Mmebusɛm 18:1-24

  • Obiara a ɔtew ne ho no, nea ɔno ara pɛ na odi akyi, na onnim nyansa (1)

  • Yehowa din yɛ abannennen (10)

  • Ahonyade yɛ ahobammɔ wɔ nnipa ani so (11)

  • Eye sɛ wubetie afanu nyinaa (17)

  • Adamfo bi wɔ hɔ a, ɔntwe ne ho da; ɔkyɛn onua mpo (24)

18  Obiara a ɔtew ne ho no, nea ɔno ara pɛ na odi akyi;Ɔpo nyansa nyinaa.*   Ɔkwasea ani nnye ntease ho,Na mmom nea ɛwɔ ne komam na oyi no adi.+   Sɛ ɔbɔnefo ba a, animtiaabu nso ba,Na animguase ne aniwu na ɛnam.+   Onipa anom nsɛm yɛ nsu a emu dɔ.+ Nyansa asuti yɛ nsu a ɛtene bu fa so.   Ɛnyɛ papa sɛ wobɛyɛ animhwɛ na woadi ama ɔbɔnefo,+Na ɛnyɛ papa nso sɛ wubebu ɔtreneeni atɛnkyea.+   Ɔkwasea anom asɛm de ntɔkwaw ba,+Na n’ano frɛfrɛ ɔhwe.+   Ɔkwasea ano na ɛsɛe no,+Na n’ano na esum ne nkwa* afiri.   Nea ɔsɛe nkurɔfo din no, ne nsɛm te sɛ aduan a ɛyɛ dɛ;*+Nkurɔfo memene kogu wɔn yafunu mu tɔnn.+   Obiara a ɔyɛ akwadworɔ wɔ n’adwuma ho no,Ne nua ne ɔdesɛefo.+ 10  Yehowa din yɛ abannennen.+ Emu na ɔtreneeni guan kɔ, na onya ahobammɔ.*+ 11  Osikani ahonyade ne ne kurow a ɛyɛ den;N’ani so no, ɛte sɛ ɔfasu a ɛbɔ ne ho ban.+ 12  Sɛ onipa koma ma ne ho so a, nea edi akyi ba ne ahwease,+Na ahobrɛase ba a, nea edi akyi ba ne anuonyam.+ 13  Sɛ obi bua asɛm ansa na wate emu nokware a,Ɛyɛ nkwaseasɛm ne animguase ma no.+ 14  Onipa honhom tumi boa no wɔ ne yare mu,+Na honhom a abubu* de, hena na obetumi asoa?+ 15  Onipa a ɔwɔ ntease no, ne koma nya nimdeɛ,+Na anyansafo aso hwehwɛ nimdeɛ. 16  Onipa akyɛde bue kwan ma no;+Ɛde no kɔ nnipa atitiriw anim. 17  Nea odi kan ka n’asɛm no, anhwɛ a wobɛka sɛ n’asɛm yɛ dɛ,+Kosi sɛ nea ɔne no anya asɛm no bɛba na wabebisabisa no nsɛm.*+ 18  Sɛ wɔbɔ ntonto a, ɛma akyinnye to twa,+Na ɛpata atumfo a mente-me-ho-ase aba wɔn ntam. 19  Onua a wɔafom no no, n’asɛm yɛ den sen kurow a wɔato ho fasu;+Na mansotwe bi wɔ hɔ a, ɛte sɛ nnade a wɔde abram abankɛse akyi.+ 20  Onipa anom aba na ɛhyɛ ne yafunu ma;+Na nea efi n’anom ba* na ɛbɛmee no. 21  Owu ne nkwa wɔ tɛkrɛma nsam;*+Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde yɛ adwuma no bedi so aba.+ 22  Nea wanya ɔyere pa no, wanya adepa,+Na Yehowa begye no atom.*+ 23  Ohiani rekasa a ɔpa kyɛw,Na osikani reyi ano a, otu ne nsɛm bumbum. 24  Ayɔnkofo bi wɔ hɔ a, obiara nya ne yɔnko a, ɔremfa ne ho nkyɛ no,+Na adamfo bi de, ɔntwe ne ho da,* ɔkyɛn onua mpo.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Ɔmfa nyansa biara nyɛ hwee.”
Anaa “kra.”
Anaa “ne nsɛm te sɛ trɔma a wɔde adifudepɛ memene.”
Nt., “wɔma no so kɔ soro,” kyerɛ sɛ, obiara nsa ntumi nka no, biribiara ntumi nyɛ no.
Anaa “abambu; abasamtu.”
Anaa “abɛpɛɛpɛɛ ne mu; abɛhwehwɛ ne mu.”
Anaa “n’anom nnɔbae.”
Anaa “tɛkrɛma tumi mu.”
Anaa “bɛyɛ no adom.”
Anaa “ɔfam ho denneennen.”