Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI ABIƐSA

Wɔn a “Wɔwɔ Gyidi Nyinaa Agya”

Wɔn a “Wɔwɔ Gyidi Nyinaa Agya”

1, 2. Nsakrae bɛn na na aba wɔ wiase fi Noa bere so, na ɔkwan bɛn so na eyi kaa Abram?

ABRAM maa ne ti so, na n’ani kɔtɔɔ abosonnan tenten a na esi ne kurom Ur no so. * Ná dede wɔ abosonnan no mu, na na wusiw refi ɔdan no mu. Wo de, twa Abram a wadan n’ani refi hɔ akɔ a waka n’anim asi so ma ne moma so apompono na ɔrewosow ne ti no ho mfonini hwɛ. Bere a ɔnam nnipadɔm no mu rekɔ fie no nyinaa no, ɛbɛyɛ sɛ na ɔredwinnwen abosonsom a na ahyɛ Ur kurow no mu mã no ho. Hwɛ sɛnea na atoro som a ɛte saa atrɛw wɔ wiase fi Noa bere so!

2 Noa wui no, mfe abien akyi pɛ na wɔwoo Abram. Bere a Noa ne n’abusua fii adaka no mu puei wɔ Nsuyiri kɛse no akyi no, agya panyin no bɔɔ afɔre maa Yehowa Nyankopɔn, na Yehowa nso maa nyankontɔn puei. (Gen. 8:20; 9:12-14) Saa bere no, nokware som nkutoo na na ɛwɔ wiase. Nanso, bere a eduu Noa awo ntoatoaso a ɛto so du so a na nnipa retrɛw wɔ asase so no, wɔn mu kakraa bi pɛ na na wɔsom Onyankopɔn. Ná nnipa a wɔwɔ baabiara resom abosom. Ná Abram papa Tera mpo som abosom, na ɛbɛyɛ sɛ na ɔyɛ ahoni.—Yos. 24:2.

Ɛyɛɛ dɛn na Abram benyaa gyidi a edi mũ?

3. Su bɛn na ɛmaa Abram daa nsow wɔ n’asetena nyinaa mu, na dɛn na yebetumi asua afi mu?

3 Ná Abram yɛ onipa soronko. Wɔ n’asetena nyinaa mu no, esiane ne gyidi nti, na ɔda nsow koraa wɔ ne beresofo dodow no ara ho. Nokwasɛm ne sɛ, akyiri yi, Yehowa honhom kaa ɔsomafo Paulo ma ɔkaa ne ho asɛm sɛ wɔn a “wɔwɔ gyidi nyinaa agya”! (Monkenkan Romafo 4:11.) Momma yɛnhwɛ nea ɛboaa Abram ma onyaa gyidi kɛse a ɛte saa. Yɛn nso yebetumi afa so asua nea sɛ yɛyɛ a ɛbɛma yɛanya gyidi kɛse ho ade pii.

Sɛnea na Yehowa Som Te Wɔ Nsuyiri no Akyi

4, 5. Hena na ɛbɛyɛ sɛ ɔmaa Abram tee Yehowa ho asɛm, na dɛn nti na yebetumi aka saa?

4 Ɛyɛɛ dɛn na Abram tee Yehowa Nyankopɔn ho asɛm? Yenim sɛ saa bere no na Yehowa wɔ n’asomfo anokwafo wɔ asase so. Ná Sem yɛ wɔn mu biako. Ɛwom sɛ Sem nyɛ Noa abakan de, nanso ɔno na mpɛn pii no wodi kan bɔ ne din. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, ɛbɛyɛ sɛ na Sem yɛ onipa a ne gyidi di mũ. * Nsuyiri no akyi bere bi no, Noa kaa Yehowa ho asɛm sɛ, “Sem Nyankopɔn.” (Gen. 9:26) Sem daa no adi sɛ ɔwɔ obu kɛse ma Yehowa ne nokware som.

5 So na Abram nim Sem? Ebetumi aba sɛ na onim no. Wo de, fa w’adwene bu bere a na Abram yɛ aberantewa no hwɛ. Afei hwɛ sɛnea na n’ani begye afa bere a ɔtee sɛ ɔwɔ nanabarima bi a watena ase bɛboro mfe 400 na wahu nea akɔ so wɔ nnipa asetena mu no! Ná Sem ahu abɔnefosɛm a ɛkɔɔ so wɔ wiase ansa na Nsuyiri kɛse a ɛsɛee abɔnefo wɔ asase so no reba. Afei nso, ohuu aman a wodii kan kyekyeree bere a na nnipa redɔɔso wɔ asase so ne nna bɔne a ɛbae bere a Nimrod tew atua sɛ wonsi Babel Abantenten no. Sem amfa ne ho anhyɛ saa atuatew no mu, enti bere a Yehowa maa wɔn a na wɔreto abantenten no kasa yɛɛ basabasa no, Sem ne n’abusua kɔɔ so kaa kasa a edi kan a na nnipa ka no; ɛno na na Noa nso ka. Ná Abram nso yɛ saa abusua no muni. Enti, akyinnye biara nni ho sɛ, Abram nyinii no, na obu Sem paa. Bio nso, Sem kɔɔ so tenaa ase wɔ Abram nkwa nna fã kɛse no ara mu. Enti, ebetumi aba sɛ Sem na ɔmaa Abram tee Yehowa ho asɛm.

Abram amfa ne ho anhyɛ abosonsom a na abu so wɔ Ur no mu

6. (a) Dɛn na Abram yɛe de kyerɛe sɛ osuaa nneɛma pii fii Nsuyiri no mu? (b) Dɛn na Abram ne Sarai boom yɛe?

6 Sɛnea ɛte biara no, Abram suaa nneɛma pii fii Nsuyiri no mu. Ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔne Onyankopɔn bɛnantew sɛnea na Noa ne Onyankopɔn anantew no. Ɛno nti, Abram amfa ne ho anhyɛ abosonsom mu, na ɔdaa ne ho adi sɛ ɔyɛ onipa soronko wɔ Ur, na ebetumi aba sɛ na ɔte saa wɔ n’abusuafo mu mpo. Nanso, obenyaa ɔhokafo a ɔfata wɔ n’asetena mu. Ɔwaree Sarai, ɔbea a na ɔda mu fua; ná ne ho yɛ fɛ, na na ɔsan nso wɔ Yehowa mu gyidi paa. * Ɛwom sɛ na awarefo yi nni ba de, nanso akyinnye biara nni ho sɛ, wɔde anigye kɛse boom som Yehowa. Wɔn ara nso na wɔtetee Abram wɔfase Lot a na ɔyɛ ayisaa no.

7. Dɛn na ɛsɛ sɛ Yesu akyidifo yɛ de suasua Abram?

7 Abram amfi Yehowa akyi ankodi Ur abosonsom akyi da. Ná ɔne Sarai nyinaa pɛ sɛ wɔda nsow wɔ kurow a abosonsom ahyɛ mu mã no mu. Sɛ yɛn nso yebenya gyidi a edi mũ a, ehia sɛ yɛyɛ saa ara. Ɛsɛ sɛ yɛn nso yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛyɛ soronko. Yesu kae sɛ, n’akyidifo no ‘renyɛ wiase no fã’ ma enti wiase no bɛtan wɔn. (Monkenkan Yohane 15:19.) Sɛ Yehowa a woresom no nti w’abusuafo anaa wo kuromfo ayi wo baako ahyɛ wo nsa ma woredi yaw a, kae sɛ, ɛnkaa wo nkutoo. Wo ne Onyankopɔn na ɛrenantew sɛnea Abram ne Sarai nso ne Onyankopɔn nantewee no.

“Fi W’asase So”

8, 9. (a) Anisoadehu bɛn na Abram nyae a na ne werɛ remfi da? (b) Nkrasɛm bɛn na Yehowa de brɛɛ Abram?

8 Da bi, Abram nyaa anisoadehu bi a na ne werɛ remfi da. Onyaa nkrasɛm bi fii Yehowa Nyankopɔn hɔ! Bible nka nkrasɛm no mu nsɛm pii, nanso ɛka sɛ “anuonyam Nyankopɔn no” yii ne ho adi kyerɛɛ saa ɔbarima nokwafo no. (Monkenkan Asomafo Nnwuma 7:2, 3.) Ɛbɛyɛ sɛ ɔbɔfo bi na ɔmaa Abram huu amansan Sodifo no anuonyam kɛse no ho biribi kakra. Yɛn adwene nkutoo na yebetumi de abu sɛnea Abram ani gyei bere a ohuu nsonsonoe a ɛda Onyankopɔn teasefo no ne ahoni a nkwa nnim a na ne beresofo som wɔn no ntam.

9 Nkrasɛm bɛn na Yehowa de brɛɛ Abram? Ɛne sɛ: “Fi w’asase so ne w’abusua mu na kɔ asase a mɛkyerɛ wo no so.” Yehowa anka asase a na ɔreka ho asɛm no ankyerɛ Abram; nea ɔkae ara ne sɛ ɔbɛkyerɛ no asase no. Nea edi kan koraa no, na ɛsɛ sɛ Abram fi n’asase so na ogyaw n’abusuafo hɔ. Sɛnea na aman a ɛwɔ tete Mediterranea Apuei fam amammerɛ te no, na wɔntoto abusua ase koraa. Sɛ na obi gyaw n’abusuafo hɔ kɔ akyirikyiri a, mpɛn pii no, na wobu no sɛ ɛyɛ ade a ɛyɛ hu paa; ebinom de, na wobu no sɛ ɛsen owu!

10. Dɛn nti na ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ den ma Abram ne Sarai sɛ wobegyaw wɔn fie a na ɛwɔ Ur no hɔ?

10 Ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ den ma Abram sɛ obefi ne kurom hɔ akɔ. Adanse a ɛwɔ hɔ kyerɛ sɛ na Ur yɛ kurow a edi yiye a na adagyew nnim. (Hwɛ adaka a ɛne ““ Kurow a Abram ne Sarai Tu Fii Mu No.”) Nneɛma a wɔatutu fam ahu ama ada adi sɛ na adan pa wɔ tete kurow Ur mu; na afie no bi wɔ hɔ a emu adan bɛyɛ 12 anaa nea ɛboro saa a na abusuafo ne asomfo a wɔwɔ fie hɔ da mu. Ná afie a ɛwɔ kurow no mu yɛ fihyiae a wɔato ntayaa wɔ adiwo hɔ nyinaa kama. Ná nneɛma foforo bi te sɛ nsu, agyananbea, ne baabi a wɔtow nwura gu wɔ kurow no mu baabiara. Afei nso kae sɛ, na Abram ne Sarai mfe akɔ anim; ɛbɛyɛ sɛ na Abram wɔ ne mfe 70 mu, ɛnna Sarai wɔ ne mfe 60 mu. Ɛda adi sɛ na Abram ani begye ho sɛ ɔbɛma Sarai anya baabi pa atena na wahwɛ no yiye, sɛnea okunu pa biara ani begye ho sɛ ɔbɛyɛ ama ne yere no. Wo de, susuw nsɛm a ɛbɛyɛ sɛ wobisaa wɔn ho ne nneɛma a ɛhaw wɔn adwene a wɔbɔɔ ho nkɔmmɔ no ho hwɛ. Ɛbɛyɛ sɛ Abram ani gyei paa sɛ Sarai gye toom sɛ ɔne no bɛkɔ! Ná Sarai nso ayɛ krado sɛ obegyaw asetena pa a ɔwom no hɔ.

11, 12. (a) Ansa na wɔrebefi Ur no, ahosiesie bɛn na na ɛsɛ sɛ wɔyɛ, na gyinae bɛn na na ehia sɛ wosisi? (b) Dɛn na wubetumi aka afa nea ɛkɔɔ so wɔ ɛda a na wɔretu kwan no ho?

11 Bere a Abram ne Sarai sii gyinae wiei no, na wɔwɔ ntotoe pii a ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Ná ɛsɛ sɛ wɔboaboa wɔn nneɛma pii no ano na wosiesie wɔn ho ma akwantu no. Nneɛma bɛn na na wɔde bɛkɔ baabi a wɔrekɔ a na wonnim no, na dɛn na na wobegyaw wɔ akyi? Ne nyinaa mu no, nea na ehia wɔn titiriw paa ne nnipa a na wɔne wɔn te no. Ná wɔbɛyɛ Tera a wabɔ akwakoraa no dɛn? Wosii gyinae sɛ wɔne no bɛkɔ na wɔahwɛ no. Ɛbɛyɛ sɛ Tera de anigye penee so, efisɛ Kyerɛwnsɛm no ka sɛ ɔno ne agya panyin a ɔne n’abusua tu fii Ur. Ɛbɛyɛ sɛ, na Tera agyae abosonsom. Ná Lot a ɔyɛ Abram nua ba no nso ne wɔn betu kwan no.—Gen. 11:31.

12 Awiei koraa no, ɛda a na wobetu kwan no dui. Wo de, twa nnipadɔm no ne wɔn mmoa a na wɔne wɔn rebetu kwan no a na wɔaboaboa wɔn ano wɔ Ur kurow no afasu ne nsuka no akyi no ho mfonini hwɛ. Ná wɔahyehyɛ wɔn nneɛma agu yoma ne mfurum no so, aboaboa mmoa foforo a wɔde wɔn rekɔ no nso ano, na na abusua no ne nkoa no nso ayɛ biribiara krado; nea na aka ara ne sɛ wobesi kwan so. * Ebia wɔn nyinaa twaa wɔn ani kɔhwɛɛ Abram, a nea na wɔretwɛn ara ne sɛ ɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ wɔnkɔ. Awiei koraa no, bere no dui, na wosii mu fii Ur a na wɔrensan mma hɔ bio.

13. Dɛn na Yehowa asomfo pii reyɛ nnɛ a ɛte sɛ nea Abram ne Sarai yɛe no?

13 Ɛnnɛ, Yehowa asomfo pii si gyinae tu kɔ mmeae bi a wohia Ahenni adawurubɔfo pii. Ebinom nso sua kasa foforo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛtrɛw wɔn som adwuma mu. Anaasɛ wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛfa akwan bi a wɔnsɔ nhwɛɛ da anaa ɛyɛ den ma wɔn so aka asɛm no. Gyinae a ɛte saa a wosisi no hwehwɛ sɛ wɔde nneɛma bɔ afɔre—wofi wɔn pɛ mu de honam fam nneɛma bi a ɛma wɔn ho tɔ wɔn to nkyɛn anaasɛ wogyae yɛ. Yɛkamfo anuanom a wosuasua Abram ne Sarai na wosisi gyinae a ɛte saa no paa! Sɛ yɛda gyidi a ɛte saa adi a, yebetumi anya ahotoso sɛ nea Yehowa de bɛma yɛn bere nyinaa no bɛboro nea yɛde ma no no so koraa. Yehowa hyira wɔn a wonya ne mu gyidi no bere nyinaa. (Heb. 6:10; 11:6) So ohyiraa Abram?

Wotwaa Eufrate Asubɔnten No

14, 15. Ná ɔkwan a wotu fii Ur de kɔɔ Haran no te dɛn, na ɛbɛyɛ sɛ dɛn nti na Abram tenaa Haran kakra?

14 Akwantufo no dii atutena nkakrankakra ma ɛkokwaw wɔn. Yebetumi atwa Abram ne Sarai sɛ wɔte mmoa so na ɛtɔ mmere bi a na wɔasi anantew kakra ho mfonini wɔ yɛn adwenem. Wo de, hwɛ sɛ wɔrebɔ nkɔmmɔ na ɛne dede a adɔmma a ɛsensɛn mmoa no ho reyɛ no adi afra. Wɔn a na wɔntaa ntu kwan no mpo de nkakrankakra behuu sɛnea wodi atutena, na na wɔboa Tera a wabɔ akwakoraa no ma otumi tena yoma anaa afurum so yiye. Wɔde wɔn ani kyerɛɛ atifi fam atɔe kɔfaa Eufrate Asubɔnten no ho. Wɔkɔɔ so de nna pii twaa kwan.

15 Awiei koraa no, bere a wotwaa kwan bɛyɛ kilomita 960 no, woduu Haran a wɔasisi ɛhɔ adan te sɛ fononoo no. Ná Haran yɛ kurow a sika wom a ɛda aguadifo kwan a efi Apuei fam kɔ Atɔe fam no nkwanta so. Ɛhɔ na abusua no soɛe, na wɔtenaa hɔ kakra. Ɛbɛyɛ sɛ na Tera ayɛ mmerɛw dodo ma enti na ɔrentumi ntoa akwantu no so.

16, 17. (a) Apam bɛn na ɛhyɛɛ Abram nkuran? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa hyiraa Abram bere a na ɔte Haran no?

16 Bere bi akyi no, Tera wui bere a na wadi mfe 205. (Gen. 11:32) Bere a Abram papa wui no, Yehowa san ne no kasae bio ma onyaa awerɛkyekye kɛse. Yehowa san kaa akwankyerɛ a na ɔde ama no wɔ Ur no ho asɛm, na ɔde bɔhyɛ no bi kaa ho. Ná Abram bɛyɛ “ɔman kɛse,” na na asase so mmusua nyinaa nam no so benya nhyira. (Monkenkan Genesis 12:2, 3.) Apam a Onyankopɔn ne Abram yɛe yi hyɛɛ no nkuran ma ɔtoaa n’akwantu no so.

17 Nanso, saa bere yi de, na nneɛma a Abram bɛboaboa ano no dɔɔso paa, efisɛ na Yehowa ahyira no bere a na ɔwɔ Haran no. Kyerɛwnsɛm no ka “wɔn agyapade ne akra a wonyae wɔ Haran nyinaa” ho asɛm. (Gen. 12:5) Sɛ na Abram betumi abɛyɛ ɔman a, na ɛsɛ sɛ onya ahode ne nkoa; na ɛsɛ sɛ ne fiefo dɔɔso. Ɛnyɛ bere nyinaa na Yehowa de ahode hyira n’asomfo, nanso ɔma wɔn nsa ka nea wohia na ama wɔatumi ayɛ n’apɛde. Eyi hyɛɛ Abram den, na ɔne ne fiefo sii kwan so a na wonnim baabi a wɔrekɔ.

Ɛyɛɛ den maa Abram ne Sarai sɛ wobegyaw asetena pa a na wɔwom wɔ Ur no hɔ

18. (a) Bere bɛn na Abram yɛɛ biribi a abɛyɛ ade titiriw wɔ abakɔsɛm mu wɔ sɛnea Onyankopɔn ne ne nkurɔfo di mu? (b) Mfe bi akyi no, dwumadi atitiriw bɛn na ɛkɔɔ so wɔ Nisan 14? (Hwɛ adaka a ɛne “ Ɛda Titiriw Bi wɔ Bible Abakɔsɛm Mu” no.)

18 Sɛ wufi Haran rekɔ Karkemis a, na ebegye wo nna dodow bi, na ɛhɔ na na akwantufo taa twa Eufrate Asubɔnten no. Ɛbɛyɛ sɛ saa beae yi na Abram yɛɛ biribi a abɛyɛ ade titiriw wɔ abakɔsɛm mu wɔ sɛnea Onyankopɔn ne ne nkurɔfo di mu no. Ɛda adi sɛ na ɛyɛ ɔsram a akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no Nisan no da a ɛto so 14, 1943 A.Y.B. mu na Abram ne wɔn a na wɔka no ho twaa asubɔnten no. (Ex. 12:40-43) Ná asase a Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛkyerɛ Abram no da asubɔnten no anafo fam. Saa da no na apam a Onyankopɔn ne Abram yɛe no fii ase yɛɛ adwuma.

19. Dɛn na Yehowa kaa ho asɛm wɔ bɔ a ɔhyɛɛ Abram no mu, na ɛbɛyɛ sɛ ɛno maa Abram kaee dɛn?

19 Abram de n’ani kyerɛɛ asase no anafo fam, na akwantufo no soɛe wɔ baabi a ɛbɛn nnua akɛse a ɛwɔ More a ɛbɛn Sekem no. Ɛhɔ nso, Yehowa ne Abram san kasae. Saa bere yi de, Onyankopɔn hyɛɛ Abram bɔ sɛ n’asefo na wɔbɛtena asase no so. So Abram adwene kɔɔ “aseni” a Yehowa hyɛɛ ne ho nkɔm wɔ Eden sɛ ɔno na obegye adesamma bere bi no so? (Gen. 3:15; 12:7) Ebetumi aba saa. Ɛbɛyɛ sɛ saa bere no na ofii ase hui sɛ wɔde no bedi dwuma bi wɔ atirimpɔw titiriw a Yehowa wɔ ma adesamma no mu.

20. Dɛn na Abram yɛe de kyerɛe sɛ n’ani sɔɔ nidi a Yehowa de maa no no?

20 Abram ani sɔɔ nidi a Yehowa de maa no no paa. Bere a na Abram nenam asase no so no, sɛ ɔsoɛ baabi a na osi afɔremuka wɔ hɔ ma Yehowa. Osii nea edi kan no wɔ baabi a ɛbɛn nnua akɛse a ɛwɔ More no, ne afei baabi a ɛbɛn Betel; akyinnye biara nni ho sɛ, ɔhwɛɛ ne ho yiye efisɛ na Kanaanfo no da so ara te asase no so. Ɔbɔɔ Yehowa din, na ɛbɛyɛ sɛ bere a ɔredwinnwen asefo a na obenya daakye ho no, ofi ne koma nyinaa mu daa ne Nyankopɔn ase. Ɛbɛyɛ sɛ ɔkaa Onyankopɔn ho asɛm nso kyerɛɛ Kanaanfo a na ɔte wɔn mu no. (Monkenkan Genesis 12:7, 8.) Nokwarem no, na Abram behyia ne gyidi ho sɔhwɛ pii wɔ n’asetena mu. Eye paa sɛ Abram amma n’ani annyina ne fie ne asetena pa a na ɔwom wɔ Ur no. Abram de n’adwene sii ɛbɔ a na Yehowa ahyɛ no no so. Hebrifo 11:10 ka sɛ, “Na ɔretwɛn kurow a ɛwɔ fapem ankasa a ne kyekyefo ne ne yɛfo ne Onyankopɔn.”

21. Abram ne yɛn, hena na ɔwɔ Onyankopɔn Ahenni no ho nimdeɛ pii, na dɛn na saa nimdeɛ no ka wo sɛ yɛ?

21 Yɛn a yɛsom Yehowa nnɛ no nim saa sɛnkyerɛnne kwan so kurow—Onyankopɔn Ahenni—no ho nsɛm pii sen Abram. Yenim sɛ saa Ahenni no redi tumi wɔ soro, na ɛrenkyɛ ɛbɛsɛe wiase a ɛwɔ hɔ yi, na yenim nso sɛ Abram Aseni, Yesu Kristo, a wɔhyɛɛ ne ho bɔ bere tenten no na ɔredi saa Ahenni no so hene. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ ɔkwannya kɛse ama yɛn sɛ yebehu Abraham bio! Ɔbɛte Onyankopɔn atirimpɔw a bere bi na ɔnte ase no ase saa bere no. So w’ani begye ho sɛ wubehu sɛ Yehowa ama ne bɔhyɛ nyinaa abam? Sɛ saa a, ɛnde, ɛho hia sɛ wokɔ so yɛ nea Abram yɛe no. Nya ahofama, yɛ osetie, na kyerɛ hokwan biara a Yehowa de bɛma wo no ho anisɔ kɛse. Sɛ wusuasua Abram a ɔyɛ wɔn a “wɔwɔ gyidi nyinaa agya” no gyidi no a, ɔkwan bi so no, ɔbɛyɛ wo nso w’agya!

^ nky. 1 Mfe bi akyi no, Onyankopɔn sesaa Abram din yɛɛ no Abraham, a ase ne “Aman Pii Agya.”—Gen. 17:5.

^ nky. 4 Saa ara nso na ɛwom sɛ Abram nyɛ Tera abakan de, nanso ɔno na mpɛn pii no wodi kan bɔ ne din.

^ nky. 6 Akyiri yi, Onyankopɔn sesaa Sarai din yɛɛ no Sara, a ase ne “Ɔhene Babea.”—Gen. 17:15.

^ nky. 12 Nhomanimfo binom nnye nni sɛ wɔ Abram bere so no, na yoma yɛ aboa a wɔyɛn no. Nanso, nea wɔka no nni nnyinaso pa biara. Bible ka no mpɛn dodow bi sɛ na yoma ka mmoa a Abram wɔ no ho.—Gen. 12:16; 24:35.