Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI ADUONU ABIEN

Odii Nokware Wɔ Sɔhwɛ Ahorow Mu

Odii Nokware Wɔ Sɔhwɛ Ahorow Mu

1, 2. Bere a na Yesu rekasa wɔ Kapernaum no, dɛn na ɛbɛyɛ sɛ na Petro rehwɛ kwan, nanso dɛn na esii?

PETRO de ahoyeraw hwɛɛ nnipa a na wɔretie Yesu no anim dinn. Ná wɔwɔ hyiadan mu wɔ Kapernaum. Kurow yi mu na na Petro te; ɛhɔ na na ɔyɛ ne mpataayi adwuma no wɔ Galilea Po no atifi fam; ɛhɔ na na ne nnamfonom, n’abusuafo, ne wɔn a ɔne wɔn yɛ adwuma no pii te. Akyinnye biara nni ho sɛ, na Petro hwɛ kwan sɛ ne kuromfo no benya adwene a na ɔwɔ wɔ Yesu ho no bi, na wɔde anigye atie Onyankopɔn Ahenni ho asɛm a ɔkyerɛkyerɛfo kɛse a ɔsen biara no reka no. Nanso, amma saa.

2 Ná nnipa pii ayi wɔn aso afi asɛm a wɔretie no so. Ná ebinom renwiinwii, na na wɔrekasa tia asɛm a Yesu reka no. Petro de, nea na ɛhaw no paa ne nea Yesu ankasa asuafo no bi yɛe no. Ná wɔn anim ayeyɛ bosabosaa a ɛkyerɛ sɛ na wɔn ani nnye nokware foforo a na Yesu akyerɛkyerɛ wɔn no ho bio. Afei de, na wɔn anim kyerɛ sɛ biribi haw wɔn, na mpo na wɔn bo afuw. Ebinom kae sɛ, asɛm a Yesu reka no ano yɛ den. Wosisii wɔn aso wɔ asɛm no ho na wofii hyiadan no mu, na wɔne Yesu annantew bio.—Monkenkan Yohane 6:60, 66.

3. Dɛn na gyidi a na Petro wɔ no boaa no ma ɔyɛe mpɛn pii?

3 Ná ɛyɛ bere a emu yɛ den ma Petro ne ne mfɛfo asomafo no. Petro ante asɛm a Yesu kae saa da no ase yiye. Sɛ na nkurɔfo no fa Yesu asɛm no sɛnea na waka no no ara a, ɛnde ɛda adi sɛ Petro huu nea enti a na ahyɛ wɔn abufuw no. Dɛn na na Petro bɛyɛ? Ná eyi nyɛ bere a edi kan a na ayɛ den ama no sɛ ɔbɛkɔ so abata ne Wura no ho; na saa ara nso na na ɛrenyɛ nea etwa to. Momma yɛnhwɛ sɛnea gyidi a na Petro wɔ no boaa no ma ɔkɔɔ so dii nokware ɛmfa ho sɛ ohyiaa nsɛnnennen a ɛte saa no.

Odii Nokware Bere a Ebinom Anyɛ Saa

4, 5. Nneɛma bɛn na na Yesu ayɛ a ɛmaa nkurɔfo ho dwiriw wɔn?

4 Ná nsɛm a Yesu ka ne ne nneyɛe taa ma Petro ho dwiriw no. Ɛtɔ mmere bi a, na ɔkwan a ne Wura no fa so kasa na ɔyɛ n’ade no ma ne ho yɛ nkurɔfo nwonwa. Ná Yesu ama nnipa mpempem pii aduan anwonwakwan so ansa na ade rebɛkye ma wakasa wɔ asɔrefie hɔ. Ɛno nti, nkurɔfo no yɛe sɛ wɔde no besi wɔn so hene. Nanso, ɛyɛɛ nnipa pii nwonwa sɛ ɔtwee ne ho fii wɔn ho, na ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔmforo ɔkorow no nhare nkɔ Kapernaum. Bere a asuafo no nam nsu no so anadwo no, Yesu maa wɔn ho dwiriw wɔn bio bere a wohui sɛ ɔrenantew Galilea Po a mframa bɔ denneennen wɔ so so no. Ɔnam eyi so maa Petro nyaa gyidi ho asuade titiriw bi.

5 Eduu anɔpa no, ankyɛ na wohui sɛ saa nnipadɔm no atoa wɔn. Nanso, ɛda adi sɛ ɛnyɛ Yesu nkyerɛkyerɛ nti na wɔbaa hɔ, na mmom na wɔpɛ sɛ ɔma wɔn aduan pii anwonwakwan so. Eyi nti, Yesu kaa wɔn anim wɔ honam fam nneɛma nkutoo a na wɔn ani di akyi no ho. (Yoh. 6:25-27) Yesu toaa saa asɛm no so wɔ Kapernaum hyiadan mu, na ɛhɔ na ɔsan kyerɛkyerɛɛ nokwasɛm bi mu maa nkurɔfo no ho dwiriw wɔn.

6. Mfatoho bɛn na Yesu mae, na wɔn a na wɔretie no no yɛɛ wɔn ade dɛn?

6 Ná Yesu mpɛ sɛ nkurɔfo bebu no sɛ ɔyɛ obi a ɔma honam fam aduan kɛkɛ. Mmom no, na ɔpɛ sɛ wohu sɛ sɛ Onyankopɔn bɛma wɔn daa nkwa a, gye sɛ wonya ɔno mu gyidi. Enti ɔmaa wɔn mfatoho bi, na ɔde ne ho totoo mana, aduan a na ɛtɔ fi soro wɔ Mose bere so no ho. Bere a ebinom annye anni no, afei ɔmaa mfatoho bi a emu da hɔ fann de buee asɛm no ani so. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ, ɛsɛ sɛ obi di ne honam na ɔnom ne mogya ansa na wanya nkwa. Saa asɛm yi na ɛmaa nkurɔfo no bo fuw kɛse no. Ebinom kae sɛ: “Asɛm yi ano yɛ den; hena na obetumi atie?” Yesu ankasa asuafo no pii nso ne no annantew bio. *Yoh. 6:48-60, 66.

7, 8. (a) Dɛn na na ɛrebɛba Yesu so a na Petro nnya ntee ase? (b) Mmuae bɛn na Petro de mae wɔ asɛm a Yesu bisaa asomafo no ho?

7 Dɛn na na Petro bɛyɛ? Ɛbɛyɛ sɛ asɛm a Yesu kae no maa ɔno nso adwene tu frae. Ná onnya ntee ase sɛ ɛsɛ sɛ Yesu wu na ama Onyankopɔn apɛde ayɛ hɔ. So ɛyɛɛ Petro sɛ onnyae Yesu akyi di sɛnea na asuafo a wɔn adwene yɛ wɔn ntanta no ayɛ no? Dabi; su bi a na Petro wɔ no amma wanyɛ n’ade te sɛ saa nkurɔfo no. Ɛyɛ su bɛn?

8 Yesu danee ne ho hwɛɛ n’asomafo no bisaa wɔn sɛ: “Mo nso mopɛ sɛ mokɔ anaa?” (Yoh. 6:67) Asomafo 12 no na obisaa wɔn saa asɛm no, nanso Petro na oyii ano. Mpɛn pii no, Petro na na odi kan yi nsɛm ano. Ɛbɛyɛ sɛ ɔno na na wanyin sen wɔn nyinaa. Sɛnea ɛte biara no, ɛda adi sɛ ɔno na na ɔtaa kasa wɔ asomafo no mu; mpɛn pii no, na Petro ntwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛkyerɛ n’adwene. Saa bere yi de, asɛm a ɛyɛ dɛ a yɛn werɛ remfi da yi na na ɛwɔ n’adwenem: “Awurade, hena nkyɛn na yɛnkɔ? Wo na wowɔ daa nkwa nsɛm.”—Yoh. 6:68.

9. Dɛn na Petro yɛe de dii Yesu nokware?

9 So saa asɛm no nka wo koma? Ná Yesu mu gyidi a Petro anya no aboa no ma wanya su bi a ɛho hia paa; ɛno ne nokwaredi. Petro hui pefee sɛ na Yesu nkutoo ne Ogyefo a Yehowa de no ama, enti na Yesu nam ne nkyerɛkyerɛ a ɛfa Onyankopɔn Ahenni no ho so na ogye nkwa. Ná Petro nim sɛ sɛ na ɔnte nneɛma bi ase mpo a, baabi foforo biara nni hɔ a sɛ ɔkɔ a obenya Onyankopɔn anim dom ne daa nkwa.

Sɛ mpo yɛnte Yesu nkyerɛkyerɛ ase anaasɛ yɛn ani nnye ho a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so tie

10. Dɛn na yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ betumi ayɛ ma yɛadi nokware sɛnea Petro yɛe no?

10 So saa na wo nso wote nka? Awerɛhosɛm ne sɛ, nnipa pii a wɔwɔ wiase nnɛ no ka sɛ wɔdɔ Yesu, nanso wonni no nokware. Sɛ yebedi Kristo nokware paa a, ɛhwehwɛ sɛ yenya adwene a na Petro kura wɔ Yesu nkyerɛkyerɛ ho no bi. Ehia sɛ yesua te ase, na yɛde bɔ yɛn bra. Sɛ mpo ne nkyerɛkyerɛ no ma yɛn ho dwiriw yɛn esiane sɛ yɛnte ase anaa yɛn ani nnye ho nti a, ɛsɛ sɛ yetie. Sɛ yɛkɔ so di Yesu akyi nkutoo a ɛnna yebetumi anya anidaso sɛ yɛn nsa bɛka daa nkwa a ɔpɛ sɛ yenya no.—Monkenkan Dwom 97:10.

Bere a Wɔteɛɛ no So Mpo no, Ɔkɔɔ So Dii Nokware

11. Ɛhe na Yesu ne n’akyidifo no kɔe? (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.)

11 Nsɛm yi akyi bere tiaa bi no, Yesu ne n’asomafo no ne n’asuafo no bi twaa kwantenten de wɔn ani kyerɛɛ atifi fam. Ɛtɔ mmere bi na obi wɔ Galilea Po no so mpo a, na otumi hu Bepɔw Hermon a sukyerɛmma wɔ atifi a ɛwɔ Bɔhyɛ Asase no atifi fam tɔnn no. Ná Yesu ne n’asuafo no retu kwan akɔ nkuraa a ɛbɛn Kaesarea Filipi a ɛbɛn Bepɔw Hermon no. * Bere a wɔwɔ hɔ no, sɛ wɔto wɔn ani a na wohu Bɔhyɛ Asase no fã kɛse no ara sɛ ɛda anafo fam, na ɛhɔ na Yesu bisaa n’akyidifo no asɛntitiriw bi.

12, 13. (a) Dɛn nti na na Yesu pɛ sɛ ohu adwene a na nnipakuw no kura wɔ no ho? (b) Ɔkwan bɛn so na mmuae a Petro de maa Yesu no ma yehu sɛ na ɔwɔ gyidi a edi mũ?

12 Ná Yesu pɛ sɛ ohu n’asomafo no adwene, enti obisae sɛ: “Nnipakuw no se mene hena?” Yebetumi de yɛn adwene abu sɛnea na Petro rehwɛ Yesu anim ne sɛnea eyi ma ɔkaee ayamye ne nyansa pii a ne Wura no wɔ no. Ná Yesu pɛ sɛ ohu adwene a nkurɔfo no kura wɔ no ho. Yesu asuafo no maa no mmuae. Ná wɔn nso kura adwene a ɛnteɛ a na nnipa pii kura wɔ Yesu ho no bi. Nanso, Yesu amma no anso hɔ ara. Ná ɔpɛ sɛ ohu sɛ n’akyidifo a wɔbɛn no paa no nso kura adwene a ɛnteɛ no bi anaa? Enti obisae sɛ: “Mo nso muse meyɛ hena?”—Luka 9:18-20.

13 Petro san yɛɛ ntɛm maa no mmuae. Ɔde akokoduru maa mmuae a emu da hɔ a ɛno ne nea na ɛwɔ nnipa pii a wɔwɔ hɔ no adwenem. Ɔkae sɛ: “Wone Kristo no, Onyankopɔn teasefo no Ba.” Yebetumi de yɛn adwene abu sɛnea Yesu de anigye kamfoo Petro de kyerɛe sɛ n’ani asɔ mmuae a wama no. Yesu maa Petro hui sɛ ɛnyɛ onipa, na mmom Yehowa Nyankopɔn na wama nokwasɛm titiriw yi ada adi ama nnipa a wɔwɔ gyidi a edi mũ no. Ná wɔama Petro ahu nokwasɛm atitiriw a na Yehowa nnya nnaa no adi no mu biako—onii a ɔne Mesia anaa Kristo a na wɔahyɛ no ho bɔ no!—Monkenkan Mateo 16:16, 17.

14. Asɛyɛde atitiriw bɛn na Yesu de hyɛɛ Petro nsa?

14 Saa Kristo yi ne onii a wɔ tete nkɔmhyɛ bi mu no, wɔkaa ne ho asɛm sɛ ɔbo a adansifo bɛpo no no. (Dw. 118:22; Luka 20:17) Bere a saa nkɔmhyɛ no wɔ Yesu adwenem no, ɔdaa no adi sɛ Yehowa bɛkyekyere asafo wɔ saa ɔbo no anaa ɔbotan a na Petro abehu sɛ ɔne Kristo no so. Afei, ɔde asɛyɛde atitiriw bi hyɛɛ Petro nsa wɔ saa asafo no mu. Yesu amma Petro dibea a nidi wom ansen asomafo a wɔaka no sɛnea ebinom adwene yɛ wɔn no, na mmom asɛyɛde pii na ɔde maa no. Ɔde “ahenni nsafe” hyɛɛ Petro nsa. (Mat. 16:19) Ná Petro benya hokwan abue Onyankopɔn Ahenni no pon ama nnipakuw abiɛsa ahyɛn mu—kuw a edi kan ne Yudafo, afei Samariafo, ɛnna kuw a etwa to no ne Amanaman mufo, anaa wɔn a wɔnyɛ Yudafo.

15. Dɛn na ɛmaa Petro kaa Yesu anim, na asɛm pɔtee bɛn na ɔkae?

15 Nanso, Yesu kae akyiri yi sɛ, wɔn a wɔde pii ahyɛ wɔn nsa no, wɔbɛhwehwɛ pii afi wɔn hɔ, na yehu saa nokwasɛm yi wɔ Petro asɛm no mu. (Luka 12:48) Yesu kɔɔ so daa nokwasɛm ahorow bi a ɛfa Mesia no ho adi—ebi ne amane a na n’ankasa rebehu ne wu a na obewu wɔ Yerusalem no. Saa asɛm no a Petro tee no anyɛ no dɛ. Enti, ɔde Yesu kɔɔ nkyɛn kɔkaa n’anim sɛ: “Awurade, ka asɛmpa ma wo ho; eyi remma wo so koraa.”—Mat. 16:21, 22.

16. Ɔkwan bɛn so na Yesu teɛɛ Petro so, na afotu pa bɛn na ɛwɔ Yesu asɛm no mu a ebetumi aboa yɛn nyinaa?

16 Akyinnye biara nni ho sɛ, adwempa na Petro de kaa saa asɛm no, enti ɛbɛyɛ sɛ mmuae a Yesu de maa no no maa ne ho dwiriw no. Ɔdanee n’akyi kyerɛɛ Petro, na ɔhwɛɛ asomafo a wɔaka a ɛbɛyɛ sɛ na wɔn nso ne Petro yɛ adwene no anim kae sɛ: “Fi me so, Satan! Woyɛ hintidua ma me, efisɛ wunnwen Onyankopɔn adwene, na mmom nnipa adwene.” (Mat. 16:23; Mar. 8:32, 33) Afotu pa bi wɔ asɛm a Yesu kae no mu a ɛbɛboa yɛn nyinaa. Ɛnyɛ den koraa sɛ yɛbɛma nnipa nsusuwii ho ahia yɛn kɛse asen Onyankopɔn de. Sɛ yɛyɛ saa na sɛ mpo yɛpɛ sɛ yɛboa obi a, anhwɛ a yɛrenhu sɛ yɛrehyɛ no nkuran ma wayɛ Satan apɛde mmom asen Onyankopɔn apɛde. Nanso, Petro yɛɛ n’ade dɛn?

17. Dɛn na na Yesu rekyerɛ bere a ɔka kyerɛɛ Petro sɛ, “Fi me so, Satan” no?

17 Ɛbɛyɛ sɛ Petro hui sɛ ɛnyɛ nea na Yesu repɛ akyerɛ ne sɛ ɔyɛ ɔbɔnefo te sɛ Satan Ɔbonsam ankasa. Ná Yesu apo Satan. (Mat. 4:10) Yesu ampo Petro a na wahu nneɛma pa pii wɔ ne ho no, na mmom nsusuwii bɔne a na ɔsomafo no wɔ wɔ asɛm yi ho no na ɔteɛɛ no. Ná ɛnsɛ sɛ Petro yɛ hintidua ma ne Wura no, na mmom na ɛsɛ sɛ ogyina n’akyi sɛ ne boafo.

Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase gye nteɛso tom na yesua biribi fi mu nkutoo a na yɛbɛkɔ so abɛn Yesu Kristo ne n’Agya, Yehowa Nyankopɔn kɛse

18. Dɛn na Petro yɛe de kyerɛe sɛ ɔyɛ ɔnokwafo, na yɛbɛyɛ dɛn atumi asuasua no?

18 So Petro ne ne wura no yiyii nsɛm ano, ne bo fuwii, anaasɛ ɔkaa n’anim sii so? Dabi; mmom no ofi ahobrɛase mu gyee nteɛso no toom. Ɔnam nea ɔyɛe yi so daa no adi bio sɛ ɔyɛ ɔnokwafo. Wɔn a wodi Kristo akyi nyinaa, ɛtɔ mmere bi a ebehia sɛ wɔteɛ wɔn so. Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase gye nteɛso tom na yesua biribi fi mu nkutoo a, ɛnna yɛbɛkɔ so abɛn Yesu Kristo ne n’Agya, Yehowa Nyankopɔn kɛse.—Monkenkan Mmebusɛm 4:13.

Bere mpo a wɔkaa Petro anim no, ɔkɔɔ so dii nokware

Wohyiraa no Wɔ Ne Nokwaredi Ho

19. Asɛm a ɛyɛ nwonwa bɛn na Yesu kae, na dɛn na ɛbɛyɛ sɛ ɛbaa Petro adwenem?

19 Ankyɛ na Yesu san kaa asɛm foforo bi a ɛyɛ nwonwa. Ɔkae sɛ: “Nokwarem mise mo sɛ, wɔn a wogyina ha yi mu bi wɔ hɔ a wɔrenka owu nhwɛ da kosi sɛ wobehu sɛ onipa Ba no reba n’ahenni mu.” (Mat. 16:28) Akyinnye biara nni ho sɛ, saa asɛm no maa Petro dwinnwen nneɛma pii ho. Dɛn na ɛbɛyɛ sɛ na Yesu repɛ akyerɛ? Ebia Petro adwene yɛɛ no sɛ, nteɛso a emu yɛ den a na wɔde ama no no nti ɔrennya hokwan ahorow soronko biara.

20, 21. (a) Ka anisoade a Petro hui no ho asɛm. (b) Ɔkwan bɛn so na nkɔmmɔ a nnipa a na wɔwɔ anisoadehu no mu no bɔe no boaa Petro ma ɔsesaa ne nsusuwii?

20 Nanso, bɛyɛ dapɛn biako akyi no, Yesu faa Yakobo, Yohane, ne Petro kaa ne ho kɔɔ “bepɔw tenten bi”—ebia Bepɔw Hermon a na enni akyiri no—so. Ɛbɛyɛ sɛ na ade asa, efisɛ na mmarima baasa no ani kum paa. Nanso, bere a Yesu rebɔ mpae no, biribi sii ma wɔn ani so tetee wɔn.—Mat. 17:1; Luka 9:28, 29, 32.

21 Yesu fii ase sakrae wɔ wɔn anim. N’anim fii ase hyerɛnee, na ɛkɔɔ so hyerɛnee araa kosii sɛ ano yɛɛ den te sɛ owia. N’atade nso yɛɛ fitaa hyɛnn. Afei, nnipa baanu bɛkaa Yesu ho, obiako yɛ Mose, ɛnna nea ɔka ho no nso yɛ Elia. Wɔne no bɔɔ nkɔmmɔ faa “ne kɔ a na etwa sɛ ɛba mu wɔ Yerusalem” no ho—ɛda adi sɛ na ɛfa ne wu ne ne wusɔre no ho. Hwɛ sɛnea Petro behui pefee sɛ odii mfomso sɛ ɔkae sɛ ɛnsɛ sɛ Yesu hu amane a ɛte saa na owu!—Luka 9:30, 31.

22, 23. (a) Dɛn na Petro yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ ayamye, na ɔde ahokeka na ɛyɛ ade? (b) Nhyira foforo bɛn na Petro, Yakobo, ne Yohane nyae saa anadwo no?

22 Petro tee nka sɛ ɛsɛ sɛ ɔde n’ano to nkɔmmɔbɔ a na ɛrekɔ so wɔ anisoadehu nwonwaso no mu mu, na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wama nkɔmmɔ a wɔrebɔ no ayɛ tenten. Ɛbɛyɛɛ te sɛ nea Mose ne Elia regyaw Yesu hɔ akɔ no. Enti Petro kae sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, eye sɛ yɛwɔ ha, enti ma yensi ntamadan abiɛsa, wo de biako, Mose de biako, Elia nso de biako.” Nokwarem no, na Yehowa asomfo baanu a wɔwɔ anisoade a wohui no mu no awuwu dedaadaw a na wonhia ntamadan. Ná Petro nnim nea ɔreka ankasa. Nanso, so ayamye a Petro daa no adi ne ahokeka a ɔde yɛɛ ade no mma w’ani nnye no ho?—Luka 9:33.

Petro, Yakobo, ne Yohane nyaa nhyira bere a wonyaa anisoadehu a ɛhyɛ gyidi den no

23 Petro, Yakobo, ne Yohane san nyaa nhyira foforo saa anadwo no. Omununkum bi bae bɛkataa wɔn so wɔ bepɔw no so. Wɔtee ɛnne bi wɔ omununkum no mu—ná ɛyɛ Yehowa Nyankopɔn nne! Ɔkae sɛ: “Oyi ne me Ba, nea wɔapaw no no. Muntie no.” Anisoadehu no akyi no, ɛkaa wɔne Yesu nkutoo wɔ bepɔw no so.—Luka 9:34-36.

24. (a) Ɔkwan bɛn so na ahosakra a Petro hui no boaa no? (b) Ɔkwan bɛn so na ahosakra no betumi aboa yɛn nnɛ?

24 Saa ahosakra a wohui no yɛ akyɛde a ɛsom bo paa ma Petro ne yɛn nyinaa! Mfe bi akyi no, Petro kyerɛw hokwan a onyae saa anadwo no sɛ ohuu Yesu wɔ n’anuonyam mu sɛ ɔsoro Hene ne sɛnea ɔde ‘n’ani ankasa huu n’anuonyam’ no ho asɛm. Saa anisoadehu no maa nkɔmhyɛ pii a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no baa mu, na ɛhyɛɛ Petro gyidi den sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi agyina sɔhwɛ pii a na ɛda n’anim no ano. (Monkenkan 2 Petro 1:16-19.) Yɛn nso, sɛ yɛyɛ yɛn ade te sɛ Petro na yɛkɔ so bata Owura a Yehowa apaw no sɛ ɔnhwɛ yɛn so no ho, yesuasua no, yegye nteɛso ne animka a ɔde ma yɛn tom, na yɛbrɛ yɛn ho ase di n’akyi daa a, n’ahosakra no betumi ahyɛ yɛn gyidi den.

^ nky. 6 Sɛ yɛde nea nnipadɔm a na wɔwɔ hyiadan no mu no yɛe wɔ asɛm a Yesu kae yi ho toto nea na wɔayɛ wɔ ɛda a na atwam bere a wɔde anigye kae sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn diyifo no ho a, yetumi hu sɛ na wɔnyɛ anokwafo.—Yoh. 6:14.

^ nky. 11 Yesu ne n’akyidifo no twaa kwan kilomita 50 fi Galilea Po a ɛwɔ fam sen po bɛyɛ mita 210 no ho kɔɔ baabi a ɛhɔ wɔ soro sen po bɛyɛ mita 350 no. Wɔkɔfaa mmeae a na ɛhɔ yɛ fɛ yiye.