɛrensi no yiye, na mmom obedi nkogu wɔ Yudani Mordekai anim.—Ester 6:12, 13.

15. (a) Adepa bɛn na efii ntoboase a Ester nyae no mu bae? (b) Dɛn nti na ɛyɛ papa sɛ yɛde ‘ntoboase twɛn’?

15 Ntoboase a Ester de twɛn da koro bio ansa na ɔde n’asɛm no reto ɔhene no anim no maa Haman ankasa gyee n’animguase. Wunnye nni sɛ Yehowa Nyankopɔn ka ho bi na ɔhene no antumi anna anadwo no? (Mmeb. 21:1) Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ Onyankopɔn Asɛm hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmfa ‘ntoboase ntwɛn’! (Monkenkan Mika 7:7.) Sɛ yɛtwɛn Onyankopɔn a, yebehu sɛ ɔkwan a ɔbɛfa so adi yɛn asɛm ama yɛn no ye koraa sen nea yɛn ankasa betumi ayɛ.

Ɔde Akokoduru Kasae

16, 17. (a) Bere bɛn na “bere” dui sɛ Ester ‘kasa’? (b) Ɔkwan bɛn so na na Ester yɛ soronko wɔ ɔhene no yere dedaw Wasti ho?

16 Wɔ apontow a ɛto so abien no ase no, Ester hui sɛ na ɛrenyɛ papa sɛ ɔbɛma ɔhene no atwɛn bio, enti afei de, na ɛsɛ sɛ ɔka nea ɛwom biara. Nanso, na ɔbɛyɛ dɛn aka akyerɛ no? Nea ɛbae ne sɛ, ɔhene no san ka kyerɛɛ Ester sɛ ɔnka n’abisade no, na ɛno ma ɛyɛɛ mmerɛw maa no. (Ester 7:2) Afei de, na “bere” adu sɛ Ester ‘kasa.’

17 Yebetumi aka sɛ ɛbɛyɛ sɛ Ester bɔɔ ne Nyankopɔn mpae wɔ ne tirim ansa na ɔreka asɛm yi. Ɔkae sɛ: “Ɔhene, sɛ manya w’anim dom na wobɛpene so a, anka m’abisade ne sɛ ma minnya me kra, na mesrɛ ma me manfo nso.” (Ester 7:3) Hyɛ no nsow sɛ Ester maa ɔhene no nyaa awerɛhyem sɛ nea eye wɔ n’ani so a ɔbɛka biara no obegye atom. Hwɛ sɛnea na Ester yɛ soronko koraa wɔ ɔhene no yere dedaw Wasti a ɔhyɛɛ da buu ne kunu animtiaa no ho! (Ester 1:10-12) Afei nso, Ester anka asɛm biara a ɛkyerɛ sɛ na nyansa nnim sɛ ɔhene no de ne werɛ ahyɛ Haman mu. Mmom no, Ester srɛe sɛ ɔhene no mmɔ ɔno Ester ho ban na wanhwere ne nkwa.

18. Ɔkwan bɛn na Ester faa so de asɛm no too ɔhene no anim?

18 N’adesrɛde no kaa ɔhene no koma, na ne ho dwiriw no. Ebia ɛbaa ɔhene no adwenem sɛ, Hena koraa na ɔde n’asɛm reba ɔhemmaa so yi? Ester toaa n’asɛm so sɛ: “Wɔatɔn me ne me manfo sɛ wonkum yɛn, ntɔre yɛn ase na wɔnsɛe yɛn. Sɛ wɔtɔn yɛn sɛ nkoa anaa mfenaa mpo a, anka mɛyɛ komm. Nanso ɛmfata sɛ biribi besi ama ɔhene mmom ahwere ade kɛse.” (Ester 7:4) Momma yɛnhyɛ no nsow sɛ, Ester kaa ɔhaw no ho asɛm pefee, nanso ɔsan de kaa ho sɛ sɛ wɔtɔn wɔn sɛ nkoa mpo a, anka ɔrenka hwee. Nanso, na saa okunkɛse no bɛma ɔhene ankasa ahwere ade kɛse ma enti na Ester ntumi nyɛ dinn wɔ ho.

19. Dɛn na yebetumi asua afi Ester hɔ wɔ asɛm a wɔka ma ɛtɔ asom ho?

19 Nea Ester yɛe no ma yehu sɛnea yɛne afoforo bɛkasa ama atɔ wɔn asom. Sɛ wode asɛnkɛse bi rekɔto obi a wodɔ no anaa mpo obi a ɔwɔ tumi anim a, ntoboase ne obu a wobɛda no adi, ne nokware a wobɛka no betumi aboa paa.—Mmeb. 16:21, 23.

20, 21. (a) Ɔkwan bɛn so na Ester maa pɔw a na Haman abɔ no daa adi, na ɛmaa ɔhene no yɛɛ dɛn? (b) Dɛn na Haman yɛe bere a ɛbɛdaa adi sɛ ɔno ne ohufo a ɔbɔɔ pɔw bɔne no?

20 Ahasweros bisae sɛ: “Hena koraa na wasi ne bo sɛ ɔbɛyɛ biribi a ɛte saa? Ɔwɔ he?” Fa w’ani bu sɛ Ester ateɛ ne nsa akyerɛ Haman so reka asɛm yi: “Ɔtamfo no ne onipa bɔnefo Haman yi.” Afei de, na obiara nhu nea asɛm no bɛkɔ akowie. Asɛm no tɔɔ Haman so. Worenya sɛnea ɛbɛyɛ sɛ ɔhene a na ne bo afuw no anim sesaa prɛko pɛ bere a ohui sɛ ne fotufo a ogye no di no adaadaa no ma ɔde ne nsa ahyɛ mmara bi ase a ɛbɛma wɔakum ɔno ankasa ne yere a ɔdɔ no no ahwɛ! Asɛm no tuu ɔhene no ma ɔde abufuw sɔre kɔɔ ne turo mu kosii sɛ ne koma tɔɔ ne yam.—Ester 7:5-7.

Ester de akokoduru daa Haman adwemmɔne no adi

21 Bere a ɛbɛdaa adi sɛ Haman ne ohufo a ɔbɔɔ saa pɔw bɔne no, ɔsɔre kobutuw ɔhemmaa no nan ase. Bere a ɔhene san baa ɔdan no mu a obehui sɛ Haman butuw Ester ho wɔ mpa no so no, ɔde abufuw bɔɔ Haman sobo sɛ ɔpɛ sɛ ɔto ɔhemmaa no mmonnaa wɔ ɔhene ankasa fie. Afei de, na abɛyɛ owu asɛm ama Haman. Wɔkataa n’anim, na wɔde no fii hɔ. Ɛbaa saa no, ɔhene no mpanyimfo biako ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ Haman ayɛ dua kɛse bi sɛ wɔnsɛn Mordekai wɔ so. Ɛhɔ ara na Ahasweros hyɛe sɛ wɔnkɔsɛn Haman ankasa wɔ dua no so.—Ester 7:8-10.

22. Ɔkwan bɛn so na nea Ester yɛe no betumi aboa yɛn na yɛampa abaw, yɛankasa antia afoforo, anaa yɛn gyidi anhinhim da?

22 Wɔ ɛnnɛ wiase a ntɛnkyea abu so yi mu no, wohwɛ a wobɛka sɛ atɛntrenee remma da. So woate nka saa da? Ester abam ammu da, wankasa antia afoforo da, na saa ara na ne gyidi nso anhinhim da. Bere a bere dui sɛ ɔka biribi a ɛnkɔ yiye ho asɛm no, ɔde akokoduru kasae, na onyaa Yehowa mu gyidi de nea aka no hyɛɛ ne nsa. Momma yɛnyɛ saa ara! Efi Ester bere so besi nnɛ no, Yehowa nsakrae. Ɔda so ara wɔ tumi a ɛboro so a ɔde bɛkyere onipa bɔne ne onitefo wɔ wɔn ankasa akwan mu sɛnea ɔyɛɛ Haman no.—Monkenkan Dwom 7:11-16.

Ɔkyerɛe sɛ Odwen Yehowa ne Ne Manfo Ho

23. (a) Dɛn na ɔhene no yɛe de tuaa Mordekai ne Ester ka? (b) Ɔkwan bɛn so na nkɔm a Yakob hyɛ faa Benyamin ho bere a na Yakob da owupa so no baa mu? (Hwɛ adaka a ɛne “ Nkɔmhyɛ Bi a Ɛbaa Mu” no.)

23 Awiei koraa no, ɔhene no behuu onipa ko a Mordekai yɛ, sɛ ɛyɛ ɔno na ɔbɔɔ no ho ban ma wɔankum no, na ɔno ara nso ne Ester papa a ɔtetee no. Ahasweros de dibea a na Haman wɔ sɛ ɔman soafo panyin no maa Mordekai. Ɔhene no de Haman fie ne n’agyapade bebree no maa Ester, na ɔno nso de hyɛɛ Mordekai nsa.—Ester 8:1, 2.

24, 25. (a) Dɛn nti na Ester antumi antew antena bere a pɔw bɔne a Haman bɔe no bɛdaa adi no? (b) Dɛn na Ester yɛe de ne nkwa too asiane mu bio?

24 Saa bere yi a na Ester ne Mordekai anya wɔn ti adidi mu yi, so na ɔhemmaa no betumi atew atena anaa? Sɛ ɔyɛ saa a, na ɛbɛkyerɛ sɛ onnwen ne manfo ho. Saa bere yi nyinaa, na mmara a Haman hyɛe sɛ wonkunkum Yudafo nyinaa no retrɛw kɔ ahemman no mu baabiara. Ná Haman abɔ ntonto, anaa Pur—ɛda adi sɛ ɛyɛ ahonhonsɛm—de ahwehwɛ bere pa a ɔde bedi saa bɔne no. (Ester 9:24-26) Ná aka asram bi ansa na bere no aso, nanso na ɛda no rebɛn ntɛmntɛm. So na wobetumi adan pɔw bɔne no ani anaa?

25 Ester dwenee ne manfo ho san de ne nkwa too asiane mu kɔɔ ɔhene no anim bio bere a na ɔntoo nsa mfrɛɛ no. Saa bere yi de, osu maa ne nkurɔfo, na ɔsrɛɛ ne kunu sɛ ontwa mmara a ɛyɛ hu no mu. Nanso, sɛ wɔhyɛ mmara bi wɔ Persia hene din mu a, na wontumi nsesa no. (Dan. 6:12, 15) Enti ɔhene no maa Ester ne Mordekai kwan sɛ wɔnhyɛ mmara foforo. Ɛnna wɔsan hyɛɛ mmara kyerɛw kɔmaa Yudafo no sɛ wɔwɔ hokwan sɛ wɔko gye wɔn ho. Apɔnkɔsotefo yɛɛ ntɛm de asɛmpa yi kɔmaa Yudafo no wɔ ahemman no mu baabiara. Afei de, na anidaso aba. (Ester 8:3-16) Yebetumi atwa sɛnea na Yudafo a wɔwɔ ahemman kɛse no mu baabiara afa wɔn akode asiesie wɔn ho ama ɔko no ho mfonini ahwɛ; sɛ wɔanhyɛ mmara foforo yi a anka wɔrentumi nyɛ saa da. Nanso, nea ɛho hia paa ne sɛ, ná “asafo Yehowa” bɛboa ne nkurɔfo anaa?—1 Sam. 17:45.

Ester ne Mordekai de mmara a wɔahyɛ no kɔmaa Yudafo a wɔwɔ Persia Ahemman no mu

26, 27. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa maa ne nkurɔfo dii wɔn atamfo no so nkonim kɛse na wɔn atamfo no dii nkogu pasaa? (b) Nkɔmhyɛ bɛn na Haman mma no a wokunkum wɔn no ma ɛbaa mu?

26 Bere a ɛda a wɔahyɛ no dui no, na Onyankopɔn nkurɔfo ayɛ krado. Ná Persia mpanyimfo no pii mpo akɔ wɔn afã, efisɛ na asɛm no atrɛw wɔ ahemman no mu nyinaa sɛ Yudani Mordekai na ɔyɛ ɔman soafo panyin foforo. Yehowa maa ne nkurɔfo dii nkonim kɛse. Yebetumi aka sɛ Yehowa hwɛ maa Yudafo no atamfo dii nkogu pasaa de bɔɔ Yudafo no ho ban, anyɛ saa a anka nea ɛbɛba wɔn so no bɛyɛ hu paa. *Ester 9:1-6.

27 Bio nso, anka ɛbɛyɛ hu ama Mordekai sɛ ɔbɛfa Haman agyapade bere a saa owudifo no mma du no da so te ase. Enti wokunkum wɔn nso. (Ester 9:7-10) Ɛno maa Bible nkɔmhyɛ bi baa mu, efisɛ na Onyankopɔn aka ato hɔ dedaw sɛ wɔbɛsɛe Amalekfo a na wokyi ne nkurɔfo kɔkɔɔkɔ no korakora. (Deut. 25:17-19) Ebetumi aba sɛ na Haman mma no ka Amalekfo a wotwa to koraa a wokunkum wɔn no ho.

28, 29. (a) Dɛn nti na Yehowa penee so maa Ester ne ne nkurɔfo kɔɔ ɔko? (b) Dɛn nti na nea Ester yɛe no yɛ nhyira ma yɛn nnɛ?

28 Ná Ester nnyinii pii de, nanso asɛyɛde akɛse paa bɛtɔɔ no so. Emu bi ne mmara a ogyinaa ɔhene no ananmu hyɛe a ɛde ɔko ne nnipakum bae no. Ná ɛnna fam. Nanso, nea na Yehowa pɛ ne sɛ ɔbɛbɔ ne nkurɔfo ho ban na wɔn ase anhyew; ná Israel man no mu na na Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ no a ná ɔne adesamma nyinaa anidaso koro pɛ no befi aba! (Gen. 22:18) Ɛyɛ Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no anigye sɛ wɔabehu sɛ bere a Yesu a ɔno ne Mesia no baa asase so no, ɔbaraa n’akyidifo fi saa bere no sɛ, ɛnsɛ sɛ wodi ako bio.—Mat. 26:52.

29 Ne nyinaa mu no, Kristofo di ako wɔ honhom fam. Satan awe ahinam so paa sɛ ɔbɛsɛe gyidi a yɛwɔ wɔ Yehowa Nyankopɔn mu no. (Monkenkan 2 Korintofo 10:3, 4.) Hwɛ nhyira ara a ɛyɛ sɛ yɛanya Ester a yebetumi asuasua no! Momma yennya gyidi te sɛ Ester, na yɛmfa nyansa ne ntoboase nkasa mma ɛntɔ asom, na yennya akokoduru na yemfi yɛn pɛ mu nnwen Onyankopɔn nkurɔfo ho na yɛnkasa mma wɔn.

^ nky. 26 Ɔhene no maa Yudafo no da biako kaa ho a wɔde bewie wɔn atamfo no koraa. (Ester 9:12-14) Ɛnnɛ mpo, afe biara, Yudafo no di saa afahyɛ no de kae saa nkonim a wodii wɔ ɔsram Adar mu no; saa da no si February awiei anaa March mfiase. Wɔfrɛ afahyɛ no Purim; edin no fi ntonto a Haman bɔe bere a na ɔpɛ sɛ ɔsɛe Israelfo no mu.