Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI ANAN

“Baabi a Wobɛkɔ No, Ɛhɔ na Mɛkɔ”

“Baabi a Wobɛkɔ No, Ɛhɔ na Mɛkɔ”

1, 2. (a) Ka Rut ne Naomi akwantu no ne awerɛhow a na wɔredi no ho asɛm. (b) Ɔkwan bɛn so na na ɛsono Rut ne Naomi akwantu no?

FA W’ADWENE bu sɛ Rut ne Naomi nam kwan bi a ɛda mmepɔw mu so wɔ Moab asase pradadaa no so. Mmea baanu yi nkutoo na wɔnam asasetam kɛse yi so. Afei twa ho mfonini hwɛ; Rut ahu sɛ owia rekɔtɔ, enti ɔhwɛ n’ase no anim, na ebia ɔredwinnwen ho sɛ bere adu sɛ wɔhwehwɛ baabi a wɔde wɔn ti bɛto saa anadwo no anaa. Ná ɔdɔ Naomi paa, na na ɔbɛyɛ nea obetumi biara de aboa no.

2 Ná awerɛhow ahyɛ mmea baanu no mu biara mã. Ná Naomi adi kuna akyɛ, nanso seesei de na ɔredi ne mmabarima baanu, Kilion ne Malon, a wɔawuwu no ho awerɛhow. Ná Rut nso redi ne kunu Malon a wawu no ho awerɛhow. Ɔne Naomi nyinaa ani kyerɛ faako, na wɔrekɔ Betlehem a ɛwɔ Israel no. Nanso, ɔkwan bi so no, na ɛsono wɔn mu biara akwantu no. Ná Naomi rekɔ ne kurom, nanso Rut de, na ɔregyaw n’abusuafo, ne kuromfo, n’amammerɛ, ne n’anyame nyinaa hɔ akɔ baabi a onnim hɔ.—Monkenkan Rut 1:3-6.

3. Nsɛmmisa bɛn na sɛ yenya ho mmuae a ɛbɛboa yɛn ma yɛasuasua Rut gyidi no?

3 Dɛn na ɛmaa ababaa yi yɛɛ nsakrae kɛse a ɛte saa? Ná Rut bɛyɛ dɛn atumi ahyɛ ɔbra ase bio ahwɛ ne ho ne Naomi? Sɛ yenya nsɛmmisa yi ho mmuae a, yebenya nneɛma pii a yebegyina so asuasua Moabni Rut gyidi no. (Hwɛ adaka a ɛne  “Nhoma Ketewa a Wɔanwene no Yiye” no nso.) Nea edi kan no, momma yensusuw nea ɛyɛe a mmea baanu yi bepuee kwantenten a ɛkɔ Betlehem yi so no ho.

Abusua Bi a Awerɛhosɛm Ato Wɔn

4, 5. (a) Dɛn na ɛmaa Naomi abusua no tu kɔɔ Moab? (b) Ɔhaw ahorow bɛn na Naomi hyiae wɔ Moab?

4 Wɔtetee Rut wɔ Moab a ɛyɛ ɔman ketewa bi a ɛda Ɛpo a Awu no apuei fam. Asase no yɛ mmepɔwmmepɔw a nnua wɔ so a mmɔnka deda ntam. Ná “Moab asase” no yɛ asase pa, na bere mpo a na ɔkɔm aba Israel asase so no, sɛ wodua nneɛma wɔ hɔ a na ɛtaa yɛ yiye. Ɛno na ɛmaa Rut hyiaa Malon ne n’abusua no.—Rut 1:1.

5 Ɔkɔm bi a ɛbaa Israel na ɛmaa Naomi ne ne kunu Elimelek, ne wɔn mmabarima baanu no tu fii wɔn kurom kɔtenaa Moab asase so sɛ ahɔho. Ɛbɛyɛ sɛ ɛhɔ a wɔkɔtenae no kaa abusua no muni biara gyidi, efisɛ na ɛsɛ sɛ Israelfo no nya beae kronkron bi a Yehowa ankasa akyerɛ a wɔbɛkɔ akɔsom wɔ hɔ bere nyinaa. (Deut. 16:16, 17) Naomi maa ne gyidi kɔɔ so yɛɛ den. Nanso, bere a ne kunu wui no, awerɛhow hyɛɛ no mã.—Rut 1:2, 3.

6, 7. (a) Ɛbɛyɛ sɛ dɛn nti na na ɛhaw Naomi bere a ne mmabarima no waree Moabfo mmea no? (b) Dɛn nti na sɛnea Naomi ne ne nsenom no dii no yɛ papa?

6 Akyiri yi a Naomi mmabarima no waree Moabfo mmea no, ɛbɛyɛ sɛ ɛno nso hyɛɛ no awerɛhow. (Rut 1:4) Ná onim sɛ Abraham a ɔyɛ ne man Israel agya no yɛɛ nea obetumi biara ma wɔkɔhwehwɛɛ ɔbea a ɔsom Yehowa fii ne nkurɔfo mu maa ne ba Isak waree. (Gen. 24:3, 4) Akyiri yi, Mose Mmara no bɔɔ Israelfo kɔkɔ sɛ ɛnsɛ sɛ wɔma wɔn mmabarima ne wɔn mmabea ware ananafo, anyɛ saa a wobetumi atwetwe Onyankopɔn nkurɔfo akɔ abosonsom mu.—Deut. 7:3, 4.

7 Nanso, Malon ne Kilion waree Moabfo mmea. Sɛ asɛm no haw Naomi anaasɛ ɛhyɛɛ no awerɛhow mpo a, yetumi hu sɛ ɔdaa ayamye ne ɔdɔ ankasa adi kyerɛɛ Rut ne Orpa a na wɔyɛ ne nsenom no. Ebia na ɔwɔ anidaso sɛ da bi, wobetumi abɛsom Yehowa te sɛ ɔno. Sɛnea ɛte biara no, na Rut ne Orpa pɛ Naomi asɛm paa. Sɛnea na wɔn ntam yɛ papa no boaa wɔn bere a awerɛhosɛm too wɔn no. Mmabaa baanu no mu biara anwo na wɔn kununom wuwui.—Rut 1:5.

8. Ɛbɛyɛ sɛ dɛn na ɛmaa Rut bɛn Yehowa?

8 So ɔsom a na Rut wom no boaa no ma enti awerɛhosɛm a ɛte saa a ɛtoo no no antumi no anaa? Yentumi nka saa. Ná Moabfo som anyame pii, na na wɔn mu kɛse ne Kemos. (Num. 21:29) Ná saa bere no sofo taa yɛ atirimɔdensɛm ne aninyanne wɔ wɔn som mu; ebi ne mmofra a na wɔde wɔn bɔ afɔre. Na ɛbɛyɛ sɛ na Moabfo nso yɛ saa nneɛma bɔne no bi. Akyinnye biara nni ho sɛ, Israelfo Nyankopɔn a ɔne Yehowa a ɔwɔ ɔdɔ ne mmɔborɔhunu no ho ade biara a Rut sua fii Malon anaa Naomi hɔ no kaa ne koma, na ohui sɛ Yehowa yɛ soronko koraa. Ɔdɔ na Yehowa de di nnipa so, na ɛnyɛ ahunahuna. (Monkenkan Deuteronomium 6:5.) Bere a Rut kunu wui no, ebetumi aba sɛ ɔka kɔɔ Naomi ho paa, na ɔyɛɛ aso tiee asɛm biara a ɔbaapanyin Naomi ka faa ade nyinaa so tumfoɔ Yehowa Nyankopɔn, n’anwonwadwuma, ne dɔ, ne sɛnea ohu n’asomfo mmɔbɔ ho no.

Bere a Rut kunu wui na ɔredi awerɛhow no, ɔyɛɛ n’ade nyansam de ne ho bataa Naomi

9-11. (a) Dɛn na Naomi, Rut, ne Orpa yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛyɛ? (b) Dɛn na yebetumi asua afi asɛm a ɛtoo Naomi, Rut, ne Orpa no mu?

9 Naomi de, asɛm a na ɔrepɛ ate ara ne nea na ɛrekɔ so wɔ ne kurom. Da bi, ɔtee sɛ ɔkɔm a ɛbaa Israel no agu; ɛbɛyɛ sɛ oguadini bi a ɔbaa hɔ na ɔbɛbɔɔ no amanneɛ. Ná Yehowa asan abɛhwɛ ne nkurɔfo. Afei de, na Betlehem a ase ne “Paanoo Fie” no asan asi ne dedaw mu bio. Naomi yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛsan akɔ ne kurom.—Rut 1:6.

10 Dɛn na na Rut ne Orpa bɛyɛ? (Rut 1:7) Ná asɛm a ato wɔn no ama wɔabɛn Naomi paa. Rut de, ɛbɛyɛ sɛ nea ɛma ɔde ne ho bataa Naomi paa ne Naomi ayamye ne gyidi a na ɔwɔ wɔ Yehowa mu no. Akunafo baasa yi sii kwan so sɛ wɔrekɔ Yuda.

11 Bible mu nhoma a ɛne Rut no ma yehu sɛ asɛm tumi to nnipa pa ne nnipa bɔne nyinaa, na wɔn ho nnipa nso tumi wu. (Ɔsɛnk. 9:2, 11) Ɛma yehu nso sɛ, sɛ yɛn biribi wu a, ɛyɛ papa sɛ yɛbɛbɛn afoforo ma wɔakyekye yɛn werɛ, titiriw, wɔn a wɔsom Yehowa, Onyankopɔn a na Naomi som no no.—Mmeb. 17:17.

Adɔe a Rut Daa no Adi

12, 13. Dɛn nti na na Naomi pɛ sɛ Rut ne Orpa san kɔ wɔn kurom sen sɛ wɔne no bɛkɔ, na dɛn na mfiase no mmabaa baanu no kae?

12 Bere a akunafo baasa no twaa kwan no duu akyiri no, Naomi fii ase dwinnwen asɛm foforo ho. Odwinnwen mmabaa baanu a na wɔne no nam no ne ɔdɔ a na wɔada no adi akyerɛ ɔno ne ne mmabarima no ho. Ná ɔmpɛ sɛ ɔbɛyɛ biribiara ama wɔadi awerɛhow kɛse. Sɛ wotu fi wɔn kurom di n’akyi na wɔne no kɔ a, na dɛn na obetumi ayɛ ama wɔn wɔ Betlehem?

13 Afei Naomi kasae, na ɔkae sɛ: “Monsan, obiara nkɔ ne maame fie. Yehowa ne mo nni no adɔe so, sɛnea mo ne mmarima a wɔawu no ne me adi no adɔe so no.” Ɔkae nso sɛ, Yehowa mma wɔnsan nnya kununom bio, na wonnya asetena foforo. Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: “Afei ofifew wɔn ano, na wɔmomaa wɔn nne so sui.” Ná Naomi yɛ ɔyamyefo a odwen afoforo ho, enti ɛnyɛ den sɛ wubehu nea enti a na Rut ne Orpa dɔ no saa no. Mmabaa baanu no nyinaa kɔɔ so kae sɛ: “Dabi, yɛne wo nyinaa bɛkɔ wo nkurɔfo nkyɛn.”—Rut 1:8-10.

14, 15. (a) Dɛn na na Orpa resan akɔyɛ? (b) Asɛm bɛn na Naomi kae de bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma Rut asan n’akyi?

14 Nanso, Naomi ne wɔn anyɛ adwene. Ɔkaa no denneennen sɛ biribiara nni hɔ a obetumi ayɛ ama wɔn wɔ Israel efisɛ na onni kunu a ɔbɛbɔ no akɔnhama, na na onni mmabarima a wobetumi aware wɔn, na ɔrentumi nware nwo mma bio nso. Ɔkae sɛ, ɛyɛ no yaw paa sɛ ontumi mmoa wɔn. Orpa hui sɛ Naomi aka wɔn asɛm. Ná ɔwɔ maame ne abusuafo wɔ Moab, na na obenya baabi nso atena. Ɛyɛɛ no sɛ sɛ ɔtena Moab mmom a ɛbɛboa no. Enti ɔde awerɛhow few Naomi ano ne no dii nkra, na ɔsan n’akyi kɔe.—Rut 1:11-14.

15 Na Rut nso ɛ? Ná asɛm a Naomi kae no fa ɔno nso ho. Nanso, Bible ka sɛ: “Rut de, wansan.” Ɛbɛyɛ sɛ bere a Naomi san sii kwan so sɛ ɔrekɔ no, ohui sɛ Rut da so ara di n’akyi. Naomi ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo kora okunafo no asan kɔ ne nkurɔfo ne n’anyame nkyɛn. San na wo ne wo kora nkɔ.” (Rut 1:15) Asɛm a Naomi kae no ma yehu asɛnhia bi. Orpa san kɔɔ ne nkurɔfo ne “n’anyame nkyɛn.” Ná n’ani gye ho sɛ ɔbɛkɔ so asom ne nyame Kemos ne atoro anyame a aka no. So saa na Rut nso tee nka?

16-18. (a) Dɛn na Rut yɛe de daa adɔe adi? (b) Dɛn na yebetumi asua afi Rut hɔ wɔ adɔe ho? (Hwɛ mmea baanu no mfonini no nso.)

16 Bere a na Rut akotow rehwɛ Naomi anim wɔ ɔkwan a na obi nkɔ na obi mma no so no, na wayɛ n’adwene sɛ sɛnea ɛte biara no ɔne Naomi bɛkɔ. Ná ɔdɔ Naomi ne Onyankopɔn a Naomi som no no. Enti Rut kae sɛ: “Nhyɛ me sɛ mensan mfi w’akyi; na baabi a wobɛkɔ no, ɛhɔ na mɛkɔ, baabi a wobɛda no, ɛhɔ na mɛda. Wo man bɛyɛ me man, na wo Nyankopɔn ayɛ me Nyankopɔn. Nea wubewu no, ɛhɔ ara na mewu, na ɛhɔ ara nso na wobesie me. Gye owu na ɛbɛtetew me ne wo ntam, anyɛ saa a Yehowa ntua me ka na ɔnsan mfa bi nka ho.”—Rut 1:16, 17.

“Wo man bɛyɛ me man, na wo Nyankopɔn ayɛ me Nyankopɔn”

17 Asɛm a Rut kae no ka koma paa ma enti, ɛwom sɛ wawu dedaadaw de, nanso yɛda so ara kae asɛm a ɔkae bɛyɛ mfe 3,000 ni no. Ɛma yehu suban bi a ɛyɛ fɛ paa, na ɛno ne adɔe. Ná ɔdɔ a Rut wɔ ma Naomi no mu yɛ den paa ma enti na biribiara ntumi ntetew wɔn ntam. Owu nkutoo na na ebetumi atetew wɔn ntam. Ná Rut ayɛ n’adwene sɛ ɔde Naomi man bɛyɛ ne man, na wagyaw biribiara a na ɛwɔ Moab no hɔ, a na Moabfo anyame mpo ka ho. Rut ansan n’akyi te sɛ Orpa, na mmom ofi ne koma nyinaa mu kae sɛ ɔpɛ sɛ ɔde Naomi Nyankopɔn, Yehowa, yɛ ɔno nso Nyankopɔn. *

18 Enti, afei wɔn baanu nkutoo toaa akwantu no so twaa kwantenten a ɛkɔ Betlehem no. Ebinom kyerɛ sɛ, ɛbɛyɛ sɛ egyee wɔn nnawɔtwe ansa na wɔredu baabi a wɔrekɔ no. Nanso, sɛnea ɛte biara no, wɔn mu biara kyekyee ne yɔnko werɛ wɔ bere a na wɔredi awerɛhow no mu.

19. Wususuw sɛ dɛn na yebetumi ayɛ de asuasua adɔe a Rut daa no adi no bi wɔ yɛn mmusua mu, yɛne yɛn nnamfo ntam, ne asafo no mu?

19 Awerɛhow ahyɛ wiase yi mu mã. Bible ka sɛ ɛnnɛ yɛte “mmere a emu yɛ den” mu, na yɛhwere yɛn adɔfo ne nneɛma bebree, na yedi awerɛhow pii nso. (2 Tim. 3:1) Ɛno nti, ɛnnɛ paa ne bere a ɛho abehia sɛ yɛda adɔe a Rut daa no adi no bi adi. Adɔe kyerɛ sɛ obi bɛbata biribi ho a ɔnntwe ne ho mmfi ho kosi sɛ nea enti a ɔde ne ho bataa ho no bɛba mu. Adɔe yɛ su a ɛho hia paa wɔ wiase a aduru sum yi mu. Ehia sɛ yɛda no adi wɔ aware mu, abusua mu, nnamfo ntam, ne Kristofo asafo no mu. (Monkenkan 1 Yohane 4:7, 8, 20.) Sɛ yɛda adɔe a ɛte saa adi a, na yɛresuasua su pa a Rut daa no adi no bi.

Rut ne Naomi Duu Betlehem

20-22. (a) Moab a Naomi kɔtenae no kaa no dɛn? (b) Adwene a ɛnteɛ bɛn na Naomi nyae wɔ ɔhaw a ɛbaa no so no ho? (Hwɛ Yakobo 1:13 nso.)

20 Ɛnyɛ den sɛ yɛde yɛn ano bɛka adɔe ho asɛm, na mmom ne yɛ ankasa ne asɛm no. Rut nyaa hokwan a ɔde bɛda adɔe adi akyerɛ Naomi ne Yehowa a na ɔde no ayɛ ne Nyankopɔn no.

21 Afei mmea baanu no koduu Betlehem; ɛyɛ akuraa a ɛwɔ Yerusalem anafo fam, na efi hɔ rekɔ Yerusalem yɛ kilomita 10. Yetumi hu sɛ bere bi na Naomi ne n’abusua wɔ din wɔ saa kurow ketewa no mu, efisɛ bere a Naomi koduu hɔ no, obiara tee sɛ waba. Sɛ na mmea a wɔwɔ hɔ no hwɛ no a, na wobisa sɛ, “Naomi ni?” Ɛbɛyɛ sɛ na mfe pii a okodii wɔ Moab no ama wasesa; ná n’anim ne ne nipadua nyinaa kyerɛ sɛ wakɔbrɛ, na awerɛhow nso ahyɛ no mã.—Rut 1:19.

22 Naomi maa n’abusuafo ne wɔn a bere bi na ɔne wɔn bɔ afipam no hui sɛ awie no bɔne. Ɔkae mpo sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔfrɛ no Naomi, a ɛkyerɛ “M’ahotɔ,” na mmom wɔmfrɛ no Mara, a ɛkyerɛ “Nwenenwene.” Naomi ɔwerɛhoni! Onyaa adwene a Hiob nyae bere bi no bi; ɔtee nka sɛ Yehowa Nyankopɔn na ɔde ɔhaw no aba no so.—Rut 1:20, 21; Hiob 2:10; 13:24-26.

23. Dɛn na Rut fii ase dwenee ho, na nhyehyɛe bɛn na na wɔayɛ ama ahiafo wɔ Mose Mmara no mu? (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.)

23 Bere a mmea baanu no fii abrabɔ ase wɔ Betlehem no, Rut fii ase dwenee sɛnea obetumi ahwɛ ne ho ne Naomi nso. Obehui sɛ na Yehowa ayɛ nhyehyɛe kama bi ama ahiafo wɔ Mose Mmara a ɔde maa Israelfo no mu. Sɛ twabere du a, na wotumi kodi atwafo no akyi sesaw nea aka ase no ne nea ɛwɔ afuw no anoano no. *Lev. 19:9, 10; Deut. 24:19-21.

24, 25. Bere a Rut kopuee Boas afuw mu no, dɛn na ɔyɛe, na na nnɔbae ase a wɔsesaw wɔ mfuw mu no te dɛn?

24 Ná ɛyɛ bere a wɔde twa atoko, na sɛ ɛyɛ nnɛyi kalenda a, anka ɛbɛyɛ April mu. Rut kɔɔ mfuw no mu kɔhwɛe sɛ ebia obenya obi a ɔbɛma wasesaw nnɔbae ase sɛnea na Mose Mmara no kyerɛ no anaa. Okopuee ɔbarima bi a wɔfrɛ no Boas afuw mu. Ná ɔyɛ okuafo a ɔyɛ ɔdefo, na na ɔyɛ Naomi kunu Elimelek a wawu no busuani. Ɛwom sɛ na Mose Mmara no ma kwan sɛ obetumi asesaw nnɔbae ase de, nanso wamfa ne tumi anyɛ saa. Obisaa hokwan fii aberante a na ɔhwɛ atwafo no so no hɔ ansa. Ɔmaa Rut kwan, na ɛhɔ ara na ofii ase yɛɛ adwuma.—Rut 1:22–2:3, 7.

25 Wo de, twa Rut a odi atwafo no akyi ho mfonini wɔ w’adwenem hwɛ. Bere a wɔde wɔn kantankrankyi no retwa atoko no, na ɔno nso di akyi rekotow sesaw nea agugu fam anaa nea wɔagyaw wɔ wɔn akyi no kyekyere no afiafi kɔboa ano wɔ baabi a akyiri yi obetumi aboro ayiyi mu. Ná adwuma no gye abotare, na na ɛyɛ den, na sɛ owia no ano yɛ den a, ɛnde na asɛe koraa. Nanso, Rut kɔɔ so yɛɛ adwuma no. Sɛ na obegye n’ahome kakra a, na ɛyɛ bere a ɔrepopa n’anim fifiri anaasɛ ɔrepɛ biribi kakra adi wɔ “fie” no. Ɛbɛyɛ sɛ na saa “fie” no yɛ apata a wɔabɔ ama adwumayɛfo no a na wɔtena ase gye nwini.

Ná Rut wɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ adwumaden a ɛba fam de ahwɛ ne ho ne Naomi

26, 27. Ná Boas yɛ onipa bɛn, na ɔne Rut dii no dɛn?

26 Ebia na Rut nhwɛ kwan sɛ obi adwene bɛba no so, nanso amma saa. Boas huu no, na obisaa aberante a ɔhwɛ adwumayɛfo no so no sɛ ɔyɛ hena. Ná Boas yɛ ɔbarima a ɔwɔ gyidi paa ma enti sɛ na ɔkɔto n’adwumayɛfo a wɔn mu bi yɛ wɔn a wabɔ wɔn paa da koro anaasɛ wɔyɛ ananafo no mpo a, na okyia wɔn sɛ: “Yehowa nka mo ho.” Ná wɔn nso gye no so saa ara. Ɔbarima a n’ani afi a ɔdɔ Yehowa yi faa Rut sɛ ne ba.—Rut 2:4-7.

27 Boas frɛɛ Rut sɛ “me ba,” na ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmmra n’afuw no mu mmɛsesaw nnɔbae ase, na sɛ ɛyɛ a onni mmabaa a wofi ne fie no akyi sɛnea ɛbɛyɛ a adwumayɛfo no mu biara renteetee no. Ɔhwɛe nso sɛ edu awiabere a obenya aduan adi. (Monkenkan Rut 2:8, 9, 14.) Nea ɛsen ne nyinaa no, ɔkamfoo no, na ɔhyɛɛ no nkuran. Ɔkwan bɛn so?

28, 29. (a) Edin bɛn na na Rut anya? (b) Wobɛyɛ dɛn atumi de Yehowa ayɛ wo guankɔbea te sɛ Rut?

28 Bere a Rut bisaa Boas sɛ dɛn na wayɛ a enti ɔnanani a ɔte sɛ ɔno anya n’anim dom no, obuae sɛ wate nea wayɛ ama n’ase Naomi no nyinaa. Ɛbɛyɛ sɛ na Naomi aka ne dɔfo Rut ho asɛmpa akyerɛ Betlehem mmea no ma wɔn nso akeka ma Boas ate. Ná Boas nim nso sɛ Rut abɛyɛ Yehowa somfo, efisɛ ɔkae sɛ: “Yehowa nhyira wo nea woyɛ biara mu, na Yehowa, Israel Nyankopɔn a woabɛhyɛ ne ntaban ase no mma wo akatua pa.”—Rut 2:12.

29 Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ saa asɛm no hyɛɛ Rut nkuran! Ampa, na wabɛhyɛ Yehowa Nyankopɔn ntaban ase te sɛ anomaa ba a ne maame rebɔ ne ho ban. Ɔdaa Boas ase sɛ ɔkaa asomdwoesɛm kyerɛɛ no. Na ɔkɔɔ so yɛɛ adwuma kosii anwummere.—Rut 2:13, 17.

30, 31. Dɛn na yebetumi asua afi Rut hɔ wɔ n’adwumayɛ, sɛnea ɔkyerɛ nneɛma ho anisɔ, ne n’adɔe ho?

30 Gyidi a Rut daa no adi no yɛ nhwɛso pa ma yɛn a yɛwɔ hɔ ɛnnɛ bere yi a sikasɛm mu ayɛ den no nyinaa. Wannya adwene sɛ esiane sɛ ɔyɛ okunafo nti, ɛsɛ sɛ afoforo na wɔhwɛ no, enti ɔkyerɛɛ biribiara a afoforo yɛ maa no no ho anisɔ. Ɛwom sɛ na adwuma a ɔyɛ no ba fam de, nanso wamfɛre sɛ ɔde bere tenten bɛyɛ adwumaden de ahwɛ n’asebea a na ɔdɔ no no. Ɔde anisɔ gyee afotu pa a wɔde maa no wɔ nnipa a wɔwɔ su pa a ɔne wɔn bɛbom ayɛ adwuma na wayɛ ahwɛyiye no toom. Nea ehia paa no, wamma ne werɛ amfi da sɛ baabi a obetumi anya ahobammɔ paa ne n’Agya Yehowa Nyankopɔn ntaban ase.

31 Sɛ yɛyɛ adɔe te sɛ Rut, yɛda ahobrɛase adi, yɛyere yɛn ho yɛ adwuma, na yɛkyerɛ nneɛma ho anisɔ a, ɛbɛma yɛn gyidi a yɛda no adi no nso ayɛ nhwɛso pa a afoforo betumi asuasua. Ɛnde, ɔkwan bɛn na Yehowa faa so hwɛɛ Rut ne Naomi? Yɛbɛka ɛno ho asɛm wɔ ti a edi hɔ no mu.

^ nky. 17 Biribi a yebetumi ahyɛ no nsow ne sɛ ɛnyɛ abodin “Onyankopɔn” no kɛkɛ na Rut bɔe sɛnea anka ɔnanani biara bɛyɛ no, na mmom ɔde Onyankopɔn din ankasa Yehowa no na ɛfrɛɛ no. The Interpreter’s Bible no ka sɛ: “Ɔkyerɛwfo no sii so dua sɛ saa ɔnanani yi som nokware Nyankopɔn no.”

^ nky. 23 Ná ɛyɛ nhyehyɛe a ɛka koma paa a yebetumi aka sɛ na Rut nhuu ɛso bi da wɔ ne kurom. Ná wɔne akunafo nni no yiye koraa wɔ tete aman a ɛbɛn Mediterranea Supɔw no saa bere no. Nhoma bi ka sɛ: “Sɛ ɔbea bi kunu wu a, na ne mmabarima na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ no; sɛ onni mmabarima a, ɛnde na ɛsɛ sɛ ɔtɔn ne ho kɔ nkoasom mu, okosi tuutuu, anaa okum ne ho.”