Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI ADUONU BIAKO

Ɔbɔɔ Mmɔden Dii Ehu ne N’adwene a na Ehinhim So

Ɔbɔɔ Mmɔden Dii Ehu ne N’adwene a na Ehinhim So

1-3. Dɛn na Petro hui wɔ ɛda bi a nsɛm pii sisii no mu, na dɛn na ɔfaa mu saa anadwo no?

NÁ Petro rebɔ mmɔden sɛ ɔbɛboa ma wɔahare ɔkorow no, na bere koro no ara mu no na wagyen n’ani rehwɛ esum no mu. So na hann kakra a wahu wɔ apuei fam akyirikyiri no kyerɛ sɛ na ade rekye? Esiane sɛ na ɔde nnɔnhwerew pii ahare ɔkorow no nti, na n’akyi ne ne mmati nyinaa tutu no. Ná mframa a ɛrebɔ denneennen wɔ Galilea Po no so ma ɛrehuru kutukutu no nso rebɔ fa Petro ti ho. Ná asorɔkye a ɛrebɔ ntoatoaso no rebɔ hyia ɔkorow a wɔde yi mpataa no ma enti na nsu nwininwini no afɔw Petro twɔnn. Nanso, ɔkɔɔ so haree ɔkorow no.

2 Ná Petro ne wɔn a wɔka no ho no agyaw Yesu wɔ akyi wɔ nsu no ano hɔ baabi. Saa da no, na wɔahu sɛ Yesu de paanoo ne mpataa kakraa bi ama nnipa mpempem pii a na ɔkɔm de wɔn ma wɔadi amee. Enti nkurɔfo no yɛe sɛ wɔde Yesu besi wɔn so hene, nanso na ɔmpɛ sɛ ɔde ne ho hyehyɛ wɔn amanyɔsɛm mu. Afei nso, ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ n’akyidifo no na wɔamfa wɔn ho anhyehyɛ amanyɔsɛm mu. Bere a ɔtwee ne ho fii nnipadɔm no ho no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔmforo ɔkorow no na wɔnhare nkɔ nsu no agya, na ɔno nkutoo kɔhyɛɛ bepɔw no so kɔbɔɔ mpae.—Mar. 6:35-45; monkenkan Yohane 6:14-17.

3 Bere a asuafo no sii nsu no so no, na ɔsram a ɛreyɛ atwa puruw no da wɔn apampam; nanso saa bere yi de, na ɛde nkakrankakra rekɔtɔ. Ne nyinaa akyi no, na wonnuu baabiara. Sɛnea na wɔayere wɔn ho rehare ɔkorow no ne mframa ne asorɔkye a na ɛrebɔ no ma ɛyɛɛ den sɛ wɔbɛbɔ nkɔmmɔ. Ɛbɛyɛ sɛ saa bere yi nyinaa, na Petro nkutoo na onim nea ɛrekɔ so wɔ n’adwenem.

Ná Petro de mfe abien asua nneɛma pii afi Yesu hɔ, nanso na ɔda so ara wɔ pii sua

4. Mmɔden bɛn na Petro bɔe a ɛyɛ nhwɛso pa a ɛsɛ sɛ yesuasua?

4 Hwɛ nneɛma pii a na obedwinnwen ho! Ná Petro ne Yesu a ofi Nasaret no adi kan anantew mfe abien a atwam no, na na Yesu ayɛ anwonwade pii. Ná Petro asua nneɛma pii, nanso na ɔda so ara wɔ pii sua. Ɔpɛ a na ɔwɔ sɛ ɔbɛyɛ saa ne mmɔden a ɔbɔe sɛ obedi akwanside ahorow te sɛ ehu ne n’adwene a na ehinhim so no ma ɔyɛɛ nhwɛso pa a ɛsɛ sɛ yesuasua. Momma yɛnhwɛ nea enti a ɛte saa.

“Yɛahu Mesia No”!

5, 6. Adwuma bɛn na na Petro yɛ?

5 Petro werɛ remfi ɛda a ohyiaa Yesu no da. Ná Petro nua Andrea adi kan abɛka anwonwasɛm yi akyerɛ no sɛ: “Yɛahu Mesia no.” Saa asɛm a Petro tee no maa n’asetena fii ase sesae. Ná n’asetena renyɛ sɛ nea na ɔwom kan no bio.—Yoh. 1:41.

6 Ná Petro te Kapernaum, kurow a ɛda ɔtare a wɔfrɛ no Galilea Po no ano wɔ atifi fam. Ná ɔne Andrea, ne Sebedeo mma Yakobo ne Yohane abom reyɛ mpataayi adwuma. Ná Petro ne ne yere, n’asebea, ne ne nua Andrea na ɛte. Ɛda adi sɛ, na ebegye adwumaden, ahoɔden, ne mmɔdenbɔ na ama Petro atumi de mpataa a oyi no ahwɛ n’abusua no. Yebetumi de yɛn adwene abu sɛnea mpɛn pii no na mmarima yi yɛ adwuma anadwo mũ nyinaa—asau a na wogu wɔ akorow abien a wɔrehare ntam ne asau a na wɔtwetwe ba ɔkorow no mu no. Yebetumi asan de yɛn adwene abu adwumaden a na wɔyɛ wɔ ɛda no mu de yiyi mpataa no mu na wɔtɔn, ne afei asau a na wotuatua mu ntokuru na wɔhoro no kama no nso.

7. Dɛn na na Petro ate afa Yesu ho, na dɛn nti na na eyi yɛ anigyesɛm?

7 Bible ka sɛ na Andrea yɛ Yohane Suboni no suani. Ɛda adi sɛ Petro de anigye tiee Yohane asɛm a ne nua no bɛka kyerɛɛ no no yiye. Bere bi, Andrea hui sɛ Yohane de ne nsa ateɛ Yesu a ofi Nasaret no so reka sɛ: “Hwɛ, Onyankopɔn Guammaa no ni!” Ɛhɔ ara na Andrea bɛyɛɛ Yesu kyidifo, na ntɛm ara na ɔkɔkaa anigyesɛm yi kyerɛɛ Petro sɛ: Mesia no aba! (Yoh. 1:35-40) Bere a wɔtew atua wɔ Eden bɛyɛ mfe 4,000 a na atwam no, Yehowa Nyankopɔn hyɛɛ bɔ sɛ onipa titiriw bi bɛba na wama adesamma anya anidaso ankasa. (Gen. 3:15) Saa Ogyefo yi na na Andrea ahyia no no, Mesia no ankasa! Petro nso yɛɛ ntɛm kohyiaa Yesu.

8. Ná edin a Yesu de maa Petro no kyerɛ dɛn, na dɛn nti na ebinom adwenem da so ara yɛ wɔn nãã wɔ saa din no ho?

8 Ansa na saa da no reba no, na wɔfrɛ Petro sɛ Simon, anaa Simeon. Nanso, Yesu hwɛɛ no kae sɛ: “‘Wone Simon, Yohane ba; wɔbɛfrɛ wo Kefa’ (a ne nkyerɛase ne Petro).” (Yoh. 1:42) “Kefa” yɛ din hunu a ɛkyerɛ “ɔbo” anaa “ɔbotan.” Ɛda adi sɛ na Yesu asɛm no yɛ nkɔmhyɛ. Ohui sɛ na Petro bɛba abɛyɛ te sɛ ɔbotan—ná ɔbɛyɛ den, na ɔrenhinhim, na na Kristo akyidifo foforo betumi de wɔn ho ato no so. So saa na Petro huu ne ho? Ɛbɛyɛ sɛ Petro anhu no saa. Ɛnnɛ mpo, ebinom a wɔkenkan Asɛmpa no kyerɛ sɛ wonhu biribiara wɔ Petro ho a ɛkyerɛ sɛ na ɔyɛ ɔbotan. Ebinom ka sɛ ne su a wɔaka ho asɛm wɔ Bible mu no ma ɛda adi sɛ ɛte sɛ nea na ɔyɛ obi a ontumi nsi pi na ohinhim wɔ ne gyinaesi mu.

9. Dɛn na Yehowa ne ne Ba no hwehwɛ wɔ yɛn ho, na wususuw sɛ dɛn nti na ɛsɛ sɛ yegye wɔn nsusuwii tom?

9 Ná Petro wɔ ne sintɔ, na na Yesu nim saa. Nanso, Yesu de, ɔte sɛ n’Agya Yehowa; bere nyinaa ɔhwehwɛ adepa a ɛwɔ nnipa ho. Yesu huu su pa pii a Petro wɔ, na na ɔpɛ sɛ ɔboa no ma ɔda saa su ahorow no adi wɔ ɔkwan a ɛfata so. Ɛnnɛ nso, Yehowa ne ne Ba no hwehwɛ adepa a ɛwɔ yɛn ho. Ebia ɛbɛyɛ den sɛ yebegye adi sɛ wobetumi ahu adepa bi wɔ yɛn ho. Nanso, ɛsɛ sɛ yegye wɔn nsusuwii tom na yɛda no adi sɛ yɛyɛ nnipa a yɛpɛ sɛ wɔnwene yɛn na wɔtete yɛn te sɛ Petro.—Monkenkan 1 Yohane 3:19, 20.

“Nsuro”

10. Ɛbɛyɛ sɛ dɛn na Petro hui, nanso dɛn na ɔsan n’akyi kɔyɛe?

10 Ɛbɛyɛ sɛ Petro dii Yesu akyi kɔkaa asɛm no koduu baabi. Enti, ebetumi aba sɛ ohui sɛ Yesu reyɛ anwonwade a edi kan a ɛne nsu a ɔma ɛdanee nsã wɔ ayeforohyia bi ase wɔ Kana no. Nea ehia titiriw no, ɔtee Onyankopɔn Ahenni ho asɛm a ɛyɛ anigye na ɛma anidaso a Yesu kae no. Ne nyinaa akyi no, ogyaw Yesu hɔ san kɔtoaa ne mpataayi adwuma no so. Nanso, asram bi akyi no, Petro ne Yesu san hyiae, na saa bere yi de, Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ ɔmfa ne bere nyinaa mmedi n’akyi.

11, 12. (a) Adwuma bɛn na na Petro ayɛ anadwo mũ no nyinaa? (b) Nsɛmmisa bɛn na ɛbɛyɛ sɛ ɛbaa Petro adwenem bere a na ɔretie asɛm a Yesu reka no?

11 Ná Petro ayɛ adwuma anadwo mũ nyinaa a wannya hwee. Ná mpataayifo no agu asau mpɛn pii, nanso wɔbɛtwe no na hwee nnim. Akyinnye biara nni ho sɛ, Petro de osuahu ne nimdeɛ a ɔwɔ nyinaa yɛɛ adwuma, na wɔbɔɔ mmɔden sɛ wobegu asau no wɔ mmeae ahorow ahwɛ sɛ wobenya mpataa no bi anaa. Ɛtɔ mmere bi a na anka Petro nyae a na watumi ahu nsu a ahono no ase ahu baabi a mpataa no wɔ anaa waka wɔn akɔhyɛ n’asau no mu, sɛnea mpataayifo pii nya a anka wɔbɛyɛ no. Nokwarem no, na adwene a ɛte saa a Petro benya no betumi ama n’abam abu kɛse. Ná eyi nyɛ adwuma a Petro yɛ de gyigye n’ani kɛkɛ; na mpataa a oyi no na ɛma nkurɔfo nsa kɔ wɔn ano. Ewiee ase no, nsapan na ɔde baa mpoano. Ná ɛsɛ sɛ ɔhoro asau no. Enti bere a Yesu kɔɔ ne nkyɛn no, na n’ani abere a ɔrehoro asau no.

Amfono Petro da sɛ obetie Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm a na ɛno ne ade titiriw a Yesu reka ho asɛm no

12 Ná nnipadɔm atwa Yesu ho ahyia, na na wɔayɛ aso retie asɛm a ɔreka no yiye. Esiane sɛ na nnipa a wɔwɔ hɔ no akyere Yesu so nti, ɔkɔtenaa Petro korow mu ka kyerɛɛ no sɛ ompia mfi asase so nkɔ akyiri kakra. Bere a Yesu wɔ nsu no so no, na nnipadɔm no te ne nne yiye, enti ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn. Petro ne nkurɔfo a na wɔwɔ mpoano hɔ no wɛn wɔn aso tiee asɛm no yiye. Amfono Petro da sɛ obetie Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm a na ɛno ne ade titiriw a Yesu reka ho asɛm no. Hwɛ hokwan ara a na wanya sɛ ɔbɛboa Kristo ma wɔatrɛw anidaso asɛm a na ɔreka wɔ asase so nyinaa no mu! Nanso, so na ntease wom sɛ ɔbɛyɛ saa? Ná ɔbɛyɛ dɛn ahwɛ n’abusua? Ɛbɛyɛ sɛ Petro san dwinnwen bere tenten a na ɔde ayɛ adwuma anadwo mũ nyinaa nanso wannya hwee no ho.—Luka 5:1-3.

13, 14. Anwonwade bɛn na Yesu yɛ maa Petro, na dɛn na Petro yɛe wɔ ho?

13 Bere a Yesu ano sii no, ɔka kyerɛɛ Petro sɛ: “Pia kɔ nea ɛhɔ dɔ, na mungu mo asau no mfa nyi nam.” Petro adwenem yɛɛ no nãã, na ɔkae sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, yɛayɛ adwuma anadwo mũ nyinaa na yɛannya hwee, nanso w’ano asɛm nti megu asau no.” Ná Petro horoo n’asau no nkyɛe koraa. Ɛda adi sɛ, na ɛyɛ den ma Petro sɛ ɔbɛsan agu asau no bio, titiriw wɔ saa bere a na mpataa no adeda no! Ne nyinaa akyi no, otiee asɛm a Yesu kae no, na ɛbɛyɛ sɛ onyam ne nsa kyerɛɛ ne mfɛfo a wɔwɔ korow foforo mu no sɛ wɔmmra mma wonkogu asau no.—Luka 5:4, 5.

14 Bere a Petro fii ase sɛ ɔretwe asau no, ohui sɛ emu ayɛ pemee. Ne ho dwiriw no, enti ɔyeree ne ho twee, na ankyɛ na ohui sɛ mpataa pii rehuruhuruw wɔ asau no mu! Ɔde ahopere nyam ne nsa frɛɛ wɔn a wɔwɔ ɔkorow foforo no mu no sɛ wɔmmɛboa no. Bere a wɔtwee ara na wohui sɛ mpataa no nyinaa renkɔ ɔkorow biako mu. Wɔhyehyɛɛ akorow abien no mama, nanso na mpataa no dɔɔso ma enti na emu duru no ama akorow no afi ase remem. Petro ho dwiriw no kɛse. Ná Kristo ayɛ anwonwade ma wahu pɛn, nanso eyi de, na wayɛ de reboa ɔne n’abusua. Hwɛ, oyi ne onipa a otumi ma mpataa bɛhyɛ asau mu mã no! Ehu fii ase kyekyeree Petro. Afei ɔkotow Yesu nan ase kae sɛ: “Awurade, fi me nkyɛn kɔ, na meyɛ ɔdebɔneyɛfo.” Ná ɔno sɛɛ ne hena a ɔne obi a ɔde Onyankopɔn tumi yɛ adwuma saa no bɛbɔ?—Monkenkan Luka 5:6-9.

‘Awurade, meyɛ ɔdebɔneyɛfo’

15. Dɛn na Yesu yɛe de kyerɛɛ Petro sɛ na n’adwene a ɛrehinhim ne ehu a aka no no nni nnyinaso?

15 Yesu kae sɛ: “Nsuro. Efi saa bere yi rekɔ no wubeyi nnipa.” (Luka 5:10, 11) Ɛnyɛ saa bere yi na na ɛsɛ sɛ Petro ma n’adwene hinhim anaa ɔma ehu ka no. Ná n’adwene a ɛrehinhim wɔ nneɛma bi te sɛ mpataayi ho no nni nnyinaso; na saa ara na n’ankasa sintɔ ne ne mmerɛwyɛ ahorow a na ama ehu aka no no nso te. Ná adwuma kɛse da Yesu anim, adwuma a na ɛbɛka adesamma daakye. Ná Petro som Onyankopɔn a ‘ɔde befiri ma aboro so’ no. (Yes. 55:7) Ná Yehowa bɛma Petro nsa aka nea ohia nyinaa, honam fam ne honhom fam de.—Mat. 6:33.

16. Bere a Yesu too nsa frɛɛ Petro, Yakobo, ne Yohane no, dɛn na wɔyɛe, na dɛn nti na gyinae a wosii no ye sen biara?

16 Petro, Yakobo, ne Yohane nyinaa tiee Yesu ntɛm ara. “Wɔsan de akorow no baa asase so, na wogyaw biribiara hɔ dii n’akyi.” (Luka 5:11) Eyi ma yehu sɛ Petro nyaa Yesu ne Onii a ɔsomaa no no mu gyidi. Ɛno ne gyinae a eye sen biara a osii. Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ a wɔmma wɔn adwene nhinhim na wodi ehu a wɔwɔ so de yɛ Onyankopɔn som adwuma no nso da no adi sɛ wɔwɔ gyidi. Wɔrennu wɔn ho da sɛ wɔde wɔn ho ato Yehowa so.—Dw. 22:4, 5.

“Dɛn Nti na Womaa W’adwene Hinhimii?”

17. Nneɛma a na Petro bedwinnwen ho fi bere a ohyiaa Yesu mfe abien a na atwam no bi ne dɛn?

17 Bere a Petro huu Yesu bɛyɛ mfe abien a na atwam no, Petro haree ɔkorow twaa Galilea Po no anadwo a na mframa rebɔ denneennen sɛnea yɛkaa ho asɛm wɔ saa ti yi mfiase no. Nokwarem no, yɛrentumi nhu nea na ɛrekɔ so wɔ ne tirim. Nneɛma pii na na obetumi adwinnwen ho! Ná Yesu asa Petro asebea yare. Ná wama ne kasa a ɛne Bepɔw so Asɛnka no. Ná ɔnam ne nkyerɛkyerɛ ne anwonwade ahorow a ɔyɛe so ada no adi mpɛn pii sɛ ɔno ne Mesia a Yehowa Apaw No no. Asram bi akyi no, ɛda adi sɛ na Petro sintɔ ahorow bi te sɛ ehu a na ɛwɔ ne mu ne n’adwene a na ehinhim no ano abrɛ ase kakra. Ná Yesu apaw Petro mpo sɛ n’asomafo 12 no mu biako! Ne nyinaa akyi no, na ɛrenkyɛ koraa na Petro ahu sɛ ehu da so ara wɔ ne mu na n’adwene nso hinhim.

18, 19. (a) Ka nea Petro hui wɔ Galilea Po no so no ho asɛm. (b) Dɛn na Yesu yɛe wɔ Petro abisade no ho?

18 Eduu ahemadakye anaa efi bɛyɛ anɔpa nnɔnabiɛsa kosi bere a owia pue no, Petro gyaee ɔkorow a na ɔrehare no prɛko pɛ tenaa ase yiye. Ɛhɔ no, ohui sɛ biribi nam asorɔkye no so wɔ akyirikyiri! So ɔsram a na ahyerɛn no na na ama hann bi atɔ asorɔkye no so? Dabi, na ade a ohui no gyina ntenten. Ná ɛyɛ onipa! Ná ɛyɛ onipa a ɔrenantew wɔ po no so! Bere a onipa no bɛnee wɔn no, ɔyɛe sɛ nea ɔresian wɔn ho. Ɛbaa saa no, asuafo no koma tui, na ɛyɛɛ wɔn sɛ wɔahu honhom bi. Onipa no kasae, na ɔkae sɛ: “Momma mo bo ntɔ mo yam, ɛyɛ me; munnsuro.” Ná ɛyɛ Yesu!—Mat. 14:25-28.

19 Petro kae sɛ: “Awurade, ɛyɛ wo ampa a, ka ma memfa nsu no so mmra wo nkyɛn.” Asɛm a odii kan kae yi kyerɛ sɛ na ɔwɔ akokoduru. Esiane sɛ na anwonwade soronko yi ama Petro ani agye kɛse nti, na ɔpɛ sɛ ɔyɛ biribi foforo de kyerɛ sɛ ne gyidi ayɛ den. Ná ɔpɛ sɛ ɔno nso nantew nsu no so bi. Enti, Yesu ka kyerɛɛ no sɛ ɔmmra. Petro si fii ɔkorow no mu na ɔnantew po a ɛrebɔ asorɔkye no so. Wo de, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Petro tee nka bere a ɔte sii po no so na ɔnantew te sɛ nea ɔnam asase so no. Ɛbɛyɛ sɛ ne ho dwiriw no bere a na ɔnam po no so rekɔ Yesu nkyɛn no. Nanso, ankyɛ na ne sintɔ foforo daa adi.—Monkenkan Mateo 14:29.

“Bere a ohuu sɛnea mframa no rebɔ no ehu kaa no”

20. (a) Dɛn na ɛmaa Petro adwene fii Yesu so, na dɛn na efii mu bae? (b) Asɛm a asuade wom bɛn na Yesu sii so dua kyerɛɛ Petro?

20 Ná ehia sɛ Petro kɔ so de n’adwene si Yesu so. Ɛyɛ Yesu a na Yehowa honhom wɔ no so no na na wama Petro renantew po a na asorɔkye rebɔ wɔ so no so. Yesu mu gyidi a Petro nyae nti na Yesu ma ɔyɛɛ saa. Nanso, Petro adwene fii Yesu so. Yɛkenkan sɛ: “Bere a ohuu sɛnea mframa no rebɔ no ehu kaa no.” Petro fii ase hwɛɛ sɛnea asorɔkye no rebɔ ɔkorow no ne sɛnea nsu ne ahuru rebɔ pete no, na ehu kaa no. Ebia n’adwene yɛɛ no sɛ ɔremem wɔ ɔtare no mu na nsu no refa no. Bere a ehu kyekyeree no no, ne gyidi so tewee. Ɔbarima a na ɔbɛyɛ obi a ne gyidi yɛ den ma enti wɔtoo ne din Ɔbotan no na afei de na ne gyidi rehinhim ma wafi ase remem te sɛ ɔbo a wɔatow ato nsu mu yi. Ná Petro nim asuguare yiye, nanso saa bere yi de, wamfa ne ho anto ne ho so. Ɔteɛɛm sɛ: “Awurade, gye me!” Ɛnna Yesu soo ne nsa twee no. Afei, bere a wɔda so ara wɔ nsu no so no, Yesu sii asɛm a asuade wom kɛse yi so dua kyerɛɛ Petro sɛ: “Wo a wo gyidi sua, dɛn nti na womaa w’adwene hinhimii?”—Mat. 14:30, 31.

21. Dɛn nti na ɛyɛ hu sɛ yɛbɛma yɛn adwene ahinhim, na yɛbɛyɛ dɛn atumi adi so?

21 “Womaa w’adwene hinhimii”—asɛm a ɛho hia sɛ yesusuw ho bɛn ara ni! Sɛ obi adwene hinhim a, ebetumi adi no awu paa. Sɛ yegyaa yɛn ho mu a, ebetumi adidi yɛn gyidi ase ma yɛagu asu wɔ Onyankopɔn som mu. Enti, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn adwene hinhim da! Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa? Ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si nneɛma pa so. Sɛ yɛde yɛn adwene si nneɛma a eyi yɛn hu, ebu yɛn abam, ɛtwetwe yɛn adwene fi Yehowa ne ne Ba no so so a, ɛbɛma yɛn adwene akɔ so ahinhim. Nanso, sɛ yɛde yɛn adwene si Yehowa ne ne Ba no so, nea wɔayɛ, nea wɔreyɛ, ne nea wɔbɛyɛ ama wɔn a wɔdɔ wɔn no nyinaa so a, yebetumi ayi yɛn adwene afi nneɛma a ɛma yɛn gyidi hinhim no so.

22. Dɛn nti na ɛfata sɛ wusuasua Petro gyidi no?

22 Bere a Petro ne Yesu kɔtenaa ɔkorow no mu no, mframa no gyaee. Galilea Po no yɛɛ dinn. Petro ne ne mfɛfo asuafo no boom kae sɛ: “Woyɛ Onyankopɔn Ba ampa.” (Mat. 14:33) Saa ahemadakye no, anisɔ hyɛɛ Petro koma mã wɔ po no so. Ná wahu sɛ ɛnsɛ sɛ ɔma ehu ka no ma n’adwene hinhim wɔ Yehowa ne Yesu ho da. Nokwarem no, na ɛsɛ sɛ ɔyɛ nsakrae pii ansa na wabɛyɛ Kristoni a ɔte sɛ ɔbotan sɛnea na Yesu aka ho asɛm no. Nanso, na wasi ne bo sɛ ɔbɛpem akɔ n’anim, na wanya nkɔso. So wo nso woasi wo bo saa? Sɛ woyɛ saa a, wubehu sɛ ɛfata sɛ wusuasua Petro gyidi no.