Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI DUMIƐNSA

Osuaa Biribi Fii Mfomso a Odii no Mu

Osuaa Biribi Fii Mfomso a Odii no Mu

1, 2. (a) Asɛm bɛn na na Yona akɔfa abɛto ɔno ne po so hyɛn no mu adwumayɛfo no so? (b) Ɔkwan bɛn so na Yona asɛm no betumi aboa yɛn?

YONA nyae a na anka watumi ama dede a ano yɛ den no agyae. Ná ɛnyɛ dede a mframa a ano yɛ den a ɛrebɔ fa nhama a ekurakura mframatama no mu hoohoo reyɛ ne mframatama no a na ɛreyɛ fafafafa no na na ɛhaw Yona; saa ara nso na na ɛnyɛ dede a na asorɔkye a ɛte sɛ mmepɔw a ɛrebubu ba a na ɛrebɔ po so hyɛn no nkyɛnmu denneennen ma nnua a wɔde yɛɛ hyɛn no reyɛ kɔtwekɔtwe no na na ɛhaw no. Na mmom, nea na ɛhaw Yona paa ne dede a na ɛhyɛn no mu panyin ne emu adwumayɛfo no reyɛ bere a na wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔremma ɛhyɛn no mmɔ no. Yona hui paa sɛ ɛyɛ ɔno nti na saa mmarima no rebewu!

2 Dɛn na na ɛde Yona aba ɔhaw a ɛte saa mu? Ná wayɛ mfomso kɛse bi atia Yehowa, ne Nyankopɔn no. Dɛn na na wayɛ? So na wayɛ biribi a na wɔrentumi mfa nkyɛ no? Yebetumi asua pii afi mmuae a yebenya no mu. Sɛ nhwɛso no, Yona asɛm yi boa yɛn ma yehu sɛ wɔn a wɔn gyidi yɛ den mpo tumi di mfomso, na ɛma yehu sɛnea wobetumi asiesie wɔn akwan.

Odiyifo a Ofi Galilea

3-5. (a) Sɛ yɛka Yona ho asɛm a, dɛn na ɛtaa ba nkurɔfo adwenem? (b) Dɛn na yenim fa baabi a Yona fi ho? (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.) (d) Dɛn nti na na Yona som adwuma sɛ odiyifo no nyɛ mmerɛw anaa anigye?

3 Sɛ yɛka Yona ho asɛm a, nea ɛtaa ba nkurɔfo adwenem ara ne ne su ahorow a enye te sɛ asoɔden a ɔyɛe ne atua a ɔtewee no. Nanso, Yona yɛɛ nneɛma pa pii. Kae sɛ, Yehowa Nyankopɔn paw Yona sɛ ne diyifo. Sɛ na ɔnyɛ ɔnokwafo ne ɔtreneeni a, anka Yehowa remfa asɛyɛde a emu yɛ duru saa nhyɛ ne nsa.

Ná Yona wɔ su ahorow pii a eye sen nea enye

4 Bible nka baabi a Yona fi ho asɛm pii. (Monkenkan 2 Ahene 14:25.) Ná ofi Gat-Hefer. Efi Gat-Hefer rekɔ Nasaret, kurow a na wɔbɛtete Yesu Kristo wom bɛyɛ mfe ahanwɔtwe akyi no yɛ kilomita anan pɛ. * Yona somee sɛ odiyifo bere a na Ɔhene Yeroboam II redi Israel mmusuakuw du no so hene no. Ná Elia awu dedaadaw, na na Elisa a odii Elia ade no nso awu bere a na Yeroboam papa redi ade no. Ɛwom sɛ na Yehowa ama saa mmarima no atɔre Baal som ase de, nanso na Israelfo ahyɛ da resan atew atua bio. Ná Israelfo no redi ɔhene bi a “ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne” no nhwɛso akyi. (2 Ahe. 14:24) Enti na Yona som adwuma sɛ odiyifo no nyɛ mmerɛw anaa anigye. Nanso, ɔkɔɔ so yɛe.

5 Da koro, nsakrae kɛse bi baa Yona asetena mu. Yehowa maa no dwumadi bi a na ɛyɛ den ma no paa sɛ ɔbɛyɛ. Dɛn na na Yehowa pɛ sɛ ɔyɛ?

“Sɔre Kɔ Niniwe”

6. Adwuma bɛn na Yehowa de hyɛɛ Yona nsa, na dɛn nti na ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ den wɔ Yona ani so?

6 Yehowa ka kyerɛɛ Yona sɛ: “Sɔre kɔ Niniwe kuropɔn no mu na ka kyerɛ kurom hɔfo sɛ wɔn amumɔyɛ atoatoa abedu m’anim.” (Yona 1:2) Ɛnyɛ den koraa sɛ wubehu nea enti a na saa adwuma no yɛ den wɔ Yona ani so no. Ná efi Yona kurom rekɔ Niniwe a ɛda apuei fam no bɛyɛ kilomita 800, na sɛ na obi renantew atwa saa kwan no a na ebegye no bɛyɛ ɔsram biako. Nanso, na ahokyere biara a ɔbɛfa mu wɔ saa akwantu no mu no bɛyɛ adwuma a na wɔde ahyɛ ne nsa no fã a ɛyɛ mmerɛw koraa. Sɛ na Yona du Niniwe a, na ɛsɛ sɛ ɔka Yehowa atemmusɛm kyerɛ Asiriafo a na wonim wɔn sɛ wɔyɛ awudifo, na wɔn tirim yɛ den paa no. Sɛ Onyankopɔn ankasa nkurɔfo antie Yona asɛm a, ɛnde na dɛn na saa abosonsomfo no bɛyɛ wɔ ho? Dɛn na na ɛbɛto Yehowa somfo a na ɔno nkutoo rekɔ Niniwe kurow kɛse a na akyiri yi wɔbɛfrɛ no “mogya kurow” no mu no?—Nah. 3:1, 7.

7, 8. (a) Dɛn na Yona yɛe a ɛkyerɛ sɛ na wasi ne bo sɛ obeguan afi adwuma a na Yehowa de ahyɛ ne nsa no ho? (b) Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛka sɛ na Yona yɛ ohufo?

7 Sɛ́ ebia Yona susuw saa nsɛm yi ho anaa wansusuw ho de, yennim. Nea yenim ne sɛ oguanee. Yehowa ka kyerɛɛ Yona sɛ ɔnkɔ apuei fam, nanso ɔde n’ani kyerɛɛ atɔe fam, na ɔkɔɔ atɔe fam akyirikyiri paa. Osiane kɔɔ mpoano kurow bi a wɔfrɛ no Yopa a po so hyɛn gyinabea wɔ hɔ, na ohuu po so hyɛn bi a na ɛrekɔ Tarsis. Nhomanimfo bi ka sɛ na Tarsis wɔ Spain. Sɛ ɛte saa a, ɛnde na Yona de n’ani kyerɛɛ baabi a efi hɔ rekɔ Niniwe bɛyɛ kilomita 3,500. Ná ɛpo so akwantu a ɛte saa a wɔde kɔ Ɛpo Kɛse no ano tɔnn no betumi agye no afe biako. Ná Yona asi ne bo paa sɛ obeguan afi adwuma a na Yehowa de ahyɛ ne nsa no ho!—Monkenkan Yona 1:3.

8 So eyi kyerɛ sɛ yebetumi aka sɛ na Yona yɛ ohufo? Ɛnsɛ sɛ yɛpere yɛn ho bu no atɛn. Sɛnea yebehu no, yɛbɛkenkan nneɛma foforo a Yona yɛe a na egye akokoduru paa ho asɛm. Nanso, na Yona yɛ onipa a ɔtɔ sin te sɛ yɛn ara a na mfomso pii wɔ no ho. (Dw. 51:5) Yɛn mu hena na ehu nkaa no da?

9. Ɛtɔ mmere bi a yebetumi ate nka dɛn wɔ adwuma bi a Yehowa de ahyɛ yɛn nsa no ho, na nokwasɛm bɛn na ehia sɛ yɛkae wɔ mmere a ɛte saa mu?

9 Ɛtɔ mmere bi a ebetumi ayɛ yɛn sɛ adwuma bi a Onyankopɔn de ahyɛ yɛn nsa no yɛ den, na ɛyɛ adwuma bi a yɛrentumi nyɛ mpo. Ebetumi ayɛ den mpo ama yɛn sɛ yɛbɛka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa a ɛsɛ sɛ Kristofo ka kyerɛ afoforo no. (Mat. 24:14) Ɛnyɛ den koraa sɛ yɛn werɛ betumi afi asɛm a ɛyɛ nokware turodoo a Yesu kae yi: “Onyankopɔn fam de ade nyinaa betumi ayɛ yiye.” (Mar. 10:27) Sɛ ɛtɔ mmere bi na yɛn werɛ fi saa nokwasɛm no a, ebia yebetumi ahu nea enti a ehu kaa Yona no. Nanso, dɛn na efii guan a Yona guanee no mu bae?

Yehowa Teɛɛ Ne Diyifo a Ɔyɛɛ Asoɔden no So

10, 11. (a) Bere a ɛhyɛn a wɔde fa nneɛma no tu fii po so hyɛn gyinabea hɔ no, ɛbɛyɛ sɛ Yona tee nka dɛn? (b) Asiane bɛn na ɛtoo po so hyɛn no ne emu adwumayɛfo no?

10 Yɛrenya Yona a na ɔte saa po so hyɛn a wɔde fa nneɛma a ɛbɛyɛ sɛ na ɛrekɔ Foinike no mu no anim ahwɛ. Bere a na hyɛn no mu panyin no ne n’adwumayɛfo no ani abere retoto nneɛma ma ɛhyɛn no atu afi ɛhyɛn gyinabea hɔ no, na ɔhwɛ wɔn. Bere a ɛhyɛn no ne mpoano hɔ ntam twee na afei Yona nhu hɔ bio no, ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛɛ no sɛ wanya ne ho atete wɔ adwuma a na osuro paa sɛ ɔbɛyɛ no ho. Nanso, mpofirim ara na ewim sakrae.

11 Mframa a ano yɛ den no maa ɛpo no bu faa so denneennen, na na asorɔkye a ɛrebɔ no betumi akata ɛnnɛ mmere yi mu po so hyɛn akɛse mpo so. Ná ebegye bere tenten ahe na asorɔkye a ɛrebu fa so kutukutu no abubu saa po so hyɛn a wɔde nnua ayɛ no? Bere a ɛpo no rebu fa so no, so na Yona nim asɛm a akyiri yi ɔkyerɛwee a ɛne sɛ ‘Yehowa na ɔmaa mframa kɛse bi bɔ faa po no so’ no? Yɛrentumi nkyerɛ. Nanso, ohui sɛ ɛhyɛn no mu adwumayɛfo no resu frɛ wɔn anyame, na na onim sɛ wɔrennya mmoa biara mfi wɔn hɔ. (Lev. 19:4) Yona kyerɛwee sɛ: “Na hyɛn no yɛe sɛ nea ɛrebɛbɔ.” (Yona 1:4) Ná Yona bɛyɛ dɛn atumi abɔ Onyankopɔn a na ɔreguan afi n’anim no mpae?

12. (a) Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛpere yɛn ho kasa tia Yona sɛ ɔdae bere a na mframa no rebɔ denneennen no? (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.) (b) Dɛn na Yehowa yɛe a ɛma wohuu nea na ɛde ɔhaw no aba?

12 Esiane sɛ Yona hui sɛ ɔrentumi mmoa hyɛn no mu adwumayɛfo no nti, ɔkɔɔ hyɛn no ase kɔpɛɛ baabi dae. Ɔdaa hatee wɔ hɔ. * Hyɛn no mu panyin no huu Yona, na onyanee no ka kyerɛɛ no sɛ ɔmmɔ ne nyame mpae sɛnea obiara reyɛ no. Esiane sɛ na po so hyɛn no mu adwumayɛfo no gye di paa sɛ mframa a ɛrebɔ no nyɛ kwa nti, wɔbɔɔ ntonto de hwehwɛɛ hyɛn no muni a ɛbɛyɛ sɛ ɔno na wakɔfa ɔhaw yi aba no. Akyinnye biara nni ho sɛ, bere a Yona hui sɛ ntonto no reyi ebinom fi mu mmiako mmiako no, ne koma tui. Ankyɛ na nokware no bɛdaa adi. Yehowa maa ntonto no bɔɔ Yona, na ɛbɛdaa adi sɛ n’asoɔden nti na na Yehowa ama mframa no rebɔ denneennen no!—Monkenkan Yona 1:5-7.

13. (a) Asɛm bɛn na Yona ka kyerɛɛ hyɛn no mu adwumayɛfo no? (b) Dɛn na Yona ka kyerɛɛ hyɛn no mu adwumayɛfo no sɛ wɔnyɛ, na dɛn ntia?

13 Yona kaa asɛm no mu nokware nyinaa kyerɛɛ po so hyɛn no mu adwumayɛfo no. Ɔkae sɛ, ɔyɛ ade nyinaa so tumfoɔ Yehowa Nyankopɔn no somfo. Saa Onyankopɔn yi na na Yona afom no a na ɔreguan afi n’anim, na ɛno na na ɛde asiane kɛse yi aba wɔn nyinaa so. Asɛm no maa mmarima no ho dwiriw wɔn; Yona hui wɔ wɔn anim sɛ na ehu aka wɔn. Wobisaa Yona nea wɔmfa nyɛ no mfa mmɔ hyɛn no ne wɔn nkwa ho ban. Asɛm bɛn na Yona kae? Ɛbɛyɛ sɛ Yona yam hyehyee no sɛ wɔde no bɛto ɛpo a ɛrehuru kutukutu a ɛyɛ nwini no mu. Nanso, na ɔbɛyɛ dɛn ahwɛ ama saa mmarima yi nyinaa awuwu bere a na onim sɛ obetumi agye wɔn nkwa no? Enti, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma me so nto po no mu na ano bedwo, efisɛ minim sɛ me nti na ahum kɛse yi aba mo so.”—Yona 1:12.

14, 15. (a) Yɛbɛyɛ dɛn atumi asuasua Yona gyidi a emu yɛ den no? (b) Dɛn na ɛhyɛn no mu adwumayɛfo no yɛe wɔ nea Yona kae sɛ wɔnyɛ no no ho?

14 So asɛm a Yona kae no kyerɛ sɛ na ɔyɛ ohufo? Ɛbɛyɛ sɛ Yehowa bo tɔɔ ne yam bere a ohui sɛ Yona de akokoduru ne ahofama reyɛ ade wɔ saa mmere a na emu yɛ den no mu no. Yehu wɔ ha sɛ na Yona wɔ gyidi a emu yɛ den. Yebetumi asuasua ne gyidi no nnɛ denam afoforo ahiade a yɛbɛma ɛho ahia yɛn asen yɛn ankasa de so. (Yoh. 13:34, 35) Sɛ yehu sɛ obi hia mmoa—sɛ́ ebia ɛyɛ honam fam nneɛma, awerɛkyekye, anaa nkuranhyɛ a ɛbɛma wakɔ so asom Yehowa—a, so yetu yɛn ho ma boa no? Sɛ yɛyɛ saa a, hwɛ sɛnea Yehowa ani gye!

15 Ɛbɛyɛ sɛ asɛm a Yona kae no kaa ɛhyɛn no mu adwumayɛfo no koma paa, efisɛ mfiase no, na wɔmpɛ sɛ wɔtow Yona to po no mu! Mmom no, wɔyɛɛ nea wobetumi biara sɛ wɔde ɛhyɛn no bɛfa mframa a na ɛrebɔ denneennen no mu, nanso anyɛ yiye. Mframa no ano kɔɔ so yɛɛ den mmom. Awiei koraa no, wohui sɛ wontumi nyɛ asɛm no ho hwee. Wosu frɛɛ Yona Nyankopɔn, Yehowa, sɛ onhu wɔn mmɔbɔ, na wɔmaa ɔbarima no so too ɛpo no mu.—Yona 1:13-15.

Yona ka kyerɛɛ po so hyɛn no mu adwumayɛfo no sɛ wɔmma no so nto po no mu

Wohuu Yona Mmɔbɔ na Wogyee No

16, 17. Ka nea ɛtoo Yona bere a wɔtow no fii po so hyɛn no mu too po mu no ho asɛm. (Hwɛ mfonini ahorow no nso.)

16 Yona tɔɔ asorɔkye a na ɛrebu fa so kutukutu no mu. Ebia ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛtɛn nsu no ani, na ohui sɛ ɛhyɛn no nam nsu a na ɛretwa ahuru ne asorɔkye no mu rekɔ ntɛmntɛm. Nanso, asorɔkye a ano yɛ den bɔ faa no so kaa no kɔhyɛɛ nsu no ase. Ɔmem kɔɔ ase, na ohui sɛ n’anidaso asa.

17 Akyiri yi, Yona kaa sɛnea ɔtee nka saa bere no ho asɛm. Odwinnwen nneɛma pii ho. Ne werɛ howee ma osusuwii sɛ ɔrenhu Yehowa asɔrefie fɛfɛ a esi Yerusalem no bio. Ɔtee nka sɛ ɔremem akɔ po ase tɔnn, mmepɔw ase, na ɛpo mu nwura akyekyere no. Ɛyɛɛ no sɛ ɛhɔ na ɛbɛyɛ n’amoa anaa n’adamoa.—Monkenkan Yona 2:2-6.

18, 19. Dɛn na ɛtoo Yona wɔ ɛpo bun no mu, aboa bɛn na wɔde no dii dwuma, na hena na ɔmaa saa nsɛm yi nyinaa sisii? (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.)

18 Nanso, twɛn ansa! Ná biribi reba ne nkyɛn—ade tuntum kɛse bi a nkwa wom. Ɛbɛnee no pɛɛ, na afei ebuee n’anom kɛse menee no!

Yehowa “maa apataa kɛse bi bae bɛmenee Yona”

19 Yona adwene yɛɛ no sɛ n’awiei ara ne no. Nanso, ohuu anwonwade bi. Ná ɔda so te ase! Ná ne mu mmubui, ɔnyamee, na na otumi home mpo. Ná nkwa da so wɔ ne mu, nanso na ɔhyɛ baabi a ɛbɛyɛ ne damoa. Bere a Yona redwinnwen ho no, ne ho dwiriw no. Akyinnye biara nni ho sɛ, na ɛyɛ Yona Nyankopɔn, Yehowa, na ɔmaa “apataa kɛse bi bae bɛmenee” no. *Yona 1:17.

20. Dɛn na yebetumi asua afi Yona hɔ wɔ mpae a ɔbɔe wɔ apataa kɛse no yam no mu?

20 Simma dodow bi twaam, afei edii nnɔnhwerew pii. Bere a na Yona hyɛ apataa no yam wɔ esum kabii a onhuu bi da mu no, onyaa bere susuw nsɛm ho, na ɔbɔɔ Yehowa Nyankopɔn mpae. Yebetumi asua nneɛma pii afi Yona hɔ wɔ mpae a ɔbɔe a yebetumi akenkan wɔ ne nhoma no ti abien no. Ɛma yehu sɛ na Yona wɔ Kyerɛwnsɛm no mu nimdeɛ paa, efisɛ ɔtwee adwene sii Nnwom nhoma no mu nsɛm so mpɛn pii. Ɛsan nso ma yehu su pa bi a na ɔwɔ: ɛno ne anisɔ. Yona kae sɛ: “Nanso me de, mede me nne beyi wo ayɛ na mabɔ afɔre ama wo. Ɛbɔ a mahyɛ biara metua. Na nkwagye yɛ Yehowa dea.”—Yona 2:9.

21. Dɛn na Yona hui wɔ nkwagye ho, na asuade titiriw bɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae?

21 Baabi a na anka anidaso biara nni—“apataa no yam”—no, ɛhɔ na Yona hui sɛ Yehowa betumi agye onipa biara nkwa bere biara, ɛmfa ho baabi a ɔhyɛ. Bere a na Yona hyɛ apataa no yam mpo a na ne ho akyere no no, Yehowa huu no gyee no nkwa. (Yona 1:17) Yehowa nkutoo na obetumi ama onipa adi nnansa, awia ne anadwo, wɔ apataa kɛse yam a ɔda so te nkwa mu na ne ho ntɔɔ kyima. Ɛnnɛ, ɛyɛ papa sɛ yɛkae sɛ Yehowa ne ‘Onyankopɔn a yɛn home wɔ ne nsam.’ (Dan. 5:23) Ɔno na ɔma yɛn ahome, na ɔno na wama yɛte ase. So yɛn ani sɔ nea wayɛ ama yɛn no? Ɛnde, so ɛnsɛ sɛ yɛyɛ osetie ma Yehowa de kyerɛ ho anisɔ?

22, 23. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔsɔɔ anisɔ a na Yona anya no hwɛe ntɛm ara? (b) Dɛn na yebetumi asua afi Yona hɔ wɔ mfomso a yedi ho?

22 Na Yona nso ɛ? So ɔyɛɛ osetie maa Yehowa de kyerɛe sɛ n’ani sɔ nea wayɛ ama no no? Ɔyɛɛ saa. Bere a Yona dii apataa no yam nnansa, awia ne anadwo no, apataa no de no kɔɔ mpoano, na ‘ɔfee Yona too asase kesee so.’ (Yona 2:10) Wo de hwɛ, Yona ammrɛ ne ho anguare mpo na oduu mpoano! Nanso, na ɛsɛ sɛ ɔno ankasa nantew fi mpoano hɔ kɔ baabi a na ɔrekɔ no. Ne nyinaa mu no, ankyɛ na wɔsɔɔ anisɔ a na wanya no hwɛe. Yona 3:1, 2 ka sɛ: “Na Yehowa ka kyerɛɛ Yona ne mprenu so sɛ: ‘Sɔre kɔ Niniwe kuropɔn mu na pae mu ka asɛm a mereka akyerɛ wo yi kyerɛ wɔn.’” Dɛn na na Yona bɛyɛ?

23 Yona antwentwɛn ne nan ase. Yɛkenkan sɛ: “Na Yona sɔre kɔɔ Niniwe sɛnea Yehowa kae no.” (Yona 3:3) Yona yɛɛ osetie. Ɛda adi pefee sɛ, na wasua biribi afi mfomso a odii no mu. Ɛsɛ sɛ yesuasua Yona wɔ eyi mu nso. Yɛn nyinaa yɛ bɔne; yɛn nyinaa di mfomso. (Rom. 3:23) Nanso, so yɛpa abaw, anaasɛ yesua biribi fi mfomso a yedi mu na yɛdan yɛn ho de osetie yɛ Onyankopɔn som adwuma no?

24, 25. (a) Awiei koraa no, nhyira bɛn na Yona nyae wɔ ne bere so? (b) Nhyira ahorow bɛn na Yona benya daakye?

24 So Yehowa hyiraa Yona wɔ osetie a ɔyɛe no ho? Ohyiraa no paa. Emu biako ne sɛ, ɛbɛyɛ sɛ awiei koraa no, Yona tee sɛ ɛpo so hyɛn no mu adwumayɛfo no nyaa wɔn ti didii mu. Bere a Yona ma wɔde no too nsu no mu ara pɛ na mframa no gyaee bɔ, na saa hyɛn no mu adwumayɛfo no “fii ase suroo Yehowa,” na wɔbɔɔ afɔre maa Yehowa mmom sen sɛ wɔbɛbɔ afɔre ama wɔn atoro anyame no.—Yona 1:15, 16.

25 Onyaa nhyira kɛse mpo akyiri yi. Yesu de nna a Yona dii wɔ apataa kɛse no yam no dii dwuma sɛ nkɔmhyɛ a egyina hɔ ma nna a na n’ankasa nso bedi wɔ Ɔdamoa mu no. (Monkenkan Mateo 12:38-40.) Sɛ wonyan Yona ba nkwa mu wɔ asase so na ɔbɛte saa nhyira no ho asɛm a, hwɛ sɛnea n’ani begye afa! (Yoh. 5:28, 29) Yehowa pɛ sɛ ohyira wo nso. So wo nso wubesua biribi afi mfomso a wudi mu na woayɛ osetie na woada ahofama adi sɛnea Yona yɛe no?

^ nky. 4 Kurow bi a ɛwɔ Galilea a na Yona fi mu no yɛ asɛm a ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow efisɛ bere a Farisifo no reka Yesu ho asɛm no, wɔde ahantan kae sɛ: “Hwehwɛ mu hwɛ na wubehu sɛ odiyifo biara nni hɔ a obefi Galilea asɔre.” (Yoh. 7:52) Nsɛm asekyerɛfo ne nhwehwɛmufo pii kyerɛ sɛ nea na Farisifo no reka ara ne sɛ na odiyifo biara nsɔree Galilea da, na na ebi nso rensɔre wɔ hɔ da. Sɛ saa na na Farisifo no repɛ akyerɛ a, ɛnde na wobuu wɔn ani guu abakɔsɛm ne nkɔmhyɛ so.—Yes. 9:1, 2.

^ nky. 12 Septuagint no ma yehu sɛ Yona daa hatee efisɛ ɛde kaa ho sɛ ohuan nkorɔm. Nanso, sɛ anka yɛbɛka sɛ na Yona yɛ obi a onni tema no, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ ɛtɔ mmere bi a, aniwa nnim awerɛhow. Bere a na Yesu ho yeraw no wɔ Getsemane turom hɔ no, na “awerɛhow rededa” Petro, Yakobo, ne Yohane.—Luka 22:45.

^ nky. 19 Bere a wɔkyerɛɛ Hebri asɛmfua a egyina hɔ ma “apataa” ase kɔɔ Hela kasa mu no, wɔkyerɛɛ ase sɛ “asuboa kɛse,” anaa “apataa kɛse.” Ɛwom sɛ yɛrentumi nkyerɛ ɛpo mu aboa pɔtee a wɔde dii dwuma de, nanso wɔahu sɛ aboodede akɛse bi wɔ Mediterranea po no mu a wobetumi amene onipa. Aboodede akɛse a wɔsen nea ɛwɔ Mediterranea po no mu koraa wɔ mmeae foforo; bonsu bi a ɔte sɛ oboodede tenten betumi adu mita 15 anaa nea ɛboro saa mpo!