Petro Nhoma a Edi Kan 2:1-25

  • Munnya asɛm no ho akɔnnɔ (1-3)

  • Abo a nkwa wom a wɔde si honhom mu ofi (4-10)

  • Moyɛ amamfrafo wɔ wiase (11, 12)

  • Ahobrɛase a ɛfata (13-25)

    • Kristo yɛɛ nhwɛso maa yɛn (21)

2  Enti montow bɔne ne nnaadaa ne nyaatwom ne anibere ne anoɔyaw nyinaa ngu.+  Monyɛ sɛ nkokoaa a wɔawo wɔn foforo+ na munnya asɛm no mu nufusu a wɔmfraa mu no ho akɔnnɔ. Ɛno bɛma moanyin akɔ nkwagye mu,+  efisɛ moaka ahwɛ ahu sɛ Awurade yam ye.  Ɔno na moba ne nkyɛn; ɔyɛ ɔbo a nkwa wom a nnipa apo no,+ nanso Onyankopɔn apaw no na ɔsom bo ma no,+  na mo ankasa nso, moyɛ abo a nkwa wom a wɔde mo resi honhom mu ofi+ de mo ayɛ asɔfokuw kronkron, na moafa Yesu Kristo so abɔ honhom mu afɔre+ a ɛsɔ Onyankopɔn ani.+  Na Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: “Hwɛ, mede ɔbo a wɔapaw, ntwea so bo titiriw a ne bo yɛ den reto fapem wɔ Sion, na obiara a onya mu gyidi no nsa rensi fam da.”*+  Enti mo mmom na ɔsom bo ma mo, efisɛ moyɛ gyidifo; na wɔn a wonnye nni no de, “ɔbo a adansifo poe no,+ ɛno na abɛyɛ ntwea so bo titiriw”*+  ne “hintibo ne watiriw bo”+ ama wɔn. Esiane sɛ wontie asɛm no nti na wohintiw. Na saa ara na ebewie wɔn.  Nanso mo de, moyɛ “abusua a wɔapaw mo, adehye asɔfokuw, ɔman kronkron,+ nnipa a Onyankopɔn de mo ayɛ ɔno ara n’agyapade,+ sɛ monka” nea ɔfrɛɛ mo fii sum mu baa ne hann nwonwaso+ mu no “nneyɛe pa* nkyerɛ.”+ 10  Kan no, na monyɛ ɔman, nanso seesei moyɛ Onyankopɔn man;+ bere bi, na Onyankopɔn mmɔborɔhunu nni mo so, nanso seesei wahu mo mmɔbɔ.+ 11  Adɔfo, moyɛ ahɔho ne amamfrafo,+ enti mitu mo fo sɛ monkɔ so ntwe mo ho mfi ɔhonam akɔnnɔ ho,+ efisɛ ɛne mo* ko.+ 12  Munkura abrabɔ pa mu wɔ amanaman no mu,+ na sɛ wɔbɔ mo sobo sɛ moyɛ abɔnefo a, wobehu mo nnwuma pa adi ho adanse,+ na wɔnam so ahyɛ Onyankopɔn anuonyam ɛda a ɔbɛba abɛhwɛ sɛnea nneɛma te no. 13  Awurade nti mommrɛ mo ho ase mma nnipa nhyehyɛe nyinaa;+ mommrɛ mo ho ase mma ɔhene+ esiane ne dibea nti, 14  ne amradofo a ɔhene soma wɔn sɛ wɔnkɔtwe nnebɔneyɛfo aso na wɔnkamfo wɔn a wɔyɛ adepa+ no. 15  Na nea Onyankopɔn pɛ ne sɛ mobɛyɛ adepa, sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa a wɔnte asɛm ase begyae wɔn nsɛnhunu no keka.*+ 16  Moyɛ nnipa a moade mo ho,+ nanso ɛnsɛ sɛ mode mo ahofadi no kata mo anim* yɛ bɔne,+ na mmom momfa nsom Onyankopɔn sɛ ne nkoa.+ 17  Munni nnipa nyinaa ni,+ monnɔ anuanom* nyinaa,+ munsuro Onyankopɔn,+ na munni ɔhene ni.+ 18  Momma nkoa mmrɛ wɔn ho ase mma wɔn wuranom, na wɔmfa obu a ɛfata mma wɔn,+ ɛnyɛ awuranom a woye na wɔte asɛm ase nko, na mmom wɔn a wɔn asɛm yɛ den nso. 19  Ahonim* pa a obi wɔ wɔ Onyankopɔn anim+ nti, sɛ ohu amane* anaa wɔtan n’ani na ɔde animia gyina mu a, ɛyɛ adepa. 20  Na sɛ moyɛ bɔne ma wɔboro mo na mode animia gyina mu a, mfaso bɛn na ɛwɔ so?+ Mmom sɛ adepa nti muhu amane na mode animia gyina mu a, ɛno na ɛsɔ Onyankopɔn ani.+ 21  Ɛno ara nso ne asetena a wɔfrɛɛ mo baa mu, efisɛ Kristo mpo huu amane maa mo,+ na ogyaw mo nhwɛso sɛ munni n’anammɔn akyi pɛɛ.+ 22  Wanyɛ bɔne biara,+ na wɔanhu nnaadaasɛm nso wɔ n’anom.+ 23  Bere a wɔyeyaw* no+ no, wanyeyaw* wɔn bi.+ Bere a ɔrehu amane no,+ wanhunahuna obiara, na mmom ɔkɔɔ so de ne ho hyɛɛ nea obu atɛntrenee+ no nsa. 24  Ɔno na ɔde n’ankasa nipadua soaa yɛn bɔne+ wɔ dua no so+ sɛnea ɛbɛyɛ a yebegyae bɔne na yɛatena ase ayɛ adetrenee. Na “ɛnam n’akuru so na wɔsaa mo yare.”+ 25  Ná mote sɛ nguan a wɔayera;+ nanso seesei moasan aba nea ɔhwɛ mo kra* so+ na ɔwɛn no no nkyɛn.

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “anim rengu ase.”
Nt., “tweatibo.”
Nt., “suban pa,” kyerɛ sɛ, ne suban ne ne nneyɛe a ɛsɛ ayeyi.
Anaa “ɛne ɔkra no.”
Nt., “ɛbɛyɛ nnareka ama nnipa a wɔnte asɛm ase.”
Anaa “yi mo ho ano.”
Nt., “anuanom nkabom.”
Anaa “Tiboa.”
Anaa “odi awerɛhow; odi yaw.”
Anaa “wɔsopaa.”
Anaa “wansopa.”
Anaa “nkwa.”