Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI DU

Ogyinaa Nokware Som Akyi

Ogyinaa Nokware Som Akyi

1, 2. (a) Dɛn na na ɛde ɔhaw abrɛ Elia nkurɔfo no? (b) Asɛnnennen bɛn na Elia hyiae wɔ Bepɔw Karmel so?

ELIA hwɛɛ nnipadɔm no sɛ wɔnam mmɔbɔmmɔbɔ reforo Bepɔw Karmel. Ɛmfa ho mpo sɛ na anim ntetee papa no, na otumi hu sɛnea na ohia ne ɔkɔm adosaw wɔn no. Ná osu a ɛntɔe mfe abiɛsa ne fã no de ɔhaw pii abrɛ wɔn.

2 Ná Baal adiyifo 450 a ahomaso ahyɛ wɔn mã a na wɔmpɛ Yehowa diyifo Elia asɛm koraa no nso ka nnipadɔm no ho. Ná Ɔhemmaa Yesebel akunkum Yehowa asomfo pii, nanso Elia kɔɔ so ara kasa tiaa Baal som denneennen. Nanso, bere tenten ahe na na obetumi ayɛ saa? Ebia saa asɔfo no nyaa adwene sɛ ɔbarima biako pɛ ntumi nni wɔn nyinaa so nkonim da. (1 Ahe. 18:4, 19, 20) Ɔhene Ahab nso tenaa ne teaseɛnam mu bae. Ná ɔno nso mpɛ Elia asɛm.

3, 4. (a) Dɛn nti na ebia ehu kaa Elia bere a da titiriw no dui no? (b) Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho?

3 Ná odiyifo yi a aka ɔno nkutoo no rebehyia da bɔne bi a na onhyiaa bi saa da. Bere a na Elia rehwɛ nkurɔfo no, ohui sɛ na wɔrebɛhwɛ akansi bi a ɛyɛ nwonwa a ebi mmae da a ɛbɛma wɔahu nsonsonoe a ɛda nokware som ne atoro som ntam. Saa da no dui no, ɔtee nka dɛn? Esiane sɛ na ɔyɛ “onipa a ɔwɔ nkate te sɛ yɛn ara” nti, ehu kaa no. (Monkenkan Yakobo 5:17.) Nea enti a yebetumi aka saa ni: Ná nnipa a wonni gyidi, wɔn hene a na wawae afi nokware som ho, ne saa asɔfo awudifo no atwa Elia ho ahyia, enti ɛma ɔtee nka paa sɛ aka ne nkutoo.—1 Ahe. 18:22.

4 Nanso, dɛn na na ama Israel akɔ tebea a emu yɛ den yi mu? Na dɛn na wubetumi asua afi saa asɛm yi mu? Momma yensusuw gyidi a Elia daa no adi ne sɛnea ebetumi aboa yɛn nnɛ no ho nhwɛ.

Asɛm no Mu Yɛɛ Den Paa

5, 6. (a) Asɛm bɛn na na ɛrekɔ so wɔ Israel? (b) Mfomso kɛse bɛn na Ɔhene Ahab yɛ tiaa Yehowa?

5 Ná Elia fi bere tenten ahu sɛnea ne nkurɔfo no apia Yehowa som a ɛyɛ ade titiriw wɔ ne man mu no ato nkyɛn a na wɔmfa nyɛ hwee, nanso na Elia ntumi nyɛ ho biribiara. Efi bere tenten na na Israel ntumi nhu sɛ wɔmpaw nokware som anaa atoro som, sɛ́ wɔnsom Yehowa Nyankopɔn anaa aman a atwa wɔn ho ahyia no abosom. Wɔ Elia bere so no, na saa asɛm no mu ayɛ den paa.

6 Ná Ɔhene Ahab afom Yehowa paa. Ɔwaree Sidon hene babea Yesebel. Yesebel sii ne bo sɛ ɔbɛtrɛw Baal som mu wɔ Israel na wagu Yehowa som. Ankyɛ koraa na onyaa Ahab ma obedii n’akyi. Ahab sii asɔredan ne afɔremuka maa Baal, na odii anim ma wɔsom saa atoro nyame no.—1 Ahe. 16:30-33.

7. (a) Dɛn na ɛmaa Baal som yɛɛ akyide kɛse? (b) Dɛn nti na yebetumi anya awerɛhyem sɛ Bible nka biribi a ɛbɔ abira wɔ bere tenten a osu antɔ wɔ Elia bere so no ho? (Fa adaka no mu nsɛm ka ho.)

7 Dɛn na ɛmaa Baal som yɛɛ akyide saa? Ɛdaadaa Israelfo no, na ɛtwetwee wɔn mu pii fii nokware Nyankopɔn no ho. Ná ɛyɛ ɔsom a emufo yɛ akyide na wodi atirimɔdensɛm nso. Ná mmarima ne mmea nyinaa si tuutuu wɔ asɔrefie hɔ, ná wɔyɛ nna mu adapaade, na na wɔde mmofra mpo bɔ afɔre. Nea Yehowa yɛe wɔ eyi ho ne sɛ, ɔsomaa Elia kɔɔ Ahab nkyɛn sɛ ɔnkɔka nkyerɛ no sɛ osu rentɔ asase no so kosi sɛ Onyankopɔn diyifo no bɛka sɛ osu ntɔ. (1 Ahe. 17:1) Mfe dodow bi twaam ansa na Elia resan akɔ Ahab anim akɔka akyerɛ no sɛ ɔmmoaboa nkurɔfo no ne Baal adiyifo no ano nkɔ Bepɔw Karmel so. *

Ɔkwan bi so no, nneɛma a na wɔyɛ paa wɔ Baal som mu no rekɔ so nnɛ

8. Dɛn na yebetumi asua afi asɛm a ɛfa Baal som ho mu nnɛ?

8 Dɛn na yebetumi asua afi asɛm yi mu nnɛ? Ebia ebinom besusuw sɛ Baal som ho asɛm ho nhia yɛn nnɛ, efisɛ yenhu Baal asɔredan ne n’afɔremuka biara. Nanso, asɛm yi nyɛ tete abakɔsɛm bi kɛkɛ. (Rom. 15:4) Asɛmfua “Baal” kyerɛ “owura.” Yehowa ka kyerɛɛ ne nkurɔfo sɛ wɔmfa no nyɛ wɔn “baal,” anaa wɔn wura anaa wɔn kunu. (Yes. 54:5) Wunnye ntom sɛ nkurɔfo da so ara som awuranom foforo sen sɛ wɔbɛsom ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no? Sɛ nkurɔfo de wɔn bere hwehwɛ sika, yɛ adwuma, gye wɔn ani, de wɔn ho hyɛ ɔbarima ne ɔbea nna mu, anaasɛ wɔsom anyame pii a wɔwɔ hɔ no mu bi sen sɛ wɔbɛsom Yehowa a, emu biara a wɔpaw no yɛ wɔn wura. (Mat. 6:24; monkenkan Romafo 6:16.) Ɔkwan bi so no, nneɛma a na wɔyɛ wɔ Baal som mu no rekɔ so paa nnɛ. Sɛ yedwinnwen ade a Elia yɛe a ɛma wohui sɛ Yehowa anaa Baal ne nokware Nyankopɔn no ho a, ebetumi aboa yɛn ma yɛapaw onii a yɛbɛsom no.

Ɔkwan Bɛn So na ‘Wohinhimii’?

9. (a) Dɛn nti na na Bepɔw Karmel so na ɛyɛ beae a ɛfata sɛ wɔma ɛda adi sɛ Baal som yɛ atoro? (Hwɛ ase hɔ asɛm no.) (b) Asɛm bɛn na Elia ka kyerɛɛ nkurɔfo no?

9 Sɛ wugyina Bepɔw Karmel atifi a mframa bɔ wɔ hɔ yiye no a, wutumi hu baabiara—efi Kison bon mu kosi Ɛpo Kɛse (Mediterranea Po) a ɛbɛn hɔ no kɔfa Lebanon mmepɔw a ɛwɔ akyirikyiri wɔ atifi fam no. * Nanso, bere a owia puei saa da a na ɛyɛ anibere da no, na asase no nyɛ fɛ bio. Afei de, na asase pa a Yehowa de maa Abraham asefo no nsow aba pii bio. Esiane sɛ Onyankopɔn ankasa nkurɔfo ammɔ wɔn bra yiye nti, na owia abɔ asase no ma ɛso afifide nyinaa ahyew! Bere a nnipadɔm no behyiae no, Elia bɛn wɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Da bɛn na mubehinhim nsɛm abien ntam akosi? Sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn a, munni n’akyi, na sɛ Baal nso a, munni n’akyi.”—1 Ahe. 18:21.

10. Ɔkwan bɛn so na na Elia nkurɔfo no ‘rehinhim nsɛm abien ntam,’ na nokwasɛm titiriw bɛn na na wɔn werɛ afi?

10 Dɛn na asɛm a Elia kae a ɛne sɛ “mubehinhim nsɛm abien ntam” no kyerɛ? Saa nkurɔfo no anhu sɛ na ɛsɛ sɛ wɔpaw sɛ wɔbɛsom Yehowa anaasɛ wɔbɛsom Baal. Wonyaa adwene sɛ wobetumi asom wɔn baanu nyinaa, kyerɛ sɛ, wobetumi ayɛ wɔn amanne a ɛyɛ akyide no de asɔ Baal ani, na bere koro no ara wɔabisa Yehowa Nyankopɔn hɔ mmoa. Ebia wɔn adwene yɛɛ wɔn sɛ Baal behyira wɔn nnɔbae ne wɔn mmoa so, na “asafo Yehowa” abɔ wɔn ho ban wɔ ɔko mu. (1 Sam. 17:45) Ná wɔn werɛ afi nokwasɛm titiriw bi a ɛde besi nnɛ nnipa pii nnim. Ɛno ne sɛ, Yehowa ne obiara nkyɛ ɔsom a yɛde ma no no. Ɔhwehwɛ sɛ yɛsom ɔno nkutoo, na ɛfata no. Sɛ yɛsom biribi foforo ka Yehowa ho a, n’ani nnye ho, na ɛyɛ n’akyide mpo!—Monkenkan Exodus 20:5.

11. Woyɛ dɛn hu sɛ asɛm a Elia kae wɔ Bepɔw Karmel so no betumi aboa yɛn ma yɛasan ahwehwɛ nneɛma a yɛma ɛho hia yɛn paa wɔ yɛn asetena ne yɛn som mu no mu?

11 Enti, na saa Israelfo no ‘rehinhim’ te sɛ ɔbarima bi a wakodu nkwanta bi so a ɔpɛ sɛ ɔfa akwan abien no nyinaa so wɔ bere koro mu. Ɛnnɛ, nnipa pii di mfomso a ɛte saa. Wɔma nneɛma foforo a ɛte sɛ “baal” ba wɔn asetena mu, na epia Onyankopɔn som to nkyɛn. Sɛ yetie ka a Elia ka kyerɛɛ wɔn denneennen sɛ wonnyae sɛ wɔrehinhim no a, ebetumi aboa yɛn ma yɛasan ahwehwɛ nneɛma a yɛma ɛho hia yɛn paa wɔ yɛn asetena ne yɛn som mu no mu.

Sɔhwɛ a Ɛmaa Nokwasɛm Daa Adi

12, 13. (a) Sɔhwɛ bɛn na Elia kae sɛ wɔnyɛ? (b) Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛwɔ ahotoso te sɛ Elia?

12 Nea edi hɔ no, Elia kae sɛ wɔnyɛ sɔhwɛ bi. Ná ɛnyɛ den koraa. Ná ɛsɛ sɛ Baal asɔfo no si afɔremuka na wɔhyehyɛ nneɛma a wɔde bɛbɔ afɔre no wɔ so; sɛ wowie a, na ɛsɛ sɛ wɔbɔ wɔn nyame mpae ma ogya no sɔ. Ná Elia nso bɛyɛ saa ara. Ɔkae sɛ: “Onyame a ɔde ogya begye so no, ɔno ne nokware Nyankopɔn.” Ná Elia nim nea ɔyɛ nokware Nyankopɔn no yiye. Ná ne gyidi mu yɛ den araa ma wantwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛma Baal adiyifo no ayɛ nea wɔpɛ biara. Ɔkae sɛ, saa Baal adiyifo no nni kan, enti wɔpaw nantwinini a wɔde bɛbɔ afɔre no, na wɔfrɛɛ Baal. *1 Ahe. 18:24, 25.

13 Ɛnnɛ, wɔnyɛ anwonwade a ɛte saa bio. Nanso, Yehowa nsesae. Yebetumi anya Yehowa mu ahotoso te sɛ Elia. Sɛ nhwɛso no, sɛ nkurɔfo ne yɛn nyɛ adwene wɔ nea Bible kyerɛkyerɛ ho a, ɛho nhia sɛ yesuro sɛ yɛbɛma wɔadi kan akyerɛ wɔn adwene. Sɛnea Elia yɛe no, yebetumi de yɛn ho ato nokware Nyankopɔn no so ma wadi yɛn asɛm ama yɛn. Nea yɛyɛ ne sɛ, yɛmmfa yɛn ho nnto yɛn ankasa so, na mmom yɛde yɛn ho to Onyankopɔn Asɛm a ɔma wɔkyerɛwee sɛ yɛmfa ‘nteɛteɛ nneɛma’ no so.—2 Tim. 3:16.

Elia hui sɛ Baal som yɛ nnaadaa hunu, na na ɔpɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfo hu sɛ ɛyɛ nnaadaa ankasa

14. Dɛn na Elia yɛe de dii Baal adiyifo no ho fɛw, na dɛn ntia?

14 Baal adiyifo no hyehyɛɛ nneɛma a wɔde bɛbɔ afɔre no, na wofii ase frɛɛ wɔn nyame no. Wɔfrɛɛ no mpɛn pii sɛ, “O Baal, gye yɛn so!” Wɔkɔɔ so frɛɛ no da mũ no nyinaa. Bible ka sɛ: “Nanso wɔante nne bi, na obi nso annye so.” Eduu owigyinae no, Elia fii ase dii wɔn ho fɛw, na ogoruu wɔn ho sɛ sesɛɛ Baal nni adagyew a ɔde begye wɔn so, ebia ɔwɔ baabi so a ɔregya n’anan, anaasɛ wada na ɛsɛ sɛ obi konyan no. Elia ka kyerɛɛ saa nnaadaafo no sɛ: “Monteɛteɛm denneennen.” Ɛda adi sɛ ohui sɛ Baal som yi yɛ nnaadaa hunu, na na ɔpɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfo hu sɛ ɛyɛ nnaadaa ankasa.—1 Ahe. 18:26, 27.

15. Ɔkwan bɛn so na Baal asɔfo no asɛm no ma yehu sɛ nyansa nnim sɛ yebefi Yehowa akyi akodi owura foforo biara akyi?

15 Afei, Baal asɔfo no ani beree kɛse paa, na “wɔde nne kɛse teɛteɛɛm, na sɛnea wɔn amanne te no, wɔde asekan twitwaa wɔn ho de mpeaw wowɔɔ wɔn ho kosii sɛ mogya guu wɔn.” Ne nyinaa ankosi hwee! “Wɔante nne bi, na obiara annye so, na wɔante obiara nka.” (1 Ahe. 18:28, 29) Nokwarem no, na Baal biara nni hɔ. Ɛyɛ biribi a Satan yɛe sɛ ɔbɛfa so atwe nkurɔfo afi Yehowa ho. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ obi anni Yehowa akyi na okodi owura foforo biara akyi a, ne nsa besi fam, na n’anim begu ase sɛnea esii saa bere no.—Monkenkan Dwom 25:3; 115:4-8.

Nea Efi Sɔhwɛ no Mu Bae

16. (a) Dɛn na ɛbɛyɛ sɛ Yehowa afɔremuka a Elia siesiei wɔ Bepɔw Karmel so no maa nkurɔfo no kaee? (b) Dɛn bio na Elia yɛe de kyerɛe sɛ ɔwɔ Onyankopɔn mu ahotoso?

16 Ɛrekɔ anwummere no, eduu Elia so sɛ ɔno nso bɔ n’afɔre. Osiesiee afɔremuka bi a na wɔasi ama Yehowa a akyinnye biara nni ho sɛ na nokware som atamfo abubu agu no. Ɔsesaa abo 12, na ebia na ɔde rekae Israel mmusuakuw 10 no mufo pii sɛ ɛda so ara yɛ wɔn asɛyɛde sɛ wodi Mose Mmara a wɔde maa mmusuakuw 12 no nyinaa so. Afei ɔhyehyɛɛ nea ɔde bɛbɔ afɔre no, na ohwiee nsu a ɛbɛyɛ sɛ onya fii Mediterranea Po a ɛbɛn hɔ mu no guu so ma ɛfɔw twɔnn. Ɔma wotwaa ɔkã mpo wɔ afɔremuka no ho hyiae, na wɔde nsu hyɛɛ no mã. Sɛnea Elia maa Baal adiyifo no bɔɔ wɔn afɔre no, wanyɛ Yehowa de no saa, ɔde ne ho too Onyankopɔn so mmom.—1 Ahe. 18:30-35.

Mpae a Elia bɔe no daa no adi sɛ na ɔda so ara dwen ne nkurɔfo ho, efisɛ na ɔpɛ sɛ Yehowa san ‘dan wɔn koma ba’

17. Ɔkwan bɛn so na mpae a Elia bɔe no ma yehu nneɛma a na ɛho hia no paa, na yɛbɛyɛ dɛn asuasua nea ɔyɛe no wɔ yɛn ankasa mpaebɔ mu?

17 Bere a Elia wiee biribiara no, ɔbɔɔ mpae. Mpae a emu da hɔ a Elia bɔe no maa nneɛma a ɛho hia no paa no daa adi. Nea edi kan a na ɛho hia no paa ne sɛ ɔbɛma wɔahu sɛ Yehowa na ɔyɛ “Onyankopɔn wɔ Israel,” na ɛnyɛ Baal. Nea ɛto so abien no, na ɔpɛ sɛ ɔma obiara hu sɛ ɔyɛ Yehowa somfo kɛkɛ, enti ɛsɛ sɛ wɔde anuonyamhyɛ ne ayeyi nyinaa ma Onyankopɔn. Nea etwa to no, ɔdaa no adi sɛ, na ɔda so ara dwen ne nkurɔfo ho, efisɛ na ɔpɛ sɛ Yehowa san ‘dan wɔn koma ba.’ (1 Ahe. 18:36, 37) Nokware a wɔanni a ɛde amanehunu pii baa wɔn so nyinaa akyi no, na Elia da so ara dɔ wɔn. Sɛ yɛn ankasa rebɔ Onyankopɔn mpae a, so yebetumi ada ahobrɛase a ɛte saa adi, ama Onyankopɔn din ho ahia yɛn, na yɛada tema adi akyerɛ afoforo a wohia mmoa?

18, 19. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa buaa Elia mpae no? (b) Dɛn na Elia hyɛɛ nkurɔfo no sɛ wɔnyɛ, na dɛn nti na na Baal asɔfo no mfata sɛ wɔda mmɔborɔhunu adi kyerɛ wɔn?

18 Ansa na Elia rebɔ mpae no, ɛbɛyɛ sɛ na nnipadɔm a wɔwɔ hɔ no rehwɛ sɛ Yehowa nso bɛyɛ ɔtorofo te sɛ Baal anaa. Nanso, bere a ɔbɔɔ mpae no wiei no, na ɛho nhia sɛ wɔn adwenem yɛ wɔn nãã bio. Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: “Ɛnna Yehowa gya tɔ fi soro bae, na ɛbɛhyew ɔhyew afɔre no ne nnyina no ne abo ne dɔte no, na ɛyow nsu a ɛwɔ ɔkã no mu nyinaa.” (1 Ahe. 18:38) Hwɛ sɛnea Yehowa buaa asɛm no ma ɛyɛɛ nwonwa! Na nkurɔfo no yɛɛ wɔn ade dɛn?

“Ɛnna Yehowa gya tɔ fi soro bae”

19 Wɔn nyinaa teɛteɛɛm sɛ: “Yehowa ne nokware Nyankopɔn! Yehowa ne nokware Nyankopɔn!” (1 Ahe. 18:39) Afei de, wohuu nokwasɛm no. Nanso, na wonnya nnaa gyidi biara adi. Nokwasɛm ne sɛ, gye a wogye toom sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn no bere a wohui sɛ Yehowa abua mpae no ama ogya afi soro aba no nkyerɛ ankasa sɛ na wɔanya gyidi. Enti Elia kae sɛ wɔmfa ɔkwan foforo so nkyerɛ sɛ wɔwɔ gyidi. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ nea anka na ɛsɛ sɛ wɔyɛ mfe pii a atwam no—ɛne sɛ wobedi Yehowa Mmara so. Onyankopɔn Mmara kae sɛ ɛsɛ sɛ wokum atoro adiyifo ne abosonsomfo. (Deut. 13:5-9) Ná Baal asɔfo yi yɛ Yehowa Nyankopɔn atamfo ankasa, na na wɔasi wɔn bo sɛ wɔremma n’atirimpɔw biara mma mu. So na ɛfata sɛ wohu wɔn mmɔbɔ? Esiane sɛ asɔfo no anhu mmofra a wɔn ho nni asɛm no mmɔbɔ na wɔhyew wɔn animono so de wɔn bɔɔ afɔre maa Baal nti, so na ɛfata sɛ wohu wɔn nso mmɔbɔ? (Monkenkan Mmebusɛm 21:13; Yer. 19:5) Ná ɛmfata koraa sɛ wohu saa nkurɔfo no mmɔbɔ! Enti Elia hyɛe sɛ wonkunkum wɔn, na wokunkum wɔn nso.—1 Ahe. 18:40.

20. Dɛn nti na ɛnnɛ, wɔn a wɔkasa tia kum a Elia kunkum Baal asɔfo no nni nnyinaso?

20 Ɛnnɛ, ebia wɔn a wɔkyerɛ wɔn adwene wɔ nsɛm ho no bɛkasa atia kum a wokunkum Baal asomfo no wɔ Bepɔw Karmel so no denneennen. Ebetumi ahaw ebinom sɛ sɛ anhwɛ a, nyamesomfo a wɔyɛ katee begyina so akunkum ɔsom afoforo mufo. Awerɛhosɛm ne sɛ, ɛnnɛ, nyamesomfo a wɔyɛ katee saa pii wɔ hɔ. Nanso, na Elia nte saa. Ná ɔreyɛ nea Yehowa ahyɛ no sɛ ɔnyɛ, enti na ɛteɛ sɛ okunkum Baal asɔfo no. Bio nso, nokware Kristofo nim sɛ wontumi mfa nkrante nkunkum abɔnefo sɛnea Elia yɛe no. Mmom no, wodi ahyɛde a ɛwɔ hɔ ma Yesu akyidifo nyinaa no so, sɛnea yehu wɔ asɛm a Kristo ka kyerɛɛ Petro yi mu no. Ɔkae sɛ: “San fa wo nkrante no hyɛ nea ɛhyɛ, na wɔn a wɔtwe nkrante nyinaa bewu nkrante ano.” (Mat. 26:52) Yehowa nam ne Ba no so bebu atɛntrenee daakye.

21. Ɔkwan bɛn so na nhwɛso a Elia yɛe no fata sɛ nokware Kristofo suasua nnɛ?

21 Ɛyɛ nokware Kristofo asɛyɛde sɛ yɛde yɛn abrabɔ bɛkyerɛ sɛ yɛwɔ gyidi. (Yoh. 3:16) Ɔkwan biako a yebetumi afa so ayɛ saa ne sɛ yebesuasua nnipa a wɔwɔ gyidi te sɛ Elia. Elia somee Yehowa nkutoo, na ɔhyɛɛ afoforo nkuran sɛ wɔnyɛ saa ara. Ɔde akokoduru ma wohuu ɔsom bi a ɛyɛ nnaadaa a Satan faa so twetwee nkurɔfo fii Yehowa ho no. Na ɔde ne ho too Yehowa so sɛ onsiesie nsɛm sen sɛ ɔde ne ho bɛto n’ankasa nyansa so. Nokwarem no, Elia gyinaa nokware som akyi. Momma yɛn nyinaa nsuasua ne gyidi no!

^ nky. 9 Ná ɛpo so mframa a emu yɛ nwini bɔ fa Bepɔw Karmel so ma osu taa tɔ wɔ hɔ, na na obosu nso gugu wɔ hɔ ma enti bere nyinaa na ɛso yɛ frɔmfrɔm fɛfɛɛfɛ. Esiane sɛ na wosusuw sɛ Baal na ɔma osu tɔ nti, ɛda adi sɛ na bepɔw yi so yɛ beae titiriw a wɔsom Baal. Enti na Karmel a ɛso afifide nyinaa ahyew no yɛ beae a ɛfata sɛ wɔma ɛda adi sɛ Baal som yɛ atoro.

^ nky. 12 Hyɛ no nsow sɛ, Elia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Mommfa ogya nnto afɔre no mu.’ Nhomanimfo binom kyerɛ sɛ ɛtɔ mmere bi a, na abosonsomfo a wɔte saa no twa tokuru bi to afɔremuka no ase baabi ma ogya tumi fa hɔ pue ma ɛyɛ te sɛ nea onyame bi na wama asɔ.