Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI DUNSON

“Hwɛ! Meyɛ Yehowa Afenaa!”

“Hwɛ! Meyɛ Yehowa Afenaa!”

1, 2. (a) Nkyia bɛn na ɔhoho bi de maa Maria? (b) Gyinae bɛn na na ɛsɛ sɛ Maria si, na ɔkwan bɛn so na ɛsesaa n’asetena?

MARIA ho dwiriw no bere a ɔhɔho no baa ne fie no. Ɔhɔho no ammisa ne papa anaa ne maame ase. Ɔbaa Maria nkyɛn! Ná onim paa sɛ ɔhɔho no nyɛ obi a ofi Nasaret. Wɔ kurow ketewa a ɛte saa mu no, na ɛnyɛ den sɛ obi behu obi a ɔyɛ ɔhɔho. Ná ɔbarima yi da nsow koraa. Okyiaa Maria wɔ ɔkwan soronko so sɛ: “Asomdwoe nka wo, wo a wɔadom wo, Yehowa ka wo ho.”—Monkenkan Luka 1:26-28.

2 Saa kwan yi so na Bible fi ase kaa Heli babea Maria a ofi Nasaret a ɛwɔ Galilea no ho asɛm kyerɛɛ yɛn. Ne ho asɛm puei wɔ Bible mu bere a na ɛsɛ sɛ osi gyinae titiriw bi wɔ n’asetenam. Ná Yosef a ɔyɛ duadwumfo a na ɔrebɛware no no nyɛ sikani, nanso na ɔwɔ Onyankopɔn mu gyidi paa. Enti, na ɛte sɛ nea Maria nim nea ɔrebɛyɛ wɔ n’asetenam—ɔbea wiɛmfoɔ a ɔbɛboa ne kunu Yosef ma wɔatete wɔn mma. Nanso, mpofirim ara na ɔhɔho yi de adwuma bi fi Onyankopɔn nkyɛn brɛɛ Maria, asɛyɛde a na ɛbɛma n’asetena asesa.

3, 4. Nea ɛbɛyɛ na yɛahu Maria yiye no, dɛn na ɛsɛ sɛ yeyi yɛn adwene fi so, na dɛn na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si so?

3 Ɛyɛ nnipa pii nwonwa sɛ Bible no nka Maria ho nsɛm pii nkyerɛ yɛn. Sɛnea wɔtetee no ne ne nipasu ho asɛm kakraa bi na ɛka, na ɛnka n’ahoɔfɛ ho asɛm biara nkyerɛ yɛn. Nanso, nea Onyankopɔn Asɛm ka fa ne ho no ma yehu no yiye paa.

4 Nea ɛbɛyɛ na yɛahu sɛnea na Maria te no, ɛsɛ sɛ yeyi biribiara a ɔsom ahorow aka afa ne ho no fi yɛn adwenem. Enti, momma yenyi yɛn adwene mfi Maria ho adwini a wɔadi ne ne mfonini pii a wɔayeyɛ no so. Saa ara nso na momma yenyi yɛn adwene mfi nyamesomfo nkyerɛkyerɛ a asete yɛ den a ɛde abodin akɛse te sɛ “Onyankopɔn Na” ne “Ɔsoro Hemmaa” ama ɔbea hobrɛasefo yi no so. Mmom no, momma yɛmfa yɛn adwene nsi nea Bible ka fa ne ho ankasa no so. Ɛma yehu sɛnea na ne gyidi yɛ den fa, ne sɛnea yebetumi asuasua ne gyidi no.

Ɔbɔfo Bi Kɔsraa No

5. (a) Dɛn na yebetumi asua afi Maria hɔ wɔ sɛnea ɔyɛɛ n’ade wɔ Gabriel nkyia no ho? (b) Asuade titiriw bɛn na yebetumi anya afi Maria hɔ?

5 Ná ɔhɔho a ɔkɔsraa Maria no nyɛ onipa. Ná ɔyɛ ɔbɔfo Gabriel. Bere a okyiaa Maria sɛ, “wo a wɔadom wo” no, asɛm no “haw no yiye,” na odwinnwen saa nkyia soronko no ho. (Luka 1:29) Hena na na wadom Maria no? Ná Maria nhwɛ kwan sɛ obenya ɔdom a ɛte saa afi nnipa hɔ. Nanso, ɔdom a efi Yehowa Nyankopɔn nkyɛn ho asɛm na na ɔbɔfo no reka. Ɛwom sɛ na Maria ani gye ho sɛ obenya Onyankopɔn anim dom de, nanso wanyɛ ahantan ansusuw sɛ wanya dedaw. Sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yebenya Onyankopɔn anim dom, na sɛ yɛanyɛ ahomaso ansusuw sɛ yɛanya dedaw a, ɛbɛboa yɛn ma yɛanya adwene a na ababaa Maria wɔ no bi. Onyankopɔn siw ahantanfo kwan, nanso ɔdɔ ahobrɛasefo, na ɔboa wɔn.—Yak. 4:6.

Maria anyɛ ahantan ansusuw sɛ wanya Onyankopɔn anim dom

6. Hokwan titiriw bɛn na ɔbɔfo no de maa Maria?

6 Ná Maria behia ahobrɛase a ɛte saa efisɛ ɔbɔfo no de hokwan titiriw bi a na ɔnna nnwenee ho da maa no. Ɔka kyerɛɛ no sɛ, ɔbɛwo ba ma wabɛyɛ onipa titiriw a ɔsen biara. Gabriel kae sɛ: “Yehowa Nyankopɔn de n’agya Dawid ahengua bɛma no, na obedi Yakob fie so hene afebɔɔ, na n’ahenni remma awiei.” (Luka 1:32, 33) Akyinnye biara nni ho sɛ, na Maria nim ɛbɔ a na Onyankopɔn ahyɛ Dawid bɛboro mfe apem a na atwam no a ɛne sɛ, n’aseni bi bedi hene afebɔɔ no. (2 Sam. 7:12, 13) Enti, na ne ba no bɛyɛ Mesia a na Onyankopɔn nkurɔfo fi bere tenten ahwɛ no kwan no!

Ɔbɔfo Gabriel de hokwan titiriw bi a na Maria nna nnwenee ho da maa no

7. (a) Dɛn na asɛm a Maria bisae no ma yehu fa no ho? (b) Dɛn na mmabun a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi asua afi Maria hɔ?

7 Bio nso, ɔbɔfo no ka kyerɛɛ Maria sɛ “wɔbɛfrɛ” ne ba no “Ɔsorosoroni no Ba.” Ná ɛbɛyɛ dɛn na ɔbea a ɔyɛ onipa atumi awo Onyankopɔn Ba? Nokwasɛm ni, na ɛbɛyɛ dɛn koraa na Maria atumi awo ba? Ná ɔne Yosef ayɛ aware nhyehyɛe, nanso na wonnya nwaree. Enti Maria de ahotoso bisae sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na eyi ayɛ yiye bere a me ne ɔbarima nnae?” (Luka 1:34) Hyɛ no nsow sɛ Maria amfɛre sɛ ɔbɛka ne baabunyɛ ho asɛm. Mmom no, obuu ne baabunyɛ no sɛ ade a ɛsom bo. Ɛnnɛ, mmerante ne mmabaa pii pere wɔn ho de wɔn ho hyɛ ɔbarima ne ɔbea nna mu de sɛe wɔn baabunyɛ, na wotwa wɔn ho di wɔn a wɔnsɛee wɔn de no ho fɛw. Nokwasɛm ni, wiase asesa. Nanso, Yehowa de, ɔnsesae. (Mal. 3:6) Wɔn a wɔde Yehowa abrabɔ gyinapɛn bɔ wɔn bra nnɛ no som bo ma no sɛnea na ɛte wɔ Maria bere so no ara pɛ.—Monkenkan Hebrifo 13:4.

8. Ná ɛbɛyɛ dɛn na Maria a ɔtɔ sin no atumi awo ɔba a ɔyɛ pɛ?

8 Ɛwom sɛ na Maria yɛ Onyankopɔn somfo nokwafo de, nanso na ɔyɛ onipa a ɔtɔ sin. Ɛnde, na ɛbɛyɛ dɛn na watumi awo Onyankopɔn Ba a ɔyɛ pɛ? Gabriel kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Honhom kronkron bɛba wo so, na Ɔsorosoroni no tumi bɛkata wo so. Ɛno nso nti na wɔbɛfrɛ nea wobɛwo no no kronkron, Onyankopɔn Ba.” (Luka 1:35) Sɛ yɛka sɛ biribi yɛ kronkron a, ɛkyerɛ sɛ “ɛho tew,” na “efĩ biara nni ho.” Nokwarem no, mmofra nya bɔne ne sintɔ fi wɔn awofo hɔ. Nanso, wɔ saa awo yi ho de, na Yehowa bɛyɛ anwonwade soronko bi. Ná obeyi ne Ba no nkwa afi soro abɛhyɛ Maria awotwaa mu na wama ne honhom kronkron no ‘abɛkata’ Maria so, na abɔ abofra no ho ban afi bɔne nkekae biara ho. So Maria gyee ɔbɔfo no asɛm no dii? Dɛn na ɔyɛe wɔ ho?

Mmuae a Maria De Maa Gabriel

9. (a) Dɛn nti na ɛyɛ mfomso sɛ nnipa binom begye akyinnye wɔ Maria asɛm no ho? (b) Asɛm bɛn na Gabriel kae de hyɛɛ Maria gyidi den?

9 Ɛyɛ den ma wɔn a wogye anwonwade yi ho kyim, a Kristoman asɔfo mpo ka ho no, sɛ wobegye adi sɛ ɔbaabun betumi awo. Sukuu a wɔakɔ nyinaa akyi no, wɔnte nokwasɛm a asete nyɛ den yi ase. Sɛnea Gabriel kae no, “Onyankopɔn fam de, asɛm biara nni hɔ a ɛrentumi mma mu.” (Luka 1:37) Maria gyee Gabriel asɛm no dii sɛ ɛyɛ nokware efisɛ na ɔyɛ ababaa a ne gyidi yɛ den. Nanso, ɛnkyerɛ sɛ na ogye biribiara di kɛkɛ. Ná Maria hia biribi a ɔde ne gyidi begyina so, sɛnea onipa biara a n’adwenem da hɔ bɛyɛ no. Ná Gabriel ayɛ krado sɛ ɔde adanse foforo a ɛbɛma Maria gyidi ayɛ den bɛka no ho. Ɔkaa ne busuani, Elisabet, a na ne mfe akɔ anim a wonim no bere tenten sɛ ɔyɛ obonin no ho asɛm kyerɛɛ no. Ná Onyankopɔn ama wanyinsɛn anwonwakwan so!

10. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ na adwuma a wɔde ahyɛ Maria nsa no ho dwo, anaa nsɛnnennen biara nni ho?

10 Afei, dɛn na na Maria bɛyɛ? Ná wahu adwuma a ɔrebɛyɛ, na na wanya adanse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn bɛyɛ nea Gabriel aka akyerɛ no no nyinaa. Ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ na hokwan a wanya no ho dwo a ɔrenhyia nsɛnnennen biara. Ade biako ne sɛ, na ɛsɛ sɛ osusuw aware nhyehyɛe a ɔne Yosef ayɛ no ho. Sɛ na Yosef hu sɛ wanyinsɛn a, so na ɔbɛware no? Bio nso, ɛte sɛ nea na adwuma a abɛda no so no boro no so. Ná ɔrebenyinsɛn Onyankopɔn abɔde a ɔsom bo sen biara—n’ankasa Dɔba! Ná ɔbɛhwɛ no bere a ɔyɛ akokoaa a ontumi nyɛ ne ho hwee no, na wabɔ ne ho ban wɔ wiase bɔne yi mu. Nokwasɛm ni, na ɛyɛ asɛyɛde a emu yɛ duru!

11, 12. (a) Nsɛm bɛn na mmarima anokwafo a wɔn gyidi yɛ den kae mmere bi bere a Onyankopɔn maa wɔn adwuma a ɛyɛ den no? (b) Dɛn na mmuae a Maria de maa Gabriel no ma yehu fa Maria ho?

11 Bible kyerɛ sɛ, mmarima anokwafo a wɔn gyidi yɛ den mpo, ɛtɔ mmere bi a na ɛyɛ den ma wɔn sɛ wobegye adwuma a ɛyɛ den bi afi Onyankopɔn hɔ. Mose kae sɛ n’ano ntewee, enti ɔrentumi nyɛ Onyankopɔn kasamafo. (Ex. 4:10) Yeremia yii n’ano sɛ ‘ɔyɛ abofra,’ obi a onnyinii sɛ ɔbɛyɛ adwuma a na Onyankopɔn de ama no no. (Yer. 1:6) Yona nso guan fii adwuma a Onyankopɔn de maa no no ho! (Yona 1:3) Na Maria nso ɛ?

12 Ɛnnɛ mpo, nnipa pii nim sɛ mmuae a Maria de mae no da no adi sɛ na ɔyɛ obi a ɔbrɛ ne ho ase na ɔyɛ osetie. Ɔka kyerɛɛ Gabriel sɛ: “Hwɛ! meyɛ Yehowa afenaa! Ɛnyɛ hɔ mma me sɛnea w’asɛm te.” (Luka 1:38) Ná afenaa yɛ obi a ɔba fam koraa wɔ nkoa mu; ná ne wura de no yɛ nea ɔpɛ biara. Saa na Maria tee nka wɔ Yehowa a ɔyɛ ne Wura no ho. Ná onim sɛ ɔwɔ ahobammɔ wɔ Yehowa nsam, ɛne sɛ, Yehowa ne wɔn a wodi no nokware no di no nokwaredi mu, na sɛ ɔyɛ nea obetumi biara wɔ asɛyɛde a emu yɛ duru a ɔde ahyɛ ne nsa no ho a, obehyira no.—Dw. 18:25.

Ná Maria nim sɛ ɔwɔ ahobammɔ wɔ Yehowa, ne Nyankopɔn a ɔyɛ ɔnokwafo no nsam

13. Sɛ Onyankopɔn ka sɛ yɛnyɛ biribi a ɛte sɛ nea ɛyɛ den anaa yɛrentumi nyɛ mpo a, ɔkwan bɛn so na nea Maria yɛe no betumi aboa yɛn?

13 Ɛtɔ mmere bi a, Onyankopɔn ka sɛ yɛnyɛ biribi a wɔ yɛn ani so no, ɛte sɛ nea ɛyɛ den, anaa mpo yɛrentumi nyɛ koraa. Nanso, wama yɛn nneɛma pii wɔ n’Asɛm no mu a yebetumi agyina so anya ne mu ahotoso na yɛde yɛn ho ahyɛ ne nsa sɛnea Maria yɛe no. (Mmeb. 3:5, 6) So yɛbɛyɛ saa? Sɛ yɛyɛ saa a, obehyira yɛn, na mpo ɔbɛma yɛanya nneɛma pii a yebetumi agyina so anya ne mu gyidi a ɛyɛ den.

Maria Kɔsraa Elisabet

14, 15. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa hyiraa Maria bere a ɔkɔsraa Elisabet ne Sakaria no? (b) Dɛn na asɛm a Maria kae a ɛwɔ Luka 1:46-55 no ma yehu fa no ho?

14 Ná asɛm a Gabriel ka faa Elisabet ho no ho hia Maria paa. Wɔ mmea nyinaa mu no, hena na na obetumi ate asɛm a ato no no ase paa? Maria yɛɛ ntɛm twaa bɛyɛ nnansa anaa nnanan kwan kɔɔ Yuda mmepɔw so. Bere a Maria duu Elisabet ne ɔsɔfo Sakaria fie no, Yehowa maa Maria adanse foforo a edi mũ a na ɛbɛhyɛ ne gyidi den. Bere a Elisabet tee Maria nkyia ara pɛ na akokoaa a ɔhyɛ ne yafunu mu no de anigye huruwii. Honhom kronkron hyɛɛ Elisabet mã, na ɔfrɛɛ Maria sɛ, “me Wura maame.” Ná Onyankopɔn ayi akyerɛ Elisabet sɛ Maria ba no bɛyɛ ne Wura a ɔne Mesia no. Bio nso, honhom kaa no ma ɔkamfoo Maria wɔ osetie a ɔyɛe no ho, na ɔkae sɛ: “Anigye nso ne nea wagye adi.” (Luka 1:39-45) Nokwarem no, na ɛbɔ biara a Yehowa ahyɛ Maria no bɛbam!

Maria ne Elisabet nyinaa nyaa wɔn adamfofa no so mfaso

15 Afei Maria nso kasae. Wɔakora asɛm a ɔkae no so yiye wɔ Onyankopɔn Asɛm no mu. (Monkenkan Luka 1:46-55.) Ɛno ne Maria asɛm a ɛware paa a wɔakyerɛw wɔ Bible mu, na ɛma yehu ne ho nsɛm pii. Ayeyi a Maria de maa Yehowa sɛ wahyira no ama wanya hokwan sɛ ɔmmɛyɛ Mesia no maame no kyerɛ sɛ na n’ani sɔ ade. Sɛnea Yehowa brɛ ahantanfo ne atumfoɔ ase, na ɔboa mmɔborɔwafo ne ahiafo a wɔsom no a ɔkaa ho asɛm no kyerɛ sɛ na ne gyidi yɛ den. Afei nso, ɛma yehu sɛnea na ne nimdeɛ mu dɔ fa. Akontaabu bi kyerɛ sɛ ɔtwee adwene sii Hebri Kyerɛwnsɛm no so bɛboro mpɛn 20! *

16, 17. (a) Su bɛn na Maria ne ne ba no daa no adi a ɛsɛ sɛ yesuasua? (b) Mfaso bɛn na sra a Maria kɔsraa Elisabet no ma yehu?

16 Ɛda adi sɛ, Maria susuw Onyankopɔn Asɛm ho kɔɔ akyiri. Nanso, wamma ne ho so, na mmom ɔde Kyerɛwnsɛm no kyerɛkyerɛɛ nsɛm mu sen sɛ ɔbɛbɔ ne tirim akasa. Ná bere bi bɛba a ne ba a ɔrenyin wɔ ne yafunu mu no nso bɛda su a ɛte saa ara adi, aka sɛ: “Nea mekyerɛkyerɛ no nyɛ me dea, na mmom nea ɔsomaa me no dea.” (Yoh. 7:16) Ɛbɛyɛ papa sɛ yebisa yɛn ho sɛ: ‘So mewɔ obu a ɛte saa ma Onyankopɔn Asɛm? Anaasɛ m’ani gye m’ankasa nsusuwii ne me nkyerɛkyerɛ ho?’ Yebetumi ahu mmuae a anka Maria de bɛma.

17 Maria dii bɛyɛ asram abiɛsa wɔ Elisabet nkyɛn, na akyinnye biara nni ho sɛ, wɔn mu biara hyɛɛ ne yɔnko nkuran pii. (Luka 1:56) Bible kyerɛwtohɔ a ɛyɛ anigye a ɛfa nsrahwɛ yi ho no ma yehu mfaso a ɛwɔ adamfofa so. Sɛ yɛfa nnamfo a wofi wɔn koma nyinaa mu dɔ Yehowa, yɛn Nyankopɔn no a, ɛbɛma yɛne ne ntam abusuabɔ ayɛ papa ɔkwan biara so. (Mmeb. 13:20) Nanso, awiei koraa no, bere soe sɛ Maria san kɔ ne kurom. Sɛ Yosef hu ne tebea no a, na dɛn na ɔbɛyɛ?

Maria ne Yosef

18. Asɛm bɛn na Maria ka kyerɛɛ Yosef, na dɛn na ɔyɛe wɔ ho?

18 Ɛda adi sɛ, Maria antwɛn amma ne yafunu no annyin ansa na ɔreka ho asɛm akyerɛ Yosef. Ansa na Maria reka akyerɛ no no, ɛbɛyɛ sɛ osusuw sɛnea onipa a osuro Onyankopɔn a ɔmpɛ ne ho asɛm saa no bɛyɛ n’ade wɔ asɛm no ho bere a wate no. Nanso, ɔkɔɔ ne nkyɛn kɔkaa nea na ato no no nyinaa kyerɛɛ no. Sɛnea wubetumi de w’adwene abu no, asɛm no haw Yosef yiye. Onyae a na anka wagye ababaa a ɔdɔ no yi adi, nanso na ɛte sɛ nea wafa n’akyi. Bible no nka adwene a ɛbaa ne tirim anaa sɛnea osusuw asɛm no ho nkyerɛ yɛn. Nanso, ɛka kyerɛ yɛn sɛ ɔyɛɛ n’adwene sɛ obegyaa no, efisɛ saa bere no na wobu wɔn a wɔayɛ aware nhyehyɛe sɛ awarefo. Nanso, esiane sɛ na ɔmpɛ sɛ ogu n’anim ase wɔ baguam anaa ɔma wɔtwe n’aso nti, ɔyɛe sɛ obegyaa no kokoam. (Mat. 1:18, 19) Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛɛ Maria yaw sɛ ohui sɛ ɔbarima yamyefo yi reteetee wɔ asɛm a na ebi nsii da yi ho. Nanso, Maria bo amfuw Yosef sɛ wannye no anni.

19. Dɛn na Yehowa yɛe de boaa Yosef ma ɔfaa ɔkwampa so?

19 Yehowa boaa Yosef ma ohuu ɔkwampa a ɔbɛfa so. Onyankopɔn bɔfo ka kyerɛɛ no wɔ dae mu sɛ, Maria nyinsɛn no yɛ anwonwade ankasa. Ɛbɛyɛ sɛ eyi maa ne koma tɔɔ ne yam! Afei, Yosef yɛɛ nea na Maria adi kan ayɛ no—odii Yehowa akwankyerɛ so. Ɔfaa Maria sɛ ne yere, na osiesiee ne ho sɛ obegye asɛyɛde soronko a ɛne sɛ ɔbɛhwɛ Yehowa Ba no ato ne ho so.—Mat. 1:20-24.

20, 21. Dɛn na awarefo ne wɔn a wɔreyɛ nhyehyɛe aware no betumi asua afi Maria ne Yosef hɔ?

20 Ɛsɛ sɛ awarefo ne wɔn a wɔreyɛ nhyehyɛe aware no bɔ mmɔden sɛ wobesuasua saa awarefo yi a wɔtenaa ase mfe 2,000 a atwam no. Bere a Yosef huu sɛnea ne yere a ɔyɛ ababaa no redi n’asɛyɛde ho dwuma sɛ ɛna no, ɛda adi sɛ n’ani gyei sɛ Yehowa bɔfo kyerɛɛ no nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ. Ɛbɛyɛ sɛ Yosef huu sɛnea ɛho hia sɛ ɔde ne ho to Yehowa so bere a ɔresisi gyinae a emu yɛ duru no. (Dw. 37:5; Mmeb. 18:13) Sɛ́ abusua ti no, ɛda adi sɛ ɔkɔɔ so de ahwɛyiye sisii gyinae ahorow.

21 Nanso, dɛn na yebetumi asua afi ɔpɛ a na Maria wɔ sɛ ɔbɛware Yosef no mu? Ɛwom sɛ mfiase no na ɛyɛ den ma Yosef sɛ ɔbɛte Maria asɛm no ase de, nanso Maria twɛn maa Yosef sii nea wɔbɛyɛ no ho gyinae efisɛ ɔno na na ɔbɛyɛ abusua no ti. Ɛda adi sɛ Maria suaa biribi fii asɛm yi mu, sɛnea Kristofo mmea a wɔwɔ hɔ nnɛ nso betumi asua biribi afi mu no. Awiei koraa no, nsɛm a esisii no maa Yosef ne Maria nyinaa huu mfaso a ɛwɔ so sɛ wofi wɔn komam ka nsɛm pefee no.—Monkenkan Mmebusɛm 15:22.

22. Nhyɛase bɛn na Yosef ne Maria to maa wɔn aware, na dɛn na na wɔhwɛ kwan?

22 Akyinnye biara nni ho sɛ, aberante ne ababaa yi too nhyɛase pa maa wɔn aware no. Ná wɔn baanu nyinaa dɔ Yehowa Nyankopɔn sen biribiara, na na wɔpɛ sɛ wɔsɔ n’ani sɛ awofo a wɔntoto wɔn asɛyɛde ase. Ɛwom, na wɔhwɛ kwan sɛ wobenya nhyira pii, na na wobehyia nsɛnnennen pii nso. Ná wɔrebɛtete Yesu a obenyin abɛyɛ onipa a ɔsen biara a watena asase yi so pɛn no.

^ nky. 15 Ɛte sɛ nea Bible mu nsɛm a Maria twee adwene sii so no bi ne nea ɛfa ɔbea nokwafo Hanah a Yehowa hyiraa ɔno nso ma ɔwoo ɔba no ho no.—Hwɛ adaka a ɛne “Mpaebɔ Atitiriw Abien,” a ɛwɔ Ti 6 no.