Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI ASIA

Hanah fi Ne Komam Bɔɔ Onyankopɔn Mpae

Hanah fi Ne Komam Bɔɔ Onyankopɔn Mpae

1, 2. (a) Dɛn nti na na Hanah werɛ ahow bere a na ɔreboaboa ne ho atu kwan no? (b) Dɛn na yebetumi asua afi Hanah asɛm no mu?

NÁ Hanah ani abere reboaboa ne ho ama akwantu no, na na ɔrebɔ mmɔden sɛ obeyi n’adwene afi ne haw so. Ná anka ɛsɛ sɛ ɛyɛ anigye bere; ná ne kunu Elkana taa de abusua mũ no nyinaa twa kwan kɔ asɔrefie a ɛwɔ Silo no kɔsom afe biara. Ná Yehowa pɛ sɛ afahyɛ bere no yɛ anigye bere. (Monkenkan Deuteronomium 16:15.) Ɛda adi sɛ, efi Hanah mmofraase nyinaa no, na n’ani gye saa afahyɛ no ho. Nanso, mfe kakra ni de, na nneɛma asesa.

2 Yehowa hyiraa no ma onyaa okunu a ɔdɔ no. Nanso, na Elkana wɔ yere foforo ka no ho. Ná wɔfrɛ no Penina, na ɛbɛyɛ sɛ na wawe ahinam so sɛ ɔremma Hanah ani nnye wɔ n’asetena mu. Ná Penina anya ɔkwan a ɔbɛfa so ama Hanah adi yaw kɛse wɔ saa afahyɛ bere no mu. Dɛn na ɔyɛe? Nea ehia titiriw no, ɔkwan bɛn so na gyidi a na Hanah wɔ wɔ Yehowa mu no boaa no ma ogyinaa tebea a mpɛn pii no ɛyɛ den sɛ obi betumi agyina ano no ano? Sɛ wuhyia nsɛnnennen a ɛbɛma w’anigye asɛe a, Hanah asɛm no betumi ahyɛ wo nkuran paa.

“Dɛn Nti na Wo Koma Abotow?”

3, 4. Ɔhaw akɛse abien bɛn na Hanah hyiae, na dɛn nti na na emu biara yɛ den?

3 Bible ma yehu ɔhaw akɛse abien a na Hanah rehyia wɔ n’asetenam no. Ná obetumi ayɛ nea edi kan no ho biribi kakra, na nea ɛto so abien no de, na ontumi nyɛ ho hwee. Nea edi kan koraa no, na ne kunu wɔ ɔyere foforo ka no ho, na na ne kora no tan no. Nea ɛto so abien no, na ɔnwo. Saa asɛm no yɛ den ma ɔbea warefo biara a ɔpɛ sɛ ɔwo mma; nanso wɔ Hanah bere so ne wɔn amammere mu no, na ɛma obi di awerɛhow kɛse. Ná abusua biara anidaso ne sɛ wɔn mma bɛma wɔn din akɔ so atena hɔ. Sɛ na obi nwo a, na ɛyɛ ahohorabɔ ne aniwu kɛse.

4 Sɛ ɛnyɛ Penina a, ebia anka ɛrenyɛ den pii mma Hanah sɛ obegyina tebea no ano. Ná awaredodow nyɛ adepa ɔkwan biara so. Nea na ɛtaa de ba paa ne koratwe, nitan, ne yawdi. Ná ɛyɛ soronko koraa wɔ ɔyere biako aware ho nhyehyɛe a Onyankopɔn yɛe wɔ Eden turom no ho. (Gen. 2:24) Ɛno nti na Bible nka awaredodow ho asɛm pa no, na nea ɛkɔɔ so wɔ Elkana abusua mu no ma yehu sɛ ɛnyɛ adepa.

5. Dɛn nti na na Penina pɛ sɛ Hanah di yaw, na dɛn na ɔyɛe maa Hanah dii awerɛhow?

5 Hanah na na Elkana dɔ no paa. Yudafo atetesɛm bi kyerɛ sɛ, Hanah na Elkana dii kan waree no, ansa na mfe bi akyi no, ɔreware Penina. Nanso, sɛ́ ɛyɛ nokware anaasɛ ɛnyɛ nokware no, Penina a na n’ani bere Hanah paa no nyaa akwan pii a na ɔbɛfa so ama ne kora no adi yaw. Nea Penina de nyaa Hanah paa ne awo a na ɔnwo no. Penina wo toatoaa so, na ɔba biara a na ɔbɛwo no no ma ɔhoahoaa ne ho. Sɛ́ anka Penina bɛma Hanah asɛm no ayɛ no mmɔbɔ na wakyekye ne werɛ wɔ n’abam a abu ho no, ɔde dii no ho fɛw mmom. Bible ka sɛ Penina yii Hanah ahi sɛ “ɔde behuru ne bo.” (1 Sam. 1:6) Penina hyɛɛ da paa na ɔyɛɛ saa. Ná ɔpɛ sɛ ɔma Hanah di awerɛhow, na otumi yɛɛ saa nso.

Ná Hanah di awo a na ɔnwo no ho awerɛhow kɛse, na Penina yɛɛ nea obetumi biara sɛ ɔbɛma Hanah ateetee paa

6, 7. (a) Ɛwom sɛ Elkana bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyekye Hanah werɛ de, nanso ɛbɛyɛ sɛ dɛn nti na Hanah anka nea na ɛrekɔ so no nyinaa ankyerɛ no? (b) So wo a na Hanah nwo no kyerɛ sɛ na Yehowa bo afuw no? Kyerɛkyerɛ mu. (Hwɛ ase hɔ asɛm no.)

6 Ɛbɛyɛ sɛ bere paa a Penina nyaa hokwan teetee Hanah ne bere a na wokodi afe afe afahyɛ wɔ Silo no. Ná Penina wɔ mma pii, na sɛ Elkana bɔ afɔre ma Yehowa a, na ɔma ne “mmabarima ne ne mmabea” no mu biara nya ne kyɛfa. Nanso, Hanah a na onni ba no de, kyɛfa biako pɛ na na onya. Penina dii Hanah so bakoma, na ɔde awo a na ɔbea a n’asɛm yɛ mmɔbɔ no nwo no twaa no mpoa ma osui, na na ne kɔn nnɔ sɛ obedidi mpo. Elkana behui sɛ na Hanah a ɔdɔ no no ahaw na onnidi, enti ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyekye ne werɛ. Obisae sɛ: “Hanah, dɛn nti na wusu, na dɛn nti na wunnidi, na dɛn nti na wo koma abotow? Minye mma wo nsen mmabarima du anaa?”—1 Sam. 1:4-8.

7 Elkana tumi hui sɛ, ɛyɛ awo a na Hanah nwo no na na ama ɔredi awerɛhow. Nokwarem no, Hanah ani sɔɔ asɛm a Elkana ka de kyerɛe sɛ ɔdɔ no no. * Nanso, Elkana anka tan a na Penina retan Hanah ani no ho asɛm; saa ara nso na Bible nkyerɛ sɛ Hanah bɔɔ no amanneɛ. Ebia ohui sɛ sɛ ɔka nea Penina de reyɛ no no ho asɛm kyerɛ Elkana a, ɔbɛsɛe n’asɛm koraa. So na Elkana betumi ama Penina agyae nea na ɔde reyɛ Hanah no? So anka ɛremma Penina mmu Hanah animtiaa kɛse, na ne mma ne ne mmaawa no nso remfa wɔn ho nnye mu mma Hanah asɛm nyɛ mmɔbɔ kɛse anaa? Anka ɛbɛma Hanah ate nka paa sɛ n’ankasa abusua apo no.

Bere a wɔne Hanah anni no yiye wɔ fie no, ɔhwehwɛɛ awerɛkyekye wɔ Yehowa hɔ

8. Sɛ wɔretan w’ani anaasɛ wɔrebu wo atɛnkyea a, dɛn nti na ɛyɛ awerɛkyekye sɛ wobɛkae sɛ Yehowa yɛ atɛntrenee Nyankopɔn?

8 Sɛ́ ebia na Elkana nim tan a na Penina retan Hanah no ho asɛm nyinaa anaasɛ onnim no, Yehowa Nyankopɔn de ohuu ne nyinaa. Yehowa Asɛm no ma yehu nea na ɛrekɔ so biara, na eyi yɛ kɔkɔbɔ ma obiara a ɛte sɛ nea ahoɔyaw ne nitan nketenkete bi wɔ ne mu no. Nanso, wɔn a wɔn ho nni asɛm na wɔpɛ asomdwoe te sɛ Hanah no betumi anya awerɛkyekye sɛ atɛntrenee Nyankopɔn no bɛtoto nneɛma nyinaa wɔ n’ankasa bere mu ne sɛnea n’ankasa pɛ. (Monkenkan Deuteronomium 32:4.) Ebetumi aba sɛ na Hanah nim saa, efisɛ Yehowa hɔ na ɔhwehwɛɛ mmoa.

‘Wammotow Bio’

9. Dɛn na yebetumi asua afi ɔpɛ a na Hanah wɔ sɛ obetu kwan akɔ Silo ɛmfa ho sɛ na onim nea ne kora no bɛyɛ no mu?

9 Anɔpahema no, na abusua mũ no nyinaa ani abere reboaboa wɔn ho. Ná obiara reboaboa ne ho ama akwantu no, a na mmofra no mpo ka ho. Ɔkwan a na abusua kɛse no rebetu akɔ Silo no bɛma wɔatwa kwan bɛboro kilomita 30 afa Efraim mmepɔw no so. * Ná wɔbɛnantew atwa bɛyɛ da koro anaa nnaanu kwan. Ná Hanah nim nea ne kora no bɛyɛ. Nanso, Hanah antena fie. Ɔnam nea ɔyɛe no so ayɛ nhwɛso pa ama Onyankopɔn asomfo de besi nnɛ. Ɛrenyɛ papa sɛ yɛbɛma nneyɛe a ɛmfata a afoforo da no adi no aka ɔsom a yɛde ma Onyankopɔn no da. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛrennya ade ankasa a ɛbɛhyɛ yɛn den ma yɛatumi agyina tebea a emu yɛ den no ano no.

10, 11. (a) Dɛn nti na Hanah yɛɛ ntɛm kɔɔ asɔrefie hɔ? (b) Ɔkwan bɛn so na Hanah kaa ne komam asɛm kyerɛɛ ne soro Agya no wɔ mpaebɔ mu?

10 Bere a abusua kɛse no de da mũ nyinaa twaa kwan a ɛnwonwan na ɛda mmepɔw mu no, awiei koraa no, wɔbɛnee Silo. Ná kurow no gu koko bi so, na na mmepɔw atwa ho ahyia. Bere a wɔbɛnee kurow no, ɛbɛyɛ sɛ Hanah dwinnwen nsɛm a na ɔbɛka akyerɛ Yehowa wɔ mpaebɔ mu no ho kɛse. Na bere a abusua no dui no, wɔbɔɔ mu didii. Bere a Hanah nyaa kwan no, ofii abusua no nkyɛn ntɛm ara kɔɔ Yehowa asɔrefie hɔ. Ná Ɔsɔfo Panyin Eli wɔ hɔ, na na ɔte apongua no ho. Nanso, Hanah de, na n’adwene nyinaa wɔ mpae a ɔrebɔ Onyankopɔn no so. Onyaa ahotoso sɛ Onyankopɔn betie ne mpaebɔ wɔ asɔrefie hɔ. Sɛ na obiara nte n’asɛm ase yiye mpo a, ne soro Agya no de, na ɔbɛte no ase. Awerɛhow hyɛɛ ne koma mã, na ofii ase sui.

11 Bere a Hanah resu na ne ho rewosow no, ɔbɔɔ Yehowa mpae wɔ ne komam. Na bere a na ɔreka yaw a ɔredi wɔ ne komam akyerɛ Yehowa no, na ɔrebesebese n’ano. Ɔbɔɔ mpae tenteenten, na ɔkaa nea na ɛwɔ ne komam nyinaa kyerɛɛ n’Agya. Nanso, ɛnyɛ nea na ehia Hanah a ɛno ne ɔba a na ɔbɛwo no nkutoo na ɔkaa ho asɛm kyerɛɛ Onyankopɔn wɔ ne mpaebɔ mu. Ná Hanah pɛ paa sɛ ɔbɛyɛ nea obetumi biara ama Onyankopɔn na ɛnyɛ sɛ obenya ne hɔ nhyira nko. Enti ɔhyɛɛ bɔ sɛ sɛ ɔwo ɔbabarima a, ɔde no bɛma Yehowa na wasom no ne nkwa nna nyinaa.—1 Sam. 1:9-11.

12. Sɛnea nhwɛso a Hanah yɛe ma yehu no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtena yɛn adwenem wɔ mpaebɔ ho?

12 Enti, Hanah yɛɛ mpaebɔ ho nhwɛso maa Onyankopɔn asomfo nyinaa. Yehowa fi ayamye mu to nsa frɛ ne nkurɔfo sɛ wɔnka wɔn komam nsɛm nkyerɛ no, na ɛsɛ sɛ wɔyɛ ntɛm de wɔn ahiade to n’anim sɛnea abofra a ɔwɔ ahotoso wɔ ɔwofo a ɔwɔ ɔdɔ mu bɛyɛ no. (Monkenkan Dwom 62:8; 1 Tesalonikafo 5:17.) Onyankopɔn honhom kaa ɔsomafo Petro ma ɔkyerɛw awerɛkyekyesɛm yi faa mpae a yɛbɛbɔ Yehowa no ho sɛ: “Montow mo dadwen nyinaa ngu no so, efisɛ odwen mo ho.”—1 Pet. 5:7.

13, 14. (a) Asɛm bɛn na Eli dii mfomso peree ne ho ka faa Hanah ho? (b) Ɔkwan bɛn so na sɛnea Hanah buaa Eli no yɛ gyidi ho nhwɛso pa?

13 Nanso, nnipa de, wonni ntease ne tema te sɛ Yehowa. Bere a na Hanah resu na ɔrebɔ mpae no, ɔtee nne bi maa ne ho dwiriw no. Ná ɛyɛ Ɔsɔfo Panyin Eli a na ɔrehwɛ no no. Ɔkae sɛ: “Da bɛn na wobɛbow nsã akosi? Yi wo nsã no fi w’ani so.” Ná Eli ahu sɛnea na Hanah rebesebese n’ano, ɔresu, na ne ho rewosow no. Sɛ́ anka obebisa nea ama wabotow no, ɔperee ne ho kae sɛ wabow.—1 Sam. 1:12-14.

14 Hwɛ sɛnea na asɛm no bɛhaw Hanah a saa bere no na ɔredi yaw no afa, sɛ́ obi de sobo a enni nnyinaso bɛbɔ no—na anyɛ obiara sɛ ɔbarima a ɔwɔ dibea a anuonyam wom saa no! Nanso, ɔsan yɛɛ gyidi ho nhwɛso pa foforo. Wamma nnipa sintɔ anka ɔsom a ɔde ma Yehowa no. Ɔmaa Eli mmuae wɔ obu mu, na ɔkyerɛkyerɛɛ n’asɛm mu kyerɛɛ no. Ɛbɛyɛ sɛ ɔno nso de ɛnne a ɛkyerɛ sɛ wanu ne ho kae sɛ: “Fa asomdwoe kɔ, na Israel Nyankopɔn mma wo w’abisade a wode too n’anim no.”—1 Sam. 1:15-17.

15, 16. (a) Dɛn na efi mpae a Hanah fi ne komam bɔɔ Yehowa wɔ asɔrefie hɔ ne ɔsom a ɔde maa no wɔ hɔ no mu bae? (b) Sɛ yɛrehyia ɔhaw ahorow bi a, ɔkwan bɛn so na Hanah nhwɛso no betumi aboa yɛn?

15 Dɛn na efi mpae a Hanah fi ne komam bɔɔ Yehowa wɔ asɔrefie hɔ ne ɔsom a ɔde maa no wɔ hɔ no mu bae? Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: “Osiim kɔe kodidii, na n’anim ammotow bio.” (1 Sam. 1:18) The Jerusalem Bible no ka sɛ: “N’anim anyɛ mmɔbɔmmɔbɔ bio.” Hanah koma tɔɔ ne yam. Ɔkwan bi so no, onyaa obi a ne ho yɛ den a ɔne ne soro Agya no danee n’adesoa a emu yɛ duru no too no so. (Monkenkan Dwom 55:22.) So ɔhaw bi wɔ hɔ a ɛsõ paa a ɔrentumi nni ho dwuma? Dabi—ebi mmae da, ebi nni hɔ, na ebi nso remma da!

16 Sɛ awerɛhow hyɛ yɛn so, yɛn abam bu, anaasɛ yɛbotow a, ɛsɛ sɛ yesuasua Hanah nhwɛso no na yefi yɛn komam ka yɛn haw no kyerɛ Onii a Bible frɛ no “mpaebɔ Tiefo” no. (Dw. 65:2) Sɛ yefi gyidi mu yɛ saa a, yɛn nso yebehu sɛ “Onyankopɔn asomdwoe a ɛboro adwene nyinaa so no” beyi yɛn awerɛhow no afi hɔ.—Filip. 4:6, 7.

“Ɔbotan Bi Nni Hɔ sɛ Yɛn Nyankopɔn”

17, 18. (a) Dɛn na Elkana yɛe de kyerɛe sɛ ɔpene ɛbɔ a Hanah hyɛe no so? (b) Dɛn na Penina hui sɛ ɔrentumi nyɛ Hanah bio?

17 Ade kyee anɔpa no, Hanah ne Elkana san kɔɔ asɔrefie hɔ. Ebetumi aba sɛ na waka ɛbɔ a wahyɛ no ho asɛm akyerɛ ne kunu, efisɛ Mose Mmara no kae sɛ sɛ ɔyere hyɛ bɔ bi na ne kunu nnim ho hwee a, na okunu no betumi atwam. (Num. 30:10-15) Nanso, saa ɔbarima nokwafo yi anyɛ saa. Mmom no, ɔne Hanah nyinaa boom som Yehowa wɔ asɔrefie hɔ ansa na wɔresan akɔ wɔn kurom.

18 Bere bɛn na Penina hui sɛ na ɔrentumi nyi Hanah ahi bio? Kyerɛwnsɛm no nka, nanso asɛm a ɛne “n’anim ammotow bio” no ma yehu sɛ efi saa bere no Hanah bo tɔɔ ne yam. Sɛnea ɛte biara no, ankyɛ koraa na Penina hui sɛ tan a ɔtan Hanah ani no ankosi hwee. Bible no anka ne ho asɛm bio.

19. Nhyira bɛn na Hanah nyae, na dɛn na ɔyɛe de kyerɛe sɛ onim onii a ohyiraa no no?

19 Asram bi akyi no, asomdwoe a na Hanah anya no bɛdanee ahurusidi. Onyinsɛnee! Hanah ani gyei, nanso wamma ne werɛ amfi onii a ohyiraa no no da. Bere a Hanah woo abarimaa no, ɔtoo no din Samuel, a ase ne “Onyankopɔn Din,” na ɛda adi sɛ na ɛfa Onyankopɔn din a na Hanah abɔ no ho. Saa afe no, Elkana ne abusua no kɔɔ Silo a Hanah ankɔ bi. Ɔne abofra no tenaa fie mfe abiɛsa kosii sɛ abofra no twaa nufu. Afei ɔhyɛɛ ne ho den maa ɛda a na ɔne ne ba a ɔda ne koma so no bɛtetew mu no.

20. Dɛn na Hanah ne Elkana yɛe de dii ɛbɔ a na wɔahyɛ Yehowa no so?

20 Ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ den sɛ ɔne abofra no bɛtetew mu. Ɛda adi sɛ, na Hanah nim sɛ wɔbɛhwɛ Samuel yiye wɔ Silo—ebia mmea a na wɔsom wɔ asɔrefie hɔ no bi na na wɔbɛhwɛ no. Nanso, na abofra no sua dodo, na ɔbaatan bɛn na ɔmpɛ sɛ ɔne ne ba bɛtena? Ne nyinaa akyi no, anisɔ a na Hanah ne Elkana anya no ma wɔde abofra no kɔe a wɔanwiinwii. Wɔbɔɔ afɔre wɔ Onyankopɔn fie hɔ, na wɔde Samuel maa Eli, na wɔkaee no ɛbɔ a na Hanah abɛhyɛ wɔ hɔ mfe bi a atwam no.

Hanah yɛɛ nhyira ankasa maa ne ba Samuel

21. Ɔkwan bɛn so na mpae a Hanah bɔɔ Yehowa no ma yehu sɛnea na ɔwɔ gyidi a emu yɛ den? (Hwɛ adaka a ɛne “Mpaebɔ Atitiriw Abien” no nso.)

21 Afei Hanah bɔɔ mpae, na Onyankopɔn hui sɛ ɛfata sɛ wɔde ka n’Asɛm a ɔma wɔkyerɛwee no ho. Sɛ wokenkan ne nsɛm a ɛwɔ 1 Samuel 2:1-10 no a, wubehu sɛnea na ɔwɔ gyidi a emu yɛ den wɔ asɛm biara a ɔkae no mu. Oyii Yehowa ayɛ wɔ sɛnea ɔde ne tumi di dwuma ma ɛyɛ nwonwa no ho—sɛnea otumi brɛ ahantanfo ase, ohyira wɔn a wɔhyɛ wɔn so, na okum anaa mpo ɔkora nkwa so no. Oyii n’Agya no ayɛ wɔ ne kronkronyɛ a ɛso bi nni, n’atɛntrenee, ne ne nokwaredi ho. Enti ntease wom sɛ Hanah tumi kae sɛ: “Ɔbotan bi nni hɔ sɛ yɛn Nyankopɔn.” Yebetumi de yɛn ho ato Yehowa so koraa, ɔnsesa, na ɔyɛ guankɔbea ma wɔn a wɔhyɛ wɔn so ne wɔn a wonni kamafo a wosu frɛ no no nyinaa.

22, 23. (a) Dɛn nti na yebetumi aka sɛ bere a na Samuel renyin no na onim sɛ n’awofo dɔ no? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa san hyiraa Hanah?

22 Ɛda adi sɛ na ɛyɛ nhyira ma abofra Samuel sɛ onyaa maame a na ɔwɔ gyidi kɛse wɔ Yehowa mu. Ɛwom sɛ n’ani gyinaa ne maame paa bere a na ɔrenyin no de, nanso wante nka da sɛ ne maame werɛ afi no. Afe biara, na Hanah san kɔ Silo de atade a ɛyɛ nsasin kɔma no ma ɔhyɛ de yɛ ne som adwuma wɔ asɔrefie hɔ. Ná ntade a ɔpam kɔma ne ba no da no adi sɛ ɔdɔ no na odwen no ho. (Monkenkan 1 Samuel 2:19.) Yebetumi atwa sɛnea Hanah de atade nsasin no ahyɛ abarimaa no na ɔretenetene no wɔ no ho, na ɔde anigye rehwɛ n’anim reka nsɛm a ɛbɛma n’ani agye akyerɛ no no ho mfonini. Ná ɛyɛ nhyira ma Samuel sɛ onyaa maame a ɔte saa, na onyin bɛyɛɛ nhyira maa n’awofo ne Israel nyinaa.

23 Hanah nso, Yehowa werɛ amfi no. Ohyiraa no, na obuee ne yafunu mu ma ɔwoo mma foforo baanum maa Elkana. (1 Sam. 2:21) Nanso, ebia nhyira a ɛsen biara a Hanah nyae ne abusuabɔ a ɔne n’Agya, Yehowa, nyae a emu kɔɔ so yɛɛ den bere nyinaa no. Ɛmmra sɛ wo nso wubenya nhyira a ɛte saa bere a woresuasua Hanah gyidi no.

^ nky. 7 Ɛwom sɛ Bible ka sɛ na Yehowa ‘ato Hanah yafunu mu’ de, nanso biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ na Onyankopɔn bo afuw saa ɔbea hobrɛasefo nokwafo yi. (1 Sam. 1:5) Ɛtɔ mmere bi a, Bible ka nneɛma bi a Onyankopɔn maa kwan ma esisii kosii bere bi no ho asɛm sɛ ɛyɛ ɔno na ɔde bae.

^ nky. 9 Sɛ na Elkana kurom Rama no ara ne Arimatea a na ɛwɔ hɔ wɔ Yesu bere so no a, ɛnde na ɔkwan no tenten bɛyɛ saa.