Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI DUNAN

Osuaa Mmɔborɔhunu Ho Ade

Osuaa Mmɔborɔhunu Ho Ade

1. Ɔkwan bɛn na na Yona rebetwa, na na ɔte nka dɛn wɔ baabi a na ɔrekɔ no ho?

YONA nyaa bere pii susuw nneɛma ho. Ná ɔde bɛyɛ ɔsram biako anaa nea ɛboro saa mpo rebɛnantew atwa kwan a ne tenten bɛboro kilomita 800. Nea edi kan no, na ɛsɛ sɛ osi gyinae sɛ ɔbɛfa ɔkwan a ɛyɛ tiaa anaasɛ ɔbɛfa nea ɛware a ɛso nyɛ hu so, na afei wafa abon mu na wadi aforosian wɔ mmepɔw pii so. Ɛbɛyɛ sɛ na ɔbɛfa Siria Anhweatam kɛse no ano, atwa nsubɔnten bi te sɛ Eufrate asubɔnten kɛse no, na wahwehwɛ dabere wɔ ananafo mu wɔ nkurow ne nkuraa a ɛwɔ Siria, Mesopotamia, ne Asiria no mu. Bere a na ade rekye na ade resa no, na ɔredwinnwen baabi a ɔrekɔ a na osuro kɔkɔɔkɔ—Niniwe kurow—a na ɔrebɛn ho no ho.

2. Dɛn na ɛmaa Yona hui sɛ ɔrentumi nguan mfi adwuma a na wɔde ama no no ho?

2 Ade biako a na Yona nim pefee ne sɛ: Ná ɔrentumi nguan mfi adwuma a wɔde ama no no ho. Ná wayɛ saa pɛn. Sɛnea yehui wɔ nhoma yi ti dumiɛnsa no mu no, Yehowa tɔɔ ne bo ase kyerɛkyerɛɛ Yona. Ɔnam ahum kɛse bi a ɔma ɛbɔe wɔ po so ne apataa kɛse bi a ɔfaa no so gyee no nkwa anwonwakwan so no so na ɛyɛɛ saa. Nnansa akyi no, apataa kɛse no kɔfee Yona too mpoano a na ɔda so te nkwa mu. Afei, Yona ho dwiriw no ma ɔyɛɛ osetie.—Yona ti 1, 2.

3. Su bɛn na na Yehowa ada no adi akyerɛ Yona, nanso asɛmmisa bɛn na ɛsɔre?

3 Bere a Yehowa ka kyerɛɛ Yona sɛ ɔnkɔ Niniwe ne mprenu so no, odiyifo no yɛɛ osetie de n’ani kyerɛɛ apuei fam twaa kwantenten no. (Monkenkan Yona 3:1-3.) Nanso, so na nteɛso a Yehowa de ama no no ama wasesa koraa? Sɛ nhwɛso no, na Yehowa ada mmɔborɔhunu adi akyerɛ no, wamma nsu amfa no, wantwe n’aso wɔ atua a ɔtewee no ho, na na wama no hokwan foforo nso. Eyi nyinaa akyi no, so na Yona asua sɛ ɔbɛda mmɔborɔhunu adi akyerɛ afoforo? Mpɛn pii no, ɛyɛ den ma nnipa a yɛtɔ sin sɛ yɛbɛda mmɔborɔhunu adi. Momma yɛnhwɛ nea yebetumi asua afi Yona hɔ wɔ nea ɔyɛe wɔ ne haw no ho.

Atemmusɛm ne Nea Wɔyɛe Wɔ Ho Ma Ɛyɛɛ Nwonwa

4, 5. Dɛn nti na Yehowa frɛɛ Niniwe sɛ “kuropɔn,” na dɛn na ɛno ma yehu fa no ho?

4 Yona anhu Niniwe sɛnea na Yehowa hu no no. Yɛkenkan sɛ: “Na Niniwe yɛ kurow kɛse wɔ Onyankopɔn ani so.” (Yona 3:3) Yehowa frɛɛ “Niniwe” sɛ “kuropɔn” mprɛnsa wɔ Yona nhoma no mu. (Yona 1:2; 3:2; 4:11) Dɛn nti na na saa kurow yi yɛ kɛse, anaasɛ ɛyɛ titiriw ma Yehowa?

5 Ná Niniwe yɛ tete kurow, na na ɛka nkurow a edi kan a Nimrod kyekyee wɔ Nsuyiri no akyi no ho. Ná ɛyɛ ɔmantam kɛse a ɛda adi sɛ na nkurow foforo pii wom, na na ebegye obi nnansa na ɔde anantew afi ti akosi ti. (Gen. 10:11; Yona 3:3) Ná asɔredan akɛse, afasu atenten, ne adan foforo a ɛyɛ fɛ wɔ Niniwe. Nanso, ɛnyɛ eyi mu biara na ɛmaa kurow no yɛɛ kurow titiriw maa Yehowa Nyankopɔn. Nea na ɛho hia no no ne nnipa a wɔwom no. Ná nnipa pii wɔ Niniwe kurow no mu sen nkurow foforo a na ɛwɔ hɔ saa bere no nyinaa. Bɔne a na nkurɔfo no reyɛ nyinaa akyi no, na Yehowa dwen wɔn ho. Yehowa bu nnipa nkwa, na ɔdɔ obiara, na ne yam a anka obiara asakra abɛyɛ nea ɛteɛ.

Yona hui sɛ Niniwe yɛ kurow kɛse a bɔne ahyɛ mu mã

6. (a) Ɛbɛyɛ sɛ dɛn na ɛmaa ehu kaa Yona wɔ Niniwe? (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.) (b) Dɛn na yesua fi Yona hɔ wɔ asɛnka adwuma a ɔyɛe no ho?

6 Bere a awiei koraa Yona duu Niniwe no, ɛbɛyɛ sɛ kurow no mu nnipa a na wɔn dodow boro 120,000 no maa ehu kaa no kɛse. * Ɔde da koro faa kurow no mu koduu baabi a na nnipa pii redi akɔneaba no, na ebia na ɔrepɛ baabi a nnipa dɔɔso na waka n’asɛm no wɔ hɔ. Ná ɔbɛyɛ dɛn aka asɛm no akyerɛ saa nkurɔfo no? So na wasua Asiria kasa no? Anaasɛ Yehowa faa anwonwakwan so ma otumi kaa saa kasa no? Ɛno de, yennim. Ebetumi aba sɛ Yona kaa asɛm no wɔ ne kurom kasa Hebri mu ma obi kyerɛɛ ase maa Niniwefo no. Sɛnea ɛte biara no, na n’asɛm no yɛ tiawa, na ɛda adi sɛ na ɛyɛ nea nkurɔfo no ani rennye ho. Ɔkae sɛ: “Aka adaduanan na wɔadan Niniwe kurow yi abutuw.” (Yona 3:4) Ɔde akokoduru kaa asɛm no mpɛn pii. Ɔnam saa a ɔyɛe no so daa akokoduru ne gyidi kɛse adi, na Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ hia saa su ahorow no kɛse sen bere biara.

Ná Yona asɛm no yɛ tiawa, na ɛda adi sɛ na ɛyɛ nea nkurɔfo no ani rennye ho

7, 8. (a) Niniwefo no yɛɛ wɔn ade dɛn wɔ asɛm a Yona kae no ho? (b) Dɛn na Niniwe hene no yɛe wɔ asɛm a na Yona reka no ho?

7 Niniwefo tiee asɛm a na Yona reka no. Ɛda adi sɛ, ebia n’adwene yɛɛ no sɛ nkurɔfo no bo befuw no na wɔayɛ no basabasa. Nanso, anwonwasɛm bi sii. Nkurɔfo no de asɛm a wotiei no yɛɛ adwuma! N’asɛm no trɛw ntɛmntɛm. Ankyɛ koraa na kurow no mufo nyinaa fii ase sɛ wɔrebɔ ɔsɛe a na Yona rehyɛ ho nkɔm no ho nkɔmmɔ. (Monkenkan Yona 3:5.) Asikafo ne ahiafo, wɔn a wɔn ho yɛ den ne wɔn a wonni ahoɔden, mmofra ne mpanyin nyinaa nuu wɔn ho. Wodii mmuada. Ankyɛ na ɔhene no tee sɛ ne nkurɔfo no anu wɔn ho wɔ wɔn bɔne ho.

Ná Yona hia akokoduru ne gyidi a ɔde bɛka asɛm no wɔ Niniwe

8 Bere a ɔhene no tee asɛm a Yona reka no, ɔno nso nuu ne ho. Onyankopɔn ho suro kaa ɔhene no, na ɔsɔre fii n’ahengua so yii n’ahentade guu hɔ hyɛɛ atade a na ne nkurɔfo ahyɛ no bi, na “ɔtenaa nsõ mu.” Ɔhene no ne ne “mpanyimfo,” anaa ne mmapɔmma hyɛɛ mmara sɛ ne nkurɔfo no nyinaa nni mmuada. Ɔhyɛe sɛ obiara mfura atweaatam, a na nyɛmmoa mpo ka ho. * Ofi ahobrɛase mu gye toom sɛ ne nkurɔfo no di fɔ wɔ bɔne ne awudi ho. Bere a ɔhene no rekyerɛ n’adwene sɛ ebia nokware Nyankopɔn no hu sɛ wɔanu wɔn ho a, obehu wɔn mmɔbɔ no, ɔkae sɛ: ‘Ebia Onyankopɔn bɛtwe n’abufuhyew no asan, na yɛanwuwu.’—Yona 3:6-9.

9. Asɛm a ɛnyɛ nokware bɛn na nnipa a wɔkyerɛ wɔn adwene wɔ nsɛm ho aka afa Niniwefo ho, nanso yɛyɛ dɛn hu sɛ ɛyɛ mfomso sɛ wɔka saa?

9 Nnipa bi a wɔkyerɛ wɔn adwene wɔ nsɛm ho ka sɛ wonnye nni sɛ na Niniwefo betumi anu wɔn ho ntɛm saa. Nanso, Bible ho abenfo bi aka sɛ ɛnyɛ nwonwa sɛ tetefo a na wɔwɔ gyidihunu na wɔn ani gye basabasayɛ ho no bɛyɛ biribi a ɛte saa. Afei nso, yenim sɛ ɛyɛ mfomso sɛ wɔn a wɔkyerɛ wɔn adwene wɔ nsɛm ho no bɛka nea wɔkae no, efisɛ Yesu Kristo ankasa kaa Niniwefo no ahonu no ho asɛm akyiri yi. (Monkenkan Mateo 12:41.) Ná Yesu nim nea ɔreka, efisɛ bere a na asɛm no rekɔ so no, na ɔte soro na ohuu ne nyinaa. (Yoh. 8:57, 58) Nokwasɛm ne sɛ, ɛnsɛ sɛ yenya adwene da sɛ nkurɔfo ntumi nsakra wɔn adwene—ɛmfa ho sɛnea ebia yebu wɔn sɛ wɔn tirim yɛ den no. Yehowa nkutoo na otumi hu nea ɛwɔ nnipa koma mu.

Nsonsonoe a Ɛwɔ Onyankopɔn Mmɔborɔhunu ne Nnipa Atemmu a Ɛyɛ Katee Mu

10, 11. (a) Yehowa yɛɛ n’ade dɛn wɔ adwensakra a Niniwefo no nyae no ho? (b) Dɛn nti na yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa anni mfomso wɔ atemmu no ho?

10 Yehowa yɛɛ n’ade dɛn wɔ Niniwefo adwensakra no ho? Yona kyerɛw akyiri yi sɛ: “Nokware Nyankopɔn huu wɔn nneyɛe, sɛ wɔasan afi wɔn akwammɔne so, enti nokware Nyankopɔn sesaa n’adwene wɔ ɔhaw a ɔkae sɛ ɔde bɛba wɔn so no ho, na wanyɛ wɔn hwee.”—Yona 3:10.

11 So eyi kyerɛ sɛ Yehowa hui sɛ mfomso wɔ atɛn n’ankasa kae sɛ obebu Niniwefo no mu? Dabi. Bible ka sɛ Yehowa atemmu yɛ pɛ. (Monkenkan Deuteronomium 32:4.) Yehowa amma ne bo ankɔ so amfuw Niniwefo no bio. Ohuu nsakrae a na nkurɔfo no ayɛ no, na ohui sɛ ɛho nhia sɛ ɔde asotwe a na wayɛ n’adwene sɛ ɔde bɛba wɔn so no ba wɔn so bio. Yehowa yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛda mmɔborɔhunu adi akyerɛ wɔn.

12, 13. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa da no adi sɛ ɔwɔ ntease, otumi sakra n’adwene, na ɔwɔ mmɔborɔhunu? (b) Dɛn nti na na nkɔm a Yona hyɛe no nyɛ atoro?

12 Yehowa nyɛ Onyankopɔn a ɔyɛ katee a onnwen afoforo ho na ne tirim yɛ den, sɛnea nyamesom akannifo taa ma nkurɔfo nya ne ho adwene no. Mmom no, ɔwɔ ntease, otumi sesa n’adwene, na ɔwɔ mmɔborɔhunu. Sɛ osi gyinae sɛ ɔbɛtwe nnebɔneyɛfo aso a, odi kan ma n’ananmusifo a wɔwɔ asase so bɔ wɔn kɔkɔ, efisɛ nea n’ani gye ho ne sɛ obehu sɛ nnebɔneyɛfo reyɛ nea Niniwefo no yɛe no, sɛ́ wobenu wɔn ho na wɔasakra wɔn akwan. (Hes. 33:11) Yehowa ka kyerɛɛ odiyifo Yeremia sɛ: “Bere biara a mɛkasa atia ɔman bi ne ahenni bi sɛ metutu ase na madwiriw agu asɛe no no, sɛ ɔman no dan fi ne bɔne a mekasa tiae no ho a, me nso migyae mmusu a mebɔɔ me tirim sɛ mede bɛba wɔn so no.”—Yer. 18:7, 8.

Onyankopɔn ani gye ho sɛ obehu sɛ nnebɔneyɛfo anu wɔn ho na wɔasakra wɔn akwan sɛnea Niniwefo yɛe no

13 So na nkɔm a Yona hyɛe no yɛ atoro? Dabi; efisɛ ɛbɔɔ nkurɔfo no kɔkɔ wɔ nea sɛ wɔansakra wɔn adwene a na ɛbɛba wɔn so no ho. Ná saa kɔkɔbɔ no fa Niniwefo akwammɔne a akyiri yi wɔsakra fii ho no ho. Sɛ na Niniwefo no san kɔfa wɔn akwammɔne no so bio a, na Onyankopɔn de saa atemmu no bɛba wɔn so. Saa pɛpɛɛpɛ na ɛbae akyiri yi.—Sef. 2:13-15.

14. Dɛn na Yona yɛe wɔ mmɔborɔhunu a Yehowa daa no adi kyerɛɛ Niniwefo no ho?

14 Bere a ɔsɛe no amma wɔ bere a na Yona hwɛ kwan no, dɛn na ɔyɛe? Yɛkenkan sɛ: “Nanso Yona ani annye asɛm no ho koraa, na ne bo fuwii.” (Yona 4:1) Yona bɔɔ mpae bi mpo a na ɛte sɛ nea ɔreka ade nyinaa so Tumfoɔ no anim! Yona kae sɛ ohui a anka ɔtenaa ne fie wɔ n’asase so. Ɔkyerɛe sɛ, na onim dedaadaw sɛ Yehowa remfa amanehunu mma Niniwefo so, na ɔkae mpo sɛ ɛno nti na mfiase no anka ɔreguan akɔ Tarsis no. Afei ɔsrɛe sɛ onwu, na ɔkae sɛ eye sɛ obewu sen sɛ ɔbɛtena nkwa mu.—Monkenkan Yona 4:2, 3.

15. (a) Ɛbɛyɛ sɛ dɛn na ɛmaa Yona bo fuwii, ne werɛ howee, na ɔtee nka sɛ n’anim agu ase? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa ne ne diyifo a na wahaw no dii?

15 Dɛn na na ɛrehaw Yona? Yɛrentumi nhu nea na ɔredwinnwen ho no nyinaa, nanso yenim sɛ na Yona aka ɔsɛe a na ɛreba Niniwe so no ho asɛm akyerɛ saa nkurɔfo no nyinaa. Wogyee asɛm a ɔkae no dii. Na afei na ɔsɛe no mma. So na osuro sɛ wobedi no ho fɛw anaasɛ wɔbɛfrɛ no atoro diyifo? Sɛnea ɛte biara no, n’ani annye adwensakra a nkurɔfo no nyae anaa mmɔborɔhunu a Yehowa daa no adi no ho. Mmom no, ɛte sɛ nea ne bo fuwii kɛse, ne werɛ howee, na ɔtee nka sɛ n’anim agu ase. Nanso, ɛda adi sɛ Onyankopɔn a Yona som no no a ɔwɔ mmɔborɔhunu no kɔɔ so huu adepa wɔ saa odiyifo a na wahaw no ho. Sɛ́ anka Yehowa bɛtwe Yona aso sɛ wabu no animtiaa no, obisaa odiyifo no asɛm biako a ɛma ɔhwehwɛɛ ne ho mu yiye. Obisaa no sɛ: “Wususuw sɛ eye sɛ wo bo fuw?” (Yona 4:4) So Yona maa no mmuae mpo? Bible no nka.

16. Akwan bɛn so na ebetumi aba sɛ ebinom ne Onyankopɔn adwene renhyia, na dɛn na yebetumi asua afi Yona asɛm no mu?

16 Ɛnyɛ den sɛ yebegyina Yona nneyɛe so abu no fɔ, nanso ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ ɛnyɛ nwonwa sɛ ɛbɛba sɛ nnipa a wɔtɔ sin ne Onyankopɔn adwene renhyia. Ebinom betumi anya adwene sɛ anka ɛsɛ sɛ Yehowa siw amanehunu bi kwan, anaa anka ɛsɛ sɛ wayɛ ntɛm de atemmu aba abɔnefo so, anaa mpo ɛde besi saa bere yi anka ɛsɛ sɛ ɔde wiase nhyehyɛe yi nyinaa aba awiei. Yona asɛm no ma yehu sɛ sɛ yɛne Yehowa Nyankopɔn adwene nhyia a, bere nyinaa ɛsɛ sɛ yɛn ankasa na yɛsesa yɛn adwene na ɛnyɛ Ɔno.

Sɛnea Yehowa Maa Yona Nyaa Asuade Bi

17, 18. (a) Bere a Yona fii Niniwe no, dɛn na ɔyɛe? (b) Anwonwade ahorow a Yehowa yɛe wɔ kɔntoa no ho no kaa Yona dɛn?

17 Odiyifo a na n’abam abu no fii Niniwe, nanso wankɔ ne kurom, na mmom ɔde n’ani kyerɛɛ apuei fam, baabi a mmepɔw bi wɔ wɔ ɔmantam no mu. Ɔbɔɔ ɔsese ketewaa bi tenaa ase sɛ ɔretwɛn ahwɛ nea ɛbɛto Niniwe. Ebia na ɔda so ara hwɛ kwan sɛ wɔbɛsɛe kurow no. Ná Yehowa bɛyɛ dɛn ama ɔbarima a onni tema yi anya mmɔborɔhunu?

18 Yehowa maa kɔntoa bi fifii anadwo bi. Bere a Yona da sɔree no, ohui sɛ afifide a n’ahaban yɛ atɛtrɛtɛ frɔmfrɔm no ma onya onwini sen ɔsese basaa bi a na wabɔ no. Ofii ase dii ahurusi. Kɔntoa no maa “Yona ani gyei papaapa.” Ebia n’adwene yɛɛ no sɛ kɔntoa no a efifii anwonwakwan so no kyerɛ sɛ wanya Onyankopɔn anim dom ne ne nhyira. Nanso, na Yehowa pɛ sɛ ohyira Yona pii sen gye a na obegye no afi ɔhyew a na ɛde no ne abufuw a ntease nnim a na wafa no mu. Ná ɔpɛ sɛ ɔka Yona koma. Enti Onyankopɔn yɛɛ anwonwade foforo. Ɔmaa ɔsã bɛkaa kɔntoa no hama mu ma ewui. Afei ɔmaa “apuei mframa a emu yɛ hyew” bɔe kosii sɛ ɔhyew no maa Yona ‘yɛɛ mmerɛw.’ Yona abam san bui, na ɔsrɛɛ Onyankopɔn bio sɛ ɔmma onwu.—Yona 4:6-8.

19, 20. Ɔkwan bɛn so na Yehowa ne Yona susuw nneɛma ho faa kɔntoa no ho?

19 Yehowa bisaa Yona bio sɛ osusuw sɛ eye sɛ ne bo afuw anaa? Saa bere yi de kɔntoa no a na awu no na na ama ne bo afuw. Sɛ́ anka Yona bɛsakra n’adwene no, obuu ne ho bem kae sɛ: “Eye sɛ me bo fuw, na minyae mpo a anka owu de me kɔ.” Afei de, na bere adu sɛ Yehowa ma onya asuade no.—Yona 4:9.

Onyankopɔn de kɔntoa dii dwuma maa Yona nyaa mmɔborɔhunu ho asuade

20 Onyankopɔn ne Yona susuw nneɛma ho. Obisaa no sɛ, kɔntoa a efifii anadwo koro a ɛnyɛ ɔno na oduae anaasɛ ɔma enyinii no wu na ɛhaw no no? Afei Onyankopɔn kae sɛ: “Me de, Niniwe kurow kɛse a emufo boro mpem ɔha aduonu a wonnim wɔn nifa nnim wɔn benkum ne nyɛmmoa bebrebe yi asɛm nhaw me anaa?”—Yona 4:10, 11. *

21. (a) Mfatoho bɛn na Yehowa de kyerɛkyerɛɛ Yona? (b) Ɔkwan bɛn so na Yona asɛm no bɛboa yɛn ma yɛahwehwɛ yɛn ho mu yiye?

21 So wote mfatoho a Yehowa yɛe yi ase ankasa? Ná Yona nyɛɛ kɔntoa no ho adwuma biara. Nanso, Yehowa de, Ɔno na ɔmaa Niniwefo no nkwa na ɔwowaw wɔn sɛnea ɔyɛ n’abɔde a wɔwɔ asase so nyinaa no. Dɛn nti na na ɛsɛ sɛ Yona ma kɔntoa biako ho hia no kɛse sen nnipa 120,000 ne wɔn nyɛmmoa nyinaa nkwa? So ɛnyɛ nea na eye ma Yona nkutoo na na ɔredwen ho? Nokwarem no, nea ɛmaa kɔntoa no ho asɛm haw no ne sɛ na ama wanya onwini. So na ɛnyɛ pɛsɛmenkominya—ne din a na ɔpɛ sɛ ɔbɔ ho ban, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenka sɛ ɔyɛ ɔtorofo—nti na na ne bo afuw wɔ Niniwe ho no? Yona asɛm no betumi aboa yɛn ma yɛn ankasa ahwehwɛ yɛn ho mu yiye. Yɛn mu hena na ontumi nyɛ pɛsɛmenkominya a ɛte saa? Hwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani sɔ sɛ Yehowa tɔ ne bo ase kyerɛkyerɛ yɛn ma yenya ahofama, tema, ne mmɔborɔhunu kɛse te sɛ ɔno!

22. (a) Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Yehowa nkyerɛkyerɛ a nyansa wom a ɛfa mmɔborɔhunu ho no kaa Yona koma? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa sua?

22 Asɛm no ne sɛ, So Yona suaa biribi fii asɛm yi mu? Yona nhoma no baa awiei a wamma asɛm a Yehowa bisae no ho mmuae. Ebia nnipa bi a wɔkyerɛ wɔn adwene wɔ nsɛm ho bɛka sɛ Yona amma asɛm no ho mmuae koraa. Nanso, nokwasɛm ne sɛ, ne mmuae no wɔ hɔ. Yona nhoma no ankasa ne mmuae no. Adanse a ɛwɔ hɔ kyerɛ sɛ, Yona na ɔkyerɛw nhoma a ne din da so no. Wo de, fa w’adwene bu odiyifo no sɛ wakodu ne kurom dwoodwoo na ɔrekyerɛw nhoma no hwɛ. Yebetumi atwa akwakoraa a onim nyansa na ɔbrɛ ne ase yi ho mfonini wɔ yɛn adwenem sɛ ɔrewosow ne ti, a ɛkyerɛ sɛ, wanu ne ho bere a ɔreka mfomso a n’ankasa dii, atua a ɔtewee, ne mmɔborɔhunu a wampɛ sɛ ɔda no adi ho asɛm no. Ɛda adi pefee sɛ, Yona nyaa asuade titiriw bi fii Yehowa nkyerɛkyerɛ a nyansa wom no mu. Osuae sɛ ɔbɛda mmɔborɔhunu adi. So yɛn nso yɛbɛyɛ saa?—Monkenkan Mateo 5:7.

^ nky. 6 Wobu akontaa sɛ na nnipa bɛyɛ 20,000 kosi 30,000 na na wɔte Samaria a na ɛyɛ Israel mmusuakuw du no ahenkurow no mu wɔ Yona bere so. Ná nnipa a wɔte Samaria no dodow nnu nnipa a na wɔte Niniwe no nkyekyɛm anan mu biako. Bere a na Niniwe di yiye no, ɛbɛyɛ sɛ na ɛno ne kurow a ɛyɛ kɛse sen biara wɔ wiase.

^ nky. 8 Ɛwom sɛ nea wɔyɛe no bɛyɛ te sɛ nea ɛyɛ nwonwa de, nanso ɛnyɛ asɛm a na ebi nsii da. Helani abakɔsɛm kyerɛwfo Herodotus kae sɛ tete Persiafo ne wɔn nyɛmmoa nyinaa dii ɔsahene bi a na wagye din wu ho awerɛhow.

^ nky. 20 Ka a Onyankopɔn kae sɛ saa nkurɔfo no nnim wɔn nifa nnim wɔn benkum no kyerɛ sɛ na wonnim Onyankopɔn gyinapɛn ahorow ho hwee.